Amansan Nhyiamu
Efie A Nnidisoɔ Nhyehyɛeɛ Wɔ Mu
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Efie A Nnidisoɔ Nhyehyɛe Wɔ Mu

“Nnidisoɔ nhyehyɛeɛ” yɛ tiawa, abɔdeɛ kwan so, ne ɔkwan a ɛyɛ adwuma pa ara ma Awurade sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ Ne mma, nkyerɛkyerɛ a ɛho hia.

Wɔ m’ankasa m’adwumayɛ suahunu ne Asɔre som adwuma mu no, Mayɛ yei bɛboro apem—mmom nyɛ sɛ mmarimma akukudan 15 ɛte makyi prɛkopɛ sei da. Menya mo mpaebɔ atenka ne wɔn deɛ nso.

Me nuanom mmarima ne mmaa, mefri Tonga Ahennie a ɛwɔ Pasific Anaafoɔ na mmom wɔtetee me wɔ Amɛrika Atifi. Yareɛ a atu atese no asi mmabunu asɛmpatrɛfoɔ bɛyɛ mpempem a wɔresom wɔ wiase afanan nyinaa kwan ama wɔntumi nsan nkɔ wɔn dɔfoɔ aman so ɛnam sɛ wɔatoto n’ahyeɛ so mu no nti. Tonga Ɛldafoɔ binom asom wɔ asɛmpatrɛ mu mfeɛ mmiɛnsa na anuanom mmaa nso aboro mfeɛ mmienu! Wɔde gyedie sɛdeɛ yɛnim yɛn nkurɔfoɔ no twɛn. Nanso, sɛ wɔn mu bi a wɔresom wɔ mo wɔɔdo ne stake mu ayɛ sɛdeɛ wɔrekɔ wɔn anim te sɛ me a—enyini ne dwonofoɔ yi a, momma no nha mo. Yɛda asɛmpatrɛfoɔ a wɔwɔ baabiara ase wɔ wɔn ahofama som nti, mpo berɛ a wɔasom aboro so anaa wɔannsom annwie ɛnam yareɛ a atu atese no nti.

Kwasiada bi, berɛ a na meyɛ dikɔn no, na mewɔ ntwonoo mu kuta apampa a nsuo wɔ mu a merekyekyɛ adidikronkron no berɛ a maame bi wuraa dan no mu. Asɛdeɛ mu no, mekɔɔ ne nkyɛn de apampa no hyɛɛ ne nsa. Ɔbɔɔ ne tiri nko, ɔnwenweneeɛ, na ɔfaa kuruwa a na nsuo wɔ mu. Na waka akyiri bebree sɛ ɔbɛnya paanoo no. Saa asɛm yi akyiri, wɔ berɛ tiawa mu no me fie kyerɛkyerɛni, Ned Brimley, kyerɛkyerɛɛ me sɛ afa ne nhyira bebree a ɛwɔ nsɛmpa no mu no, wɔde ma yɛn wɔ nnidisoɔ nhyehyɛeɛ mu.

Saa nnawɔtwe no mu no, Ned ne ne hokafoɔ de adesua bi a ɛdi nkaeɛ baa yɛn fie. Ned kaee yɛn sɛ na nnidisoɔ wɔ sɛdeɛ Onyankopɔn bɔɔ asase no mu. Awurade too Ne bo ase berɛ a Ɔrekyerɛkyerɛ Mose nhyehyɛeɛ a Ɔnam so de bɔɔ asaase. Deɛ ɛdi kan no, ɔhyɛɛ aseɛ yii hann no firii esum no mu, afei nsuo firii asasewesee mu. Ɔde nnua ne mmoa nkwa kaa ho ansa na ɔreda N’adebɔ kɛseɛ wɔ wiase a w’abɔ no adi: nnipa, a ɔde Adam ne Hawa hyɛɛ aseɛ.

“Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn. …

“Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa , na hwɛ, na ɛyɛ pa ara,” (Gyenesis 1:27, 31).

Awurade ani sɔɔeɛ: Na Ɔhomee da a ɛtɔ so nson no.

Nnidisoɔ nhyehyɛeɛ so a wɔnam bɔɔ wiase no mma yɛn nhunumu kakra mfa deɛ ɛhia ma Onyankopɔn yie nko ara, mmom deɛ nti ne deɛ Ɔbɔɔ wiase maa no nso.

