Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 114


Ɔfã 114

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Oforisuo 17, 1838.

1–2, Wɔn a wɔkura asɔre diberɛ a wɔnnyɛ nokorɛfoɔ no wɔbɛgye ama afoforɔ.

1 Nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛyɛ nyansa ma m’akoa David W. Pattern sɛ ɔbɛhwɛ ahyehyɛ ne dwumadie nyina ara ntɛm pa ara sɛdeɛ ɔbɛtumi biara, na ɔntɔn n’adwadideɛ, ama watumi ayɛ m’asɛmpatrɛ adwuma fifiberɛ a ɛbɛba no mu, ɔne afoforɔ, mpo dumienu a ɔno ka ho, na wɔnkɔdi me din ho adanseɛ na wɔmmɔ anigyesɛm ho dawuro nkyerɛ wiase.

2 Ɛfiri sɛ nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mmerɛ dodoɔ a mo mu binom po me din no, wɔde afoforɔ bɛsi wɔn ananmu na wɔbɛgye wɔn diberɛ. Amen.