Amansan Nhyiamu
Awurade Anim Adom Wɔ Me Nna Nyinaa Mu
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Awurade Anim Adom Wɔ Me Nna Nyinaa Mu

Sɛn na yɛsɔ yɛn amanehunu mu? Yɛda ase wɔ nsusuiɛ ne deɛ yɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛn ani si yɛn nhyira so sene yɛn haw anaa?

COVID-19 nsanyareɛ no ayɛ nsɔhwɛ ne akwansideɛ bebree no mu baako a Onyankopɔn mma ahyia wɔ wiase abakɔsɛm mu. Afe yi hyɛɛ aseɛ no, me ne m’abusua a medɔ wɔn no faa esum nna bi mu. Nsanyareɛ ne kɔfabaae afoforɔ binom de owuo ne yea abrɛɛ yɛn abusua ɛnam adɔfoɔ pa bi wuo nti. Ɛmfa ho ne ayarehwɛ, akɔnkyene ne mpaebɔ a ɛkɔɔ so wɔ nnawɔtwe nnum akyi no, me nnuabarimma, me nnuabaa ne m’akonta Jimmy nyinaa twakɔɔ nkatanim no akyi

Ɛtɔ dabi a, na ɛyɛ me nwanwa deɛ nti a Agyenkwa no suuiɛ berɛ a ɔhunuu sɛ Mary redi yea berɛ a na ne nua, Lasarus awuo, a na Ɔnim sɛ Ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛnyane Lasarus a ɛno nti ɛrenkyɛre biara no Ɔde saa tumi yi bɛgye N’adamfo no afiri owuo mu. 1 Agyenkwa no ahummɔborɔ ne tema a ɔnya maa Mary no yɛ me nwanwa; Ɔtee Mary yea atenka a na ɛnni nkyeraseɛ a na ɔwɔ fa ne nuabarimma Lasarus wuo no ho.

Yɛnya saa yea atenka a ɛmu yɛ duru korɔ no ara berɛ a yɛne yɛn adɔfoɔ adi honam mu mpaepae mu no. Agyenkwa no wɔ ahummɔborɔ a ɛwie pɛ yɛ ma yɛn. Ɔmmu yɛn fɔ sɛ yɛnhunu nkɔ akyiri, anaasɛ yɛntumi nhunu yɛn ɛnniawieɛ akwantuo no. Na mmom ɔwɔ mmɔborɔhunu ma yɛn awerɛhoɔ ne yɛn amanehunu.

Agya a Ɔwɔ Soro ne Ne ba Yesu Kristo, pɛ sɛ yɛdi dɛ. 2 Titenani Russel M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ: “Ɔde atenka a yɛnya no gyina yɛn asetena mu tebea kakraabi pɛ ne biribiara a ɛfa yɛn asetena mu botaeɛ so. Sɛ yɛn asetena mu botaeɛ gyina Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛɛ no so a, yɛbɛtumi anya ɔdɛ atenka a ɛmfa ho ne deɛ ɛresi—anaa sɛ ɛnsi wɔ yɛn—abrabɔ mu.” 3

Berɛ a na meyɛ asɛmpatrɛfoɔ ketewa no, mekae berɛ a asɛmpatrɛfoɔ nwanwasoɔ bi a na mekamfo no nyaa nkra bi a na ɛyɛ ahomete yie. Na ne maame ne ne nua ketewa awuwu wɔ nkwanhyia kɛseɛ bi mu. Asɛmpatrɛ titenani no maa saa elder yi ɔpɛ sɛ ɔbɛtumi asan akɔ fie akɔyɛ ayie no bi. Ne nyinaa mu no, ɔne ne papa kasaa wɔ tɛlɛfon so wieeɛ no, saa asɛmpatrɛni yi sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛtena kɔsi sɛ ɔbɛwie n’asɛmpatrɛ adwuma no.

Mfoni
Rekɔsra asɛmpakani wɔ ayaresabea.

