Amansan Nhyiamu
Kristo Nkyerɛkyerɛ Awerɛhyɛmu
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Kristo Nkyerɛkyerɛ Awerɛhyɛmu

Sɛ yɛasi yɛn adan asisi fapem a ɛyɛ apam nkutahodie wɔ yɛn ne Kristo ntam a, na yɛregyeKristo nkyerɛkyerɛ no adi

Wɔ m’adwene aniwamu, Mehunu ɔkɔmhyɛni Nifae wɔ ne twerɛpono ho,sɛ sika kɔkɔɔ taforabɔtɔ trɛ gu n’anim, na ne twerɛdua hyɛ ne nsam.

Na Nifae gu so sɛ ɔrebɛwie ne twerɛ kurukyire no. Wɔtwerɛɛ sɛ “Na afei, me nuanom adɔfoɔ, mede me kasa no aba awieɛ.”1 Nanso ankyɛre koraa na Honhom no hyɛɛ Nifae sɛ wɔnkɔ ne twerɛ no ho bio nkɔtwerɛ awieeɛ asɛm. Ɛnam Honhom Kronkron tumi a ahyɛ no mma nti, Nifae faa ne twerɛdua bio wɔ ne nsam na wɔtwerɛeɛ, “Ɛno nti, nneɛma a matwerɛ yi dɔɔso ma me, gye sɛ nsɛm kakra a ɛwɔ sɛ Meka fa Kristo nkyerɛkyerɛ ho.”2

Hwɛ berɛ santene anigyeɛ a yɛwɔ ma saa “nsɛm kakra yi”3 ɛnne Honhom a ɛhyɛɛ Nifae maa wɔtwerɛɛ yeinom. Nifae twerɛɛ no pɔtee faa Kristo nkyerɛkyerɛ no ho sɛ ɛyɛ aboɔdenneɛ a ɛnni nsusueɛ na ɛsombo ma wɔn a wɔdi ho dɛ Ɛkura Agyenkwa no asubɔ anisuadehunu4 ne Ɔba no ɛnne a, ɛrefrɛ obiara sɛ yɛmmɛdi N’akyi na5 “yayɛ nneɛma a [yɛahunu] sɛ [Wɔyɛɛ] no. ”6 Ɛkura Nifae adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔkuta wɔn gyidie wɔ Kristo mu na wɔfiri akoma pa mu sakyera wɔn adwene firi wɔn bɔnee ho na wɔbɛdi Agyenkwa no akyi wɔ nsuo asubɔ mu no “bɛnya Honhom Kronkron no, aane, ogya asubɔ ne Honhom Kronkron no.”7 Ɛkae ɛnne bi firii Agya no hɔ reka sɛ: “Aane, me Dɔba no nsɛm no yɛ nokware ne gyedie Deɛ ɔtumi kɔduru awieɛ no, ɔno ara na wɔbɛgye no nkwa ”8

Titenani Russell M. Nelson aka asi so Kristo nkyerɛkyerɛ hia pɔtee a ɛhia wɔ ne nsɛm a wɔdane no adi kyerɛɛ asɛmpatrɛ akannifoɔ afoforɔ a woafrɛ wɔn no: “Ɛkyɛn biribiara sɛ, yɛpɛsɛ yɛn asɛmpatrɛfoɔ twerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no to wɔn akoma so na adi dɛm wɔ wɔn nnompe mu”9

Preach My Gospel Bɔ neɛma num bi a ehia ho tɔfa wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ. Na ɛka sɛ “[Yɛto nsa] frɛ afoforɔ ma wɔn ba Kristo nkyεn wɔ berɛ a yɛreboa wɔn ama wɔn nsa aka asɛmpa no mmaeɛ bio no wɔ gyidie wɔ Yesu Kristo mu ne ne Mpata, adwensakyera, asubɔ, yɛbɛgye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no na yayɛ akɔsi awieeɛ.”10

Nanso Kristo nkyerɛkyerɛ botae no ɛnnyɛ asɛmpatrɛfoɔno nko ara dea! Na ɛboro so dodo kyɛn tɔfabɔ a ɛti ne ho mu wɔ nneɛma num yi mu Ɛkyɛn sɛ yɛredi akɔmkyene mmara so. Ɛyɛ nhyehyeɛ kɛseɛ ma daa nkwa.

