Amansan Nhyiamu
Awurade Yesu Kristo no Kyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnsom
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Awurade Yesu Kristo no Kyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnsom

Sɛ Awurade mmoa ka ho a, yɛbɛtumi adɔ Ne nwan a wɔ somboɔ na yɛn asom wɔn sɛdeɛ anka ɔbɛyɛ no

Awurade Yesu Kristo kaa sɛ:

“Me ne odwanhwɛfoɔ pa no; odwanhwɛfoɔ pa no de ne nkwa to hɔ ma nnwankuo no.

“Sɛdeɛ Agya no ni me, na me nso menim Agya no: na mede me kra me to hɔ mema nnwan no.”1

Wɔ Greek kasa twerɛsɛm mu no, asɛm papa nso kyerɛ sɛ “ɛyɛ fɛ, ɛkrɔn.” Nti ɛnɛ, mepɛ sɛ me kasa fa Odwanhwɛfoɔ Papa no ho, odwanhwɛfoɔ fɛfɛɛ no, Odwanhwɛfoɔ Nimuonyamni no, mpo Yesu Kristo.

Wɔ Apam Foforɔ mu no, wɔfrɛ no “odwanhwɛfoɔ kɛseɛ,”2 odwanhwɛfoɔ hene no,”3 ne “Odwanhwɛfoɔ ne [yɛn] kra so Hwɛfoɔ.”4

Wɔ Apam Dada mu no, Yesaia twerɛɛ sɛ “Ɔbɛma ne nnwan aduane sɛ odwanhwɛfoɔ.”5

Wɔ Mormon Nwoma no mu, wɔfrɛ no “odwanhwɛfoɔ pa”6 ne “odwanhwɛfoɔ pa nokwafoɔ kɛseɛ.”7

Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Ɔkaa sɛ, “Ɛno nti, me wɔ mo mfinimfini, na mene odwanhwɛfoɔ pa no.”8

Wɔ yɛn berɛ so, President Nelson aka sɛ: “Odwanhwɛfoɔ Papa no wɔ ɔdɔ kwan so hwɛ nnwan a wɔwɔ Ne kuo mu nyinaa, na yɛyɛ Nasuafoɔ nokwafoɔ. Yɛn akwanya ne sɛ kyerɛ Ne dɔ na yɛde yɛn deɛ aka ho ama ayɔnkofoɔ ne anuanom—ma aduane, nhwɛ, na yɛbɛtete wɔn—sɛdeɛ Agyenkwa no bɛyɛ ama yɛn.”9

Nansa yi, President Nelson aka sɛ, “Awurade no Asɔre nokorɛ a ɛteaseɛ agyinahyɛdeɛ bɛyɛ deɛ berɛ biara wɔhyehyɛ, na ne mmɔdemmɔ prɛko pɛ ne sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn mma ankorankorɛ ne wɔn mmusua. Esiane sɛ ɛyɛ N’Asɔre nti, yɛn sɛ N’asomfoɔ no bɛsom obiara, sɛdeɛ Ɔsom yɛ no.” Yɛbɛsom wɔ Ne din mu, ne Ne tumi ne ahoɔden mu, wɔ Nayemyɛ dɔ mo.”10

Berɛ a Farasiifoɔ no ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kasa tiaa Awurade, “sɛ, Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi,”11 Ɔde abasɛm fɛɛfɛ buaa wɔn a yɛnim no sɛ ɔba kohwini, dwetɛbena a ayera, ne odwan a wayera abebusɛm no.

Ɛyɛ anika sɛ wobɛhyɛ ne nso sɛ berɛ Luka, Asɛmpa twerɛfoɔ, de abasɛm mmiɛnsa reto dwa no ɔde asɛm abebusɛm wɔ ankoɛ kabea, ɛnyɛ dodoɔ kabea.12 Asɛ Awurade rekyerɛ adeɛ sononko bi wɔ abasɛm mmiɛnsa mu, abasɛm a ɛde mma ahodoɔ, nnwan 100, sika 10, ne mmarima mmienu.

