Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84


Ɔfã 84

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɛbɔ 22 ne 23, 1832. Wɔ Ɛbɔ bosome mu no, na mpaninfoɔ no bi ahyɛaseɛ refiri wɔn asɛmpatrɛ dwuma ho wɔ apueɛ aman so reba, a na wɔrebɔ wɔn nnwuma ho amanneɛ. Berɛ a na wɔahyia mu wɔ saa anigyeɛ berɛ yi mu na wɔnyaa saa nkitahodie a ɛdi soɔ yi. Nkɔmhyɛni no frɛɛ yei sɛ adiyisɛm a ɛfa asɔfodie no ho.

1–5, Wɔbɛsi Yerusalem Foforɔ no ne tɛmpol no wɔ Missouri; 6–17, Wɔde asɔfodie abusuasanten no firi Mose so de kɔ Adam so ma; 18–25, Asɔfodie kɛseɛ no kura Onyankopɔn ho nimdeɛ safoa; 26–32, Asɔfodie ketewa no kura abɔfoɔ som ne nsiesie asɛmpa safoa; 33–44, Nnipa nya nkwa a ɛnni awieɛ nam asɔfodie ntam ne apam no so; 45–53, Kristo Honhom no ma nnipa hann, na wiase da bɔne mu; 54–61, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no di adanseɛ fa nneɛma a wɔanya no ho; 62–76, Ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no, na nsɛnkyerɛnne bɛdi akyire; 77–91, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ firi adi kɔ a wɔnnkura sika bɔtɔ anaa krataa a wɔde gye sika na Awurade bɛhwɛ deɛ wɔhia; 92–97, Owuyadeɛ ne nnome retwɛn wɔn a wɔpo asɛmpa no; 98–102, Wɔde Sion gyeɛ ho dwom foforɔ no ma; 103–110, Onipa biara nyina ɔno ara ne dibea mu na ɔnyɛ adwuma wɔ ɔno ara ne frɛ mu; 111–120, Ɛsɛ sɛ Awurade nkoa bɔ akyiwadeɛ a ɛbɔ man no ho dawuro wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu.

1 Yesu Kristo adiyisɛm a ɔde maa n’akoa Joseph Smith, Jun., ne mpaninfoɔ nsia, berɛ a na wɔaka wɔn akoma abɔ mu na wɔama wɔn nne so akɔ soro no.

2 Aane, yei ne Awurade asɛm a ɛfa n’asɔre ho, a wɔakyekyere wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu ama sɛ ne nkorɔfoɔ bɛsan aba bio, sɛdeɛ ɔno nam ne nkɔmhyɛfoɔ ano so aka, ne n’ahoteɛfoɔ anoboaboa sɛ wɔnyina Sion Bepɔ so, faako a ɛbɛyɛ Yerusalem Foforɔ ahenkuro no.

3 Ahenkuro a wɔbɛsi a wɔbɛhyɛ aseɛ wɔ tɛmpol asase so, deɛ Awurade de ne nsatea ayi no, wɔ Ɔman Missouri ahyeɛ so wɔ apueɛ fam, deɛ Joseph Smith, Jun., ne afoforɔ a wɔsɔ Awurade ani no ate ho no.

4 Nokorɛ yei ne Awurade asɛm, sɛ Yerusalem foforɔ ahenkuro no wɔnam ahoteɛfoɔ no anoboaboa so na wɔbɛkyekyere, wɔbɛhyɛ aseɛ afiri saa bea yi, mpo tɛmpol bea hɔ, tɛmpol a wɔbɛsi wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu.

5 Ɛfiri sɛ nokorɛ saa awoɔntoatoasoɔ yi renntwa mu nnkɔ kɔsi sɛ wɔbɛsi fie ama Awurade, na omununkum bɛkata so, omununkum a ɛbɛyɛ mpo Awurade animuonyam, a ɛbɛhyɛ fie no mã.

