Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 83


Ɔfã 83

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Independence, Missouri, Ɔforisuo 30, 1832.Wɔnyaa saa adiyisɛm yi berɛ a na Nkɔmhyɛni no ne ne nuanom retu agyina.

1–4, Mmaa ne mmɔfra wɔ hokwan sɛ wɔgye mmoa firi wɔn kununom ne wɔn agyanom hɔ; 5–6, Akunafoɔ ne nnyanka wɔ hokwan sɛ wɔgye mmoa firi asɔre no hɔ.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, deɛ ɛka asɔre mmara ho a ɛfa mmaa ne mmɔfra ho, wɔn a wɔka asɔre no ho, wɔn a wɔahwere wɔn kununom anaa wɔn agyanom:

2 Mmaa wɔ ho kwan sɛ wɔgye mmoa firi wɔn kununom hɔ, kɔsi sɛ wɔbɛfa wɔn kununom; na sɛ wɔannhunu wɔn sɛ wɔyɛ mmaratofoɔ a, wɔbɛkɔ so ayɛ asɔremma wɔ asɔre no mu.

3 Na sɛ wɔannyɛ nokorɛfoɔ a wɔrennkɔ so nnyɛ asɔremma wɔ asɔre no mu; nanso wɔbɛtumi akɔ so atena wɔn apɛgyadeɛ so sɛdeɛ asase no mmara teɛ.

4 Mma nyina ara wɔ ho kwan sɛ wɔnya mmoa firi wɔn awofoɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛduru wɔn mpaninfeɛ so.

5 Na ɛno akyire no, wɔn wɔ asɔre no mmoa ho kwan, anaa nsɛm foforɔ mu no, wɔn wɔ Awurade adekorabea no ho kwan, sɛ wɔn awofoɔ nni deɛ wɔde bɛma wɔn sɛ apɛgyadeɛ a.

6 Na wɔnam asɔre n’afɔrebɔ so bɛkora adekorabea no; na wɔbɛhwɛ akunafoɔ ne nnyanka, ne ahiafoɔ nso. Amen.