Anuanom mmaa ne mmarima, sɛ anka yɛbɛgye Titenani Nelson frɛ no ato mu a sɛ yɛbɛnya Kristo nkyerɛkyerɛ sɛ ɛbɛtim wɔ yɛn dompe, mu kyim a,ɛsɛ sɛ yɛpɛgya yɛn adwensakyera wɔ Awurade mu yie wɔ adesua,mpaeɛbɔ,pɛpɛɛpɛ yɛ,ne dadaa adwensakyera. Sɛ Yɛbɛto nsa afrɛ Honhom Kronkron ama woatwerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ “wɔ [yɛn] akoma pono so”11 sɛdeɛ ɛmu dɔ na ɛbɛtena hɔ da ara sɛdeɛ Nifae twerɛɛ wɔ sika kɔkɔɔ taforabɔtɔ so no.

Wɔ ne kasa ma Ahinime 2022 amansan nhyiamu no,Titenani Nelson bisaeɛ, “Sɛ yɛkasɛ yabunkam wiase afa so a, ɛkyerɛ sɛn?” Wɔkaa sɛ, “Ɛkyerɛ sɛ gye Kristo nkyerɛkyerɛ no di bebree sene nnipa nkyerɛkyerɛ.”12

Asɛmfua gyedie nkyerɛmu ne sɛ “ahotɔsoɔ wɔ biribi mu nneyɔeɛ, ahoɔden anaa nokorɛ wɔ obi anaa adeɛ … woredan adeɛ bi, daakye anaa adeɛ a ɛtumi sesa.”13 Sɛ obi yɛ Yesu Kristo, na biribi yɛ Ne nkyerɛkyerɛ.

Ɔkwan bɛn so na boapayɛ mu no yɛrenya gyidie wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu bɛtumi asesa ɔkwan a yɛfa so di yɛn abrabɔ so?

Sɛ Yɛnyaa gyedie wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu a anka yɛn gyidie wɔ Kristo mu bɛsi pi ama yatumi adi n’asɛm biara so.14 Yɛbɛtumi asua Yesu Kristo15 berɛ a yɛre sua Ne nkyerɛkyerɛ ne Ne nhwɛsoɔ—na yɛbɔ mmɔden di soɔ. Yɛbɛsua Ne bɔhyɛ ne ne nnyinasoɔ a Wɔde ne bɔhyɛ ma.16 Sɛ yɛkɔ so sua a, Awurade mu dɔ bɛhyɛ yɛn ma.

Sɛ yɛde yɛn ho to Kristo nkyerɛkyerɛ so a, yɛbɛkɔ yɛn Soro Agya nkyɛn dabiara wɔ ahobrɛaseɛ, kokoam mpaebɔ mu, baabi a yɛbɛtumi ada aseda adi wɔ Ne Ba no akyɛdeɛ ne yɛn nhyira nyinaa ho.17 Yɛbetumi abɔ mpae ahwehwɛ Honhom Kronkron no adiyisɛm fekubɔ,18 bɔ mpae sɛ yɛbɛma yɛn pɛ ne Ne deɛ ahyia,19 yɛbɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛdwene yɛn apam ho na yɛayɛ yɛn bɔhyɛ foforɔ sɛ yɛbɛdi so.20 Yebetumi abɔ mpae de akura na yɛda ɔdɔ adi ama yɛn nkɔnmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ21 bɔ mpaeɛ hwehwɛ bɔne fafirie tumi a ɛho te;22 na yɛbɔ mpaeɛ hwehwɛ ahoɔden a yɛde bɛko atia nsɔhwɛ.23 Meto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ nyɛ adeɛ titiriw wɔ w’asetena mu, hwehwɛ da biara sɛ wobɛma wo ne Onyankopɔn nkitahodie atu mpɔn.

