Amansan Nhyiamu
“Tena Me mu, na Mentena Wo mu; Ɛno nti, Ɛne Me Nnante”
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


“Tena Me mu, na Mentena Wo mu; Ɛno nti, Ɛne Me Nnante”

Agyenkwa no bɔhyɛ sɛ ɔbɛtena yɛn mu no yɛ nokorɛ na ɛwɔ hɔ ma N’asɔre a wɔasan de aba no ba biara a ɔyɛ apam korafoɔ nokwafoɔ.

Tete nkɔmhyɛni Enoch, sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Apam Dada, Nkyerɛkyerɛ ne Apam, ne Ɔbohene a Ɛsom Boɔ mu no,1 dii akotene wɔ Sion kuropɔn no kyekyere mu.

Twerɛsɛm twerɛtohɔ fa Enok som frɛ ho kyerɛ sɛ “ɔtee nne firi soro a ɛreka sɛ ,:Enoch, meba barima, hyɛ nkorɔfoɔ yi nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ —Wɔnsakyera, ɛfiri sɛ wɔn akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ den, na wɔn ani akatakata.”2

“Na berɛ a Enok tee saa nsɛm yi no, ɔbutuufam na ɔkasa kyerɛɛ Awurade, sɛ: Adɛn nti na manya animuonyam a menunu yi, ɛfiri sɛ meyɛ akwadaa, na nkorɔfoɔ no nyinaa tan me; ɛfiri sɛ mekasa bɔkɔɔ; ɛyɛ dɛn na meyɛ wo somfo?”3

Mesrɛ kae sɛ Enoch frɛ mu no, ɔhunuu yie sɛ ɔnwie pɛyɛ na ɔwɔ sintɔ. Na mesusu sɛ yɛn nyinaa wɔ mmerɛ bi mu wɔ Asɔre no som mu yɛanya Enoch atenka yi bi. Nanso me gyedi Awurade mmuaeɛ a ɔde maa Enoch yɛ ɔhyɛ na ɛkɔ ma yɛn nyinaa ɛnnɛ.

“Na Awurade ka kyerɛɛ Enoch sɛ: Kɔ na kɔ yɛ deɛ mahyɛ woɔ no, na onipa biara ntumi mpira wo. Bue w’anom, na wɔbɛhyɛ mu ma, na mɛma wakasa. 

“Hwɛ me Honhom ka wo ho, enti wo nsɛm nyinaa mɛgye atom; na mmepɔ bɛtutu afiri w’anim akɔ, na nsummɔten bɛsan atene akɔ wɔn nkyi; na wo bɛtena me mu, na mɛtena wo mu; enti ɛne me nnante.4

Awieeɛ no Enoch bɛyɛɛ nkɔmhyɛni kɛseɛ ne adwinneɛ wɔ Onyankopɔn nsa mu sɛ ɔbɛwie adwuma kɛseɛ, nanso wanhyɛ ne som no ase wɔ saa kwan no so! Mmom, n’ahoɔden de kɔ anim no yɛɛ kɛse berɛ a ɔsuaa sɛ ɔbɛtena na wanante wɔ Onyankopɔn Babarima no mu.

Mebɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ Sunsum Kronkron no mmoa yɛn berɛ a yɛbom dwene afotuo a Awurade de maa Enoch ne deɛ ɛkyerɛ me ne wo ɛnnɛ ho.

Wobɛtena Me mu

Awurade Yesu Kristo to nsa frɛ yɛn mu biara sɛ yɛntena Ne mu.5 Na yɛbɛyɛ dɛn asua adeɛ pa ara na yɛabɛtena Ne mu?

Asɛmfua tena kyerɛ sɛ yɛregyina pintinn na yɛnnyae mu. Elder Jeffrey R. Holland kyerɛɛ mu sɛ “gyina” sɛ adeyɛ no kyerɛ sɛ “‘[yɛ] bɛgyina—nanso [yɛ] bɛgyina afebɔɔ.’ Ɛno ne ɔfrɛ de ma asɛmpa no nkransɛm no ma … obiara … wɔ wiase no mu. Bra, nanso bɛka. Fa adwensakyera ne yɔkɔduru bra. Bra na nsane w’akyi, wo ne w’awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛdi w’akyi nyinaa nti.”6 Enti, yɛtena Kristo mu berɛ a yɛgyina pintinn na yɛnnhinhim wɔ yɛn som mu ma Odimafoɔ ne Ne botaeɛ kronkron no wɔ mmerɛ papa ne bɔne nyinaa mu.7

Yɛhyɛ aseɛ tena Awurade mu berɛ a yɛde yɛn pɛ fa Ne konnua to yɛn ho so8 ɛnam asɛmpa a wɔasan de aba no apam ne ayɛyɛdeɛ so. Apam a yɛne Ɔsoro Agya ne Ne Babarima a wasɔre na ɔte aseɛ wɔ no yɛ ɔsoro anisoadehunu, anidasoɔ, asomdwoeɛ, ne anigyeɛ; ɛsane nso yɛ botantim fapem9 a ɛwɔ sɛ yɛde yɛn bra si soɔ.

