Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88


Ɔfã 88

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so wɔ Kirtland, Ohio, Ɔpɛnimma 27 ne 28, 1832 ne Ɔpɛpɔn 3, 1833. Nkɔmhyɛni no too yei din sɛ “ngodua ahahan … a wɔate afiri Paradise Dua so, Awurade asomdwoeɛ nkra a ɔde ma yɛn”. Wɔde saa adiyisɛm yi maae akyire yi a asɔfoɔ mpanimfoɔ a wɔn wɔ nhyiamu bi ase bɔɔ mpaeɛ “ ankorɛankorɛ de wɔn nne kyerɛɛ Awurade sɛ ɔnna ne pɛ adi nkyerɛ yɛn ɛfa Sion nkyekyereɛ ho.”

1–5, Ahoteɛfoɔ nokorɛfoɔ nya saa Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔyɛ nkwa a ɛnni awieɛ bɔhyɛ no; 6–13, Kristo Hann no di nneɛma nyina ara so na ɛhwɛ wɔn so; 14–16, Owusɔreɛ nam Ɔgyeɛ so na ɛba; 17–31, Setie a nnipa yɛ ma sɛlɛstia, tɛrɛstra anaa tɛlɛtia mmara no siesie nnipa ma saa ahemman korɔ no ne n’animuonyam; 32–35, Wɔn a wɔbɛtena bɔne mu no bɛkɔ so aka fi mu; 36–41, Wɔde mmara na ɛhwɛ ahemman nyina ara so; 42–45, Onyankopɔn de mmara ama nneɛma nyina ara; 46–50, Onipa bɛte Onyankopɔn mpo ase; 51–61, Abɛbusɛm a ɛfa ɔbarima a ɔsoma ne nkoa kɔ afuo mu na ɔkɔsra wɔn baako baako no; 62–73, Montwe mmɛn Awurade, na mobɛhunu N’anim; 74–80, Monte mo ho na monkyerɛkyerɛ mo ho mo ho ahemman no nkyerɛkyerɛ no; 81–85, Ɛwɔ sɛ onipa biara a wɔabɔ no kɔkɔ no bɔ ne yɔnko kɔkɔ; 86–94, Nsɛnkyerɛnne, mfitiasedeɛ sɛeɛ, ne abɔfoɔ nsiesie kwan ma Awurade mmaeɛ no; 95–102, Abɔfoɔ de totorobɛnto frɛ awufoɔ wɔ wɔn nhyehyɛeɛ so; 103–116, Abɔfoɔ de totorobɛnto bɔ dawuro fa asɛmpa no mmaeɛ bio, Babel ahweaseɛ, ne Onyankopɔn kɛseɛ no ko no ho; 117–126, Monhwehwɛ adesua, monsi Onyankopɔn fie (tɛmpol), na momfa ɔdɔ mapa mmara a ɛkyekyere no mfura; 127–141, Wɔde Nkɔmhyɛfoɔ Sukuu nhyehyɛeɛ no ne nan ase hohoro ayɛyɛdeɛ no to dwa.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo a moahyia abɔ mu sɛ morebɛgye ne pɛ a ɛfa mo ho nie:

2 Hwɛ, yei sɔ Awurade ani, na abɔfoɔ no di mo ho ahurisie; mo mmɔborɔhunuadeɛ mpaebɔ aforo aba Sabaot Awurade aso mu, na wɔatwerɛ no wɔ wɔn a wɔadwira wɔn ho no din nwoma mu, mpo wɔn a wɔn wɔ sɛlɛstia wiase, no.

3 Ɛno nti, seesei meresoma Ɔwerɛkyekyefoɔ foforɔ aba mo so, mpo wɔ mo so me nnamfonom, sɛdeɛ ɔbɛtena mo akoma mu, mpo Honhom Kronkron bɔhyɛ no; Ɔwerɛkyekyefoɔ foforɔ korɔ no ara a ɔyɛ deɛ mede hyɛɛ m’akyidifoɔ no bɔ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yohane adansedie mu no.

4 Saa Ɔwerɛkyekyefoɔ no ne bɔhyɛ a mede ma mo ɛfa nkwa a ɛnni awieɛ ho, mpo sɛlɛstia ahemman no animuonyam no;

5 Animuonyam a ɛyɛ Abakan n’asɔre deɛ no, mpo deɛ ɛyɛ Onyankopɔn, a ɔyɛ kronkron kyɛn obiara, nam ne Ba Yesu Kristo so no—

6 Ɔno a ɔforo kɔɔ soro, sɛdeɛ nso ɔsiane kɔɔ nneɛma nyina ara ase, na ɛmaa ɔtee nneɛma nyina ara ase no, sɛdeɛ ɔbɛtumi atena ne nyina ara mu na wafa nneɛma nyina ara mu nokorɛ hann no;

7 Deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛhyerɛn no. Yei ne Kristo hann no. Sɛdeɛ ɔwɔ owia nso mu, ne owia hann, ne tumi a wɔnam so yɛɛe no.

