Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 5


Ɔfã 5

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ Harmony, Pennsylvania, Ɔbɛnem 1829, wɔ Martin Harris adesrɛ ho.

1–10, Saa awoɔntoatoasoɔ yi bɛnya Awurade asɛm nam Joseph Smith so; 11–18, Adansefoɔ mmiɛnsa bɛdi adanseɛ Mormon Nwoma no ho; 19–20, Wɔbɛhunu Awurade asɛm no mu nokorɛ tesɛ kane mmerɛ no; 21–35, Ɛbɛba sɛ Martin Harris bɛsakyera na wayɛ adansefoɔ no mu baako.

1 Hwɛ, mese wo, esiane sɛ m’akoa Martin Harris apɛ adanseɛ wɔ me nsa mu, sɛ wo m’akoa Joseph Smith, Jun., anya mprɛte a wadi ho adanseɛ atwerɛ ato hɔ sɛ wonyaa wɔ me hɔ no nti;

2 Na afei, hwɛ, yei na wobɛka akyerɛ no—ɔno a ɔkasa kyerɛɛ wo, see wo sɛ: Me, Awurade, mene Onyankopɔn, na mede saa nneɛma yi ama wo, m’akoa Joseph Smith, Jun., na mahyɛ wo sɛ gyina sɛ ɔdanseni ma saa nneɛma yinom;

3 Na mayɛ no sɛ wo ne me nkɔ apam, sɛ woremmfa yeinom nnkyerɛ gye sɛ saa nnipa a mehyɛɛ wo no; na wonni tumi wɔ yeinom so gye sɛ mema wo ɛho kwan.

4 Na wowɔ akyɛdeɛ sɛ wokyerɛ mprɛte no ase; na yei yɛ akyɛdeɛ a ɛdi kan a mede akyɛ wo; na mahyɛ sɛ mmpatu nnya akyɛdeɛ foforɔ kɔsi sɛ me botae bɛba mu wɔ yei mu; ɛfiri sɛ meremma wo akyɛdeɛ biara ho kwan kɔsi sɛ wobɛwie.

5 Nokorɛ, mese wo, sɛ asase sotefoɔ renntie me nsɛm a, mmusuo bɛba wɔn so;

6 Na yei akyire no, wɔbɛhyɛ wo sɔfoɔ ama woakɔ de me nsɛm akɔma nnipa mma.

7 Hwɛ, sɛ wɔrennye me nsɛm nni a, wɔrennye wo nni, m’akoa Joseph, mpo sɛ wotumi de saa nneɛma yi a mede ahyɛ wo nsa yi nyina ara kyerɛ wɔn a.

8 O, saa annye anni ne kɔnseneeɛ awoɔntoatoasoɔ yi—m’abufuo redɛre tia wɔn.

9 Hwɛ, nokorɛ mese wo, m’akora saa nneɛma yeinom a mede ahyɛ wo nsa yi, m’akoa Joseph, wɔ nyansa botae a ɛwɔ me mu nti, na wɔbɛda no adi akyerɛ daakye awoɔntoatoasoɔ;

10 Nanso saa awoɔntoatoasoɔ yi nam wo so bɛnya m’asɛm;

11 Na deɛ ɛbɛka w’adansedie ho no yɛ me nkoa mmiɛnsa adansedie, wɔn a mɛfrɛ ahyɛ wɔn asɔfoɔ, wɔn a mede saa nneɛma yi bɛkyerɛ wɔn, na wɔbɛfiri adi de me nsɛm a ɛnam wo so mede ama no akɔ.

12 Aane, wɔbɛhunu ampa ara sɛ saa nneɛma yinom yɛ nokorɛ, ɛnam sɛ ɛfiri soro na mɛka ato dwa akyerɛ wɔn.

13 Mɛma wɔn tumi de ahwɛ na wɔahunu saa nneɛma yi sɛdeɛ ɛteɛ;

14 Na meremma obi foforɔ biara saa tumi yi, sɛ wɔnya saa adansedie korɔ yi saa awoɔntoatoasoɔ yi mu, wɔ m’asɔre ahyeaseɛ ne ne sɔreɛ a ɛreba afiri ɛserɛ so—korɔgyeen sɛ ɔsrane, fɛɛfɛ sɛ owia, na huuhu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa.

15 Na adansefoɔ mmiɛnsa adansedie na mɛsoma akɔ, ɛfa m’asɛm ho.

16 Na hwɛ, obibiara a ɔgye me nsɛm di no, mede Honhom adiyie mɛsra no; na me na mɛwo no, mpo mede nsuo ne Honhom no—

17 Na ɛsɛ sɛ wotwɛn kakraabi, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ wo sɔfoɔ—

18 Na wɔn adansedie nso bɛfiri akɔ bu saa awoɔntoatoasoɔ yi fɔ sɛ wɔyɛ wɔn akoma den tia wɔn a;

19 Na da-mpan-sɛeɛ bɛfiri akɔ asase sotefoɔ mu, na sɛ wɔannsakyera a, ɛbɛkɔ so ahwie agu berɛ ano berɛ ano, kɔsi sɛ asase no bɛyɛ hunu, na asase sotefoɔ no bɛhye akɔ na wɔasɛe korakora ɛnam me mmaeɛ no hyerɛn no nti.

