Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 62


Ɔfã 62

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so wɔ Missouri Asubɔntene no nsunoa wɔ Chariton, Missouri, Ɔsannaa, 13 1831. Saa da yi Nkɔmhyɛni no ne ne kuo, a na wɔnam kwan so firi Independence rekɔ Kirtland no, hyiaa mpaninfoɔ bebree a na wɔnam kwan so rekɔ Sion asase no so, na, anigyeɛ nkyea akyire no, wɔnyaa saa adiyisɛm yi.

1–3, Wɔtwerɛ adansedie wɔ soro; 4–9, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no tu kwan na wɔkɔka asɛmpa no sɛdeɛ wɔn nsusuiɛ no teɛ ne sɛdeɛ Honhom no bɛkyerɛ.

1 Monhwɛ na montie, O m’asɔre mpaninfoɔ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ, mpo Yesu Kristo mo dimafoɔ, deɛ ɔnim onipa mmerɛyɛ ne kwan a ɔbɛfa so aboa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.

2 Na nokorɛ m’ani wɔ wɔn a wɔnnya nkɔɔ Sion asase so no so; ɛno nti mo asɛmpatrɛ no nnwiee pɛyɛ.

3 Nanso, wɔahyira mo, ɛfiri sɛ adanseɛ a moadi no wɔatwerɛ no wɔ soro sɛ abɔfoɔ no nhwɛ; na wɔdi ahurusie wɔ mo so, na wɔde mo bɔne akyɛ mo.

4 Na afei montoa mo akwantuo no so. Mommoa mo ho ano wɔ Sion asase so; na monyɛ nhyiamu na monni ahurusie mmɔ mu, na momfa akronkronneɛ mma Ɔsorosoroni no.

5 Na afei mobɛtumi asan akɔdi adanseɛ, aane, mpo mo nyina ara, anaa baanu baanu, sɛdeɛ ɛyɛ ma mo, ɛmmfa me ho; ɛno ara ne sɛ mobɛyɛ nokorɛfoɔ, na mobɛka anigyesɛm akyerɛ asase sotefoɔ, anaa wɔ atirimɔdenfoɔ no asafo mu.

6 Hwɛ, Me, Awurade, maboa mo ano abɔ mu sɛdeɛ wɔbɛtumi ahyɛ bɔhyɛ no ma, sɛdeɛ wɔbɛkora nokorɛfoɔ a wɔn wɔ mo ntam no na wɔadi ahurusie abɔ mu wɔ Missouri. Me, Awurade, mahyɛ nokorɛfoɔ no bɔ na merenntumi nni atorɔ.

7 Me, Awurade, mepɛ sɛ, sɛ obi wɔ mo ntam a ɔpɛ sɛ ɔtena apɔnkɔ so, anaa afunumpɔnkɔ so, anaa teaseɛnam mu a, ɔbɛnya saa nhyira yi, sɛ ɔde anigyeɛ akoma da ase sɛ ɔnya nneɛma nyina ara firi Awurade nsam.

8 Saa nneɛma yi da mo so sɛ moyɛ no sɛdeɛ mo nsusuiɛ ne Honhom no akwankyerɛ no teɛ a.

9 Hwɛ, ahemman no yɛ mo dea. Na hwɛ, na hunu, Meka nokorɛfoɔ no ho daa. Mpo saa ara. Amen.