6 Na Mose mma mmarima no, sɛdeɛ Asɔfodie Kronkron a ɔnya firii n’ase Yetro nsa ase no teɛ no;

7 Na Yetro nya firii Kaleb nsa ase;

8 Na Kaleb nya firii Elihu nsa ase;

9 Na Elihu nya firii Yeremia nsa ase;

10 Na Yeremia nya firii Gad nsa ase;

11 Na Gad nya firii Yesaia nsa ase;

12 Na Yesaia nya firii Onyankopɔn nsa ase.

13 Yesaia nso tenaa ase wɔ Abraham nna no mu, na ɔnyaa nhyira firii ne hɔ—

14 Abraham nyaa asɔfodie no firii Mɛlkisɛdɛk hɔ, na ɔno nya firii n’agyanom abusuasanten mu, mpo kɔsi Noa so;

15 Na ɛfiri Noa so de kɔsi Henok so, nam n’agyanom abusuasanten so;

16 Na ɛfiri Henok so de kɔsi Abel so, deɛ ne nua nam atirisopam so kumm no no, deɛ ɔnyaa asɔfodie no nam Onyankopɔn mmaransɛm so, nam n’agya Adam nsa so, deɛ ɔyɛ onipa a ɔdi kan no—

17 Asɔfodie a ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn asɔre mu wɔ awoɔntoatoasoɔ nyina ara mu, na ɛnni nna mfitiaseɛ anaa mfeɛ awieɛ.

18 Na Awurade de asɔfodie bi nso hyɛɛ Aaron ne n’asefoɔ den, wɔ wɔn awoɔntoatoasoɔ nyina ara mu, a ɛyɛ asɔfodie a ɛno nso wɔ hɔ na ɛne asɔfodie a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no te hɔ afebɔɔ.

19 Na saa asɔfodie kɛseɛ yi di asɛmpa no ho dwuma, na ɛkura ahemman n’ahintasɛm safoa, mpo Onyankopɔn ho nimdeɛ safoa.

20 Ne saa nti, ɛho ayɛyɛdeɛ no mu na nyamesu tumi da adi.

21 Na ayɛyɛdeɛ a ɛfa ho, ne asɔfodie hokwan no nka ho a, nyamesu tumi no nna adi mma nnipa wɔ honam mu;

22 Ɛfiri sɛ yei nnka ho a onipa biara nntumi nnhunu Onyankopɔn anim, mpo Agya no, na ɔnnya nkwa.

23 Afei Mose kyerɛkyerɛɛ Israel mma no yei pefee wɔ ɛserɛ no so, na ɔhwehwɛɛe anibereso sɛdeɛ ne nkorɔfoɔ no ho bɛte sɛdeɛ wɔbɛtumi ahunu Onyankopɔn anim;

24 Nanso wɔyɛɛ wɔn akoma den na wɔanntumi annyina n’anim; ne saa nti, Awurade wɔ n’abufuhyeɛ mu no, kaa ntam sɛ wɔrennhyɛne n’ahomegyeɛ mu berɛ a na wɔn wɔ ɛserɛ no so, saa ahomegyeɛ a ɛyɛ n’animuonyam mahyɛ no, ɛfiri sɛ n’abufuo dɛre tiaa wɔn.

25 Ne saa nti, ɔfaa Mose firii wɔn mfinimfini, ne Asɔfodie Kronkron no nso;

26 Na asɔfodie ketewa no kɔɔ so wɔɔ hɔ, saa asɔfodie no a ɛkura soro abɔfoɔ som ne asɛmpa no asiesie nsafoa no;

27 Saa asɛmpa no a ɛyɛ nsakyeraeɛ ne asubɔ asɛmpa no, ne bɔne fafire, ne mmara a ɛyɛ honam fa mu mmaransɛm no, deɛ Awurade wɔ n’abufuo mu hwɛ ma ɛkɔɔ so wɔ Aaron fie mu wɔ Israel mma ntam kɔsii Yohane so no, deɛ Onyankopɔn tetee no no, a na Sunsum Kronkron no ahyɛ no mã firi ne maame awotwaa mu no.

28 Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ no asu berɛ a na ɔda so wɔ ne mmɔfraberɛ mu, na wɔhyɛɛ no sɔfoɔ nam Onyankopɔn bɔfoɔ so berɛ a na wanya nnawɔtwe maa saa tumi yi, sɛ ɔmmɛtu Yudafoɔ ahemman no ngu, na ɔmma Awurade kwan no ntene wɔ ne nkorɔfoɔ anim, mfa nsiesie Awurade mmaeɛ, ɔno a wɔde tumi nyina ara agu ne nsa mu no.

