Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 103


Ɔfã 103

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ogyefuo 24, 1834). Wɔde saa adiyisɛm yi maae akyire yi a Parley P. Pratt ne Lyman Wight bɛduruu Kirtland, Ohio, wɔn a na wɔafiri Missouri aba ne Nkɔmhyɛni rebɛfa afotuo sɛdeɛ Ahoteɛfoɔ no bɛnya ahotɔ na wɔasan de wɔn akɔ wɔn nsase so bio wɔ Jackson County.

1–4, Deɛ nti a Awurade maa ho kwan maa wɔtaataa Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Jackson County no; 5–10, Ahoteɛfoɔ no bɛdi nkonim sɛ wɔdi mmarasɛn no so a; 11–20, Sion gyeɛ no nam tumi so na ɛbɛba, wɔn a wɔde wɔn nkwa to hɔ no bɛnya no bio na Awurade bɛdi Ne nkorɔfoɔ anim kan; 21–28, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no boa wɔn ho ano wɔ Sion, na wɔn a wɔde wɔn nkwa to hɔ no bɛnya no bio; 29–40, Wɔfrɛ anuanom ahodoɔ bi ma wɔhyehyɛ Sion Nsraban no; wɔhyɛ wɔn nkonimdie ho bɔ sɛ wɔyɛ nokorɛfoɔ a.

1 Nokorɛ mese mo, me nnamfo, hwɛ, mɛma mo adiyisɛm ne mmarasɛm, ama moahunu sɛdeɛ mobɛyɛ mo asɛdeɛ a ɛfa mo nuanom nkwagyeɛ ne wɔn gyeɛ ho, wɔn a wɔabɔ apete wɔ Sion asase so;

2 Wɔn atamfo nsa repamo wɔn na wɔreboro wɔn, na wɔn so na mɛhwie m’abufuhyeɛ a ɛnni nsusuiɛ aguo wɔ me mmerɛ a ɛsɛ mu.

3 Na mama wɔn ho kwan abɛsi saa berɛ yi, ama wɔatumi ahyɛ wɔn amumuyɛ nsusuiɛ ma, ama wɔn kuruwa atumi ayɛ ma;

4 Na ama wɔde asotwe a ɛyɛ ya na ɛyɛ den atwe wɔn a wɔde me din ato wɔn ho so no aso berɛ tiawa mu, esiane sɛ wɔanntie ahyɛdeɛ ne mmaransɛm a mede maa wɔn no koraa.

5 Nanso nokorɛ mese mo, sɛ mahyɛ mmara bi a me nkorɔfoɔ bɛnya, mmerɛ dodoɔ a, firi saa dɔnhwere yi de rekorɔ no, wɔbɛtie afotuo a me Awurade wɔn Nyankopɔn de bɛma wɔn no.

6 Hwɛ wɔbɛhyɛ aseɛ adi wɔn atamfo so nkonim firi saa dɔnhwere yi de rekorɔ, ɛfiri sɛ me na mahyɛ.

7 Na sɛ wɔtie na wɔhwɛ di nsɛm no nyina ara so, deɛ me Awurade wɔn Nyankopɔn, mɛka akyerɛ wɔn a, wɔnnyae sɛ wɔbɛdi nkonim kɔsi sɛ wɔde wiase ahemman nyina ara bɛhyɛ wɔn nan ase, na wɔde asase no ama ahoteɛfoɔ no, na wɔadi so daa ne afebɔɔ.

8 Nanso mmerɛ dodoɔ a wɔnni me mmaransɛm soɔ, na wɔnntie nnhwɛ sɛ wɔdi me nsɛm nyina ara so no, wiase ahemman no bɛdi wɔn so nkonim.

9 Ɛfiri sɛ wɔyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ hann mma wiase, ne wɔnyɛ nnipa agyenkwa;

10 Na mmerɛ dodoɔ a wɔnnyɛ nnipa agyenkwa no, wɔte sɛ nkyene a ayera ne dɛ, na ɛnnyɛ mma hwee bio gye sɛ wɔhwie gu ma nnipa de wɔn nan ase tiatia so.

11 Nanso nokorɛ mese mo, mahyɛ sɛ mo nuanom a wɔabɔ apete no nsan nkɔ wɔn apɛgyadeɛ nsase so, na wɔnkɔsi Sion amanfo no bio.

12 Na amanehunu pii akyi no, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo wɔ mmarasɛm dada bi mu no, na nhyira no ba.

13 Hwɛ, yei ne nhyira a mede hyɛɛ mo bɔ mo amanehunu akyire no, ne mo nuanom amanehunu akyire no—mo gyeɛ, ne mo nuanom gyeɛ, mpo kɔ a wɔde wɔn bɛkɔ Sion asase no so bio, abɛkyekyere, a wɔrenntu wɔn nngu bio.

14 Nanso, sɛ wɔgu wɔn apɛgyadeɛ no ho fi a wɔbɛtu wɔn agu; ɛfiri sɛ sɛ wɔgu wɔn apɛgyadeɛ no ho fi a merennyae wɔn.

15 Hwɛ, mese mo, ɛhia sɛ Sion gyeɛ no nam tumi so na ɛba;

16 Ne saa nti, mɛpagya onipa bi ama me nkorɔfoɔ no, deɛ ɔbɛdi wɔn anim tesɛ deɛ Mose dii Israel mma no anim no.

17 Na moyɛ Israel mma, na moka Abraham asefoɔ ho, na ɛho hia sɛ wɔfa tumi so de nsa a ɛmu atene yi mo firi nkoasom mu.

18 Na sɛdeɛ wɔdii mo agyanom anim kane no, mpo saa ara na Sion gyeɛ no bɛyɛ.

19 Ne saa nti, momma mo akoma nntɔ piti, ɛfiri sɛ mese mo sɛ sɛdeɛ mesee mo agyanom no: Me bɔfoɔ bɛdi mo anim, na ɛnnyɛ m’anim.

