Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123


Ɔfã 123

Ahoteɛfoɔ no asɛdeɛ ɛfa wɔn a wɔtaataa wɔn no ho, sɛdeɛ Joseph Smith Nkɔmhyɛni no twerɛɛe, berɛ a na ɔyɛ ɔdeduani wɔ Liberty afiase no, wɔ Missouri. Saa ɔfã yi yɛ nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri krataa a wɔtwerɛ kɔmaa Asɔre no wɔ Ɔbɛnem 20, 1839 mu (hwɛ ɔfã 121 atifiasɛm).

1–6, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no boaboa wɔn amanehunu ne wɔn ataataae ho nsɛm na wɔde pue dwa so; 7–10, Saa honhom no a ɔbɔɔ atorɔ gyidikasɛm no ase no nso di anim taataa ahoteɛfoɔ no; 11–17, Bebree da so wɔ akuakuo nyina ara ntam a wɔbɛgye nokorɛ no.

1 Na bio, yɛbɛsusu sɛ mobɛdwene hia a ɛhia sɛ ahoteɛfoɔ no bɛboaboa nsɛm a ɛsiiɛ ho nimdeɛ ano, ne amanehunu ne ayaayaadeɛ a nkorɔfoɔ a wɔn wɔ saa ɔman yi mu de aba wɔn so.

2 Ne agyapadeɛ no nso nyina ara ne adesɛeɛ dodoɔ a ato wɔn, deɛ ɛfa wɔn abrabɔ ne wɔn ankasa dɛmdie ho, a adan ne nsase agyapadeɛ ka ho;

3 Ɛne nnipa nso a wɔn nsa wɔ ateetee a wɔde baa wɔn so no mu nyina ara din, deɛ wɔbɛtumi ahunu na wɔbɛnya biara.

4 Na ebia wɔbɛtumi ayi apamfoɔ ma wɔahwehwɛ saa nneɛma yi, na wɔatwerɛ ano mu nsɛm ne ntam; na wɔaboaboa din sɛeɛ nso a wɔabɔ no dawuro a ɛnenam no ano;

5 Ɛne deɛ ɛwɔ dawurubɔ nwoma, ne nwoma poɔ nyina ara mu, ne atorɔ abakɔsɛm a wɔabɔ ho dawuro, na wɔatwerɛ, ne wɔn a wɔtwerɛeɛ, na wɔnna asesɛ atirimuɔdensɛm ahodoɔ ne nhyɛsoɔ tantan ne awudisɛm a wɔayɛ atia saa nkorɔfoɔ yi—

6 Ama yɛammɔ ho dawuro annkyerɛ wiase nko ara, mmom ama yɛde ato aban mpaninfoɔ no anim na yɛada wɔn bɔberɛ a ɛyɛ sum na ɛyɛ abusudeɛ no adi, sɛ anammɔntuo a ɛtwa toɔ a yɛn Soro Agya ahyɛ yɛn sɛ yɛntu, ansa na yɛatumi afata bɔhyɛ no yie wɔ mudie mu, deɛ ɛbɛfrɛ no afiri n’ahintabea; na ama ɔman mũ no nyina ara nso annya anoyie ansa na watumi asoma ne tumi basa no afiri adi.

7 Ɛyɛ asɛdeɛ a ɛho hia pa ara a yɛwɔ ma Onyankopɔn, abɔfoɔ, a yɛn ne wɔn bɛba abɛgyina atemmuo mu, ne yɛn ara yɛn ho nso, yɛn yerenom ne yɛn mma, wɔn a wɔama wɔakoto wɔ awerɛhoɔ, yaw, ne adwennwen mu, wɔ awudie nsa ase a ɛfata afɔbuo pa ara, nhyɛsotrasoɔ, ne aninyanneɛ, a saa honhom no nkɛntɛnsoɔ gyina akyiri na ɛhyɛ ɛho nkuran na ɛkura mu no, a ɛtintim wɔn agyanom, a wɔanya atorɔsɛm no nkyerɛkyerɛ agu mma no akoma so, na ɛde basabasayɛ aba wiase, na akɔ so anyini afiri ahoɔden mu akɔ ahoɔden mu, na seesei ɛyɛ porɔeɛ farebae ankasa, na asase nyina ara si apini wɔ n’amumuyɛ mu duro ase.

8 Ɛyɛ dadeɛ kɔndua, ɛyɛ mpokyerɛ a ɛmu yɛ den; ɛyɛ asamando adansa, ne ne nkɔnsɔnkɔnsɔn, ne ne ntweaban.

9 Ne saa nti yɛde asɛdeɛ a yɛnntumi nnkwati no ho ka, nnyɛ yɛn ankasa yerenom ne mma nko ara, mmom akunafoɔ ne nwisiaa, a ne dadeɛ nsa akunkum wɔn kununom ne wɔn agyanom;

10 Deɛ ɛyɛ sum ne kusuuyɛ nneyɛeɛ a ɛbɛtumi ama asamando ankasa mpo ahinhim, na ɛhu abɔ no na wahoa, na ɔbonsam ankasa nsa apopo na adwodwo.

11 Na ɛyɛ asɛdeɛ a ɛho hia nso a yɛwɔ ma awoɔntoatoasoɔ a wɔreba no nyina ara, ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyina ara—

12 Ɛfiri sɛ bebree da so wɔ asase so wɔ akuokuo nyina ara ntam, fekuo, ne asafo mu, a nnipa aniteɛ nnaadaa afira wɔn ani, a wɔnam so tetɛ twɛn sɛ wɔbɛdaadaa wɔn, na wɔde nokorɛ no ahinta wɔn ɛfiri sɛ wɔnnhunu faako a wɔbɛhunu wɔ—

13 Ne saa nti, ɛwɔ sɛ yɛsɛe na yɛhwere yɛn abrabɔ de nneɛma a ahinta no nyina ara ba hann mu, ama yɛatumi ahunu yeinom; na nokorɛ mu wɔada no adi afiri soro—

14 Afei ɛwɔ sɛ wɔde nsiyɛ kɛseɛ hwɛ yɛ yeinom.

15 Mma onipa biara mmu yeinom sɛ ɛyɛ nneɛma nketewa; ɛfiri sɛ bebree na ɛwɔ hɔ daakye, ɛfa ahoteɛfoɔ no ho, a ɛgyina saa nneɛma yi so.

16 Me nuanom, monim sɛ ɛhyɛn kɛseɛ nya mfasoɔ pii firi kudɔɔ ketewa bi hɔ wɔ ahum berɛ mu, ɛnam sɛ ɛboa no ma ɛfa mframa ne asorɔkyeɛ no mu.

17 Ne saa nti, anuanom adɔfo pa, momma yɛmfa ahomeka nyɛ nneɛma nyina ara a yɛn ahoɔden bɛtumi; na afei yɛatumi agyina pintinn, a yɛwɔ anidasoɔ kɛseɛ pa ara, sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ, na ama ne basa ada adi.