29 Na bio, ɔpanin ne ɔhwɛfoɔ dibea no yɛ mmataho a ɛho hia a ɛka asɔfodie kɛseɛ no ho.

30 Na bio, ɔkyerɛkyerɛni ne dikɔn dibea no yɛ mmataho a ɛho hia a ɛka asɔfodie ketewa no ho, saa asɔfodie a wɔsii so dua maa Aaron ne ne mma no.

31 Ne saa nti, sɛdeɛ meka faa Mose mma ho no—na Mose mma mmarima ne Aaron mma mmarima nso bɛbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ ani wɔ Awurade fie, a ɛyɛ fie a wɔbɛsi ama Awurade wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu, wɔ baabi a wɔadwira ho sɛdeɛ mayi ama no—

32 Na Awurade animuonyam bɛhyɛ Mose ne Aaron mma mmarima no mã, wɔ Sion Bepɔ so wɔ Awurade fie, mo a moyɛ ne mma mmarima no; na bebree nso na mafrɛ asoma akɔ sɛ wɔnkɔsi m’asɔre.

33 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔbɛyɛ nokorɛfoɔ agye saa asɔfodie mmienu yi a maka ho asɛm yi, na wɔbɛyɛ wɔn frɛ kɛseɛ no, Honhom no te wɔn ho yɛ wɔn honamdua foforɔ.

34 Wɔbɛyɛ Mose ne Aaron mma mmarima ne Abraham asefoɔ, ne asɔre no ne ahemman no, ne wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn.

35 Na wɔn nso a wɔgye saa asɔfodie yi nyina ara no gye me, Awurade na ɔseɛ;

36 Ɛfiri sɛ deɛ ɔgye me nkoa no gye me;

37 Na deɛ ɔgye me no gye m’Agya;

38 Na deɛ ɔgye m’Agya no gye m’Agya ahemman; ne saa nti deɛ m’Agya wɔ nyina ara no wɔde bɛma no.

39 Na yei yɛ sɛdeɛ ntam ne apam a ɛka asɔfodie no ho teɛ.

40 Ne saa nti, wɔn a wɔgye asɔfodie no nyina ara no, gye saa ntam ne apam yi firi m’Agya hɔ, a wɔrenntumi mmu so, anaa wɔrenntumi nnyi mmfiri hɔ.

41 Nanso obiara a ɔbɛbu saa apam yi so berɛ a wagye awie no, na ɔbɛdane afiri ho koraa no, ɔrennya bɔnefakyɛ wɔ saa wiase yi mu anaa wiase a ɛbɛba no mu.

42 Na mmusuo nka obiara a ɔrennye saa asɔfodie a moanya yi, deɛ seesei mede rema mo a mowɔ ha nnɛ da yi, nam me ara me nne a ɛfiri ɔsorosoro so; na mpo mahyɛ ɔsoro asafo ne m’abɔfoɔ sɛ wɔnhwɛ mo so.

43 Na afei mema mo mmarasɛm sɛ monhwɛ yie wɔ mo ho mo ho, na momfa nsiyɛ ntie nkwa a ɛnni awieɛ nsɛm.

44 Ɛfiri sɛ mobɛtena ase nam asɛm biara a ɛfiri Onyankopɔn ano mu ba no so.

45 Ɛfiri sɛ Awurade asɛm yɛ nokorɛ, na deɛ ɛyɛ nokorɛ biara yɛ hann, na deɛ ɛyɛ hann biara yɛ Honhom, mpo Yesu Kristo Honhom no.

46 Na Honhom no ma onipa biara a ɔba wiase yi mu no hann; na Honhom no ma onipa biara hann wɔ wiase baabiara, deɛ ɔtie Honhom no nne no.

47 Na obibiara a ɔtie Honhom no nne no ba Onyankopɔn hɔ, mpo Agya no.

48 Na Agya no kyerɛ no apam a wayɛ no foforɔ na ɔde ama mo no, deɛ ɔde ama mo wɔ mo yieyɛ nti, na ɛnyɛ mo nko ara yieyɛ nti, mmom wiase nyina ara nti.

49 Na wiase nyina ara da bɔne mu, na wɔsi apini wɔ esum mu ne bɔne nkoasom mu.

50 Na ɛnam yei so na mobɛhunu sɛ wɔn wɔ bɔne nkoasom mu, ɛfiri sɛ wɔmma me hɔ.

51 Ɛfiri sɛ obiara a ɔmma me hɔ no wɔ bɔne nkoasom mu.

