Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14


Ɔfã 14

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa David Whitmer, wɔ Fayette, New York, Ayɛwohomumɔ 1829. Na Whitmer abusua no ani abɛgye Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ no ho yie. Nkɔmhyɛni no kyekyeree n’atenaeɛ wɔ Peter Whitmer Sr. fie, baabi a ɔtenaae kɔsii sɛ ɔde nkyerɛaseɛ adwuma no kɔɔ awieɛ na ɔnyaa nwoma no a ɛrefiri aba no ho tumi a wɔde bɛhwɛ so. Whitmer mma mmarima baasa a, obiara anya adanseɛ afa adwuma no nokorɛyɛ ho no, maa asɛm no ho hiaa wɔn yie ɛfaa wɔn ankorɛankorɛ asɛdeɛ ho. Adiyisɛm yei ne mmienu a ɛtoa so no (ɔfa 15 ne 16) yɛ mmuaeɛ a wɔde maae wɔ deɛ wɔnam Urim ne Tumim no so bisaae no ho. David Whitmer akyire yi bɛyɛɛ Mormon Nwoma no Adansefoɔ Baasa no mu baako.

1–6, Adwumayɛfoɔ a wɔn wɔ bobeturo no mu bɛnya nkwagyeɛ; 7–8, Nkwa a ɛnni awieɛ na ɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ mu; 9–11, Kristo na ɔbɔɔ ɔsorosoro ne asase.

1 Anwanwa dwuma a ɛyɛ kɛseɛ rebɛfiri aba nnipa mma mu.

2 Hwɛ, mene Onyankopɔn; tie m’asɛm, a ɛyɛ ntɛm na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nam sene afena anofanu, a ɛrepaepae akwaa ne ekyim mu; ɛno nti tie m’asɛm.

3 Hwɛ, afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; ɛno nti, onii biara a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbu no, ma ɔmfa ne kantankrankyi ne ahoɔden nsi mu, na ɔmmu wɔ berɛ a ɛda no wɔ hɔ yi, na wɔakora daapem nkwagyeɛ ama ne kra wɔ Onyankopɔn ahemman mu.

4 Aane, onii biara a ɔde ne kantankrankyi bɛsi mu na wabu no, ɔno ara na Onyankopɔn afrɛ no.

5 Ɛno nti, sɛ wobɛbisa me a wobɛnya; sɛ wobɛbɔ mu a, wɔbɛbue ama wo.

6 Hwehwɛ sɛ wobɛkyekyere me Sion na afiri aba. Di me mmaransɛm so wɔ ade nyina ara mu.

7 Afei, sɛ wodi me mmaransɛm so na wogyina mu kɔsi awieɛ a wobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ, akyɛdeɛ a ɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyina ara mu.

8 Na ɛbɛba sɛ, sɛ wobɛbisa Agya no wɔ me din mu, ne gyedie mu na wogyedi a, wobɛnya Sunsum Kronkron no, a ɔma deɛ wɔnka no, ama woatumi agyina sɛ ɔdanseni ama nneɛma a wobɛhunu na wobɛte, na woaka nsakyeraeɛ akyerɛ saa awoɔntoatoasoɔ yi nso.

9 Hwɛ, mene Yesu Kristo, Onyankopɔn teasefoɔ no Babarima no, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro ne asase, hann a ɛnntumi nnsie wɔ sum mu;

10 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ mede m’asɛmpa no mãhyɛ no firi amanamanmufoɔ hɔ ba Israelfie mu.

11 Afei hwɛ, wo ne David, na mafrɛ wo sɛ boa; adeɛ a sɛ woyɛ a, na wodi nokorɛ a, wɔbɛhyira wo honhom mu ne honam mu, na w’akatua bɛyɛ kɛseɛ. Amen.