20 Nanso mese mo: M’abɔfoɔ bɛdi mo anim, ne me honhom nso, na ɛrennkyɛre mobɛnya asase pa.

21 Nokorɛ, nokorɛ mese mo sɛ, m’akoa Joseph Smith, Jun., ne onipa a mede no totoo akoa a Bobeturo no Wura no ne no kasaae no ho, wɔ abɛbusɛm a mede ama mo no mu.

22 Ne saa nti momma m’akoa Joseph Smith, Jun., nka nkyerɛ me fie ahoɔdenfoɔ, me mmerantewaa ne wɔn a wɔn ani afiri no sɛ—Mommoaboa mo ho wɔ Sion asase so, wɔ asase a mede sika atɔ no so, deɛ wɔate ho ama me no.

23 Na momma nsɔre no mfa sika nsoma nnipa anyansafoɔ, na wɔntɔ nsase mpo sɛdeɛ mahyɛ wɔn no.

24 Na mmerɛ dodoɔ a m’atamfo ba mo so sɛ wɔrebɛpamo mo afiri m’asase pa so no, deɛ mate ho sɛ ɛnyɛ Sion asase no, mpo afiri mo ankasa mo nsase so no, akyire yi a mode saa adanseɛ yi aba m’anim atia wɔn no, mobɛdome wɔn.

25 Na obiara a mobɛdome no, mɛdome, na mobɛtɔ m’atamfo so werɛ.

26 Na me honhom bɛka mo ho mpo kɔsi sɛ mɛtɔ m’atamfo so werɛ, kɔsi awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtan me no so.

27 Mma onipa biara nnsuro sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ɛnam me nti; ɛfiri sɛ deɛ ɔde ne nkwa to hɔ ɛnam me nti no bɛsan anya no bio.

28 Na obiara a ɔmmpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ɛnam me nti no nnyɛ me suafoɔ.

29 Ɛyɛ me pɛ sɛ m’akoa Sidney Rigdon bɛma ne nne so wɔ asafo a wɔn wɔ apueɛ fam aman no mu, de asiesie asɔre no ama wɔadi mmaransɛm a mede ama wɔn no ɛfa sɛ wɔde Sion bɛsan aba bio ne ne gyeɛ ho.

30 Ɛyɛ me pɛ sɛ mma m’akoa Parley P. Pratt ne m’akoa Lyman Wight nnsan nnkɔ wɔn nuanom asase so, kɔsi sɛ wɔbɛnya wɔn a wɔne wɔn bɛkɔ Sion asase so, akuo akuo du du, anaa aduonum aduonum, anaa ɔha, kɔsi sɛ wɔn dodoɔ bɛduru ahanum a ɛyɛ ahoɔden a ɛwɔ me fie.

31 Hwɛ, yei ne me pɛ; mommisa na mobɛnya; nanso nnipa nnyɛ m’apɛdeɛ berɛbiara.

32 Ne saa nti, sɛ monntumi nnya ahanum a, momfa nsiyɛ nhwehwɛ sɛ ebia mobɛtumi anya ahasa anaa.

33 Na sɛ monntumi nnya, ahasa a, momfa nsiyɛ nhwehwɛ sɛ ebia mobɛnya ɔha a.

34 Nanso nokorɛ mese mo, mema mo mmarasɛm bi, sɛ mma monnkɔ Sion asase so kɔsi sɛ mobɛnya ɔha a ɛyɛ ahoɔden a ɛwɔ me fie, na wɔ ne mo akɔ Sion asase so.

35 Ne saa nti, sɛdeɛ mesee mo no, mommisa na mobɛnya; mommɔ mpaeɛ denden ama ebia m’akoa Joseph Smith, Jun., atumi ne mo akɔ, na wayɛ titenani wɔ me nkorɔfoɔ mfinfini, na wahyehyɛ m’ahemman no wɔ asase a wɔadwira ho no, na wakyekyere Sion mma wɔ mmara ne mmaransɛm a wɔde ama ne deɛ wɔde bɛma mo no so.

36 Wɔde nkonimdie ne animuonyam nyina ara aba ama mo nam mo nsiyɛ, nokorɛdie, ne mo gyedie mpaebɔ so.

37 Momma m’akoa Parley P. Pratt ne m’akoa Joseph Smith, Jun., ntu kwan.

38 Momma m’akoa Lyman Wight ne m’akoa Sidney Rigdon ntu kwan.

39 Momma m’akoa Hyrum Smith ne m’akoa Frederick G. Williams ntu kwan.

40 Momma m’akoa Orson Hyde ne m’akoa Orson Pratt ntu kwan, baabibiara a m’akoa Joseph Smith, Jun., bɛtu wɔn fo sɛ wɔnkɔ, ama wɔanya saa mmaransɛm yi a mede ama wɔn no mahyɛ, na wɔnnya nkaeɛ no wɔ me nsam. Mpo saa ara. Amen.