sɛ yɛde yɛn ho to Kristo nkyerɛkyerɛ so a, yɛde wiase nneɛma a ɛhyerɛn no bɛto nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbetumi de yɛn adwene asi wiase Gyefoɔ no so24 Yɛbɛte anaa yɛbɛtwa mmerɛ a yɛsɛe no wɔ ananse ntentan mfidie so, agorɔ, ɛho nhia, mmorosoɔ anaa anigyeɛ a ɛnnyɛ ne berɛ mu, deɛ ɛtwetwe saa nsɛmfua yeinom ba no yɛ aboɔdenneɛ a ɛyɛ ahuhudeɛ na dwumadie foforɔ biara a ɛma nkyerɛkyerɛ bɔne ne nnipa nkyerɛkyerɛ a ɛntene. Ɛyɛ Kristo mu nkutoo na yenya nokorɛ ne mmamu a ɛtena hɔ daa.

Nokorɛɛ mu25 sɛ yɛgye Kristo nkyerɛkyerɛ no di a yɛbɛnya adwensakyera a ɛfiri akoma pa mu26 ntoasoɔ anigyeɛ sononko—yɛn abrabɔ no mu bi ne sɛ wɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn ama yɛn asesa ayɛ sɛ Kristo.27 Adwensakyera a yɛde gyedie wɔ Kristo mu no ma yɛnya kwan kɔ Kristo Mpata no mu. Titenani Dallin H. Oaks aka sɛ sɛ Agyenkwa no de kyɛ a, “Wɔyɛ bebree kyɛn sɛ Wɔrete [yɛn] ho afiri bɔne ho, Wɔsan ma yɛn ahoɔden foforɔ. Ɔma [yɛn] ahoɔden foforo nso.”28 Yɛn mu biara hia saa ahoɔden yi de adi Onyankopɔn mmaransɛm so na yɛadi yɛn abrabɔ mu daa atirimpɔwn ho dwuma.

Yesu ne Ne nkyerɛkyerɛ mu no, yenya ahoɔden. Wɔkaa sɛ, “Nokware, Nokware, mese mo sɛ wei ne me nkyerɛkyerɛ, na obiara a ɔsi ne dan wɔ yei so nosi no wɔ me botan so, na asamando pono renni ne so nkunim.”29

Yehu sɛ saa bɔhyɛ yi abam wɔ nnipa anokwafoɔ asetena mu. Afe baako akyiri kakra a atwamu no, me hyiaa Travis ne Kacie Na woaware mmra mu wɔ 2007 Saa berɛ yi na Travis ɛnnyɛ Asɔre ba Na Kacie deɛ wɔwoo no too Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ fie, na wɔtɔ sini wɔ ne gyidie mu wɔ ne babunu mfeɛ so afei na wafiri fapim no ho

Wɔ 2018,Travis hyiaa asɛmpatrɛfoɔ na wɔsesa baa Awurade nkyɛn, wɔdii gyidie mu dwuma kɔɔ adwensakyera ho, na wɔbɔɔ no asu Ɔbɛnim 2019 Travis bɛyɛɛ asɛmpatrɛ dwumadie maa Kacie na ɔno nso bɛnyaa abrabɔ mu adwensakyera sesaeɛ Wɔgyee nsɔanoe nhyira wɔ tɛmpol Ɛbɔ 9, 2020. Mfeɛ mmienu wɔ n’asubɔ akyiri no, Travis nyaa ɔfrɛ wɔ ɔhwɛfoɔ dwumadie mu

Na Travis wɔ honam mu yareɛ bi a ɛtɔkɔso boa ano de kokoram to ne mu akwaa no mu Na woayɛ sɛɛgyiri pii sɛ ɔbɛtu saa kokoram yi ase nanso yareɛ yi yɛ koankorɔ Mfeɛ pii a atwam korɔ no, wɔka kyerɛɛ Travis sɛ ne nkwa a aka no nnuru mfeɛ 10

Na Kacie wɔ ani yareɛ, a ɛfiri mogya abusua mu a ɛtwe n’adehunu kɔ akyirikyiri de kɔsi sɛ n’ani fraa koraa.