Yɛtena Ne mu berɛ a yɛkɔ so pere hyɛ yɛn ankorankoro apam a yɛ ne Agya ne Ɔba no wɔ den. Nhwɛsoɔ, yɛrebɔ mpaeɛ nokorɛ mu akyerɛ Onniawieeɛ Agya no wɔ Ne Dɔba no din mu hyɛ yɛn apam a yɛ ne Wɔn wɔ mu kena.

Yɛtena Ne mu berɛ a nokorɛ mu yɛmee wɔ Kristo nsɛm no mu. Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ twe yɛn bɛn No sɛ apam mma,10 na ɛbɛka akyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛnyɛ adeɛ nyinaa.11

Yɛtena Ne mu berɛ a nokorɛ mu yɛdi dwuma wɔ adidikronkron ayɛyɛdeɛ mu, hwehwɛ na yɛdwennwene y’apam bɔhyɛ ho, na yɛsakyera nokorɛ mu. Adidikronkron fa wɔ ahoteɛ mu di adanseɛ kyerɛ Onyankopɔn sɛ yɛwɔ pɛ sɛ yɛde Yesu Kristo din bɛto yɛn ho so na yɛapere ”akae no berɛ nyinaa”12 wɔ mmerɛ tiawa akyi a yɛrebɛdi saa ayɛyɛdeɛ kronkron no mu dwuma.

Na yɛtena Ne mu berɛ a yɛresom Onyankopɔn berɛ a yɛsom Ne mma na yɛsom yɛn nuanom mmarimne mmaa.13

Agyenkwa no kaa sɛ, “modi me mmaransɛm so a, mobɛtena me dɔ mu; mpo sɛdeɛ madi m’Agya mmaransɛm so no, na mete ne dɔ mu no.”14

Makyerɛ mu tiawa akwan bebree a yɛbɛtumi afa so atena Agyenkwa no mu. Afei meto nsa frɛ yɛn mu biara sɛ N’asuafoɔ sɛ yɛmmisa, mmɔ mu, na yɛnsua adeɛ mma yɛn ho ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so ne akwan papa biara a yɛbɛtumi so ama Kristo agyina deɛ yɛreyɛ nyinaa wɔ y’abrabɔ mu no mfimfini.

Na Me wɔ Wo mu

Agyenkwa no bɔhyɛ de ma N’akyidifoɔ yɛ afa mmienu: sɛ yɛtena Ne mu a, Ɔbɛtena yɛn mu. Na ɛbɛtumi ayɛ yie ama Kristo atena me ne wo mu—ankorankoro ne ankasa mu? Asɛmmisa yi mmuaeɛ yɛ aane kɛseɛ!

Wɔ Mormon Nwoma no mu, yɛsua adeɛ fa Alma nkyerɛkyerɛ ne adansedie ho de ma ahohiafoɔ a wɔn amanehunu hyɛɛ wɔn maa wɔbrɛɛ wɔn ho aseɛ. Wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔde asɛm no totoo aduaba a ɛwɔ sɛ wɔdua na wɔgugu soɔ, na ɔkyerɛɛ “asɛm no” mu sɛ nkwa no, asɛmpatrɛ adwuma, ne Yesu Kristo mpata afɔdebɔ no.

Alma kaa sɛ, “Monhyɛaseɛ nye Onyankopɔn Ba no ni, ama wabɛdi ama ne nkorɔfoɔ, na ama wabɛhunu amane na wawu de ayɛ mpata ama wɔn bɔne; na ama wasɔre bio afiri owuo mu ama owusɔreɛ aba mu, ama nnipa nyinaa abɛgyina n’anim ama wɔabu wɔn atɛn wɔ atɛmmuda ne ɛda a ɛdi akyire no mu, sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ ho.”15

Alma nkyerɛkyerɛmu a ɔde maeɛ fa “asɛm no” ho no, mesrɛ dwene nkanyan ayɔnkofa ɔdaa no adie no ho.

