Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 118


Ɔfã 118

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Kitawonsa 8, 1838, sɛ saa nkotosrɛ yi ho mmuaeɛ: “Kyerɛ yɛn wo pɛ, O Awurade, fa Dumienu no ho.”

1–3, Awurade bɛma Dumienu no mmusua wɔn ahiadeɛ; 4–6, Wɔhyɛ bea a ada mpan wɔ Dumienu no mu ananmu.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Momma wɔnyɛ nhyiamu anim anim yi ara; momma Dumienu no nhyehyɛ wɔn ho; na momma wɔnyi nnipa a wɔbɛhyɛ wɔn a wɔahwe aseɛ no ananmu.

2 Momma m’akoa Thomas ntwɛn kakra wɔ Sion asase so, na ɔmmɔ m’asɛm no ho dawuro.

3 Momma wɔn a aka no nkɔso nka asɛmpa no firi saa dɔnhwere yi de rekɔ, na sɛ wɔyɛ yei wɔ ahobrɛaseɛ akoma mu, ɔdwoɔ mu, ne ahobrɛaseɛ mu, ne abodwokyɛre mu a, me, Awurade, mehyɛ wɔn bɔ sɛ mɛma wɔn mmusua wɔn ahiadeɛ; na wɔbɛbue ɛpono a ɛdi mũ ama wɔn, firi nnɛ de rekɔ.

4 Na fefɛ berɛ a ɛdi soɔ yi momma wɔnkɔ nkɔtwa asuo kɛseɛ no, na wɔnka m’asɛmpa no wɔ hɔ, ne mahyɛ no, na wɔnni me din ho adanseɛ.

5 Momma wɔmfiri ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Far West kuropɔn no nkyɛn, Oforisuo a ɛdi hɔ no da a ɛtɔ so aduonu nsia, wɔ baabi a wɔbɛsi me dan wɔ hɔ no, Awurade na ɔseɛ.

6 Momma wɔnyi m’akoa John Taylor, ne m’akoa John E. Page nso, ne m’akoa Wilford Woodruff nso, ne m’akoa Willard Richards nso, ma wɔnsi wɔn a wɔahwe aseɛ no ananmu, na wɔmfa wɔn dwumadie no nto wɔn anim.