20 Hwɛ, meka saa nsɛm yi kyerɛ wo, mpo sɛdeɛ mekakyerɛɛ nkorɔfoɔ no nso ɛfa Yerusalem sɛeɛ ho no; na m’asɛm bɛba mu nokorɛ saa berɛ yi mu sɛdeɛ aba mu berɛ a atwa mu kɔ no.

21 Na afei mehyɛ wo, m’akoa Joseph, sɛ sakyera na nante tenenee mu yie wɔ m’anim, na nnyae wo ho mma nnipa nnaadaa bio;

22 Na hwɛ sɛ wobɛgyina pintinn adi me mmaransɛm a mahyɛ wo sɛ di so no so; na sɛ woyɛ yei a, hwɛ mpo sɛ wɔkum wo mpo a, mɛma wo nkwa a ɛnni awieɛ.

23 Na afei, bio, mekasa kyerɛ wo, m’akoa Joseph, ɛfa saa nipa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ danseni no ho—

24 Hwɛ, mekakyerɛ no, ɔma ne ho so na ɔmmrɛ ne ho ase sɛdeɛ ɛhia wɔ m’anim; na sɛ ɔbɛkoto fam wɔ m’anim, abrɛ ne ho ase wɔ mpaebɔ kɛseɛ ne gyedie mu, adi nokorɛ wɔ n’akoma mu a, mɛma no ho kwan ma wahwɛ nneɛma no a ɔpɛ sɛ ɔhunu no.

25 Na afei ɔbɛka akyerɛ nkorɔfoɔ a wɔn wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu sɛ: Hwɛ, mahunu nneɛma a Awurade de akyerɛ Joseph Smith, Jun. no, na menim pefee sɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mahunu saa nneɛma no, na wɔde akyerɛ me nam Onyankopɔn tumi so na ɛnyɛ nipa deɛ.

26 Na me Awurade mehyɛ m’akoa Martin Harris, sɛ ɔnnka biribiara bio nnkyerɛ wɔn fa saa nneɛma yi ho, gye sɛ ɔka sɛ: mahunu yeinom na wɔde akyerɛ me nam Onyankopɔn tumi so; na saa nsɛm yi ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔka.

27 Na sɛ ɔsan yei ho a, ɔbɛbu apam a ɔne me pammeɛ no so, na hwɛ, wɔabu no fɔ.

28 Na afei, gye sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔgye nneɛma a wayɛ a ɛyɛ mfomsoɔ to mu kyerɛ me, na ɔne mekɔ apam sɛ ɔbɛdi me mmaransɛm so, na ɔkyerɛ gyedie wɔ me mu, hwɛ, mese no, ɔnnya saa nneɛma no bi nnhwɛ, ɛfiri sɛ memma no ho kwan mma ɔnnhwɛ saa nneɛma no a maka ho asɛm no.

29 Na sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, mehyɛ wo, m’akoa Joseph, sɛ wobɛka akyerɛ no, sɛ ɔnnyɛ bio, na ɔnnha me koraa bio fa saa asɛm yi ho.

30 Na sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, hwɛ, mese wo Joseph, sɛ wokyerɛ kratafa kakraabi ase ka ho a, wobɛgyae berɛ tiawa bi mu, mpo kɔsi sɛ mɛhyɛ wo bio; ansa na woatumi akyerɛ aseɛ bio.

31 Na gyesɛ woyɛ yei, hwɛ, worennya akyɛdeɛ biara bio, na mɛfa nneɛma a mede ahyɛ wo nsa no akɔ.

32 Na afei, ɛnam sɛ mahunu fidie a wɔasum de rebɛsɛe wo asie nti, aane, mahunu asie sɛ sɛ m’akoa Martin Harris ammrɛ ne ho ase, annya adanseɛ ammfiri me nsam a, ɔbɛhwe ase akɔ bɔne mu;

33 Na dodoɔ no ara na wɔretwɛn sɛ wɔbɛsɛe wo afiri asase so; na ɛnam yei nti, sɛ ɛbɛyɛ a wo nna bɛyɛ tentene nti na mede saa mmaransɛm yi ama wo.

34 Aane, ɛnam yei nti na maka sɛ: Gyae na gyina dinn kɔsi sɛ mɛhyɛ wo, na mɛsiesie kwan a wonam so bɛtumi awie nneɛma a mahyɛ wo no.

35 Na sɛ woyɛ nokorɛfoɔ di me mmaransɛm so a, wɔbɛma wo so nna a ɛtwa toɔ no. Amen.