8 Sɛdeɛ ɔwɔ ɔsrane no nso mu, na ɔyɛ ɔsrane hann, ne ne tumi a wɔnam so yɛɛe no;

9 Sɛdeɛ ɔwɔ nsoromma hann mu nso, ne tumi a wɔnam so yɛɛ wɔn no;

10 Ne asase no nso, ne tumi a wɔnam so yɛɛe, mpo asase no a mogyina so no.

11 Ne hann a ɛhyerɛn, deɛ ɛma mo hann no, nam deɛ ɔma mo ani hann no so, deɛ ɛyɛ hann a ɛkanyan mo nteaseɛ.

12 Deɛ ɛyɛ hann a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn bɛhyɛ ahunumu a ɛnni ano no ma—

13 Hann a ɛwɔ ade nyina ara mu, deɛ ɛma nneɛma nyina ara nkwa no, deɛ ɛyɛ mmara a wɔde di nneɛma nyina ara so no, mpo Onyankopɔn a ɔte n’ahennwa so no tumi, deɛ ɔwɔ daapem koko mu no, deɛ ɔwɔ ade nyina ara mfinfini no.

14 Afei, nokorɛ mese mo sɛ ɛnam ɔgyeɛ a wɔayɛ ama mo no so na awufoɔ no firi wusɔreɛ no mu ba.

15 Na honhom no ne nipadua no yɛ onipa kra.

16 Na awufoɔ wusɔreɛ no yɛ ɔgyeɛ ma ɔkra no.

17 Na ɔkra gyeɛ nam deɛ ɔma ade nyina ara nkwa so, ɔno kokom na wɔahyɛ sɛ ahiafoɔ ne wɔn a wɔdwoɔ wɔ asase so no bɛnya asase no adi.

18 Ne saa nti, ɛho hia sɛ wɔdwira ho firi deɛ ɛnntene nyina ara ho, sɛdeɛ wɔbɛtumi asiesie no ama sɛlɛstia animuonyam;

19 Na akyire yi a wahyɛ n’adebɔ ho botae ma no, wɔbɛhyɛ no animuonyam ahenkyɛ, mpo wɔ Agya Nyankopɔn anim;

20 Sɛdeɛ nnipadua a wɔyɛ sɛlɛstia ahemman no dea no bɛdi so daa afebɔɔ; ɛfiri sɛ, ɛyɛ saa botae yi nti na wɔyɛeɛ na wɔbɔɔeɛ, na ɛyɛ saa botaeɛ yi nti na wɔadwira wɔn ho.

21 Na wɔn a wɔmmfaa mmara a mede ama mo no so nnwiraa wɔn ho no, mpo Kristo mmara no, ɛsɛ sɛ wɔnya ahemman foforɔ di so, mpo deɛ ɛyɛ tɛrɛstra ahemman no, anaa deɛ ɛyɛ tɛlɛtia ahemman no.

22 Ɛfiri sɛ deɛ ɔnntumi nni sɛlɛstia mmara so no nntumi nnyina sɛlɛstia animuonyam ano.

23 Na onii a ɔnntumi nni tɛrɛstra ahemman mmara so no nntumi nnyina tɛrɛstra animuonyam ano.

24 Na onii a ɔnntumi nni tɛlɛtia mmara so no nntumi nnyina tɛlɛtia animuonyam ano; ne saa nti ɔmmfata sɛ ɔnya animuonyam ahemman biara. Ne saa nti ɛsɛ sɛ ɔgyina ahemman a ɛnyɛ animuonyam ahemman ano.

25 Na bio, nokorɛ mese mo, asase no di sɛlɛstia ahemman no mmara so, ɛfiri sɛ ɔhyɛ n’adebɔ ho botaeɛ no ma, na ɔnnto mmara no—

26 Ɛno nti, wɔbɛte ho; aane, ɛmfa ho sɛ ɔbɛwu wɔbɛma no nkwa bio na ɛbɛtumi agyina tumi a ɛmaa no nkwa no ano, na ateneneefoɔ no bɛnya so adi.

27 Ɛfiri sɛ ɛwom sɛ wɔbɛwu deɛ, nanso wɔn nso bɛsɔre bio, sɛ honhom nipadua.

28 Wɔn a wɔyɛ sɛlɛstia honhom no bɛnya nipadua no ara a na ɛyɛ nipadua awosu no; mpo mobɛnya mo nnipadua, na mo animuonyam bɛyɛ saa animuonyam no a wɔnam so ma mo nnipadua nkwa no.

29 Mo a wɔnam sɛlɛstia animuonyam kyɛfã so ma mo nkwa no, afei mobɛnya ɛno no ara, mpo ne mahyɛ.

30 Na wɔn a wɔnam tɛrɛstra animuonyam kyɛfa so ma wɔn nkwa no bɛnya ɛno korɔ no ara afei, mpo ne mahyɛ.

31 Na wɔn nso a wɔnam tɛlɛtia animuonyam kyɛfa so ma wɔn nkwa no bɛnya ɛno korɔ no ara afei, mpo ne mahyɛ.

32 Na wɔn a wɔaka no nso wɔbɛma wɔn nkwa; nanso, wɔbɛsan akɔ wɔn ankasa tenabea bio, de deɛ wɔn wɔ ɔpɛ sɛ wɔnya no akɔsɛpɛ wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔannya ɔpɛ sɛ wɔde deɛ anka wɔbɛnya no bɛsɛpɛ wɔn ho.

33 Na mfasoɔ bɛn na onipa bɛnya sɛ wɔma no akyɛdeɛ, na ɔrennye akyɛdeɛ no? Hwɛ, ɔnni ahurisie wɔ deɛ wɔde ama no no mu, na ɔnni ahurisie wɔ ɔnii a ɔmaa akyɛdeɛ no mu.