Mfoni
Ned Brimley ne n’abusua

Ned Brimley de asɛmtia bi yɛɛ nsanhɔ maa ne nkanyan kasa no: “Vai, Onyankopɔn fie yɛ deɛ nhyehyɛeɛ wɔ. Ɔhwehwɛ sɛ wode nhyehyɛeɛ bɔ wo bra. Wɔ nnidisoɔ papa mu. Ɔpɛ sɛ wosom asɛmpatrɛ ansa na woaware. Rebɛsi saa mmerɛ yi, Asɔre akannifoɔ kyerɛkyerɛ nnɛ yi sɛ “Awurade hwehwɛ sɛ abarimaa biara a ɔtumi no nsiesie ne ho sɛ ɔbɛsom. Mmaayewa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔsom nso nsiesie wɔn ho” (Amansan Hwɛsonwoma: Woresom wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Ahotefo, 24.0, ChurchofJesusChrist.org). Onuabarima Brimley toaa so sɛ: “Onyankopɔn pɛ sɛ woware ansa na woawo mma. Na ɔpɛ sɛ wokɔso ara tete w’adom akyɛdeɛ berɛ a woregye nteteɛ.” Sɛ wofa sɛ wode nnidisoɔ bɛsi nkyɛn abɔ wo bra a, ɔbra bɛyɛ den na ayɛ bisibasaa ama wo.

Onuabarima Brimley san kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ ɛnam Ne Mpata afɔrebɔ no so, Agyenkwa no boa yɛn de yɛn abrabɔ a ɛnam yɛn anaa afoforɔ pɛ a ɛnyɛ so ama yɛn bra ayɛ basaa.

Ɛfiri saa berɛ no, me ne “Nnidisoɔ nhyehyɛeɛ anya twaka.” Manya suban bi a ɛma mehwehwɛ nnidisoɔ kwan a ɛwɔ abrabɔ ne nsɛmpa no mu.

Elder David A Bednar kyerɛkyerɛɛ saa nnyinasoɔ yi: “Berɛ a yɛsua na yɛde Yesu Kristo nsɛmpa no yɛ adwuma no, nnidisoɔ ho taa hia. Susu nhwɛsoɔ sɛ, adesua a yɛsua fa honhom mu nneɛma a ɛhia pa ara no, firi nsɛmhia nnidisoɔ a ɛsisiiɛ berɛ a Agyenkwa no nsɛmpa a ahyɛ ma no resan aba bio wɔ saa nna a ɛdi akyire mu no.”

Elder Bednar hyehyɛɛ Anisoadehunu a Ɛdi kan ne Moronae ho adiyie a Ɛdi kan a ɔyi kyerɛɛ nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ ɔredi kan akyerɛkyerɛ aberanteɛ no, Onyankopɔn bɔsu ne Ne suban, Mormon Nwoma no ne Elias dwumadie a wɔbɛdi wɔ Israel anoboaboa wɔ nkataanim no fa mmienu no nyinaa wɔ saa berɛ a ɛdi akyire yi mu.

Elder Bednar wie sɛ: “Saa nkanyan nnidisoɔ yi yɛ deɛ ɛho hia wɔ honhom mu nneɛma a ɛda kan pa ara ma Ɔbɔadeɛ” (“Ɔbɛdane Mma no Akoma,” Laehona, Obubuo 2011, 24).

Adeɛ baako a mahunu ne sɛ “Nnidisoɔ nhyehyɛeɛ” yɛ tiawa, abɔdeɛ kwan so, ne ɔkwan a ɛyɛ adwuma pa ara ma Awurade sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ Ne mma, nkyerɛkyerɛ a ɛho hia.

Yɛaba asase so rebɛsua na yɛanya suahunu bi a anka yɛrentumi nnya. Yɛn nyini da nso ma yɛn mu biara sɛ ankorankorɛ ne akadeɛ a ɛhia wɔ Agya a Ɔwɔ Soro no nhyehyɛeɛ mu. Yɛn honam ne yɛn honhom nyini hyɛ aseɛ wɔ gyinabea ahodoɔ mu na ɛnyini nkakrankakra berɛ a yɛnya suahunu nnidisoɔ mu.

Alma maa asɛnka a tumi wɔ mu a ɛfa gyedie ho—ɔde totoo aba ho, a, sɛ yɛhwɛ so yie na yɛgugu aseɛ yie a ɛbɛfifi afiri ketewa mu, abɛyɛ kɛseɛ a anyini awie na ɛso aduaba a ɛyɛ dɛ (hwɛ Alma 32:28–43). Adesua no ne sɛ, mo gyedie bɛnyini berɛ a moma aba no kwan na mogugu aseɛ—anaa sɛ Onyankopɔn asɛm no—wɔ mo akoma mu. Mo gyedie bɛyɛ kɛse berɛ a Onyankopɔn asɛm hyɛ aseɛ “hono wɔ mo bo so” (nkyekyɛmu 28). Na “ɛhonhono na epue na ɛhyɛ aseɛ sɛ ɛrenyini no” (nkyekyɛmu 30) yɛ deɛ yɛhunu na ɛyɛ deɛ ɛho hia. Ɛno nso yɛ nnidisoɔ.

Awurade kyerɛkyerɛ yɛn sɛ ankorankorɛ sɛdeɛ yɛn ahoɔden a yɛde bɛsua ne sɛdeɛ yɛbɛsi asua no afa no. Yɛn nyini gyina yɛn pɛ so, pɛadeahwɛ a ɛwɔ yɛn mu, gyedie mpɛnpɛnsoɔ ne yɛn nteaseɛ.