Berɛ kakra akyi no, berɛ a na yɛresom wɔ mpasua korɔ no ara mu no, me ne deɛ me ne no nam no nyaa mpofrim frɛ bi; akorɔmfoɔ awia saa asɛmpatrɛni korɔ no ara sakre asan nso awɔ ne sekan apira no. Na ɛsɛ sɛ ɔne deɛ ɔka ne ho no nante kɔ ayaresabea a na ɛbɛn no, na yɛkɔtoo wɔn wɔ hɔ. Yɛnam kwan so rekɔ ayaresabea hɔ no, na meredi awerɛhoɔ ma saa asɛmpatrɛni yi. Mesusuu sɛ ne honhom ano bɛdwo a ɛno nti saa suahunu huuhu a wafa mu akyiri no, afei deɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛsan akɔ fie.

Ne nyinaa akyi no, berɛ a yɛwuraa ayaresabea hɔ no, mehunuu sɛ ɔda ne mpa mu, retwɛn sɛ wɔde no bɛkɔ aprehyɛn mu—na ɔrenwenwene. Medwenee sɛ, “Ɛkɔbaa no sɛn na ɔrenwenwene wɔ berɛ a ɛte sei yi mu?” Berɛ a ne ho retɔ no wɔ ayaresabea hɔ no, na ɔde anigyeɛ rekyekyɛ asɛmpatrɛ nwoma nketewa ne Mormon Nwoma ma adɔkotafoɔ, anɛɛsefoɔ, ne ayarefoɔ afoforɔ. Mpo wɔ saa nsɔhwɛ yinom mu no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Ɔde gyedie, ahoɔden ne ahokeka som kɔsii da a ɛtwatoɔ wɔ n’asɛmpatrɛ adwuma no mu.

Wɔ Mormon Nwoma no ahyɛaseɛ no, Nifae ka sɛ, “mehunuu amanehunu bebree wɔ me nkwa nna mu, menyaa adom kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ me nna nyinaa mu.” 4

Medwendwene nsɔhwɛ bebree a Nifae faa mu, ɛmu bebree a ɔde aka ne twerɛtohɔsɛm ho. Ne nsɔhwɛ boa ma yɛte aseɛ sɛ yɛn nyinaa ara yɛn sum nna. Saa nsɔhwɛ yi mu baako siiɛ berɛ a wɔhyɛɛ Nifae sɛ ɔnsan nkɔ Yerusalem nkɔgye yaawa mprɛte a na ɛwɔ Laban nkyɛn no mmra. Na Nifae nnuanom mu bi yɛ mmarimma a wɔn gyedie sua, na mpo wɔde abaa boroo Nifae. Nifae faa nsɔhwɛ foforɔ mu berɛ a ne pea buuiɛ na ɔnntumi nnya aduane mmerɛ n’abusua. Akyire yi, berɛ a wɔhyɛɛ Nifae sɛ ɔmpam ɛhyɛn no, ne nuanom mmarimma sii no atwetwe na wɔammoa no. Yeinom ne nsɔhwɛ bebree mu wɔ n’abrabɔ mu nyinaa akyiri no, berɛ biara Nifae kae Onyankopɔn papa a ɔyɛ.

Mfoni
Wɔakyekyere Nifae abɔ suhyɛn no ho.

N’abusua retwa ɛpo akɔ bɔhyɛ asase so no, Nifae abusuafoɔ no mu bi “hyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani,” kasaa ahantan mu na wɔn werɛ firii sɛ na ɛyɛ Awurade tumi na akora wɔn. Berɛ a Nifae kaa wɔn anim no, wɔfaa no kasatia na wɔde ntampehoma kyekyeree no a na ɔntumi nnanteɛ. Mormon Nwoma no ka sɛ ne nnuammarimmanom “yɛɛ [no] ayakayakadeɛ”; n’abakɔn ne ne nan apɔso “honhonee ara yie.” 5 Nifae dii ne nnuammarimanom akomaden ho yea na ɛduru berɛ bi a na awerɛhoɔ ahyɛ ne so. 6 “Yei nyinaa akyire yi no,” ɔpaee mu kaa sɛ “memaa m’ani so hwɛɛ me Nyankopɔn, na meyii no ayɛ ɛdamu no nyinaa; na manwiinwii antia Awurade wɔ m’amanehunu a mehunu no ho.” 7