34 Na bio, nokorɛ mese mo, deɛ wɔde mmara hwɛ so no wɔde mmara nso na ɛkora no na wɔnam ɛno korɔ no ara so ma no yɛ pɛpɛ na wɔdwira ho.

35 Deɛ ɛbu mmara so, na ɛnntena mmara mu, na mmom ɛhwehwɛ sɛ ɛbɛyɛ mmara ama ne ho, na ɛpɛ sɛ ɛbɛtena bɔne mu, na ɛtena bɔne mu korakora no, wɔrenntumi mmfa mmara so nnwira ho, anaa mmɔborɔhunu so, atɛntenenee, anaa atemmuo so. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ ɛkɔso ka fi mu.

36 Wɔama ahemman biara mmara.

37 Na ahemman pii wɔ hɔ; ɛfiri sɛ ahunum biara nni hɔ a ahemman nni mu; na ahemman biara nni hɔ a ahunum nni hɔ, sɛ ɛyɛ ahemman kɛseɛ anaa ketewa.

38 Na wɔama ahemman biara mmara; na mmara biara wɔ ahyeɛ nso ne nhyehyɛeɛ.

39 Na ateasefoɔ biara a wɔanntena saa nhyehyɛeɛ yi mu no wɔmmu wɔn bem.

40 Ɛfiri sɛ nhumu fam nhumu ho; nyansa nya nyansa; nokorɛ bam nokorɛ; ahonidie dɔ ahonidie; hann fam hann ho; mmɔborɔhunu wɔ ayamhyehyeɛ ma mmɔborɔhunu na ɔgye n’ankasa deɛ; atɛntenenee kɔso wɔ ne kwan so na ɔgye n’ankasa deɛ; atemmuo firi deɛ ɔte ahennwa no so no anim na ɔdi ade nyina ara so na ɔyɛ ade nyina ara.

41 Ɔte nneɛma nyina ara ase, na nneɛma nyina ara wɔ n’anim, na nneɛma nyina ara atwa ne ho ahyia; na ɔboro nneɛma nyina ara so, na ɔwɔ nneɛma nyina ara mu, na ɔfa ade nyina ara mu, na ɔtwa nneɛma nyina ara ho hyia; na nneɛma nyina ara nam ne so, na wɔfiri ne hɔ, mpo Onyankopɔn hɔ,daa afebɔɔ.

42 Na bio, nokorɛ mese mo, wama nneɛma nyina ara mmara, a wɔnam so de keka wɔn ho wɔ wɔn mmerɛ ne hyɛberɛ mu;

43 Na wɔahyehyɛ wɔn akwan ato hɔ, mpo ɔsorosoro ne asase akwan, a asase no ne akyinsoromma no nyina ara ka ho no.

44 Na wɔma wɔn ho wɔn ho hann wɔ wɔn mmerɛ ne wɔn mmerɛ nkyekyɛmu mu, wɔ wɔn simma mu, wɔ wɔn nnɔnhwere mu, wɔ wɔn nna mu, wɔ wɔn nnawɔtwe mu, wɔ wɔn abosome mu, wɔ wɔn mfeɛ mu—yeinom nyina ara yɛ afe baako ma Onyankopɔn, na mmom ɛnnyɛ saa mma onipa.

45 Asase no tware wɔ ne ntaban so, na owia no ma ne hann adekyeɛ, na ɔsrane ma ne hann adesae mu, na nsoroma nso ma wɔn hann, berɛ a wɔretware wɔ wɔn ntaban so wɔ wɔn animuonyam mu, wɔ Onyankopɔn tumi mfimfini.

46 Ɛdeɛn ho na mede saa ahemman yeinom bɛtoto, sɛdeɛ mobɛte aseɛ?

47 Hwɛ yeinom nyina ara yɛ ahemman, na onipa biara a wahunu ebinom anaa yeinom mu kumaa biara ahunu Onyankopɔn sɛ ɔrekeka ne ho wɔne kɛseyɛ ne tumi mu.

48 Mese mo sɛ wahunu no; nanso, deɛ ɔbaa ne deɛ mu no, wɔannte no aseɛ.

49 Hann no hyerɛnn wɔ esum mu, na esum no annte no aseɛ; nanso, da no bɛba a mobɛte Onyankopɔn mpo ase, ɛfiri sɛ wɔbɛkanyan mo wɔ ne mu, nam ne so.

50 Afei mobɛhunu sɛ moahunu me, sɛ mete ase, na meyɛ nokorɛ hann a ɛwɔ mo mu no, na mowɔ me mu; sɛ ɛnte saa a morenntumi nnya nkɔsoɔ.

51 Hwɛ mede saa ahemman yinom bɛtoto onipa bi a ɔwɔ afuo ho, na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔ tutu n’afuo mu.

52 Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Kɔ na kɔyɛ adwuma wɔ m’afuo mu, na dɔnhwere a ɛdi kan no mu no mɛba wo nkyɛn, na wobɛhunu m’anim hwɛbea anigyeɛ.

53 Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu no sɛ: Wo nso kɔ afuo no mu, na dɔnhwere a ɛtɔ so mmienu no, mɛba wo nkyɛn na wobɛhunu m’anim hwɛbea anigyeɛ.