Wɔkyerɛkyerɛɛ Nifae deɛ Joseph Smith bɛhunu wɔ Kirtland, Ohio, mfeɛ bebree, mfeɛ 2,300 ansa: “Na hwɛ, sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: Mede me nkyerɛkyerɛ bɛma nnipa mma, wɔ ne kwan so firi nkyerɛkyerɛ so, ɛha kakra ɛna ɛhɔ kakra; na nhyira ne deɛ ɔtie me nkyerɛkyerɛ, na wɔnya aso ma m’afotuo, na wɔn na wɔbɛsua nyansa” (2 Nifae 28:30).

Deɛ yɛsua no “ne kwan so, nkyerɛkyerɛ so, ɛha kakra, ɛna ɛhɔ kakra” no bio, yɛ nnidisoɔ.

Susu nsɛm a ɛdidi soɔ yi a yɛate wɔ yɛn asetena bebree mu: “Deɛ ɛhia kane” anaa “ma wɔn nufusuo ansa na woama wɔn nam.” Yɛnanteeɛ “ansa na yɛretu mmirika nso ɛ”? Saa nokorɛ pefee asɛm yinom mu biara kyerɛkyrɛ asɛm a ɛyɛ nnidisoɔ.

Nsɛnkyerɛnne yɛ adwuma wɔ nnidisoɔ mu. Nsɛnkyerɛnne si berɛ a yɛadikan atu gyedie anamɔn. Gyedie di nsɛnkyerɛnne no anim.

Aaron Asɔfodie gyinabea no nso wɔahyɛ no nnidisoɔ, gyina mfeɛ a deɛ wɔrehyɛ no no adie: dikɔn, tikya, na afei priest.

Nkwagyeɛ ne abasobɔ ayɛyɛdeɛ no yɛ nnidisoɔ wɔ ne bɔsu. Wɔbɔ yɛn asu ansa na yɛagye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Tɛmpol ayɛyɛdeɛ nso yɛ nnidisoɔ saa ara. Aane, sɛdeɛ m’adamfo Ned Brimley kyerɛkyerɛɛ me nyansa mu pa ara no, adidikronkron no yɛ nnidisoɔ—ɛde paano no na ɛhyɛ aseɛ, na nsuo no adi so.

“Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa asuafoɔ no, kaa sɛ, Monnye ,monni; yei ne me honam.

“Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase na ɔde maa wɔn sɛ, monnye, mo nyinaa Monnom bi;

“Na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ, ” (Mateo 26:26–28).

Wɔ Jerusalem ne Amɛrika hɔnom no, Agyenkwa no hyehyɛɛ adidikronkron no wɔ ɔkwan korɔ no ara so.

“Hwɛ, me fie nhyehyɛeɛ pa fie, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ, na ɛnnyɛ basabasa fie” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132:8).

Adwensakyera yɛ nnidisoɔ. Ɛde gyedie wɔ Yesu Kristo mu na ɛhyɛ aseɛ, sɛ ɛyɛ ketewa bi mpo a. Gyedie hia ma ahobɛraseɛ, a ɛyɛ deɛ ɛhia pa ara wɔ sɛ worenya “akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ.” (2 Nifae 2:7).

Nokorɛ, asɛmpa no nkyerɛkyerɛ nan a edi kan no yɛ nnidisoɔ. “Yɛgye di sɛ Nsɛmpa no nnyinasosɛm ne ayɛyɛdeɛ yɛ: ɛdi kan, Gyedie wɔ Awurade Yesu kristo mu; mmienu, Ahonu; mmiɛnsa, dɔ asukɔ Asubɔ ma bɔne fafiri; nan, Nsagusoɔ ma Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no.” (Gyidikasɛm 1:4).

Ɔhene Benyamin kyerɛkyerɛɛ ne nkorɔfoɔ saa nokorɛ a ɛhia yi: “Na monhwɛ na monyɛ saa nneɛma yi nyinaa wɔ nyansa mu ɛne ne kwan so; ɛfiri sɛ ɛnhia sɛ onipa bɛtu mmirika ntɛntɛm akyɛn deɛ n’ahoɔden bɛtumi. Na bio, ɛyɛ sɛ ɔbɛmia n’ani sɛdeɛ ɔbɛyɛ a, ɔbɛnya mmirika no mu akyɛdeɛ; ɛno nti ɛsɛ sɛ nneɛma nyinaa yɛ wɔ ne kwan so” (Mosaya 4:27).

Momma yɛmmɔ yɛn bra wɔ nhyehyɛeɛ mu na yɛnhwehwɛ sɛ yɛbɛdi nnidisoɔ a Awurade de ato hɔ ama yɛn no so. Wɔbɛhyira yɛn berɛ a yɛhwehwɛ na yɛdi ɔkwan ne nnidisoɔ a Awurade kyerɛkyerɛ deɛ ɛhia ma No so. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.