Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42


Ɔfã 42

Adiyisɛm a wɔde maae, afa-afa mmienu, nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ogyefuo 9 ne 23, 1831. Deɛ ɛdi kan a ɛyɛ nkyekyɛmu 1 kɔsi 72 awieɛ no, wɔnyaae wɔ mpaninfoɔ dumienu no anim, de hyɛɛ Awurade bɔhyɛ a wahyɛ dada no ma sɛ wɔde “mmara” no bɛma wɔ Ohio (hwɛ ɔfa 38:32). Nkyɛmu a ɛtɔ so mmienu no yɛ 73 kɔsi 93 awieɛ. Nkɔmhyɛni no kyerɛɛ mu sɛ saa adiyisɛm yi “kura Asɔre no mmara no.”

1–10, Wɔfrɛ mpaninfoɔ no sɛ wɔnka asɛmpa no, wɔmmɔ wɔn a wɔasakyera no asu, na wɔnkyekyere asɔre no; 11–12, Ɛwɔ sɛ wɔfrɛ wɔn, hyɛ wɔn asɔfoɔ, na wɔkyerɛkyerɛ asɛmpa no nyinasosɛm a ɛwɔ twerɛsɛm no mu; 13–17, Ɛwɔ sɛ wɔfa Honhom no tumi so kyerɛkyerɛ na wɔhyɛ nkɔm; 18–29, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ mma wɔnni awu, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nni akɔnnɔ akyi, nsɛe awareɛ, nka asɛmmɔne nntia afoforɔ; 30–39, Wɔde mmara a ɛfa agyapadeɛ afɔrebɔ ho to dwa; 40–42, Wɔkasa tia ahantan ne akwadworɔ; 43–52, Ɛwɔ sɛ wɔde ngosra ayɛdeɛ ne gyedie sa yareɛ; 53–60, Twerɛsɛm no na ɛhwɛ Asɔre no so, na ɛwɔ sɛ wɔbɔ no dawuro kyerɛ wiase; 61–69, Wɔbɛda beaeɛ a wɔbɛsi Yerusalem Foforɔ no, ne ahemman no ahintasɛm adi; 70–73, Ɛwɔ sɛ wɔde afɔrebɔdeɛ agyapadeɛ no boa wɔn a wɔkura dibea wɔ Asɔre no mu; 74–93, Wɔde mmara a ɛfa adwammammɔ, awaresɛeɛ, awudie, korɔno, ne bɔneka ho to dwa.

1 Montie, O mo, m’asɔre mpaninfoɔ, a moahyia abɔ mu wɔ me din mu, mpo Yesu Kristo, Onyankopɔn teasefoɔ Ba no, wiase Agyenkwa no; mpɛn dodoɔ a mobɛgye me din adie na mobɛdi me mmaransɛm soɔ no.

2 Na bio mese mo sɛ, monyɛ aso na montie na monyɛ setie mma me mmara a mede bɛma mo no.

3 Ɛfiri sɛ, nokorɛ mese, esiane sɛ moahyia abɔ mu sɛdeɛ mmarasɛm a mede ama mo no teɛ, na moadwene akɔ bɛnkorɔ mu wɔ saa adeɛ yi ho no, na moabisa Agya no wɔ me din mu no nti, mpo saa ara no mobɛnya.

4 Hwɛ, nokorɛ mese mo, mema mo saa mmarasɛm a ɛdi kan yi, sɛ ɛsɛ sɛ mokɔ wɔ me din mu, mo mu biara, gye me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon.

5 Na mema wɔn mmarasɛm bi sɛ wɔnkɔ mmerɛ tiawa bi, na wɔnam Honhom no tumi so bɛkyerɛ berɛ a wɔbɛsan aba.

6 Na mobɛfiri adi akɔ wɔ me Honhom tumi mu, akɔka m’asɛmpa no, mobɛnam baanu baanu, wɔ me din mu, ama mo nne so tesɛ totorobɛnto nnyegyeɛ, de m’asɛm ato dwa tesɛ Onyankopɔn abɔfoɔ.