54 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso, ɔsee no sɛ: mɛsra wo;

55 Ne deɛ ɔtɔ so nan no, na ɛtoaa so kɔsii dumienu no so;

56 Na afuo no wura kɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ dɔnhwere a ɛdi kan no mu, na ɔne no tenaae saa dɔnhwere no nyina ara, na ne wura anim hwɛbea hann no maa n’ani gyeeɛ.

57 Na afei ɔfirii deɛ ɔdi kan no nkyɛn sɛdeɛ ɔbɛtumi akɔsra deɛ ɔtɔ so mmienu no nso, ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, ne deɛ ɔtɔ so nan, na saa ara kɔsii deɛ ɔtɔ so dumienu no.

58 Na saa na wɔn nyina ara nyaa wɔn wura anim hwɛbea hann no, onipa biara wɔne dɔnhwere mu, ne ne mmerɛ mu, ne ne berɛ nkyekyɛmu mu—

59 Ɛhyɛ aseɛ firi deɛ ɔdi kan no so, na saa ara kɔsi deɛ ɔtwa toɔ, na efiri deɛ ɔtwa toɔ so kɔsi deɛ ɔdi kan, na afiri deɛ ɔdi kan so akɔsi deɛ ɔtwa toɔ no so;

60 Onipa biara wɔ n’ankasa nhyehyɛeɛ mu, kɔsi sɛ ne dɔnhwere bɛsa, mpo sɛdeɛ ne wura ahyɛ no no, sɛdɛe wɔbɛtumi ahyɛ ne wura animuonyam wɔne mu, na ɔno wɔne wura mu, sɛdeɛ wɔbɛtumi ahyɛ wɔn nyina ara animuonyam.

61 Ne saa nti, mede saa abebusɛm yi bɛto ahemman no nyina ara, ne ɛmutefoɔ nyina ara ho—ahemman biara wɔne dɔnhwere mu, ne ne mmerɛ mu, ne ne mmerɛ nkyekyɛmu mu, mpo sɛdeɛ mmarahyɛ a Onyankopɔn ayɛ no teɛ.

62 Na bio, nokorɛ mese mo, me nnamfo sɛ, megya saa nsɛm yi ma mo sɛ monnwennwene ho wɔ moakoma mu, ɛne saa mmarasɛm yi a mede ma mo sɛ, momfrɛ me berɛ a mebɛn mo yi—

63 Montwe mmɛn me na mɛtwe mabɛn mo; momfa nsiyɛ nhwehwɛ me na mobɛhunu me; mommisa, na mobɛnya; mommɔ mu, na ɛbɛbue ama mo.

64 Biribiara a ɛfata mo a mobɛbisa Agya no wɔ me din mu no wɔde bɛma mo.

65 Na sɛ mobisa biribi a ɛmmfata mma mo a, ɛbɛdane mo afɔbuo.

66 Hwɛ, deɛ mote yi tesɛ obi nne a ɛreteam wɔ ɛserɛ no so—wɔ ɛserɛ so ɛfiri sɛ monntumi nnhunu no—me nne, ɛfiri sɛ me nne yɛ Honhom; me Honhom yɛ nokorɛ; nokorɛ da so wɔ hɔ na ɛnni awieɛ; na sɛ ɛwɔ mo mu a ɛbɛdɔɔso.

67 Na sɛ mo ani yɛ koro ma m’animuonyam a, hann bɛhyɛ mo nnipadua nyina ara ma, na esum biara renntena mo mu; na nipadua a hann ahyɛ no ma no te nneɛma nyina ara ase.

68 Ɛno nti, monte mo ho sɛdeɛ moadwene bɛyɛ koro wɔ Onyankopɔn animuonyam so, na nna no bɛba a mobɛhunu no; ɛfiri sɛ ɔbɛyi n’anim akyerɛ mo, na ɛbɛyɛ wɔ ɔno ara ankasa ne mmerɛ mu, ne ɔno ara ankasa kwan so, ne sɛdeɛ ɔno ara ankasa ne pɛ teɛ.

69 Monkae bɔhyɛ kɛseɛ a ɛtwa toɔ a mede ahyɛ mo no; monto aniha adwennwene ngu ne mo sereɛ mmorosoɔ mfiri mo mu korakora.

70 Montwɛn, montwɛn wɔ saa bea yi, na momfrɛ nhyia kronkron, mpo mma wɔn a wɔyɛ adwumayɛfoɔ a wɔdi kan wɔ saa ahemman a ɛtwa toɔ yi mu.

71 Na momma wɔn a wɔabɔ wɔn kɔkɔ wɔ wɔn akwantuo mu no mfrɛ Awurade, na wɔnsusu kɔkɔbɔ a wɔanya no ho wɔ wɔn akoma mu, mmerɛ tiawa bi pɛ.

72 Hwɛ, na hunu, mɛhwɛ w’asafo so, na mɛtete mpaninfoɔ na masoma akɔ wɔn hɔ.

73 Hwɛ, mɛyɛ m’adwuma ntɛm wɔne berɛ mu.

74 Na mema mo, a moyɛ adwumayɛfoɔ a wɔdi kan wɔ saa ahemman a ɛtwa toɔ yi mu, mmarasɛm sɛ monhyia mmɔ mu, na monhyehyɛ mo ho mo ho, na monsiesie mo ho, na monnwira mo ho mo ho; aane, monte mo akoma mu, na monhohoro mo nsa ho ne mo nan ho wɔ m’anim, ama matumi ama mo ho ate;

75 Ama matumi adi adanseɛ akyerɛ mo Agya, ne mo Nyankopɔn, ne me Nyankopɔn, sɛ mo ho ate afiri saa awoɔntoatoasoɔ atirimuɔdenfoɔ yi mogya ho; sɛdeɛ mɛtumi adi saa bɔhyɛ yi so, saa bɔhyɛ kɛseɛ a ɛtwa toɔ, a mede ahyɛ mo yi, wɔ berɛ a mepɛ mu.