“Na afei me nuanom, mepɛ sɛ modua saa asɛm yi wɔ mo akoma mu, na sɛ ɛhyɛ aseɛ sɛ ɛrehono a momfa mo gyedie nhwɛ so yie. Na hwɛ, ɛbɛyɛ dua, a, ɛbɛnyini wɔ mo mu de akɔ nkwa a ɛtehɔ daa mu. Na ɛno na Onyankopɔn nam ne Ba no dɛ so ma mo nnesoa mu nyɛ hare. Na sɛ mopɛ a mo bɛtumi mpo ayɛ yei nyinaa.”16

Aduaba a ɛwɔ sɛ yɛdua no wɔ y’akoma mu no yɛ asɛm no—nkwa no, asɛmpatrɛ adwuma, ne Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no. Na sɛ monam gyedie so gugu asɛm no so a ɛbɛtumi anyini wɔ yɛn mu de akɔ nkwa a ɛte hɔ daa mu.17

Ɛdeɛn na na ɛyɛ agyiraeɛ ma dua no wɔ Lehi daeɛso no mu? Dua no bɛtumi agyina hɔ sɛ Yesu Kristo18

Menuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, Asɛm no te yɛn mu? Agyenkwa no asɛmpa nokorɛ no wɔatwerɛ no wɔ yɛn honam akoma pono so?19 Yɛreba Ne nkyɛn na nkakrankakra yɛrebɛyɛ te sɛ Ɔno? Kristo dua no renyini wɔ yɛn mu? Yɛrepere abɛyɛ “abɔdeɛ [foforɔ]”20 wɔ Ne mu?21

Ebia saa anwanwadwuma titire yi na ɛkanyann Alma maa ɔbisaa sɛ: “Honhom mu wɔawo mo foforɔ wɔ Onyankopɔn mu? Na moanya ne su wɔ mo anim anaa? Moanya saa nsesaeɛ kɛseɛ yi wɔ mo akoma mu anaa?”22

Ɛwɔ sɛ yɛtaa kae Awurade no nkyerɛkyerɛ a ɔde maa Enoch no, “Tena me mu, na mentena wo mu.”23 Na medi adanseɛ sɛ Agyenkwa no bɔhyɛ sɛ ɔbɛtena yɛn mu no yɛ nokorɛ na ɛwɔ hɔ ma N’asɔre a wɔasan de aba no mma a wɔyɛ apam korafoɔ nokwafoɔ.

Ɛno nti ɛne Me Nnante

Ɔsomafoɔ Paulo tuu Awurade agyidifoɔ fo sɛ: “enti monante wɔ ne mu.”24

Yɛ ne Agyenkwa no anante na wɔ ne mu da nneɛma mmienu a ɛwɔ akyidie mu: (1) yɛredi Onyankopɔn mmaransɛm so, ɛna (2) yɛrekae na yɛadi apam kronkron a ɛka yɛn ne Agya no ne Ɔba no bo nni.

John kaa sɛ:

“Na berɛ yi a yɛnim sɛ yɛahunu no no, ne sɛ yɛdi ne mmaransɛm so.

“Deɛ ɔka sɛ, Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ so no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.

“Na obiara a ɔdi n’asɛm so no, ne mu na ampa ara Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ: yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.

“Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no ɛsɛ sɛ ɔnante, sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ no.”25

Yesu to nsa frɛ yɛn mu biara, “Bra, di m’akyi”26 na “ɛne me nnante.”27

Medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛpere kɔ anim wɔ gyedie mu na yɛnante ahobrɛaseɛ mu Awurade honhom mu a,28 wɔahyira yɛn wɔ ahoɔden, bammɔ, akwankyerɛ ne asomdwoeɛ mu.

Adanseɛ ne Bɔhyɛ

Alma kyerɛkyerɛ ɔdɔ adesrɛ a ɛfiri Awurade hɔ de ma akra nyinaa:

“Monhwɛ, wato nsa aferɛ nnipa nyinaa, na waterɛ n’ahummɔborɔ abasa no mu wɔ wɔn so na ɔka sɛ: Monsakyera na mɛgye mo.

“Mommra me nkyɛn na mobɛdi nkwadua n’aba no; aane, mobɛdi nkwa paanoo no na moanom nkwa nsuo no kwa.”29

Mesi Agyenkwa no nkotosrɛ no mu dɔ a ɛdɔ so dua. Ɔhwehwɛ sɛ ɔde N’animuonyam ne ahummɔborɔ hyira onipa baako biara a ɔteaseɛ, deɛ watena ase pɛn, ne deɛ afei na ɔrebɛtena aseɛ wɔ asase yi so.