7 Na mobɛfiri adi akɔ de nsuo abɔ asu, na moaka sɛ: Monsakyera mo adwene, monsakyera mo adwene, ɛfiri sɛ ɔsoro ahemman no abɛn.

8 Na mofiri saa bea yi a, mobɛfiri adi akɔ, mobɛkɔ atɔeɛ amantam mu; na mpɛn dodoɔ a mobɛnya wɔn a wɔbɛgye mo no, mobɛsi m’asɔre wɔ mantam biara mu—

9 Kɔsi sɛ berɛ no bɛba a wɔbɛda no adi afiri soro akyerɛ mo, berɛ a wɔbɛsiesie Yerusalem Foforɔ ahenkuro no, sɛdeɛ mobɛboaboa mo ho ano baako, ama moabɛyɛ me nkorɔfoɔ na mabɛyɛ mo Nyankopɔn.

10 Na bio, mese mo sɛ, m’akoa Edward Partridge bɛgyina ne dibea a mayi ama no no mu. Na ɛbɛba sɛ, sɛ ɔto mmara a, wɔbɛyi ɔfoforɔ ahyɛ n’anan mu. Mpo saa ara. Amen.

11 Bio mese mo sɛ, wɔremmfa mma obiara sɛ ɔmfiri adi nkɔ ka m’asɛmpa no, anaa sɛ ɔnkɔsi m’asɔre, gye obi a wɔahyɛ no sɔfoɔ nam deɛ ɔkura tumi so, a asɔre no nim sɛ ɔwɔ tumi na asɔre titenafoɔ no afa kwan pa so ahyɛ no sɔfoɔ.

12 Na bio, mpaninfoɔ, asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ no a wɔn wɔ asɔre yi mu no bɛkyerɛkyerɛ m’asɛmpa nyinasosɛm no, a ɛyɛ Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no, deɛ asɛmpa no mahyɛ no wɔ mu no.

13 Na wɔbɛhwɛ adi apam ne asɔre no ahyɛdeɛ no so, na yeinom bɛyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ, sɛdeɛ Honhom no bɛma wɔn akwankyerɛ no.

14 Na wɔde Honhom no bɛma mo nam gyedie mpaebɔ so; na sɛ moannya Honhom no a, mma mo nnkyerɛ adeɛ.

15 Na mobɛhwɛ adi yei nyina ara so sɛdeɛ mahyɛ mo no, ɛfa mo nkyerɛkyerɛ ho no, kɔsi sɛ wɔde me twerɛsɛm no mahyɛ no bɛma.

16 Na monam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so ma mo nne so a, mobɛkasa na mobɛhyɛ nkɔm sɛdeɛ mepɛ;

17 Ɛfiri sɛ, hwɛ, Ɔwerɛkyekyefoɔ no nim nneɛma nyina ara, na ɔdi adanseɛ fa Agya no ne Ɔba no ho.

18 Na afei, hwɛ, mekasa kyerɛ asɔre no. Nni awu; na deɛ ɔdi awu no rennya bɔnefakyɛ wɔ wiase yi mu, anaa wiase a ɛbɛba no mu.

19 Na bio, mese, nni awu; nanso deɛ ɔdi awu no bɛwu.

20 Mmɔ korɔno; na deɛ ɔbɔ korɔno na ɔrennsakyera no, wɔbɛyi no totwene.

21 Nni atorɔ; deɛ ɔdi atorɔ na ɔrennsakyera no, wɔbɛyi no totwene.

22 Fa wo akoma nyina ara dɔ wo yere, na fam ɔno nko ara ho na nnyɛ obi foforɔ biara.

23 Na deɛ ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no bɛpa gyidie no akyi, na ɔrennya Honhom no; na sɛ wannsakyera a, wɔbɛyi no totwene.

