Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1


Nkyerɛkyerɛ ne Apam no

Ɔfã 1

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ Obobuo 1, 1831, wɔ Asɔre no mpaninfoɔ nhyiamu kɛseɛ soronko ase, a ɛbaa so wɔ Hiram, Ohio. Adiyisɛm bebree na wɔanya afiri Awurade hɔ ansa na saa berɛ yi rebɛduru, na sɛdeɛ wɔbɛboaboa yeinom ano atintim ayɛ no nwoma de ato dwa, yɛ nsɛm titire no mu baako a wɔsii so gyinaeɛ wɔ nhyiamu kɛseɛ no ase. Saa Ɔfã yi kabom gyina hɔ ma Awurade Nnianim ma gyedie nkyerɛkyerɛ, apam, ne mmaransɛm a ɔde maae wɔ saa asɛmpa berɛ yi mu.

1–7, Kɔkɔbɔ nne yi kɔ ma nnipa nyina ara; 8–16, Ɔwaeɛ ne amumuyɔsɛm di Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anim; 17–23, Wɔfrɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnsan mfa Awurade nokorɛsɛm ne ne tumi mmra asase so bio; 24–33, Wɔda Mormon Nwoma no adi na wɔkyekyere nokorɛ asɔre no; 34–36, Wɔbɛyi asomdwoeɛ afiri asase so; 37–39, Hwehwɛ saa mmaransɛm yi mu.

1 Montie, O mo, nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu, ɔno a ɔte soro nne na ɛseɛ, ɔno a n’ani wɔ nnipa nyina ara so; aane, nokorɛ mese: Montie, nnipa a mofiri akyirikyiri; ne mo a mowɔ ɛpo supɔ so, mommɔ mu ntie.

2 Na nokorɛ, Awurade nne kɔ nnipa nyina ara hɔ, na obiara nni hɔ a ɔfiri mu; na ani biara nni hɔ a ɛrennhunu, anaa aso biara nni hɔ a ɛrennte, anaa akoma biara nni hɔ a ɛmu rennhwire.

3 Na awerɛhoɔ pii bɛfiti atuatefoɔ no mu; ɛfiri sɛ wɔbɛka wɔn amumuyɛ wɔ adan atifi na wɔn kokoa mu nnwuma bɛda adi.

4 Na kɔkɔbɔ nne no bɛkɔ nnipa nyina ara hɔ, afiri m’akyidifoɔ anum, wɔn a mayi wɔn saa nna a ɛtwa toɔ yi mu.

5 Na wɔbɛfiri adi akɔ a obiara rennsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ me Awurade na mahyɛ wɔn.

6 Hwɛ, yei yɛ me tumidie, ɛne me nkoa tumidie, ne me nnianim asɛm ma me mmaransɛm nwoma no, deɛ mede ama sɛ wɔntintim mma mo, O asase sotefoɔ.

7 Ɛno nti, monsuro na mo ho mpopo, O mo nnipa, sɛdeɛ me Awurade mahyɛ wɔ ɛmu no bɛba mu;

8 Na nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔfiri adi kɔ, de saa nkra yi ma asase sotefoɔ no, wɔn na wɔama wɔn tumi sɛ wɔnsɔ, deɛ ɔnnye nni ne ɔtuateni no ano, wɔ asase so ne ɔsoro;

9 Aane, nokorɛ, sɛ wɔnsɔ wɔn ano mma da no, a Onyankopɔn abufuhyeɛ bɛhwie agu abɔnefoɔ so mmorosoɔ no—

10 Mma ɛda no a, Awurade bɛba abɛtua onipa biara ka sɛnea n’adwuma teɛ, na ɔsusu ma onipa biara nsusuiɛ sɛnea wasusu ama ne yɔnko nipa.

11 Ɛno nti Awurade nne kɔ asase ano, sɛ obiara a ɔbɛtie no bɛte:

12 Monsiesie mo ho, monsiesie mo ho mma deɛ ɛrebɛba, ɛfiri sɛ Awurade abɛn;

13 Na Awurade abufuo redɛre, na n’afena adware wɔ ɔsoro mu, na ɛbɛte atɔ asase sotefoɔ so.

14 Na Awurade basa bɛda adi; na ɛda no reba a, wɔn a wɔrenntie Awurade nne, anaa ne nkoa nne, na wɔanntie nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no nsɛm no, wɔbɛtwa wɔn afiri nkorɔfoɔ no mu;

15 Ɛnam sɛ wɔatwe wɔn ho afiri m’ayɛyɛdeɛ ho, na wɔabu me daapem apam so;

16 Wɔnnhwehwɛ Awurade sɛ wɔbɛkyekyere ne teneneeyɛ, mmom onipa biara nante ɔno ankasa kwan so, di mfoni a ɛyɛ n’ankasa nyame akyi, ɔno a ne mfoni yɛ wiase nsɛsoɔ, ɔno a ne nneɛma yɛ ɔbosom deɛ, nea ɛyɛ dada na ɛbɛsɛe wɔ Babel, mpo Babel kɛseɛ no a, ɛbɛhwe ase no.