52 Na obiara a ɔnnye me nne no nnim me nne, na ɔnnyɛ me dea.

53 Na ɛnam yei so na mobɛhunu ateneneefoɔ afiri atirimuɔdenfoɔ no mu, na wiase nyina ara si apini wɔ bɔne ase ne sum mu mpo seesei.

54 Na mmerɛ a abɛsene kɔ no, moadwene bɛyɛɛ kusuu ɛnam annye-annie nti, na ɛnam sɛ mototoo nneɛma a monyaae no ase nti—

55 Saa ahuhudeɛ ne annye-annie yi de asɔre mũ no nyina ara aba afɔbuo ase.

56 Na saa afɔbuo yi wɔ Sion mma so, mpo obiara.

57 Na wɔbɛka saa afɔbuo yi ase kɔsi sɛ wɔbɛsakyera na wɔbɛkae apam foforɔ no, mpo Mormon Nwoma no ne mmaransɛm dada no a mede ama wɔn no, ɛnyɛ sɛ wɔka nko ara, na mmom wɔnyɛ sɛ deɛ matwerɛ no—

58 Ama wɔaso aduaba a ɛfata ama wɔn Agya ahemman; anyɛ saa a deɛ aka ama wɔn ne mpireka ne atemmuo a wɔbɛhwie agu Sion mma so.

59 Na ɛwɔ sɛ ahemman no mma no gu m’asase kronkron no ho fi anaa? Nokorɛ, mese mo sɛ, Daabi.

60 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo a seesei mote me nsɛm, a ɛyɛ me nne no, sɛ nhyira ne mo mpɛn dodoɔ a mogye saa nneɛma yi;

61 Na mede mo bɔne bɛkyɛ mo nam saa mmarasɛm yi so—sɛ mobɛgyina pintinn wɔ mo adwene mu wɔ koomyɛ mu ne honhom mu mpaebɔ, wɔ adanseɛ mu a mobɛdi akyerɛ wiase nyina ara ɛfa saa nsɛm a wɔaka akyerɛ mo no ho.

62 Ne saa nti, monkɔ wiase mu nyina ara; na bea biara a morenntumi nnkɔ no monsoma, sɛdeɛ adanseɛ no bɛtumi afiri mo hɔ akɔ wiase mu nyina ara, na akɔ abɔdeɛ biara hɔ.

63 Na sɛdeɛ meka kyerɛɛ m’asomafoɔ no, mpo saa ara na meka kyerɛ mo, ɛfiri sɛ moyɛ m’asomafoɔ, mpo Onyankopɔn asɔfoɔ mpaninfoɔ; mone wɔn a m’Agya de ama me; moyɛ me nnamfo;

64 Ne saa nti, sɛdeɛ meka kyerɛɛ m’asomafoɔ no meka kyerɛ mo bio, sɛ ɔkra biara a ɔgye mo nsɛm die, na wɔde nsuo bɔ n’asu ma no bɔne fafiri no, ɔbɛnya Sunsum Kronkron no.

65 Na saa nsɛnkyerɛnne yi bɛdi wɔn a wɔgyedie no akyiri—

66 Wɔ me din mu no wɔbɛyɛ anwanwadwuma bebree;

67 Wɔ me din mu no wɔbɛtutu ahonhommɔne;

68 Wɔ me din mu no wɔbɛsa ayarefoɔ yareɛ;

69 Wɔ me din mu no wɔbɛbue anifrafoɔ ani, na wɔbɛbue asotifoɔ aso;

70 Na emum tɛkrɛma bɛkasa;

71 Na sɛ onipa bi ma wɔn awuduro a ɛrennha wɔn;

72 Na ɔwɔ ano borɔ rennya tumi nnha wɔn.

73 Nanso mmarasɛm a mede ma wɔn ne sɛ mma wɔmmfa saa nneɛma yi nnhoahoa wɔn ho wɔn ho, na mma wɔnnka yienom wɔ wiase anim; ɛfiri sɛ mo mfasoɔ ne nkwagyeɛ nti na wɔde saa nneɛma yi ama mo.

74 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, wɔn a wɔnnye mo nsɛm nni, na wɔmmɔ wɔn asu wɔ nsuo mu wɔ me din mu, ama wɔanya bɔne fafiri, sɛdeɛ wɔbɛtumi anya Sunsum Kronkron no, wɔbɛbu wɔn fɔ, na wɔremma Agya no ahemman mu, faako a me ne m’Agya wɔ no.