24 Nsɛe awareɛ; na deɛ ɔsɛe awareɛ, na ɔnnsakyera no, wɔbɛyi no totwene.

25 Nanso deɛ ɔsɛe awareɛ na ɔde n’akoma nyina ara sakyera n’adwene, na ɔpa ne ho akyi, na ɔnnyɛ bio no, wɔmfa nkyɛ no.

26 Mmom sɛ ɔyɛ bio a, wɔremmfa nnkyɛ no, mmom wɔbɛyi no totwene.

27 Nka asɛm bɔne mmfa wo yɔnko ho, anaa nnyɛ no bɔne biara.

28 Monim me mmara a ɛfa saa nneɛma yinom ho a wɔde ama wɔ me twerɛsɛm mu; deɛ ɔyɛ bɔne na ɔnnsakyera n’adwene no, wɔbɛyi no totwene.

29 Sɛ modɔ me a, monsom me na monni me mmaransɛm nyina ara so.

30 Na hwɛ, mobɛkae ahiafoɔ, na mode mo agyapadeɛ bi abɔ afɔreɛ sɛ mmoa a mowɔ de ama wɔn, na mode apam ne ɔfama krataa a wɔrenntumi mmu so bɛyɛ.

31 Na mpɛn dodoɔ a mode moahodeɛ bi bɛma ahiafoɔ no, mobɛyɛ ama me; na wɔde bɛgu asɔre no hwɛfoɔ ne n’afotufoɔ no anim, mpaninfoɔ no mu baanu, anaa asɔfoɔ mpaninfoɔ no anim, wɔn a ɔbɛyi wɔn anaa wayi wɔn na ɔde wɔn asi hɔ ama saa botaeɛ no.

32 Na ɛbɛba sɛ, wɔde gu m’asɔre no hwɛfoɔ no anim wie, na sɛ ɔnya saa adanseɛ yinom a ɛfa agyapadeɛ a wɔde abɔ afɔreɛ ama m’asɔre ho no wie, sɛdeɛ wɔrenntumi nnyi mmfiri m’asɔre mu, sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ no a, nipa biara bɛbu akonta akyerɛ me, sɛ ɔyɛ hwɛsofɔ wɔ ɔno ara n’agyapadeɛ so, anaa deɛ wanya nam afɔrebɔ so, deɛ ɛbɛso ɔno ne n’abusua.

33 Na bio, sɛ asɔre no wɔ agyapadeɛ bi wɔ ne nsam, anaa ankorɛankorɛ bi wɔ agyapadeɛ bi a ɛdɔɔso kyɛn deɛ wɔhia, na wɔadi kan abɔ afɔreɛ dada a, ɛyɛ deɛ aboro so a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔreɛ ma ɔhwɛfoɔ no a, wɔbɛkora na wɔde ama wɔn a wɔnni bi, berɛ ano berɛ ano, sɛdeɛ wɔbɛma nipa biara a ɛhia no no bi, ama aso no, sɛdeɛ ne hia teɛ.

34 Ɛno nti, wɔbɛkora nkaeɛ no wɔ m’adekora dan mu, sɛ wɔde bɛsom onnibiefoɔ ne ahiafoɔ, sɛdeɛ asɔre no agyinatukuo kɛseɛ, ne ɔhwɛfoɔ no ne n’agyinatufoɔ no bɛkyerɛ;

35 Na momfa bi ntɔ nsase a ɛho bɛba mfasoɔ ama asɔreba biara, na wɔmfa nsisi adan a wɔbɛsom wɔ mu, na wɔmfa nsi Yerusalem Foforɔ no a wɔbɛda no adi akyire no—

36 Sɛdeɛ m’apam nkorɔfoɔ no bɛboaboa wɔn ho ano baako, da no a mɛba me tɛmpol mu no. Na yei, meyɛ ma me nkorɔfoɔ nkwagyeɛ.

