Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 46


Ɔfã 46

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Asɔre no, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 8 1831. Asɔre no ahyɛaseɛ berɛ no, na wɔnnya nnyaa nkabom nhwɛsodeɛ a wɔde kyerɛ kwan wɔ Asɔre som no mu. Nanso, na wɔayɛ amanneɛ bi ato hɔ sɛ asɔremma ne wɔn a wɔasi nkete sɛ wɔbɛhwehwɛ asɔre no mu nko ara na wɔgye wɔn wɔ Asɔre no adidi kronkron nhyiamu ne nhyiamu afoforɔ ase. Saa adiyisɛm yi kyerɛ Awurade pɛ fa kwan a wɔmfa nhwɛ nhyiamu so ne kwan a wɔmfa na wɔnni ho dwuma ne N’akwankyerɛ a ɛfa sɛdeɛ yɛbɛhwehwɛ na yɛbɛhunu Honhom akyɛdeɛ no.

1–2, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ yɛ nhyiamu sɛdeɛ Honhom Kronkron no bɛkyerɛ wɔn; 3–6, Ɛnnsɛ sɛ wɔyi nokorɛ hwehwɛmufoɔ no adi firi adidi kronkron som mu; 7–12, Bisa Nyankopɔn na hwehwɛ Honhom akyɛdeɛ no; 13–26, Wɔbobɔ Honhom akyɛdeɛ no bi din; 27–33, Wɔma asɔre kannifoɔ no tumi sɛ wɔnhunu Honhom akyɛdeɛ no mu.

1 Montie, O nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu; ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo sɛ wɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ mo mfasoɔ ne mo adesua.

2 Ɛwɔ mu sɛ na wɔatwerɛ saa nneɛma yi nanso, wɔde ahyɛ m’asɔre mpaninfoɔ no nsa daa firi mfitiaseɛ no, na ɛbɛyɛ saa ara daa, sɛ wɔnni nhyiamu ho dwuma sɛdeɛ Honhom Kronkron no bɛkyerɛ na ɔbɛma wɔn akwankyerɛ no.

3 Nanso, wɔahyɛ mo sɛ mma mo mmpamo obiara mmfiri mo badwa mu nhyiamu ase, deɛ moyɛ no wɔ wiase anim no.

4 Wɔahyɛ mo nso sɛ mma mo mmpamo obiara a ɔka asɔre no ho no mmfiri mo adidi kronkron nhyiamu no ase; nanso, sɛ obi ato mmara a, mma no nni adidi kronkron no bi kɔsi sɛ ɔbɛyɛ nkabom.

5 Na bio mese mo, mma mo mmpamo wɔn a wɔde nsiyɛ rehwehwɛ ahemman no mmfiri mo adidi kronkron nhyiamu ase—meka yei fa wɔn a wɔnnka asɔre no ho no.

6 Na bio mese mo, ɛfa mo denhyɛ nhyiamu ho no, sɛ wɔn mu bi wɔ hɔ a wɔnnka asɔre no ho, na wɔde nsiyɛ rehwehwɛ ahemman no akyiri akwan a, mma monnyi wɔn mmfiri mu.

7 Nanso wɔahyɛ mo sɛ nneɛma nyina ara mu no mommisa Onyankopɔn, ɔno a ɔde ma kwa no; na deɛ Honhom no di ho adanseɛ no, mpo saa ara na mepɛ sɛ moyɛ wɔ akoma kronkron mu, na monante tenenee mu wɔ m’anim, na monwenwene mo nkwagyeɛ awieɛ ho, de mpaebɔ ne aseda ayɛ nneɛma nyina ara, ama ahonhommɔne, anaa abonsam nkyerɛkyerɛ, anaa nnipa mmaransɛm anntumi annaadaa mo; ɛfiri sɛ ebi firi nnipa, na ebi nso firi abonsam.

8 Ɛno nti, monhwɛ yie na wɔannaadaa mo; na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenntumi nnaadaa mo no, momfa nsiyɛ nhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo papa, na monkae dabiara deɛ nti a wɔde ama.