17 Ɛno nti, Me Awurade, a menim mmusuo a ɛbɛba asase sotefoɔ so no, frɛɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., na mekasa kyerɛɛ no firii ɔsoro, na me maa no mmaransɛm;

18 Na mesan maa afoforɔ nso mmaransɛm, sɛ wɔmmɔ saa nneɛma yi ho dawuro nkyerɛ wiase; na yei nyina ara sɛdeɛ ɛbɛhyɛ ma, nea nkɔmhyɛfoɔ no twerɛeɛ no—

19 Wiase nneɛma a ɛyɛ mmerɛ bɛfiri adi aba abɛbubu aberempɔn ne ahoɔdenfoɔ agu, sɛdeɛ onipa renntu ne yɔnko nipa fo, na wammfa ne werɛ annhyɛ nsa a ɛyɛ honam mu—

20 Mmom sɛdeɛ onipa biara bɛtumi akasa Awurade Nyankopɔn din mu, mpo wiase Agyenkwa no;

21 Na gyedie nso adɔɔso wɔ asase so;

22 Sɛdeɛ me daapem apam ase bɛtim;

23 Na mmerɛyɛfoɔ ne awiemfoɔ abɔ me nsɛmpa no mahyɛ ho dawuro akyerɛ wiase ano, wɔ ahemfo ne aman sodifoɔ anim.

24 Hwɛ, Me ne Onyankopɔn, na makasa; saa mmaransɛm yi firi me, na wɔde maa me nkoa wɔn mmerɛyɛ mu, ɛnam wɔn kasasu so, na wɔanya nteaseɛ.

25 Na mpɛn dodoɔ a wɔfomeeɛ no, wɔatumi ahunu;

26 Na mpɛn dodoɔ a wɔhwehwɛɛ nyansa no, wɔakyerɛkyerɛ wɔn;

27 Na mpɛn dodoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, wɔaka wɔn anim, na wɔasakyera;

28 Na mpɛn dodoɔ a wɔbrɛɛ wɔn ho ase no, wɔayɛ den, na wɔafiri soro ahyira wɔn, na wɔanya nimdeɛ berɛ ano berɛ ano.

29 Na akyire yi a wanya Nifaefoɔ twerɛtohɔ no, aane, mpo m’akoa Joseph Smith Jun., anya tumi nam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so, de Onyankopɔn tumi, akyerɛ Mormon Nwoma no ase.

30 Na, wɔn a wɔde saa mmaransɛm yi maa wɔn no nso, anya tumi ato saa asɔre yi fapem, na wɔde apue afiri kusuuyɛ ne sum mu, ɛno nko ara ne nokorɛ ne asɔre a ɛte ase wɔ asase yi nyina ara so, a ɛno na Me Awurade, ɛsɔ m’ani yie, merekasa kyerɛ asɔre mũ no nyina ara na ɛnyɛ ankorɛankorɛ—

31 Ɛfiri sɛ Me Awurade, menntumi nnhwɛ bɔne wɔ ɔkwan kumaa mpo so;

32 Nanso, deɛ ɔsakyera na ɔdi Awurade mmaransɛm so no, wɔde bɛkyɛ no;

33 Na deɛ wannsakyera no, wɔbɛgye afiri ne hɔ mpo hann a ɔnyaaeɛ no; ɛnam sɛ me Honhom ne onipa renni apereapereɛ berɛbiara, Asafo Awurade na ɔseɛ.

34 Na bio, nokorɛ mese mo, O asase sotefoɔ: Me Awurade, mepɛ sɛ meda saa nneɛma yi adi kyerɛ honam nyina ara;

35 Ɛnam sɛ mennyɛ nnipa mu nhwehwɛmu, na mɛpɛ sɛ nnipa nyina ara bɛhunu sɛ ɛda no reba ntɛm so; dɔnhwere no nnuruui, nanso abɛn pa ara, berɛ a, wɔbɛfa asomdwoeɛ afiri asase so, na ɔbonsam bɛnya tumi adi n’ankasa deɛ so.

36 Na Awurade nso bɛnya tumi wɔ n’ahotefoɔ so, na ɔbɛdi hene wɔ wɔn ntam, na ɔde atemmuo bɛba fam wɔ Edom, anaa wiase so.

37 Hwehwɛ saa mmaransɛm yinom mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ ampa ne nokorɛ, na nkɔmhyɛ ne bɔhyɛsɛm a ɛwɔ mu nyina ara bɛba mu.

38 Deɛ Me Awurade maka no maka, na menni anoyie biara; na ɛwom sɛ ɔsorosoro ne asase bɛtwam akɔ, na m’asɛm deɛ ɛrenntwa mu nnkɔ, na ne nyina ara bɛba mu, sɛ ɛyɛ m’ankasa me nne anaa ɛyɛ menkoa nne, ɛyɛ adekorɔ.

39 Nti hwɛ, na hwɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn, na Honhom no di ho adanseɛ, na adanseɛ no yɛ nokorɛ, na nokorɛsɛm bɛtena hɔ afebɔɔ ne afebɔɔ. Amen.