Kacie kasa faa ne daakye ho Wɔdwenee sɛ, ɛnkyɛre koraa wɔbɛyɛ kunani, nifrani, a wɔnni sika mmoa biara na anka ampɛsɛ woahwɛ mmɔfra a wɔrenyini nan Mebisaa Kacie ɔkwan a wɔbɛfaso agyina wɔ daakye a gyidie biara nnim yi Wɔseree asumdwoeɛ mu na ɔkaa sɛ, “Mennyaa anigyeɛ anaa anidasoɔ wɔ m’abrabɔ mu da. Yɛbɛtumi akura bɔhyɛ ahodoɔ a yɛnya no wɔ tɛmpol mu

Travis yɛ ɔhwɛfo seesei Abosome mmienu a atwam akyiri no wɔsane yɛɛ sɛɛgyiri bio Nanso wɔwɔ anidasoɔ ne asumdwoeɛ Kacie ani yareɛ yi ayɛ kɛse Afei wɔnyaa ɔkraman a ɔkyerɛ no kwan mpo na wɔntumi ntwi lɔre Nanso n’ani sɔ sɛ wɔbɛhwɛ ne mma na woasan asom sɛ ɔfutufoɔ wɔ mmaayewa Titenafoɔ no mu

Travis ne Kacie asi wɔn dan asi bepɔ so Travis ne Kacie wɔ gyidie wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu ne bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ Nyame “bɛhyira [yɛn] yɛn yareɛ mu ama no asi [yɛn] yie.”30 Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛɛ a ɛyɛ pɛ mu no, amanehunu a yɛde gyidie wɔ Kristo mu no ne yɛn a yɛbɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu no wɔ abusuabɔ.31 Tesɛ deɛ ɔbarima nyansani no kaeɛ wɔ abɛbusɛm a ɛfa deɛ ɔsii ne dan wɔ bepɔ so no,32 Na nsuo tɔɔe, na nsuyire baae, na mframa bɔɔe, na ɛbɛbɔɔ ɛdan no; na ammu angu; ɛfiri sɛ ɔtoo ne fapem wɔ botan so.33

Yesu ankasa amfa tumi a osutɔ ne nsuyire ne mframa a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu ho; na mmom Ɔkasa faa ahotɔsoɔ a ɛkyerɛ sɛ ahum bɛba. Adeɛ a ɛsakra wɔ saa bɛ yi mu no nyɛ sɛ ebia ahum bɛba na mmom sɛdeɛ yɛadi Ne ɔdɔ nsatoɔ a ɔde reto nsa frɛ no sɛ yɛntie na yɛnyɛ deɛ Wakyerɛkyerɛ no nyinaa so.34 ɔkwan foforo biara nni hɔ a wobɛfa so anya nkwa.

Berɛ a yɛasi yɛn afie wɔ apam abusuabɔ a yɛne Kristo wɔ fapem so no, yɛregye Kristo nkyerɛkyerɛ no mu ahotosoɔ na bere a yɛreba Ne nkyɛn no, yɛwɔ ne bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa ho. Wɔn a wɔgye Kristo nkyerɛkyerɛ no die no kura mu kɔsi awieeɛ. Kwan foforɔ biara nni hɔ a yɛnam so bɛnya nkwagyeɛ wɔ ɔsoro ahenman mu.35

Medi m’adanseɛ fa Israel Ɔkronkronni no ho—mpo Yesu Kristo din no. Medi ho adanseɛ sɛ Nyame dɔ wiase na Wɔde Ne Ba maeɛ sɛ ɔmɛgye yɛn firi bɔne mu36 na Wɔnyi yɛn firi amanehunu mu.37 Medi ho adanseɛ sɛƆno na woafrɛ Nyame diifoɔ wɔ yɛn mmerɛ yi so mpo Titinanii Russell M. Nelson, na ne mu na Ɔkasa fa san kyerɛ yɛn kwan.

Mede m’akoma nyinaa, meto nsa frɛ wo sɛ gye Kristo nkyerɛkyerɛ di na hyehyɛ w’abrabɔ wɔ Ɔgyefoɔ no botan so. rennyae yɛn da. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.