75 Na saa adiyisɛm, ne mmarasɛm a mede ma mo yi, hyɛ aseɛ yɛ adwuma firi saa dɔnhwere yi ara wɔ wiase nyina ara so, na asɛmpa no wɔ hɔ ma wɔn a wɔnnyeeɛ nyina ara.

76 Nanso, nokorɛ meka kyerɛ wɔn a wɔde ahemman no ama wɔn nyina ara—sɛ ɛwɔ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn firi mo hɔ, sɛdeɛ wɔbɛsakyera afiri wɔn nnwuma bɔne dada no ho; ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn anim wɔ wɔn annye-annie akoma bɔne nti, ɛne mo nuanom a wɔn wɔ Sion sɛ wɔtee mo so atua berɛ a mesomaa mo no.

77 Na bio mese mo, me nnamfo, ɛfiri sɛ firi nnɛ de rekorɔ mɛfrɛ mo me nnamfo, ɛho hia sɛ mema mo saa mmarasɛm yi, sɛdeɛ mobɛyɛ tesɛ mpo me nnamfonom no wɔ nna no a na me ne wɔn wɔ hɔ no mu, berɛ a na metu kwan kɔka asɛmpa no wɔ me tumi mu no;

78 Ɛfiri sɛ maamma wɔn kwan sɛ wɔmfa sika bɔtɔ anaa kotokuo, anaa ntaadeɛ mmienu.

79 Hwɛ, mesoma mo sɛ monkɔ sɔ wiase nhwɛ, na odwumayɛfoɔ no fata n’akatua.

80 Na onipa biara a ɔbɛkɔ akɔka ahemman no asɛmpa yi, na ɔrennyae sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ nokorɛfoɔ wɔ ade nyina ara mu no, ɔremmrɛ, rennyɛ kusuu wɔ adwene mu, rennyɛ mmerɛ wɔ honamdua, akwaa anaa adwonku mu; na ne tiri so nwii baako mpo renntɔ fam a wɔrennhunu. Na ɔremmfa ɔkɔm anaa sukɔm nnkɔ.

81 Ne saa nti, monnwennwene ɔkyena ho, deɛ mobɛdi, anaa deɛ mobɛnom, anaa deɛ mobɛhyɛ ho.

82 Na monhwɛ wura mu sukooko, sɛdeɛ wɔnyini; wɔnnyɛ adwuma, anaa wɔnto asaawa; na wiase ahemman animuonyam nyina ara mu no, wɔnhyehyɛɛ wɔn ho sɛ yei mu baako mpo.

83 Na mo Agya, a ɔwɔ soro, nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyina ara.

84 Ne saa nti, momma ɔkyena nnwennwene n’ankasa ne ho nneɛma.

85 Anaa mma mo nnwennwene deɛ mobɛka ho mmom monkɔ so ara nkora wɔ mo adwene mu nkwa nsɛm no, na wɔde bɛma mo dɔnhwere no ara mu, saa kyɛfa a wɔbɛsusu ama onipa biara no.

86 Ne saa nti, mma mo mu biara, ɛnam saa mmarasɛm yi a ɛwɔ hɔ ma nokorɛfoɔ biara ara a Onyankopɔn afrɛ wɔn wɔ asɔre no mu ama nyamedwuma no, firi saa dɔnhwere yi afiri adi rekɔbɔ ahemman no asɛmpa yi ho dawuro no, mmfa sika bɔtɔ anaa kotokuo.

87 Hwɛ, mesoma mo ama moakɔka wiase anim wɔ wɔn nneyɛɛe a ɛnntene nyina ara ho, na monkyerɛkyerɛ wɔn atemmuo bi a ɛbɛba no.

88 Na obiara a ɔgye mo no, me nso mɛwɔ hɔ, ɛfiri sɛ mɛdi mo anim kan. Mɛwɔ mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛwɔ mo akoma mu, na m’abɔfoɔ bɛtwa mo ho ahyia, asɔ mo mu.

