Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 26


Ɔfã 26

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no, Oliver Cowdery, ne John Whitmer, wɔ Harmony, Pennsylvania, Kutawonsa 1830 (hwɛ ɔfa 24 ti).

1, Wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnsua twerɛsɛm no na wɔnka asɛmpa no; 2, Wɔsi mmara a ɛfa adwene korɔ ho pi.

1 Hwɛ, mese mo sɛ ɛsɛ sɛ mode mo mmerɛ sua twerɛsɛm no, na mode ka asɛmpa no, na mode hyɛ Colesville asɔre no den, na moyɛ mo nnwuma wɔ asase no so, sɛdeɛ ɛsɛ, nkɔsi sɛ mobɛkɔ atɔeɛ akɔyɛ nhyiamu a ɛdi hɔ no awie; na afei wɔbɛkyerɛ mo deɛ mobɛyɛ.

2 Na ɛsɛ sɛ mo adwene kɔ bɛnkorɔ mu wɔ biribiara a mobɛyɛ mu, na mode mpaebɔ ne gyedie, ɛfiri sɛ mo nsa bɛka nneɛma nyina ara nam gyedie so. Amen.