37 Na ɛbɛba sɛ, deɛ ɔyɛ bɔne na ɔnnsakyera n’adwene no, ɛsɛ sɛ wɔyi no adi firi asɔre no mu, na ɔrennsan nnya deɛ ɔde abɔ afɔreɛ ama ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ a wɔn wɔ m’asɔre mu no, anaa nsɛm foforɔ mu no, deɛ wɔde ama me no—

38 Na mpɛn dodoɔ a moyɛ ma yeinom nketewa yinom no, moyɛ ma me.

39 Na ɛbɛba sɛ, deɛ menam me nkɔmhyɛfoɔ so kaaeɛ no bɛba mu; ɛfiri sɛ Amanamanmufoɔ a wɔbɛsɔ m’asɛmpa no mu no, mede wɔn ahonyadeɛ bɛbɔ afɔreɛ ama ahiafoɔ a wɔn wɔ me nkorɔfoɔ mu a wɔyɛ Israel fiefoɔ no.

40 Na bio, mɛmma wo ho so wɔ wo akoma mu; ma wo ntaadeɛ nyina ara nyɛ pefee, na ɛnyɛ fɛ sɛ wo ara wo nsa ano adwuma;

41 Monyɛ nneɛma nyina ara wɔ ahoteɛ mu wɔ m’anim.

42 Mɛnnyɛ akwadworɔ; ɛfiri sɛ deɛ ɔyɛ akwadworɔ no renni odwumayɛfoɔ no aduane anaa nnhyɛ ne ntaadeɛ.

43 Na mo mu biara a ɔyare no, na ɔnni gyedie sɛ ɔbɛnya ayaresa, na mmom ɔwɔ awerɛhyɛmu no, wɔmfa ɔdwoɔ so mma no nhahamma ne aduane a ɛmu yɛ hare, na mma wɔmma ɔtamfo mmfa ne nsa nnka no.

44 Na wɔmfrɛ asɔre mpaninfoɔ baanu anaa deɛ ɛkyɛn saa, na wɔmmɔ mpaeɛ mma no na wɔmfa wɔn nsa ngu ne so wɔ me din mu; na sɛ ɔwu a, ɔbɛwu wɔ me mu, na sɛ ɔnya nkwa a, ɔbɛnya wɔ me mu.

45 Montena ase wɔ ɔdɔ mu, ama moatumi asu ama wɔn a wɔawu no, na ne titiriw monsu mma wɔn a wɔnni anidasoɔ wɔ animuonyam wusɔre mu no.

46 Na ɛbɛba sɛ wɔn a wɔwu wɔ me mu no rennka owuo nhwɛ, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ wɔn dɛ;

47 Na wɔn a wɔnnwu wɔ me mu no, mmusuo nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔn wuo yɛ nwono.

48 Na bio, ɛbɛba sɛ deɛ ɔnya gyedie wɔ me mu sɛ ɔbɛnya ayaresa, na wɔnyii no mmaa owuo no, wɔbɛsa no yare.

49 Deɛ ɔnya gyedie sɛ ɔbɛhunu no, ɔbɛhunu.

50 Deɛ ɔnya gyedie sɛ ɔbɛte no, ɔbɛte.

51 Apakye a ɔnya gyedie sɛ ɔbɛhuri no, ɔbɛhuri.

52 Na wɔn a wɔnni gyedie sɛ wɔbɛnya saa nneɛma yinom no, nanso wɔgye me die no, wɔn wɔ tumi sɛ wɔbɛyɛ me mma mmarima; na mpɛn dodoɔ a wɔmmu me mmara soɔ no, mobɛsoa wɔn mmerɛyɛ.

53 Gyina wo hwɛsofoɔ gyinabea mu.

54 Mmfa wo nua ataadeɛ; deɛ woagye afiri wo nua hɔ no, tua ka.

55 Na sɛ wonya ahodeɛ a ɛboro deɛ wode bɛhwɛ wo ho a, fa kɔgu m’adekorabea hɔ, sɛdeɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara sɛdeɛ maka no.

56 Bisa, na wɔde me twerɛsɛm bɛma sɛdeɛ makyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔkora no yie;

57 Na ɛho hia sɛ wobɛyɛ komm ɛfa yeinom ho, na mma nkyerɛkyerɛ kɔsi sɛ mobɛnya ne nyina ara.

58 Na mema mo mmarasɛm bi sɛ ɛno akyi no, wode yeinom bɛkyerɛkyerɛ nnipa nyina ara; ɛfiri sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ aman, mmusuakuo horoɔ, kasa horoɔ ne nnipa nyina ara.