89 Obiara a ɔgye mo no ɔgye me; na ɔno ara bɛma mo aduane, na ɔbɛhyɛ mo ataadeɛ, na ɔbɛma mo sika.

90 Na deɛ ɔbɛma mo aduane, anaa ɔbɛhyɛ mo ataadeɛ, anaa ɔbɛma mo sika no, ɔrennhwere n’akatua, kwan biara so.

91 Na deɛ ɔnnyɛ saa nneɛma yi no nnyɛ m’akyidini; ɛnam yei so na mobɛhunu m’akyidifoɔ.

92 Deɛ ɔnnye mo no, momfiri ne nkyɛn na mo ara monkɔ, na momfa nsuo nhohoro mo nan ase, nsuo korɔgyeen, sɛ ɛyɛ ahuhuro anaa awɔ berɛ mu, na monni ho adanseɛ nkyerɛ Agya a ɔwɔ soro no, na monnsan nnkɔ saa nipa no hɔ bio.

93 Na akuraa anaa ahenkuro biara a mobɛkɔ so no, monyɛ saa ara.

94 Nanso, momfa nsiyɛ nhwehwɛ na mma monntwentwɛn mo nan ase; na mmusuo nka saa fie no, anaa saa akuraa anaa saa ahenkuro no a ɔbɛpo mo no, anaa mo nsɛm, anaa mo adansedie a ɛfa me ho no.

95 Mmusuo, meka bio, nka saa fie, anaa saa akuraa anaa saa ahenkuro no a ɔpo mo no, anaa mo nsɛm, anaa mo adansedie a ɛfa me ho no.

96 Ɛfiri sɛ me, Otumfoɔ no, de me nsa ato aman no so, sɛ mɛka wɔn mpire ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm nti.

97 Na yaredɔm bɛfiri adi akɔ, na wɔrennyi mmfiri asase so kɔsi sɛ mɛwie m’adwuma, a wɔbɛtwa no tia wɔ tenenee mu—

98 Kɔsi sɛ obiara bɛhunu me, wɔn a wɔbɛka, mpo firi kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, na Awurade ho nimdeɛ bɛhyɛ wɔn mã, na wɔn nyina ara ani bɛhunu, na wɔbɛma wɔn nne so, wɔde wɔn nne bɛbɔ mu ato saa dwom foforɔ yi, aka sɛ:

99 Awurade de Sion asan aba bio;Awurade agye ne nkorɔfoɔ, Israel,Sɛdeɛ n’adom yie teɛ,Deɛ ɛnam gyedie neAgyanom apam so baaeɛ no.

100 Awurade agye ne nkorɔfoɔ;Na wɔakyekyere Satan na mmerɛ nni hɔ bio.Awurade aboa nneɛma nyina ara ano ayɛ wɔn baako.Awurade de Sion afiri soro aba fam.Awurade de Sion afiri aseɛ aba.

101 Awoɔyea aka asase na wawo n’ahoɔden;Na wɔahyehyɛ nokorɛ wɔne yam;Na ɔsoro ate n’anim akyerɛ no;Na wɔde ne Nyankopɔn animuonyam afira no;Ɛfiri sɛ ɔgyina ne nkorɔfoɔ ntam.

102 Animuonyam, ne anidie, ne tumi, ne ahoɔden,Yɛ yɛn Nyankopɔn dea; ɛfiri sɛ mmɔborɔhunu,Atɛntenenee, adom ne nokorɛ, ne asomdwoeɛ ahyɛ no mã,Afebɔɔ ne daa, Amen.

103 Na bio, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, ɛho hia sɛ onipa biara a ɔbɛfiri adi akɔbɔ me daapem asɛmpa no ho dawuro no, sɛ ɔwɔ abusua, na sɛ wɔkyɛ no sika a, ɔmfa nsoma nkɔma wɔn anaa ɔmfa nyɛ biribi mmoa wɔn, sɛdeɛ Awurade bɛkyerɛ wɔn, na saa na ɛyɛ ma me.

104 Na momma wɔn a wɔnni mmusua, a wɔnya sika no, mfa nsoma nkɔma ɔhwɛfoɔ no wɔ Sion, anaa nkɔma ɔhwɛfoɔ a ɔwɔ Ohio no, ama wɔatumi adwira ho ama adiyisɛm no mmaeɛ ne ne tintim, ne Sion nkyekyereɛ.

105 Na sɛ onipa bi ma mo mu biara ataade soro, ataade-soro ne aseɛ a, momfa dada no mma ahiafoɔ, na monkɔ nkɔdi ahurusie.

