Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 95


Ɔfã 95

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 1, 1833. Saa adiyisɛm yi yɛ akwankyerɛ kronkron ntoasoɔ ɛfa dan a wɔbɛsi ayɛ ɔsom ne nkyerɛkyerɛ wɔ mu, ne Awurade fie no (hwɛ ɔfã 88:119–136).

1–6, Wɔka Ahoteɛfoɔ no anim ɛnam sɛ wɔannsi Awurade fie no; 7–10, Awurade pɛ sɛ Ɔde Ne fie ma Ne nkorɔfoɔ ɔsoro akyɛdeɛ ne tumi a ɛfiri soro; 11–17, Ɛwɔ sɛ wɔte fie no ho ma ɔsom ne Asomafoɔ no sukuu.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo a medɔ mo, na deɛ medɔ no na meka n’anim ama wɔde ne bɔne akyɛ no, ɛfiri sɛ menam nka-anim so na mesiesie kwan ma wɔn nkwagyeɛ wɔ nneɛma nyina ara mu wɔ nsɔhwɛ mu, na madɔ mo—

2 Ɛno nti, ɛhia sɛ wɔtwe mo aso na wɔka mo anim wɔ m’anim;

3 Ɛfiri sɛ mode bɔne kɛseɛ ayɛ bɔne atia me, ɛfiri sɛ moannkae mmarasɛm kɛseɛ no wɔ nneɛma nyina ara a mede ama mo no mu, ɛfa me fie no sie ho;

4 Na ayɛ ahosiesie a mabɔ me tirim pɔ sɛ ɛnsiesie m’asomafoɔ no ama wɔapempan me bobeturo nnua ho berɛ a ɛtwa toɔ yi, sɛdeɛ mɛtumi de m’anwanwa nnwuma no bɛba, ama matumi ahwie me Honhom no agu honam nyina ara so—

5 Nanso hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, bebree wɔ hɔ a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ mo ntam, a mafrɛ wɔn nanso wɔn mu kakraabi na wɔayi wɔn.

6 Wɔn a wɔnnyii wɔn no ayɛ bɔne a ɛyɛ bɔne kɛseɛ, ɛfiri sɛ wɔnante esum mu awia berɛ.

7 Na yei nti na memaa mo mmarasɛm sɛ momfrɛ monhyia kronkron no, ama mo akɔmkyene ne mo sũ aforo aba Sabaot Awurade aso mu, deɛ ne nkyerɛaseɛ yɛ, da a ɛdi kan yɛfoɔ, mfitiaseɛ ne awieɛ no.

8 Aane, nokorɛ mese mo, memaa mo mmarasɛm sɛ monsi fie, saa fie no mu na mabɔ me tirim pɔ sɛ mede tumi akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri soro bɛma wɔn a mayi wɔn no;

9 Ɛfiri sɛ yei yɛ Agya no bɔhyɛ ma mo; ne saa nti mehyɛ mo sɛ montwɛn, mpo tesɛ deɛ m’asomafoɔ no yɛeɛ wɔ Yerusalem no.

10 Nanso, me nkoa no yɛɛ bɔne a ɛyɛ bɔne kɛseɛ; na aperedie sɔree wɔ nkɔmhyɛfoɔ sukuu no mu; a na ɛyɛ bɔne kɛseɛ ma me, Awurade na ɔseɛ; ne saa nti mesomaa wɔn firii adi ama wɔtwee wɔn aso.

11 Nokorɛ mese mo, ɛyɛ me pɛ sɛ mobɛsi dan no. Sɛ modi me mmarasɛm so a mobɛnya tumi de asi.

12 Sɛ moanni me mmaransɛm so a, Agya no dɔ no nnkɔ so nnka mo ho, ne saa nti mobɛnante esum mu.

13 Afei nyansa, ne Awurade adwene nie—momma wɔnsi fie, nnyɛ wiase yɔbea so, ɛfiri sɛ memmaa mo sɛ montena ase wɔ wiase kwan so;

14 Ne saa nti, momma wɔnsi no wɔ nhwɛsoɔ a mɛkyerɛ mo wɔ momu mmiɛnsa so, wɔn a mobɛyi na mobɛhyɛ wɔn asɔfoɔ ama saa tumi yi.

15 Na ne kɛseɛ bɛyɛ anammɔn aduonum ne num wɔ ne tɛtrɛtɛ mu, na ma ne tenten mu nyɛ aduosia num, wɔ abannwa no mu.

16 Na monte abannwa no fã a ɛwɔ fam no ho mma akronkronneɛ afɔrebɔ, ne mo nsɛmpaka, ne mo akɔmkyene, ne mo mpaebɔ, ne mo apɛdeɛ kronkron pa ara a mode ma me, Awurade na ɔseɛ.

17 Na monte abannwa no fã a ɛwɔ soro no ho mma m’asomafoɔ no sukuu no, Ahman Ba na ɔseɛ; anaa, nsɛm foforɔ mu no, Alfo, anaa, nsɛm foforɔ mu no, Omego; mpo Yesu Kristo mo Awurade. Amen.