76 Bio, mema mo mmarasɛm sɛ mobɛkɔ so wɔ mpaebɔ ne akɔmkyene mu firi saa berɛ yi rekorɔ.

77 Na mema mo mmarasɛm sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo ho mo ho ahemman no nkyerɛkyerɛ no.

78 Momfa nsiyɛ nkyerɛkyerɛ na m’adom bɛka mo ho, sɛdeɛ wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ mo yie ma awie pɛyɛ wɔ nkyerɛkyerɛmu mu, wɔ nyinasosɛm mu, wɔ nkyerɛkyerɛ mu, wɔ asɛmpa no mmara mu, wɔ biribiara a ɛka Onyankopɔn ahemman ho, deɛ ɛfata ma mo sɛ mote aseɛ;

79 Ɛfa nneɛma a ɛwɔ ɔsoro na ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase; nneɛma a abɛsen kɔ, deɛ ɛwɔ hɔ, nneɛma a ɛrennkyɛ ɛsɛ sɛ ɛba; nneɛma a ɛwɔ fie, nneɛma a ɛwɔ amannɔne; akõ ne aman mu ntotoeɛ, ne atemmuo a ɛwɔ asase no so; ne nimdeɛ nso a ɛfa aman ne ahemman ho—

80 Sɛdeɛ mobɛtumi asiesie mo ho wɔ nneɛma nyina ara mu berɛ a mɛsoma mo bio sɛ monkɔdi ɔfrɛ a mede afrɛ mo, ne soma a mede asoma mo no nni.

81 Hwɛ, mesomaa mo sɛ monkɔdi adanseɛ na mommɔ nkorɔfoɔ no kɔkɔ, na ɛhia onipa biara a wɔabɔ no kɔkɔ no sɛ ɔbɔ ne yɔnko kɔkɔ.

82 Ne saa nti, wɔnni anoyie biara, na wɔn bɔne wɔ wɔn ankasa tiri so.

83 Deɛ ɔhwehwɛ me ntɛm no bɛhunu me, na wɔrempa n’akyi.

84 Ne saa nti, montwɛn, na momfa nsiyɛ nyɛ adwuma, sɛdeɛ mobɛwie pɛyɛ wɔ mo nyamedwuma mu ma moatumi afiri akɔ Amanamanmufoɔ no ntam berɛ a ɛtwa toɔ yi, dodoɔ ara a Awurade de n’ano bɛbɔ wɔn din sɛ wɔnkyekyere mmara no na wɔnsɔ adansedie no ano, na wɔnsiesie ahoteɛfoɔ no mma atemmuo dɔn a ɛbɛba no;

85 Sɛdeɛ wɔn akra bɛtumi afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu, amanfoyɛ akyiwadeɛ a ɛretwɛn atirimuɔdenfoɔ no, wɔ wiase yi mu ne wiase a ɛbɛba mu. Nokorɛ, mese mo, momma wɔn a wɔnnyɛ mpaninfoɔ a wɔdi kan no nkɔso nyɛ adwuma wɔ bobeturo no mu kɔsi sɛ Awurade de n’ano bɛfrɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn berɛ nsooeɛ; wɔn ntaadeɛ ho nteeɛ mfirii saa awoɔntoatoasoɔ yi mogya ho.

86 Montena fahodie a wɔde ama moade mo ho no mu; mma mommfa bɔne nkyekyere mo ho, mmom momma mo nsa ho nte, kɔsi sɛ Awurade bɛba.

87 Ɛfiri sɛ ɛrennkyɛre asase no bɛhinhim na atɔ ntintan adi akɔneaba sɛ ɔsabofoɔ; na owia de n’anim bɛsie, na ɔmmpene sɛ ɔbɛma hann; na mogya bɛdware ɔsrane no; na nsoromma no bo bɛfu yie, na wɔbɛtoto wɔn ho agu fam tesɛ borɔdɔma firi borɔdɔma dua so totɔ fam.

88 Na mo adansedie akyiri no na abufuhyeɛ ne abohuro bɛba nkorɔfoɔ no so.

89 Ɛfiri sɛ mo adansedie akyiri no na asasewosoɔ adansedie no bɛba, a ɛbɛma apinisie aba ne mu, na nnipa bɛtotɔ fam na wɔrenntumi nnyina.

90 Na apranaa nne nso adansedie bɛba, ne anyinam nne, ne ahum nne, ne ɛpo asorɔkyeɛ a ɛrebu afa n’ahyeɛ so nne.

91 Na nneɛma nyina ara bɛyɛ basabasa; na ampa ara, nnipa akoma bɛdi wɔn hwammɔ; ɛfiri sɛ osuro bɛba nnipa nyina ara so.

92 Na abɔfoɔ bɛtu afa soro, de nne kɛseɛ atea mu, ahyɛn Onyakopɔn totorobɛnto no aka sɛ: Monsiesie mo ho, monsiesie mo ho, O mo asase sotefoɔ; ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn atemmuo no aba. Hwɛ, na hunu, Ayeforɔkunu no reba; momfiri adi nkɔhyia no.