106 Na sɛ onipa bi wɔ mo ntam a ɔwɔ ahoɔden honhom mu a, ɔmfa deɛ ɔyɛ mmrɛ nka ne ho, sɛdeɛ ɔbɛtumi anya nkɔsoɔ wɔ ɔdwoɔ biara mu, ama ɔno nso atumi anya ahoɔden.

107 Ne saa nti, momfa wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ ama asɔfodie ketewa no nka mo ho, na monni kan nsoma wɔn nkɔyɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛeɛ, na wɔnsiesie kwan, na wɔnyɛ nsrahwɛ a mo ankasa monntumi nnyɛ.

108 Hwɛ, yei ne kwan a m’asomafoɔ, a na wɔn wɔ tete nna no mu, de sii m’asɔre maa me.

109 Ne saa nti, ma onipa biara nnyina ɔno ara ankasa ne dibea mu, na ɔnyɛ adwuma wɔ ɔno ara ankasa ne frɛ mu; na mma etiri no nnse nan no sɛ ɔnnhia nan no; ɛfiri sɛ, sɛ nan no nni hɔ a ɛbɛyɛ dɛn na nipadua no atumi agyina?

110 Nso honamdua no hia honam akwaa no nyina ara, sɛdeɛ wɔn nyina ara bɛtumi anya nkɔsoɔ abɔ mu, sɛdeɛ nipa mũ no bɛtumi ayɛ pɛ.

111 Na hwɛ, ɛwɔ sɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ no tu kwan, ɛne mpaninfoɔ no nso, ne asɔfoɔ nkumaa no nso; nanso ɛwɔ sɛ wɔyi dikɔnfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ no ma wɔwɛn asɔre no, na wɔnyɛ faakotena asomfoɔ wɔ asɔre no mu.

112 Na ɔhwɛfoɔ, Newel K. Whitney, nso ɛwɔ sɛ ɔtu kwan bɔ aporɔ wɔ nsɔre no nyina ara ntam, ɔnhwehwɛ ahiafoɔ no akyiri kwan na ɔmma wɔn deɛ wɔhia na wafa so abrɛ adefoɔ no ne ahantanfoɔ no ase.

113 Ɛwɔ sɛ ɔfa ɔnanmusifoɔ ma no adwuma sɛ ɔnhwɛ ne honam fã mu adwuma so sɛdeɛ ɔbɛkyerɛ.

114 Nanso, momma ɔhwɛfoɔ no nkɔ New York ahenkuro mu, ne Albany ahenkuro nso mu, ne Boston ahenkuro nso mu, na ɔmfa asɛmpa no nnyegyeeɛ ne nne kɛseɛ nkɔbɔ nkorɔfoɔ a wɔn wɔ saa nkuro yinom mu no kɔkɔ, mfa amanfoyɛ ne dwerɛ a ɛretwɛn wɔn, sɛ wɔpo saa nneɛma yi a.

115 Ɛfiri sɛ sɛ wɔpo saa nneɛma yi a wɔn atemmuo dɔn abɛn, na wɔn fie bɛdane amanfo ama wɔn.

116 Ma ɔnnya gyedie wɔ me mu na n’ani rennwu; na ne tiri so nwii baako mpo renntɔ fam a wɔrennhunu.

117 Na nokorɛ mese mo, me nkoa a moaka no sɛ, momfiri adi nkɔ sɛdeɛ mo asetena bɛma ho kwan, wɔ mo frɛ ahodoɔ mu, monkɔ ahenkuro akɛseɛ a ɛdi mũ mu ne nkuraa ase, na monka wiase anim wɔ tenenee mu ɛfa wɔn nneyɛɛe biara a ɛnntene na ɛyɛ bɔne no ho, na momma amanfoyɛ akyiwadeɛ wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu no nna adi pefee mma wɔnte aseɛ.

118 Na, ɛnam mo so, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ, na mɛtete wɔn ahemman no mu; Merennwoso asase no nko ara, mmom ɔsorosoro a nsoromma ahyɛ no ma no bɛhinhim.

119 Na Me, Awurade, atene me nsa ahwanyan ɔsoro tumi; morenntumi nnhunu yei seesei, nanso mmerɛ kakra akyi no mobɛhunu, na mobɛhunu sɛ mete ase, na me ne me nkorɔfoɔ bɛba abɛdi hene.

120 Mene Alfa ne Omega, ahyɛaseɛ ne awieɛ no. Amen.