Me nnuammarimmma ne mmaa adɔfoɔ, sɛn na yɛsɔ yɛn amanehunu mu? Yɛnwiinwii wɔ Onyankopɔn anim ɛnam ɛno nti? Anaa sɛ Nifae ne me kane asɛmpatrɛ adanfo no, yɛda ase wɔ nsusuiɛ ne deɛ yɛyɛ mu ɛnam sɛ afei deɛ yɛn ani si yɛn nhyira so sene yɛn haw anaa?

Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, maa yɛn nhwɛsoɔ no berɛ a ɔsomm wɔ asase yi so no. Wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den ne nsɔhwɛ mu no, nneɛma kakra bi na ɛwɔ hɔ a ɛde asomdwoeɛ kɛseɛ ne ahotɔ brɛ yɛn sene sɛ yɛresom yɛn yɔnko onipa. Mateo nwoma no kae yɛn deɛ ɛsiiɛ berɛ a Agyenkwa no tee sɛ Ɔhene Herod atwa ne nua Yohane Suboni ti, de ayɛ ne Herodias babaa apɛdeɛ ama no no:

“Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsieeɛ, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.

“Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ no mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so: nkyɛn baabi, na nkorɔfoɔ no teeɛ no, wɔfaa fam tii no firii nkuro no mu.

“Na ɔsii fam bɛhunuu nkorɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.

Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ; ɛha yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkorɔfoɔ akuokuo no kwan na wɔnkɔ wɔn nkuraa nkɔtɔ aduane nni.

“Nanso Yesu see wɔn sɛ, ɛnhia sɛ wɔkorɔ; mo ara momma wɔn biribi.” 8

Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn sɛ wɔ nsɔhwɛ ne ahohiahia mmerɛ mu no, yɛbɛtumi ahunu afoforɔ nso haw. Sɛ ahummɔborɔ kanyan yɛn a yɛbɛtumi aboa na yɛapagya wɔn. Na mmrɛ a yɛreyɛ saa no, ɛnam yɛn Kristosu som so wɔapagya yɛn nso. Titenani Gordon B. Hinckley kaa sɛ: “Ɔhaw ano aduro a ɛyɛ pa ara a menim ne adwuma. Aduro a ɛyɛ pa ara ma abamubuo ne ɔsom. Aduro pa ara a ɛtu ɔbrɛ ne akwansideɛ ne sɛ yɛbɛboa obi a wabrɛ kɛseɛ mpo.” 9

Wɔ saa Yesu Kristo asɔre yi mu no, mewɔ akwanya kɛseɛ sɛ mehwɛ na mesom me yɔnko onipa. Ɛyɛ saa mmerɛ no mu na menya atenka sɛ Agya a ɔwɔ Soro hare me nnesoa. Titenani Russell M. Nelson yɛn Onyankopɔn nkɔmhyɛni wɔ asase so; ɔyɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ ma sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ afoforɔ so wɔ nsɔhwɛ mmerɛ mu. Mede m’adansedie bɔ ahotefoɔ afoforɔ bebree deɛ mu sɛ, Onyankopɔn yɛ yɛn Agya dɔfo pa a Ɔwɔ Ɔsoro. Manya Ne dɔ a ɛnniawieɛ mu atenka wɔ me sum nna mu. Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, te yɛn yea ne yɛn amanehunu ase. Ɔpε sε ↄma yɛn nnesoa mu yɛ hare na ɔkyekyere yɛn werɛ. Ɛsɛ sɛ yɛdi Ne nhwɛsoɔ so berɛ a yɛresom na yɛahwɛ wɔn a wɔwɔ nnesoa akɛseɛ mpo kyɛn yɛn ara yɛn deɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.