9 Ɛfiri sɛ mese mo, wɔde ama sɛ ɛnyɛ mfasoɔ mma wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmaransɛm nyina ara so, ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa no; sɛdeɛ obiara a ɔhwehwɛ anaa ɔbisa firi me hɔ no bɛtumi anya ho mfasoɔ, sɛ ɔbisa na wammisa nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛhwere no n’akɔnnɔ mu a.

10 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ, mɛpɛ sɛ mobɛkae berɛbiara, na mode saa akyɛdeɛ yinom adeban bɛto mo adwene mu berɛbiara, deɛ wɔde ama asɔre no.

11 Ɛfiri sɛ obiara nni akyɛdeɛ nyina ara; ɛfiri sɛ akyɛdeɛ pii wɔ hɔ, na wɔama obiara akyɛdeɛ nam Onyankopɔn Honhom so.

12 Ɔma ebinom baako, na ɔma ebinom nso foforɔ, sɛdeɛ obiara bɛnya so mfasoɔ.

13 Ebinom, Sunsum Kronkron no ma wɔhunu sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa wiase bɔne.

14 Ebinom nso, wɔma wɔgye wɔn nsɛm di, sɛdeɛ sɛ wɔkɔso yɛ nokorɛfoɔ a wɔn nso bɛtumi anya nkwa a ɛnni awieɛ.

15 Na bio, ebinom Sunsum Kronkron no ma wɔhunu nsonsonoeɛ a ɛda ɔsom adwuma no mu, deɛ ɛbɛsɔ Awurade korɔ no ara ani, sɛdeɛ Awurade pɛ teɛ, sɛdeɛ ɛbɛfata ama n’ahummɔborɔ, sɛdeɛ nnipa mma asetena teɛ.

16 Na bio, Sunsum Kronkron no ma ebinom hunu dwumadie ahodoɔ, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a, ama wɔde Honhom no adiyie atumi ama nipa biara anya ho mfasoɔ.

17 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ, wɔma ebinom anyansasɛm nam Onyankopɔn Honhom so.

18 Wɔma ɔfoforɔ nimdesɛm, ama watumi akyerɛkyerɛ obiara ma wayɛ onyansafoɔ na wanya nimdeɛ.

19 Na bio, ebinom wɔma wɔnya gyedie sɛ wɔbɛnya ayaresa;

20 Na ebinom nso wɔma wɔnya gyedie de sa yareɛ.

21 Na bio, ebinom wɔma wɔyɛ anwanwa -dwuma.

22 Na ebinom nso wɔma wɔhyɛ nkɔm;

23 Na ebinom nso wɔma wɔn honhom ahodoɔ mu nhunumu.

24 Na bio, wɔma ebinom ka kasahodoɔ;

25 Na obi nso wɔma no kasahodoɔ nkyerɛaseɛ.

26 Na saa akyɛdeɛ yinom nyina ara firi Onyankopɔn hɔ, ama ayɛ mfasoɔ ama Onyankopɔn mma.

27 Na asɔre no hwɛfoɔ no, ne wɔn a Onyankopɔn bɛyi na ɔbɛhyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ wɔn nwɛn asɔre no na wɔnyɛ mpaninfoɔ mma asɔre no, wɔbɛma wɔahunu saa akyɛdeɛ yi nyina ara mu, anyɛ saa a ebinom bɛba mo mu a wɔbɛka sɛ wɔfiri Nyankopɔn nanso wɔmmfiri ne hɔ.

28 Na ɛbɛba sɛ deɛ ɔbisa wɔ Honhom mu no bɛnya wɔ Honhom mu.

29 Sɛdeɛ wɔbɛma ebinom saa akyɛdeɛ hodoɔ yinom nyina ara, ama wɔayɛ tire, sɛdeɛ asɔreba biara bɛnya so mfasoɔ.

30 Onii a ɔbisa wɔ Honhom mu no bisa sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ; ɛno nti wɔyɛ no tesɛ deɛ ɔbisa no.

31 Na bio, mese mo sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma nyina ara wɔ Kristo din mu, biribiara a moyɛ no Honhom mu no;

32 Na ɛsɛ sɛ mode aseda ma Onyankopɔn wɔ Honhom mu wɔ nhyira biara a wɔde hyira mo no.

33 Na ɛsɛ sɛ mobɔ ɔbra pa yɛ kronkron wɔ m’anim daa. Mpo saa ara.