59 Fa nneɛma a woanya no, deɛ wɔde ama wo wɔ twerɛsɛm no mu sɛ mmara, na ama ayɛ mmara a wɔde bɛhwɛ m’asɔre so;

60 Na deɛ ɔde saa nneɛma yinom di dwuma no, wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔmmfa nni dwuma no, wɔbɛdome no, sɛ ɔkɔ so yɛ saa a.

61 Sɛ wobɛbisa a, wobɛnya adiyisɛm mu adiyisɛm, nimdeɛ mu nimdeɛ, sɛdeɛ wobɛnya ahintasɛm ne asomdwoeɛ nneɛma—deɛ ɛde anigyeɛ ba, deɛ ɛde nkwa a ɛnni awieɛ ba no.

62 Bisa, na wɔbɛda no adi akyerɛ wo, wɔ me ara me berɛ a ɛsɛ mu, faako a wɔbɛkyekyere Yerusalem Foforɔ no.

63 Na hwɛ, ɛbɛba sɛ wɔbɛsoma me nkoa akɔ apueɛ ne atɔeɛ, atifi ne anaafoɔ.

64 Na mpo afei, momma deɛ ɔkɔ apueɛ no nkyerɛ deɛ ɔbɛsakyera n’adwene no sɛ ɔnkɔbɔ ne ho adwaa wɔ atɔeɛ, na yei esiane deɛ ɛrebɛba asase so, ne kokoa mu kuo nti.

65 Hwɛ, monni saa nneɛma nyina ara so, na moakatua bɛyɛ kɛseɛ pa ara; ɛfiri sɛ mo na wɔde ama mo sɛ monhunu ahemman no ahintasɛm, nanso wiase yi deɛ wɔmmfa mmaa wɔn sɛ wɔnhunu yeinom.

66 Monni mmara a moanya no so na monyɛ nokorɛfoɔ.

67 Na akyire yi, mobɛnya asɔre apam, deɛ ɛbɛso ama moakyekyere asɔre no, wɔ ha ne Yerusalem Foforɔ no mu.

68 Ɛno nti, deɛ ɛka no nyansa no, ɔmmisa me, na mɛma no kwa na meremmɔ no ahohoraa.

69 Momma mo akoma so na monni ahurisie, ɛfiri sɛ mo na ahemman no, anaa nsɛm foforɔ mu no, asɔre no nsafoa no, mede ama mo. Mpo saa ara. Amen.

70 Asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ no bɛnya wɔn hwɛsofoɔ -adwuma, mpo te sɛ asɔremma no.

71 Na mpaninfoɔ anaa asɔfoɔ mpaninfoɔ no a wɔayi wɔn sɛ wɔmmoa ɔhwɛfoɔ no, sɛ ne fotufoɔ wɔ biribiara mu no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn abusuafoɔ mmoa firi agyapadeɛ a wɔde abɔ afɔreɛ ama ɔhwɛfoɔ sɛ ɔmfa nhwɛ ahiafoɔ no, na wɔmfa nni dwuma foforɔ no, sɛdeɛ wɔada no adi dada no;

72 Anaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnya akatua pa wɔ wɔn som nyina ara ho, hwɛsofoɔ-adwuma anaa biribi foforɔ ho, sɛdeɛ wɔbɛsusu sɛ ɛyɛ pa ara, anaa sɛdeɛ afotufoɔ ne ɔhwɛfoɔ no bɛgye ato mu no.

73 Na ɔhwɛfoɔ no, nso, bɛnya mmoa, anaa akatua pa wɔ ɔsom a ɔde ma asɔre no nyina ara ho.

74 Hwɛ, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu nnipa biara a ɔbɛgyae wɔn ahokãfoɔ esiane adwamammɔ nti, anaa nsɛm foforɔ mu no, sɛ wɔdi adanseɛ wɔ akoma a ɛdwoɔ mu sɛ saa na ɛteɛ a, ɛnnsɛ sɛ moyi wɔn adi firi mo mu;

75 Nanso sɛ mohunu sɛ nnipa binom agyae wɔn ahokãfoɔ esiane adwamammɔ nti, na sɛ wɔn na wɔdi fɔ a, na wɔn ahokãfoɔ te ase a, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn adi firi mo mu.