Asɔremma bi gyedi sɛ nkyerɛkyerɛ, nnyinasosɛm, ne adanseɛ a wɔtaa ka wɔ Nhyiamu Asoɛeɛ ne mpɔtam nhyiamu ase wɔ wiase nyinaa yɛ nokorɛ—nanso wɔnnye nni sɛ saa daapem nokorɛ yeinom yɛ adwuma wɔ wɔn ankasa abrabɔ ne wɔn tebea mu. Wɔgyedi nokorɛ mu na wɔsom yie, nanso wɔn apam ayɔnkofa ne Agya no ne Ne Dimafoɔ Ɔba no nya mmɛyɛɛ deɛ ɛteaseɛ na ɛsesa abrabɔ wɔ wɔn asetena mu.

Mehyɛ bɔ sɛ ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so, wobɛtumi ahunu na wate asɛmpa no nokorɛ a makyerɛkyerɛ mu ama mo—sɛ ankorankoro ne ankasa.

Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ dɔfoɔ teasefoɔ. Sɛ yɛtena Ne mu a, Ɔbɛtena yɛn mu.30 Na berɛ a yɛne no nante Ne mu no, wɔbɛhyira yɛn ama yɛaso aba pii. Medi adanseɛ wɔ Awurade Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Gyenesis 5:18–24; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:48–57; Moses 6–7.

  2. Moses 6:27.

  3. Moses 6:31.

  4. Moses 6:32, 34; nsisoɔ ka ho.

  5. SeHw{ Yohane 15:4–9.

  6. Jeffrey R. Holland, “Tena Me mu,” Liahona, Kɔtɔnimma 2004, 32.

  7. SeeHw{ Yohane 15:10.

  8. Hwɛ Mateo 11:29–30.

  9. Hwɛ Helaman 5:12.

  10. SeeHw{ 3 Nephi 27:14–15.

  11. Hwɛ 2 Nephi 32:3.

  12. Moroni 4:3; 5:2.

  13. Hwɛ Mosiah 2:17.

  14. Yohane 15:10.

  15. Alma 33:22.

  16. Alma 33:23; nsisoɔ ka ho.

  17. Hwɛ Alma 26:13.

  18. Mekyerɛɛ saa nnyinasisɛm yi mu wɔ 2017 ɛsom mu:

    “Alma… ‘hyɛɛ aseɛ kaa nsɛmpa Onyankopɔn asɛm no kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, wurawuraa wɔn hyiadan mu, ne wɔn afie mu; aane, na mpo wɔkaa asɛm no wɔ wɔn mmɔntene so’ [Alma 32:1; nsisoɔ ka ho.] Ɔsan nso de Onyankopɔn asɛm no totoo aduaba ho.

    “‘Afei, sɛ mo makwan sɛ wɔnua aba wɔ mo akoma mu a, hwɛ, sɛ ɛyɛ aba a ɛyɛ nokorɛ anaa sɛ ɛyɛ aba pa a, sɛ moamfa mo akyinnyeɛ antwa antwenee, ama moansi Awurade Honhom no kwan a, hwɛ, ɛbɛhyɛ aseɛ ahono wɔ mo bo so; na sɛ mote sɛ ɛrehono a, mo bɛhyɛ aseɛ aka wɔ mo ara ankasa mo mu sɛ—ɛwɔ sɛ ɛyɛ aba pa, anaa sɛ, asɛm no yɛ, ɛfiri sɛ ɛnhyɛ aseɛ sɛ ɛrema me kraa anyini; ɛhyɛ aseɛ ma me kraa; aane, ɛhyɛ aseɛ bue me nteaseɛ mu, aane, ɛhyɛ aseɛ yɛ me dɛ’ [Alma 32:28; nsisoɔ ka ho].

    “Anigyesɛm, aduaba papa bɛyɛ dua berɛ a wɔdua no wɔ akoma mu na ɛhyɛ aseɛ honhono, fifiri, na ɛnyini.

    Na hwɛ, sɛ dua no hyɛ aseɛ sɛ ɛrenyini a, mobɛka sɛ: moma yɛmfa aduane nuro ngugu dua no ase na yɛnhwɛ so yie, ma anya nhini, na anyini akɔ soro aso aduaba ama yɛn. Na afei monhwɛ, sɛ moma no aduane nuro na mohwɛ so yie paa ara a ɛbɛnya nhini, na anyini akɔ soro, na aso aduaba.

