Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19


Ɔfã 19

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ Manchester, New York, wɔ bɛyɛ1829 ahuhuberɛ mu. Wɔ n’abakɔsɛm mu no, Nkɔmhyɛni no kyerɛ sɛ ɛyɛ “mmaransɛm a ɛfiri Onyankopɔn na ɛmfiri onipa hɔ a ɔde maa Martin Harris, Ɔno a Ɔnniawieɛ no na ɔde maae.”

1–3, Kristo wɔ tumi nyina ara; 4–5, Ɛsɛ sɛ nnipa nyina ara sakyera anyɛ saa a wɔbɛhunu amane; 6–12, Asotwe a ɛnni awieɛ yɛ Onyankopɔn asotwe; 13–20, Kristo hunuu amane maa obiara, ama sɛ wɔsakyera a, wɔn annhunu amane; 21–28, Ka nsakyeraeɛ asɛmpa no; 29–41, Da anigyesɛm adi.

1 Mene Alpha ne Omega no, Awurade Kristo no; aane, mpo mene ɔno, ahyɛaseɛ ne awieɛ no, wiase Gyefoɔ no.

2 Me, mayɛ awie na mawie deɛ meyɛ ne dea no pɛ, mpo Agya no, deɛ ɛfa me ho no―mayɛ yei nyina ara ama mabrɛ nneɛma nyina ara ase ama me ho―

3 Manya tumi nyina ara, mpo deɛ ɛsɛe Satan ne ne nnwuma wɔ wiase awieɛ, ne atemmuo da kɛseɛ a ɛtwa toɔ no, deɛ mede bɛbu asase sotefoɔ no atɛn, na mɛbu onipa biara atɛn sɛdeɛ ne nnwuma teɛ ne nneɛma a wayɛ.

4 Na nokorɛ mu ɛsɛ sɛ onipa biara sakyera anyɛ saa a ɔbɛhunu amane, na me, Onyankopɔn, menni awieɛ.

5 Saa nti, mentwa atɛmmuo a mɛbu no mu, mmom mmusuo bɛfiri akɔ, esu, bena bɔ, ne setwerɛ, aane, na ɛbɛba wɔn a wɔbɛhunu wɔn wɔ me nsa benkum so no.

6 Nanso, wɔnntwerɛɛe sɛ saa ateetee yi remma awieɛ, mmom wɔatwerɛ sɛ ɛnni awieɛ ateetee.

7 Bio, wɔatwerɛ sɛ ɛnni awieɛ afɔbuo; ɛno nti wɔakyerɛ mu yie kyɛn twerɛsɛm a aka no, ama abɔ mu ayɛ adwuma wɔ nnipa mma akoma mu, ɛnam me din animuonyam nti.

8 Ɛno nti, mɛkyerɛ saa ahintasɛm yi mu akyerɛ mo, ɛfiri sɛ ɛfata sɛ mohunu mpo tesɛ m’asomafoɔ no.

9 Mekasa kyerɛ mo a wɔayi mo wɔ saa adeɛ yi mu, mpo tesɛ baakofoɔ, sɛdeɛ mobɛwura m’ahomegyeɛ mu.

10 Na, hwɛ, nyamesu mu ahintasɛm, sɛdeɛ ne kɛseɛ teɛ! Na, hwɛ, menni awieɛ, na asotwe a ɛfiri me nsa mu ba no yɛ asotwe a ɛtoɔ ntwa da, na ɛnniawieɛ ne me din. Ɛno nti―

11 Ɛnniawieɛ asotwe yɛ Onyankopɔn asotwe.

12 Ɛnni awieɛ asotwe yɛ Onyankopɔn asotwe.

13 Ɛno nti, mehyɛ wo sɛ sakyera, na di me mmaransɛm a woanya afiri m’akoa Joseph Smith, Jun. nsa mu no so, wɔ me din mu;

14 Na ɛnam me tumi kɛseɛ so na woanya yeinom yi;

15 Ɛno nti, mehyɛ wo sɛ sakyera―sakyera, anyɛ saa a mede m’anum abaa bɛhwe wo, ɛne m’abufuhyeɛ, ɛne m’abufuo, na wo amanehunu bɛyɛ yea ―ne yeaa no wonnim, ne kɛseɛ no wonnim, aane, ne den sɛ wobɛgyina ano nso wonnim.

16 Na hwɛ, me, Onyankopɔn, mahunu saa nneɛma yi ho amane ama obiara, na sɛ wɔbɛsakyera a, wɔannhunu amane;

17 Na sɛ wɔannsakyera a, ɛsɛ sɛ wɔhunu amane mpo sɛdeɛ mehunuuiɛ no;

18 Amanehunu a ɛmaa me ankasa, mpo Onyankopɔn, ɔkɛseɛ kyɛn obiara no, ho wosooe ɛnam yea nti, na mepram mogya firii honam tokuro biara mu, na mehunuu amane wɔ honam ne honhom mu―na mepɛɛ sɛ anka mennom kuruwa nwononwono no ano, na maponpono―

19 Nanso, animuonyam nka Agya no, me nomee na mewiee m’ahoboaboa maa nnipa mma.

20 Ne saa nti, mehyɛ wo bio sɛ sakyera, anyɛ saa a mede me tumi kɛseɛ no bɛbrɛ wo ase; na ka wo bɔne kyerɛ, anyɛ saa a wobɛhunu amane wɔ saa asotwe a maka ho asɛm no ho, ɛno a ɛmu ketewa bi, aane, mpo ɛmu ketekete na woaka ahwɛ berɛ a metwee me Honhom firii wo ho no.

