Amansan Nhyiamu
Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ Amaneɛbɔ, 2022
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ Amaneɛbɔ, 2022

Ɔde ma Titenafoɔ a Wɔdi Kan wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no

Anuanom Adɔfoɔ: Ɛnam adiyie so, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ɔfa 120 wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Agyinatukuo a wɔhwɛ Ntotosoɔ dudu Tebea so—a ɛyɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dumienu Kuo no, ɛne Hwɛsofoɔ Dwamtenafoɔ—ɛna ɛma kwan wɔ Asɔre no sikayie ho. Asɔre no kuo ahodoɔ sikayie gyina sikasɛm-nsusuiɛ a wɔagye ato mu, ne nhyehyɛeɛ, ne n’akwan so.

Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ a, animdefoɔ a wɔagye wɔn ato mu, na wɔde wɔn ho firi Asɔre no asoɛeɛ nkaeɛ nyinaa ho no, wɔ asodie sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu sɛdeɛ wɔbɛma ahotɔsoɔ a ɛtɔ aso mu fa ntoboa a wɔnyaeɛ, deɛ wɔyiiɛ, ne Asɔre agyapadeɛ ho banbɔ ho.

Esiane nhwehwɛmu a akɔ so nti, Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ wɔ gyedie sɛ, wɔ nneɛma nyinaa mu, ntoboa ahodoɔ a yɛnyaeɛ, sika a yɛyiiɛ, ne Asɔre no agyapadeɛ wɔ afe 2022 mu no, wɔatwerɛ ato hɔ na wɔayɛ no sɛdeɛ sikasɛm-nsusuiɛ a Asɔre gye to mu, nhyehyɛeɛ ne sikasɛm ntotoeɛ teɛ. Asɔre no di nhyehyɛeɛ a wɔkyerɛ asɔremma no so, ɛne sɛ wɔnni mmoro deɛ wɔnya, wɔkwati ɛka, na wɔsie bi ma da hia da.

Wɔde ama anidie mu,

Asɔre Sikasɛm Asoeɛ

Jared B. Larson

Kwankyerɛfoɔ Panin