93 Na amonom hɔ ara sɛnkyerɛnne kɛseɛ bi bɛpue wɔ soro, na nnipa nyina ara bɛbɔ mu ahunu.

94 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyɛn ne totorobɛnto, aka sɛ: Saa asɔre kɛseɛ no, akyiwadeɛ maame no, deɛ ɔmaa aman nyina ara nomm n’adwamammɔ abufuhyeɛ nsã no, deɛ ɔtaataa Onyankopɔn ahoteɛfoɔ no, deɛ ɔhwiee wɔn mogya guui no—deɛ ɔte nsuo pii so, ne ɛpo supɔ so—hwɛ ɔno ne asase so nwura bɔne no; wɔakyekyere no afiafi; na wɔayɛ ne mpokyerɛ mu den, a onipa biara renntumi nnsane; ne saa nti, wayɛ krado sɛ wɔhye no. Na ɔbɛhyɛn ne totorobɛnto no tententene ne dennennen, na aman nyina ara bɛte.

95 Na kommyɛ bɛba wɔ ɔsoro dɔnhwere fa ntam; na amonom hɔ ara wɔbɛbue ɔsoro nkatanim no mu, tesɛ nwoma mmobɔeɛ a wɔabue mu berɛ a wɔabobɔ akyire, na wɔbɛyi Awurade anim nkatanim;

96 Na ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ asase so, a wɔn wɔ nkwa mu no, wɔbɛkanyan wɔn na wɔbɛhwim wɔn akɔ soro akɔhyia no.

97 Na wɔn a wɔadeda wɔ wɔn nna mu no bɛfiri adi aba, ɛfiri sɛ wɔn nna so bɛbuebue; na wɔbɛhwim wɔn nso akɔhyia no wɔ ɔsoro fadum mu—

98 Wɔyɛ Kristo dea, nnuaba-kan, wɔn a wɔbɛdi kan ne no asiane, ne wɔn a wɔn wɔ asase so ne wɔn nna mu, a wɔbɛdikan ahwim wɔn akɔ soro akɔhyia no; na yei nyina ara no, wɔnam Onyankopɔn bɔfoɔ totorobɛnto nnyegyeɛ so.

99 Na yei akyiri no ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyɛn, deɛ ɛyɛ totorobɛnto a ɛtɔ so mmienu no; na afei ɔgyeɛ bɛba ama wɔn a wɔyɛ Kristo dea wɔ ne mmaeɛ no mu; wɔn a wɔanya wɔn kyɛfa wɔ saa afiase a wɔasiesie ama wɔn no mu, sɛdeɛ wɔbɛnya asɛmpa no, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa wɔ honam fa mu.

100 Na bio, totorobɛnto foforɔ bɛhyɛn, deɛ ɛyɛ totorobɛnto a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na afei nnipa ahonhom a ɛwɔ sɛ wɔbu wɔn atɛn, na wɔhunu wɔn wɔ afɔbuo ase no bɛba;

101 Na yeinom ne awufoɔ nkaeɛ no; na wɔnnya nkwa kɔsi sɛ mfenhyia apem no bɛduru awieɛ, kyerɛ sɛ, kɔsi asase awieɛ.

102 Na totorobɛnto foforɔ bɛhyɛn, deɛ ɛyɛ totorobɛnto a ɛtɔ so nnan no, aka sɛ: Wɔahunu wɔ wɔn ntam wɔn a ɛwɔ sɛ wɔka kɔsi saa da kɛseɛ a ɛtwa toɔ no, mpo awieɛ no, a wɔbɛkɔ so aka fi mu.

103 Na totorobɛnto foforɔ bɛhyɛn, deɛ ɛtɔ so num no, deɛ ɛyɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so num no, a ɔde daapem asɛmpa no ma no—atu nenam ɔsoro mu, rekɔ aman, mmusuakuo, kasa hodoɔ ne nkorɔfoɔ nyina ara hɔ;

104 Na yei bɛyɛ ne totorobɛnto nnyegyeeɛ, a ɛreka kyerɛ nkorɔfoɔ nyina ara a wɔn wɔ ɔsoro ne asase so nyina ara, ne wɔn a wɔnwɔ asase ase—ɛfiri sɛ aso biara bɛte, na kotodwe biara bɛkoto, na tɛkrɛma biara bɛpae mu aka, berɛ a wɔte totorobɛnto nnyegeeɛ no, a ɛreka sɛ: Monsuro Nyankopɔn, na monhyɛ deɛ ɔte ahennwa no so no animuonyam, daa afebɔɔ; ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔnhwere no aba.

105 Na bio, ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyɛn ne totorobɛnto, deɛ ɛyɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no, aka sɛ: Wahwease, deɛ ɔmaa aman nyina ara nomm n’adwamammɔ abufuhyeɛ nsã no; wahwease, wahwease!

106 Na bio, ɔbɔfoɔ foforɔ bɛhyɛn ne totorobɛnto, deɛ ɛyɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no, aka sɛ: wɔawie; wɔawie! Onyankopɔn Adwammaa no adi nkonim na watiatia nsã-kyi-amena no mu, mpo Otumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ werɛmfoɔ nsa-kyi-amena no.

