Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59


Ɔfã 59

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Sion, Jackson County, Missouri, Ɔsannaa 7, 1831. Ɛdi saa adiyisɛm yi anim no, wɔdwiraa asase no ho, sɛdeɛ na Awurade akyerɛ no, na bea a wɔbɛsi tɛmpol no nso wɔyi sii hɔ. Da a wɔnyaa saa adiyisɛm yi, Polly Knight, Joseph Knight Sr. yere, wuui, ɔno ne Asɔreba a ɔdi kan wuui wɔ Sion. Kane asɔremma no kyerɛɛ saa adiyisɛm yi mu sɛ “ɛkyerɛɛ Ahoteɛfoɔ no sɛdeɛ wɔkora homeda no ne sɛdeɛ wɔkyene kɔm bɔ mpaeɛ.”

1–4, Wɔbɛhyira nokorɛfoɔ ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Sion; 5–8, Ɛsɛ sɛ wɔdɔ Awurade na wɔsom no na wɔdi Ne mmaransɛm so; 9–19, Sɛ wɔdi Awurade da no kronkron a, ahoteɛfoɔ no nya nhyira honam mu ne honhom mu; 20–24, Wɔahyɛ ahoteɛfoɔ no asomdwoeɛ ho bɔ wɔ wiase yi mu ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

1 Hwɛ, nhyira, Awurade na ɔseɛ, ne wɔn a wɔaba saa asase yi so na wɔn ani wɔ m’animuonyam nko ara so, sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ.

2 Na wɔn a wɔte ase no bɛnya asase no adi, na wɔn a wɔwuo no bɛnya ahome afiri wɔn nnwuma nyina ara ho, na wɔn nnwuma bɛdi wɔn akyi; na wɔbɛgye ahenkyɛ wɔ M’agya fi-kɛseɛ no mu, deɛ masiesie ama wɔn no.

3 Aane, nhyira ne wɔn a wɔn nan si Sion asase no so, na wɔayɛ setie ama me nsɛm; na wɔbɛnya asase so nneɛma pa sɛ wɔn akatua, na ɛde bɛba wɔ n’ahoɔden mu.

4 Na wɔde nhyira firi soro nso bɛhyɛ wɔn ahenkyɛ, aane, ne mmaransɛm a ɛnnyɛ kakraa bi, ne adiyisɛm wɔ wɔn mmerɛ mu—wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ ne nsiyɛfoɔ wɔ m’anim no.

5 Ɛno nti, mema wɔn mmaransɛm, a ɛreka sei: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn no, fa w’akoma nyina ara, wotumi nyina ara, w’adwene ne w’ahoɔden; na som no wɔ Yesu Kristo din mu.

6 Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mma nnwia adeɛ; mmɔ adwamman, nni awu, anaa nnyɛ biribiara a ɛyɛ ne nsɛsoɔ.

7 Da Awurade wo Nyankopɔn ase wɔ ade nyina ara mu.

8 Bɔ afɔreɛ ma Awurade wo Nyankopɔn wɔ tenenee mu, mpo ɛyɛ akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ mu.

9 Na sɛdeɛ wobɛtwe wo ho yie afiri wiase nkekaawa ho no, kɔ mpaebɔ fie na kɔma w’akronkronneɛ, wɔ me da kronkron mu;

10 Na nokorɛ yei ne da a wɔayi ama wo sɛ home firi wo nnwuma ho, na fa w’ahofama-som ma Ɔsorosoroni no;

11 Nanso wo bɛma wo aboadeɛ wɔ tenenee mu wɔ nna nyina ara mu ne mmerɛ nyina ara mu;

12 Na kae sɛ wɔ saa Awurade da no, wode w’afɔrebɔ ne w’akronkronneɛ bɛma Ɔsorosoroni no, worepae mu aka wo bɔne wɔ wo nuanom ne Awurade anim.

13 Na saa da yi ma nnyɛ biribiara, na mmom ma w’aduanenoa nyɛ adeɛ korɔ pɛ a ɛda w’akoma so na ama w’akɔmkyene awie pɛyɛ, anaa nsɛm foforɔ mu no, sɛdeɛ w’anigyeɛ bɛtumi ayɛ ma.

14 Nokorɛ, yei yɛ akɔmkyene ne mpaebɔ, anaa nsɛm foforɔ mu no, anigyeɛ ne mpaebɔ.

15 Na mmerɛ dodoɔ a mode nnaaseɛ, na afei mo akoma mu ne mo anim ahosɛpɛ yɛ saa nneɛma yi na ɛnnyɛ sereɛ, ɛfiri sɛ yei yɛ bɔne, na mmom mode akoma a ɛwɔ anigyeɛ, na mo anim kyerɛ ahosɛpɛ a—

16 Nokorɛ mese mo sɛ, mmerɛ dodoɔ a moyɛ yei no, asase so mahyɛ yɛ mo dea, wuram mmoa ne ewiem nnomaa, ne deɛ ɛforo kɔ nnua so ne deɛ ɛnante asase so;

17 Aane, ne nhahan no, ne nneɛma pa a ɛfiri asase mu ba, sɛ wɔde yɛ aduane anaa wɔde yɛ aduradeɛ anaa adansie, anaa wɔdebɔ mpata, anaa wɔde yɛ turo, anaa wɔdeyɛ nnuabaturo, anaa abobeturo;

18 Aane, nneɛma nyina ara a ɛfiri asase mu ba, wɔ wɔn berɛ mu no, wɔyɛɛ sɛ nnipa de bɛyɛ biribi anya ho mfasoɔ, sɛ ɛnsɔ ani na ɛmma akoma mu dɛ;

19 Aane, ɛyɛ ma aduane anaa aduradeɛ, ne dɛ ne ne hwam, sɛdeɛ nnipadua no bɛnya ahoɔden na ama ɔkra no nkanyan.

20 Na ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔde yei nyina ara ama nnipa; ɛfiri sɛ saa botaeɛ yi nti na wɔyɛɛe sɛ wɔde nsusuiɛ bɛto ho ayɛ, a ɛmmoro so, na ɛnnyɛ amim so.

21 Na nnyɛ biribiara mu na onipa fom Onyankopɔn, anaa obiara nni hɔ a n’abufuhyeɛ tia no, gye sɛ wɔn a wɔn mpae mu nnka sɛ ne nsa wɔ nneɛma nyina ara mu, na wɔnnyɛ setie mma ne mmaransɛm.

22 Hwɛ, yei yɛ sɛdeɛ mmara ne nkɔmhyɛfoɔ no teɛ; ɛno nti, mma monnha me wɔ saa nsɛm yi ho bio.

23 Na monhunu sɛ, deɛ ɔdi tenenee nnwuma no bɛnya n’akatua, mpo asomdwoeɛ wɔ wiase yi mu, ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ wiase a ɛbɛba mu.

24 Me, Awurade, na maka yei, na Honhom no di ho adanseɛ. Amen.