21 Na mehyɛ wo sɛ nnka biribiara sɛ nsakyeraeɛ, na mmfa saa nneɛma yi nnkyerɛ wiase kɔsi sɛ ɛbɛyɛ nyansa ama me.

22 Ɛsiane sɛ wɔnntumi nnwe nam seesei, mmom nufosuo na ɛsɛ sɛ wɔnom; ne saa nti, ɛnnsɛ sɛ wɔhunu saa nneɛma yi, ama wɔannyera.

23 Sua me, na tie me nsɛm, fa ɔdwoɔ nante wɔ me Honhom mu, na wobɛnya asomdwoeɛ wɔ me mu.

24 Mene Yesu Kristo; menam Agya no pɛ so na ɛbaae, na meyɛ n’apɛdeɛ.

25 Na bio, mehyɛ wo sɛ mma w’ani mmere wo yɔnko yere; anaa nhwehwɛ wo yɔnko nkwa mmfa.

26 Na bio, mehyɛ wo sɛ mma w’ani mmere w’ankasa wo agyapadeɛ, mmom yi ma kwa na wɔmfa ntintim Mormon Nwoma no, ɛno a ɛkura nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm no―

27 Deɛ ɛyɛ m’asɛm ma amanamanmufoɔ, na ɛnnkyɛre biara ɛbɛkɔ Yudafoɔ no hɔ, wɔn a Lamanfoɔ no yɛ wɔn nkãeɛ, na wɔate asɛmpa no ase, na wɔannhwehwɛ Mesaia bi a ɔbɛba kwan, na onii no aba dada.

28 Na bio, mehyɛ wo sɛ bue w’ano bɔ mpaeɛ na bɔ no w‘akoma mu nso; aane, wɔ wiase anim ne kokoa mu, wɔ badwa mu ne kommbea mu nso.

29 Na ka anigyesɛm kyerɛ, aane, bɔ no dawuro wɔ mmepɔ so, ne sorɔnsorɔmmea biara so, ne nnipa biara a mobɛhunu wɔn a wɔbɛma ho kwan, ntam.

30 Na yɛ no ahobrɛaseɛ biara mu, gye me di, na nsopa wɔn a wɔsopa wo.

31 Deɛ ɛyɛ gyedie a ɛmu dɔ no nkasa ho, mmom ka nsakyeraeɛ ne gyedie wɔ Agyenkwa no mu, ne bɔne fafiri nam asubɔ so, ne ogya mu, aane, mpo Sunsum Kronkron no.

32 Hwɛ yei ne mmaransɛm kɛseɛ ne deɛ ɛtwa toɔ a mede bɛma wo a ɛfa saa asɛm yi ho; na yei bɛhia ama wo daa ne daa nanteɛ, mpo de kɔsi w’abrabɔ awieɛ.

33 Sɛ wobu saa afotuo yi animtia a, ahohiahia bɛba wo so, aane, mpo wɔbɛsɛe w’ankasa ne w’agyapadeɛ.

34 Fa w’agyapadeɛ nkyɛmu bi ma, aane, mpo wo nsase fã bi, ne biribiara gye sɛ deɛ wode boa w’abusua.

35 Tua ɛka biara a wo ne nwoma tintimfoɔ no dii ano ma ɛsiiɛ. Gye wo ho firi nkoasom mu.

36 Gya wo dan ne wo fie hɔ, gye sɛ berɛ a wopɛ sɛ wohunu w’abusua;

37 Na gyae wo ho kasa kyerɛ obiara; aane, ka asɛmpa no, tu fo, ka nokorɛ no kyerɛ, mpo fa ɛnne kɛseɛ, ne anigyeɛ nnyegyeɛ, tea mu sɛ―Hosiana, hosiana, nhyira nka Awurade Nyankopɔn din!

38 Bɔ mpaeɛ berɛbiara, na mɛhwie me Honhom agu wo so, na wo nhyira bɛyɛ kɛseɛ―aane, mpo kyɛn sɛdeɛ wobɛnya asase so ademudeɛ a ɛporɔ no.

39 Hwɛ, wobɛtumi akenkan yei wɔ berɛ a w’ani nnye na wo mma w’akoma so nni dɛ anaa?

40 Anaa wobɛtumi atu mmirika atwa wo ho sɛ ɔkwankyerɛfoɔ nifrani?

41 Anaa wobɛtumi abrɛ wo ho ase na w’adwo, na woadi wo ho nni nyansa mu wɔ m’anim? Aane, bra me hɔ w’Agyenkwa no. Amen.