Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 113


Ɔfã 113

Nsɛmmisa bi ho mmuaeɛ ɛfa Yesaia ntwerɛeɛ no ho, a Joseph Smith Nkɔmhyɛfoɔ no de maae ɛwɔ anaa ɛbɛn Far West, Missouri, Ɔbɛnem 1838.

1–6, Wɔkyerɛ deɛ ɛyɛ Yisai Dunsini, abaa no a ɛfiri mu ba no, na wɔkyerɛ Yisai nhini no; 7–10, Sion nkaeɛ a wɔabɔ apete no wɔ asɔfodie no ho kwan na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra Awurade hɔ.

1 Hwan ne Yisai dunsini no a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyɛmu a ɛtɔ so 1, 2, 3, 4, ne de ɛtɔ so 5 wɔ Yesaia ti 11 no mu?

2 Nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛyɛ Kristo.

3 Deɛn ne abaa a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia ti 11 nkyekyɛmu a ɛdi kan no mu, a ɛbɛfiri Yisai Dunsini no mu aba no?

4 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛyɛ akoa bi a ɔwɔ Kristo nsam, a ne fã bi yɛ Yisai aseni na ne fã bi yɛ Efraim aseni, anaa ɔfiri Yosef fie, a wɔde tumi kɛseɛ agu ne so.

5 Deɛn ne Yisai nhini a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyɛmu 10 wɔ ti 11 no mu no?

6 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ɛyɛ Yisai ne Yosef aseni, ɔno na asɔfodie no, ne ahemman no nsafoa wɔ no wɔ mmara kwan so, sɛ ɔnyɛ frankaa, na wɔafa ne so aboaboa me nkorɔfoɔ no ano wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu.

7 Nsɛm a Elias Higbee bisaae: Deɛn ne ɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 52, nkyekyɛmu 1 no nkyerɛaseɛ, a ɛka sɛ: Hyɛ w’ahoɔden, O Sion—na nnipa bɛn na na Yesaia reka wɔn ho asɛm?

8 Na ɔrekyerɛ wɔn a Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn wɔ nna ɛtwa toɔ no mu, wɔn a wɔbɛkura asɔfodie tumi a ɛde Sion, ne Israel gyeɛ bɛba bio no; na hyɛ a ɔbɛhyɛ n’ahoɔden no kyerɛ sɛ ɔbɛhyɛ asɔfodie tumi no, deɛ ɔno, Sion, wɔ ho tumi nam abusua-santene so; ɛsan nso kyerɛ sɛ wɔde ne tumi a ɛfirii ne nsa no bɛsan aba.

9 Nteaseɛ bɛn na ɛwɔ sɛ yɛnya fa Sion a ɔresane mpokyerɛ a ɛwɔ ne kɔn mu no; wɔ nkyekyɛmu 2 no mu?

10 Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ wɔakasa akyerɛ nkaeɛfoɔ a wɔabɔ wɔn apete no sɛ wɔnsan nkɔ Awurade a wɔahwe ase afiri ne ho no hɔ; sɛ wɔyɛ yei a, Awurade bɔhyɛ ne sɛ ɔne wɔn bɛkasa, anaa ɔbɛma wɔn adiyisɛm. Hwɛ nkyekyɛmu 6, 7 ne 8 no. Mpokyerɛ a ɛwɔ ne kɔn mu no yɛ Onyankopɔn nnome a ɔde agu wɔn so, anaa Israel nkaeɛ no wɔ berɛ a wɔabɔ wɔn apete wɔ Amanamanmufoɔ no mu no.