    “‘Mmom sɛ mototo dua no ase, na sɛ moandwene ho sɛ mobɛhwɛ no yie a, monhwɛ ɛrenya nhini biara; na sɛ awia no hyeɛ ka no a, ɛhye no na ɛnam sɛ ɛnni nhini no nti ɛboto, na motu na moto twene.

    “‘Na, yei nkyerɛ sɛ na aba no nyɛ, ɛna ɛnyɛ sɛ dua no aba no a ɛbɛso no ho nhia; na mmom ɛfiri sɛ biribiara ntumi mfifiri asaase no so, na mo angugu dua no ase nuane nuro nti na monnya aduaba wɔ so no.

    “‘Na saa ara na sɛ mo anhwɛ asɛm no yie, na moamfa gyedie ani anhwɛ kwan wɔ aduaba no ho a, montumi nte nkwadua no aduaba da.

    “‘Na sɛ mobɛhwɛ asɛm no yie a, aane, ahwɛ dua no yie berɛ a ahyɛ aseɛ sɛ ɛrenyini, ɛnam mo gyedie nsiyɛ so, ne aboterɛ, hwɛ kwan ma aduaba no a, ɛbɛnya nhini; na hwɛ ɛbɛyɛ dua a ɛrenyini akɔ nkwa a ɛtehɔ daa mu.’ [Alma 32:37–41; nsisoɔ ka ho]

    “… Adeɛ a ɛdi akotene wɔ Lehi daeɛso no mu yɛ nkwa dua no—a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ‘dɔ no’ [1 Nephi 11:21–22].

    “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro maae, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.” [John 3:16].

    “Yesu Kristo awoɔ, abrabɔ, ne mpata afɔrebɔ no yɛ Onyankopɔn dɔ kɛseɛ adiyie a ɔde ma Ne mma. Sɛdeɛ Nephi dii adanseɛ no, saa dɔ yɛ deɛ ‘ɛkyɛn nneɛma nyinaa’ na ‘ɛma ɔkra anigyeɛ mmorosoɔ’ [1 Nephi 11:22–23; san hwɛ 1 Nephi 8:12, 15]. 1 Nephi Ti 11 ma nkyerɛkyerɛmu a ɛmu dɔ fa nkwa dua no ho sɛ sɛnkyerɛnneɛ ma Agyenkwa no abrabɔ, ne som, ne aforebɔ—Onyankopɔn nkotosrɛ’ [1 Nephi 11:16]. Dua no bɛtumi agyina hɔ sɛ Kristo.

    “Ɛkwan baako a yɛde dwene aduaba a ɛwɔ dua no so no yɛ ahyɛnsodeɛ ma Agyenkwa no Mpata nhyira. Wɔkyerɛ aduaba no mu sɛ ‘ɛyɛ akɔnnɔ na ɛbɛtumi ama onipa anigyeɛ’ [1 Nephi 8:10] na ɛma anigyeɛ kɛseɛ ne ɔpɛ a ɛne afoforɔ kyɛ saa anigyeɛ no.

    “Titire no, Mormon Nwoma no, tirensɛm a ɛreto nsa afrɛ obiara sɛ ɔmmra Kristo nkyɛn no [hwɛ Moroni 10:32], di akotene wɔ Lehi anisoadehunu no mu [hwɛ 1 Nephi 8:19]” (“Nasɛm no mu tumi a ɛwɔ Yɛn mu” [kasakyerɛ a wɔde maa asɛmpatrɛ adwuma akannifoɔ nteteɛ, Ayɛwohomumu 27, 2017], 4–5).

  19. Hwɛ 2 Korintofoɔ 3:3.

  20. 2 Korintofoɔ 5:17.

  21. Alma mpɛnsɛmpɛnsɛmu kyerɛ yɛn sɛ ɔpɛ ma gyedie dua aduaba wɔ yɛn akoma mu, na yɛgugu gyedie aduaba no so a, ɛfifri yɛ nkwa dua na sɛ yɛgugu dua no so a ɛma dua no aba a “ɛyɛ dɛ sene adeɛ biara a ɛyɛ dɛ” (Alma 32:42na ɛyɛ “Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu kɛseɛ” (1 Nephi 15:36).

  22. Alma 5:14.

  23. Moses 6:34; nsisoɔ ka ho

  24. Kolosefoɔ 2:6.

  25. 1 Yohane 2:3–7; nsisoɔ ka ho.

  26. Luka 18:22.

  27. Moses 6:34.

  28. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:23.

  29. Alma 5:33–34; nsisoɔ ka ho.

  30. Hwɛ Yohane15:5.