Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 74


Ɔfã 74

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Wayne County, New York, wɔ 1830. Mpo ansa na wɔrekyekyere Asɔre no, nsɛmmisa sɔreeɛ ɛfa kwan pa a wɔde bɔ asu ho, na ɛmaa Nkɔmhyɛni no pɛɛ mmuaeɛ faa asɛm no ho. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ saa adiyisɛm yi yɛ nkyerɛmu de ma 1 Korintofoɔ 7:14, twerɛsɛm a na wɔtaa de foa mmɔfra asubɔ so.

1–5, Paulo tu Asɔre a ɛwɔ ne mmerɛ so no fo sɛ wɔnni Mose mmara no so; 6–7, Mmɔfra nketewa yɛ kronkron na wɔate wɔn ho nam Mpata no so.

1 Na okunu a ɔnnye nnie no ne yere na ɔte ne ho, na ɔyere a ɔnnye nnie no ne kunu na ɔte ne ho; ɛnte saa a na mo mma ho wɔ fi, nanso afei deɛ wɔn ho ate.

2 Afei, wɔ asomafoɔ no mmerɛ mu no, na twatiatwa ho mmara wɔ Yudafoɔ no nyina ara mu, wɔn a na wɔnnye Yesu Kristo asɛmpa no nnie no.

3 Na ɛbaa sɛ aperedie kɛseɛ sɔree nkorɔfoɔ no ntam ɛfa twatiatwa mmara no ho, ɛfiri sɛ na okunu a ɔnnye nnie no pɛ sɛ wɔtwa ne mma twatia na wɔbɛhyɛ Mose mmara a wɔahyɛ no mã no ase.

4 Na ɛbaa sɛ mmɔfra no, ɛnam sɛ wɔtetee wɔn hyɛɛ Mose mmara no ase nti, wɔtiee wɔn agyanom amammerɛ no na wɔannye Kristo asɛmpa no anni, ɛno mu na wɔn ho bɛyɛɛ fi.

5 Ɛno nti, ɛnam saa asɛm yi nti na ɔsomafoɔ no twerɛ kɔmaa asɔre no, maa wɔn mmarasɛm, a ɛmmfiri Awurade hɔ, mmom ɔno ara hɔ, sɛ mma ɔgyedini ne deɛ ɔnnye nnie nka mmɔ mu; gye sɛ wɔyi Mose mmara no firi wɔn ntam,

6 Sɛdeɛ wɔn mma bɛkɔ so ayɛ momonoto; na saa amammerɛ no to bɛtwa, deɛ ɛka sɛ mmɔfra nketewa ho nnte no; ɛfiri sɛ na ɛwɔ Yudafoɔ no mu;

7 Nanso mmɔfra nketewa yɛ kronkron, ɛnam sɛ wɔate wɔn ho nam Yesu Kristo mpata no so; na sei na twerɛsɛm no ase kyerɛ.