107 Na afei wɔde ne tumi animuonyam bɛhyɛ abɔfoɔ no ahenkyɛ, na wɔde animuonyam bɛhyɛ ahoteɛfoɔ no mã, na wɔbɛnya wɔn apɛgyadeɛ na wɔama wɔne no ayɛ pɛ.

108 Na afei ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no bɛhyɛn ne totorobɛnto bio agu ateasefoɔ nyina ara aso mu, na ɔbɛda nnipa kokoa mu nnwuma adi, ne Onyankopɔn nnwuma akɛseɛ wɔ mfeɛ apem a ɛdi kan no mu.

109 Na afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no bɛhyɛn ne totorobɛnto, na ɔbɛda nnipa kokoa mu nnwuma adi, ne wɔn adwene ne wɔn akoma mu nsusuiɛ, ne Onyankopɔn nnwuma akɛseɛ wɔ mfeɛ apem a ɛtɔ so mmienu no mu.

110 Na saa ara kɔsi sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛn ne totorobɛnto; na ɔbɛgyina asase ne ɛpo no so, na ɔbɛka ntam wɔ deɛ ɔte ahennwa no so no din mu sɛ mmerɛ nni hɔ bio; na wɔbɛkyekyere Satan, saa ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam no, na wɔrennsane no mfeɛ apem ntam.

111 Na afei wɔbɛsane no mmerɛ tiawa bi pɛ mu, sɛdeɛ ɔbɛtumi aboaboa n’asraafoɔ ano abɔ mu.

112 Na Mikael, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no, mpo ɔbɔfo panin no, bɛboaboa n’asraafoɔ ano abɔ mu, mpo ɔsoro asafo.

113 Na ɔbonsam bɛboaboa n’asraafoɔ ano abɔ mu; mpo asamando asafo, na wɔbɛba abɛko atia Mikael ne n’asraafoɔ no.

114 Na afei Onyankopɔn kokuroko no kõ no bɛba; na wɔbɛto ɔbonsam ne n’asraafoɔ atwene wɔn ara wɔn ankasa deɛ mu, sɛdeɛ wɔnnya tumi biara bio wɔ ahoteɛfoɔ no so koraa.

115 Ɛfiri sɛ Mikael bɛko wɔn ko no, na ɔbɛdi deɛ ɔhwehwɛ ahennwa a, mpo Adwammaa no te so no, so nkonim.

116 Yei ne Onyankopɔn ne wɔn a wɔadwira wɔn ho no animuonyam; na wɔrennhunu owuo biara bio.

117 Ne saa nti, nokorɛ mese mo, me nnamfo, momfrɛ mo nhyiamu kronkron no, sɛdeɛ mahyɛ mo no.

118 Na esiane sɛ ɛnnyɛ obiara na ɔwɔ gyedie nti, momfa nsiyɛ nhwehwɛ na monkyerɛkyerɛ mo ho mo ho anyansasɛm; aane monhwehwɛ anyansasɛm mfiri nwoma a ɛyɛ papa pa ara mu; monhwehwɛ nimdeɛ, mpo momfa adesua ne gyedie nhwehwɛ.

119 Monhyehyɛ mo ho mo ho; monsiesie adehiadeɛ biara; na monkyekyere efie, mpo mpaebɔ fie, akɔmkyene fie, gyedie fie, adesua fie, animuonyam fie, nhyehyɛeɛ pa fie, Onyankopɔn fie;

120 Sɛdeɛ mo fiba bɛyɛ wɔ Awurade din mu; na mo adifiri nso bɛwɔ Awurade din mu; ama mo nkyea nyina ara awɔ Awurade din mu, a moama mo nsa so akyerɛ Ɔsorosoroni no.

121 Ne saa nti, monyae mo kasahunu nyina ara, ne sereɛ nyina ara, mo akɔnnɔ bɔne nyina ara, moahantan nyina ara ne nkwadaa-dwen, ne mo atirimuɔdensɛm nyina ara.

122 Monyi ɔkyerɛkyerɛni wɔ mo ntam, na mma mo nyina ara nnyɛ kasamafo prɛko pɛ; mmom momma ɔbaako nkasa ansa, na obiara ntie ne nsɛm, ama sɛ obiara kasa a mo nyina ara moato mo ho mo ho so, na ama onipa biara anya akwanya pɛpɛɛpɛ.

123 Monhwɛ nnodɔ mo ho mo ho; monyae sɛ moyɛ aniberefoɔ; monsua sɛ mobɛmema mo ho mo ho sɛdeɛ asɛmpa no kyerɛ no.

124 Monyae sɛ moyɛ akwadworɔ; monyae sɛ mogu mo ho fi; monyae sɛ mopɛ mo ho mo ho mfomsoɔ; monyae sɛ moda boro soɔ; monkɔda ntɛm, ama moammrɛ; monsɔre ntɛm, ama mo honamdua ne moadwene anya ahoɔden.

125 Na deɛ ɛkorɔn sene nneɛma nyina ara ne sɛ, momfa ɔdɔ mmapa apam mfira, tesɛ ataadeɛ ngusoɔ, a ɛyɛ pɛpɛyɛ mmara a ɛkyekyere ne asomdwoeɛ.

