Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 111


Ɔfã 111

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so wɔ Salem, Massachussetts, Ɔsannaa 6, 1836. Saa berɛ yi na ɛka kɛseɛ da Asɔre no akannifoɔ no so ɛnam wɔn nnwuma wɔ ɔsom adwuma no mu nti. Wɔtee sɛ sika dɔsɔɔ wɔ hɔ ma wɔn wɔ Salem nti no, Nkɔmhyɛni no, Sidney Rigdon, Hyrum Smith, ne Oliver Cowdery tuu kwan firii Kirtland kɔɔ Ohio, sɛ wɔrekɔhwehwɛ saa asɛm yi mu, na wɔaka asɛmpa no nso. Anuanom no dii Asɔre no nnwuma ahodoɔ pii na wɔkaa asɛmpa no bi. Berɛ a ɛbɛdaa adi sɛ sika biara nni hɔ ma wɔn no, wɔsan kɔɔ Kirtland. Nneɛma titiriw a ɛwɔ saa abakɔsɛm yi mu no da adi wɔ saa adiyisɛm yi nsɛm mu.

1–5, Awurade hwɛ Ne nkoa honam fam ahiadeɛ so; 6–11, Ɔne Sion bɛdi wɔ mmɔborɔhunu mu na ɔbɛsiesie nneɛma nyina ara ama ne nkoa yieyɛ.

1 Me, Awurade, mo Nyankopɔn, ɛnnyɛ sɛ m’ani annsɔ saa mo kwan a motuui yi, ɛmmfa ho ne mo nkwaseadeɛ.

2 Mewɔ ademudeɛ pii wɔ saa ahenkuro yi mu ma mo, sɛ mfasoɔ ma Sion, ne nnipa bebree a wɔn wɔ saa ahenkuro yi mu, wɔn a mɛboaboa wɔ ano wɔ mmerɛ a ɛsɛ mu ama ayɛ Sion so mfasoɔ, ɛnam mo so.

3 Ne saa nti, ɛho hia sɛ mo ne saa ahenkuro yi mu nnipa fa yɔnkoɔ, sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ mo, ne sɛdeɛ wɔde bɛma mo no.

4 Na ɛbɛba sɛ mmerɛ a ɛsɛ mu no mede saa kuropɔn yi bɛhyɛ mo nsa, ama moanya tumi wɔ ɛso, ama wɔanntumi annhunu mo kokoa mu nneɛma; na ɛmu nnepa a ɛyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ no bɛyɛ mo dea.

5 Monnha mo ho mmfa mo aka ho, ɛfiri sɛ mɛma mo tumi ama moatua.

6 Monnha mo ho mmfa Sion ho, ɛfiri sɛ me ne no bɛdi wɔ mmɔborɔhunu mu.

7 Montena saa bea yi, ne amantam a atwa ahyia no mu;

8 Na bea a ɛyɛ me pɛ sɛ motena ankasa no, wɔnam me Honhom asomdwoeɛ ne ne tumi a ɛbɛtene aba mo hɔ no so bɛkyerɛ mo.

9 Mobɛtumi anya saa bea yi nam apaabɔ so. Na momfa nsiyɛ mmisa mfa saa kuropɔn yi tete mmerɛ mu mutefoɔ ho.

10 Ɛfiri sɛ ademudeɛ a ɛdɔɔso sene baako wɔ hɔ ma mo wɔ saa kuropɔn yi mu.

11 Ne saa nti, monyɛ anyansafoɔ te sɛ awɔwɔ na mmom monkwati bɔne; na mɛhyehyɛ nneɛma nyina ara ama mo yieyɛ, ntɛm pa ara so a mobɛtumi anya yeinom. Amen.