76 Na bio, mese mo sɛ, momma mo ani nna mo ho so na monhwɛ yie wɔ nhwehwɛmu biara a moyɛ no ho, ama moannye wɔn a wɔtesaa no wɔ mo mu, sɛ wɔaware a;

77 Na sɛ wɔnwareeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔsakyera wɔn adwene wɔ wɔn bɔne nyina ara ho, anyɛ saa a morennye wɔn.

78 Na bio, nipa biara a ɔwɔ Kristo asɔre yi mu no ɛwɔ sɛ ɔhwɛ na ɔdi asɔre no mmaransɛm ne apam nyina ara so.

79 Na ɛbɛba sɛ, sɛ mo mu nnipa binom di awu a, wɔmfa wɔn mma na wɔne wɔn nni sɛdeɛ asase no mmara teɛ; ɛfiri sɛ monkae sɛ ɔnni bɔne fafiri; na wɔdɛda n’adi sɛdeɛ mmara no teɛ.

80 Na sɛ ɔbarima anaa ɔbaa sɛe awareɛ a, wɔbɛdi n’asɛm wɔ asɔre mpaninfoɔ baanu, anaa deɛ ɛboro saa, anim, na asɛm no nyina ara bɛgyina asɔre no adansefoɔ baanu so; nanso sɛ adansefoɔ no dɔɔso kyɛn baanu a, ɛyɛ.

81 Nanso wɔnam adansefoɔ baanu anomu asɛm so na wɔbɛbu no fɔ; na mpaninfoɔ no de asɛm no bɛto asɔre no anim, na asɔre no bɛma wɔn nsa so atia no, ama wɔne no adi sɛdeɛ Onyankopɔn mmara teɛ.

82 Na sɛ ɛbɛtumi a, ɛho hia sɛ ɔhwɛfoɔ no nso wɔ hɔ bi.

83 Na saa na monyɛ no wɔ nsɛm nyina ara a ɛbɛba mo anim no mu.

84 Na sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bɔ korɔno a, ɛsɛ sɛ wɔde no ma asase no mmara.

85 Na sɛ ɔwia adeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ma asase no mmara.

86 Na sɛ ɔdi atorɔ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ma asase no mmara.

87 Na sɛ ɔyɛ amumuyɛ biara a, ɛsɛ sɛ wɔde no ma mmara no, mpo Onyankopɔn deɛ no.

88 Na sɛ wo nuabaa anaa wo nuabarima fom wo a, kɔ na kɔyi no atɛn, wo ne no nko ara ntam; na sɛ ɔka ne bɔne a, ɛne no mmɔ mu bio.

89 Na sɛ wannka ne bɔne a, ɛsɛ sɛ wode no ma asɔre no, ɛnnyɛ asɔremma no, na mmom mpaninfoɔ no. Na wɔbɛdi asɛm no wɔ nyhiamu bi ase, ɛnnyɛ wiase anim.

90 Na sɛ wo nuabaa anaa wo nuabarima fom ɔdodoɔ a, ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso wɔ dodoɔ anim.

91 Na sɛ obi fom wɔ badwa mu a, ɛsɛ sɛ wɔka n’anim wɔ badwa mu, sɛdeɛ n’ani bɛwu. Na sɛ wannka ne bɔne a, ɛsɛ sɛ wɔde no ma Onyankopɔn mmara.

92 Na sɛ obi fom wɔ kokoa mu a, ɛsɛ sɛ wɔka n’anim wɔ kokoa mu, sɛdeɛ ɔbɛnya kwan aka ne bɔne wɔ kokoa mu akyerɛ deɛ wafom no, ne Nyankopɔn, ama asɔre no ankasa anngu n’anim ase.

93 Na saa na mobɛyɛ wɔ nneɛma nyina ara mu.