126 Mommɔ mpaeɛ berɛbiara, sɛdeɛ monntɔ baha, kɔsi sɛ mɛba. Hwɛ, na hunu, mɛba mpofirim, na mabɛgye mo ama me ara me ho. Amen.

127 Na bio, yei ne nhyehyɛeɛ a ɛfa nkɔmhyɛfoɔ sukuu a wɔasiesie ama titenafoɔ no ho, deɛ wɔakyekyere a ɛbɛma wɔanya nkyerɛkyerɛ wɔ nneɛma nyina ara a ɛfata ma wɔn no mu, mpo de ma asomfoɔ a wɔn wɔ asɔre no mu nyina ara, anaa nsɛm foforɔ mu no, wɔn a wɔafrɛ wɔn ama ɔsom adwuma wɔ asɔre no mu no, firi asɔfoɔ mpaninfoɔ so, mpo de kɔsi dikɔnfoɔ so—

128 Na yei bɛyɛ nhyehyɛeɛ ama sukuu no titenafoɔ fie no: Deɛ wɔayi no sɛ ɔmmɛyɛ titenani, anaa ɔkyerɛkyerɛni no, ɛwɔ sɛ ɔgyina ne gyinaberɛ, wɔ fie a wɔasiesie ama no no mu.

129 Ne saa nti, ɔbɛdi kan wɔ Onyankopɔn fie, wɔ bea a asafo no a wɔn wɔ fie no mu bɛtumi ate ne nsɛm no yie, na ɛmu da hɔ, ɛnnyɛ kasa denden.

130 Na sɛ ɔba Onyankopɔn fie hɔ a, esiane sɛ ɛwɔ sɛ ɔdi kan wɔ fie hɔ nti—hwɛ, yei yɛ fɛ, sɛdeɛ ɔbɛtumi ayɛ nhwɛsoɔ—

131 Ma ɔmfa ne ho mma wɔ mpaebɔ mu wɔne nkotodwe anim wɔ Onyankopɔn anim, sɛ sɛnkyerɛnne anaa nkaeɛ ma daapem apam no.

132 Na sɛ obi ba mu ɔno akyi a, ɔkyerɛkyerɛni no nsɔre, na ɔmma ne nsa so nkɔ soro, aane, mpo tee, mfa nsɛm yi nkyea ne nuabarima anaa anuanom mmarimma:

133 Woyɛ onuabarima anaa (moyɛ) anuanom mmarimma? Mekyea wo wɔ Yesu Kristo din mu, sɛ sɛnkyerɛnne anaa nkaeɛ ma daapem apam no, saa apam yi mu na megye wo ba kuo yi mu, wɔ nketesie a wɔayɛ atim hɔ mu, a ɛnnhinhim da, na ɛnnsesa, sɛ mɛyɛ wo yɔnko ne wo nuabarima, nam Onyankopɔn adom so wɔ ɔdɔ apam mu, na mɛnante wɔ Onyankopɔn mmaransɛm nyina ara mu a mfomsoɔ biara mma me ho, wɔ aseda mu, daa afebɔɔ. Amen.

134 Na deɛ wɔhunu no sɛ ɔmmfata saa nkyea yi no rennya kwan wɔ mo mu; ɛfiri sɛ ɛnnsɛ sɛ moma kwan ma ɔgu me fie ho fi.

135 Na deɛ ɔba mu na ɔyɛ nokorɛfoɔ wɔ m’anim, na ɔyɛ onuabarima, anaa sɛ wɔyɛ anuanom mmarimma no, wɔbɛkyea titenani anaa ɔkyerɛkyerɛni no wɔ berɛ a wɔama wɔn nsa so akɔ soro, wɔde saa mpaeɛ korɔ no ara, anaa wɔbɛka Amen, sɛ yei ara ho sɛnkyerɛnne.

136 Hwɛ, nokorɛ, mese mo, yei yɛ nhwɛsoɔ de ma mo sɛ nkyea ma mo ho mo ho wɔ Onyankopɔn fie, wɔ nkɔmhyɛfoɔ sukuu no mu.

137 Na wɔafrɛ mo sɛ monyɛ yei wɔ mpaebɔ ne aseda mu, sɛdeɛ Honhom no bɛma mo deɛ monka wɔ mo nnwumadie nyina ara mu wɔ Awurade fie, wɔ nkɔmhyɛfoɔ sukuu no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ kronkronbea, tenabea ma Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɛbɛma mo nkɔsoɔ.

138 Na morennye obiara mma mo mu wɔ saa sukuu yi mu gye sɛ ne ho te firi saa awoɔntoatoasoɔ yi mogya ho;

139 Na wɔbegye no nam nnan-ase hohoro ayɛyɛdeɛ so, ɛfiri sɛ ɛnam saa botaeɛ yi so na wɔyɛɛ nnan-ase hohoro ayɛyɛdeɛ no.

140 Na bio, nnan-ase hohoro ayɛyɛdeɛ no ɛwɔ sɛ titenani no na ɔyɛ, anaa sɛ asɔre no panin titenani no.

141 Ɛwɔ sɛ wɔde mpaebɔ hyɛ aseɛ; na sɛ wɔdi paanoo no nom bobesã no wie a, ɛwɔ sɛ ɔde (mpopaho) kyekyere ne ho sɛdeɛ nhwɛsoɔ a ɛwɔ Yohane adansedie ti dumiɛnsa no mu kyerɛ, ɛfa me ho no. Amen.