Aba a ɛdi akotene wɔ abasɛm yi mu, yɛ aba baako no Na adesuadeɛ a yɛbɛtumi anya afi saa aba no mu ne sɛ ebia wo yɛ hwɛsoni ma asɔfoɔ ne asɔfoɔ nkumaa 100 wɔ asɔfokuo mu, anaa fotuni ma mmaayewa 10, anaa ɔkyerɛkyerɛni ma mmofra 2, nanso wo som wɔn daa, hwɛ wɔn na wo dɔ wɔn baako baako. Wonka da sɛ, “odwankwasea bɛn nie,” anaa “Anyɛ koraa no, menhia saa sika yi,” anaa “Abofra bɔne bɛn nie.” Sɛ me ne wo wɔ “Kristo dɔ mapa no a,”13 yɛn, te sɛ owura na ne nnwan yeraaɛ no, “bɛgya aduɔkron nkron no na yakɔ hwehwɛ deɛ wayera no, kɔpem, kɔpem kɔpem sɛ yɛbɛ] hunu no.”14 Anaa te sɛ ɔbaa na ne sika ayera no, yɛbɛ “sɔ kanea na yɛapra dan no mu, na yahwehwɛ yie, [ yie] kɔpem, kɔpem, kɔpem sɛ yɛbɛ] hunu.”15 Sɛ yɛwɔ “Kristo dɔ krogyee no a,” yɛbɛdi ɔba deseifoɔ no papa nhwɛsoɔ no akyi, ɔno a berɛ a na ne ba no “wɔ akiri koraa, ɔhunuu no, nyaa tema na ɔtuu mirika, na ɔtɔɔ ne kɔn so na ɔfee nano.”16

Yɛbɛtumi anya atinka a owura na naboa yeraai no nka anaa? Anaa yɛbɛtumi anya atinka a obaa na ne sika yeraai no nka anaa? Anaa ɔdɔ mapa ne tema a na ɛwɔ ɔbadeseifoɔ no papa akoma mu?

Me yere, Maria Isabel, ne me som wɔ Amerika Mfimfini, a na yɛte Guatemala kuro mu. Ɛhɔ me nyaa akwanya hyia Julia, Asɔre no ba nokwafoɔ bi. Menyaa atinka sɛ me mbisa nabusua ho asɛm. Ne maame wuui wɔ kokoram ho 2011. Na ne papa yɛ stake panin nokwafoɔ, wasom sɛ hwɛfoɔ ne fotufoɔ ma ne peewa titenani mfie pii. Ne ɔyɛ hwɛsomani nokorɛ ni ma Awurade. Julia ka kyerɛɛ me ne mmɔdemmɔ sɛ ɔbɛsra, na wasom. Ampa, ɔdii ahrusie sɛ ɔmaa Awurade nnwan aduane na ɔhwɛɛ wɔn so Ɔsan waree yɛ na ɔtenaa Asɔre no mu.

Mfeɛ kakra akyi no, ɔsan kɔɔ awaregyai mu na afei na ɔno nko ara na ɔkɔ Asɔre bio. Ɛyɛɛ no sɛ wayera mu na ɛsan so yɛɛ no sɛ afoforɔ bu no animtia ɛnam n’awaregyaeɛ no nti. Ɔgyai asɔre kɔ berɛ a honhom bɔne hyɛɛ nakoma mu ma.

Julia kasa faa saa ɔhwɛsofoɔ a, na ɔyɛ adwuma den, wɔ ɔdɔ ne tema yi ho wɔ kwan pa so. Mekae paa yie sɛ berɛ a na ɔrekyerɛkyerɛ ne ho asɛm akyerɛ me no, atinka sɛ ɛyɛ ahiasɛm. Na mepɛ sɛ meyɛ biribi kɛkɛ ma saa owura no, owura a wayɛ pii ama nnipa pii wɔ saa mfeɛ no nyinaa.

Ɔde ne tetefon nɔmma maa me na mehyɛɛ aseɛ frɛɛ no, wɔ anidasoɔ mu sɛ mɛnya akwanya ahyia no ankasa. Nnapɛn ne ɔfrɛ pii akyi no, anyɛ yie, da koro deɛ ɔgyee tetefon no so.

Mekakyerɛɛ no sɛ mahyia ne ba baa, Julia, na mani sɔ sɛdeɛ ɔsom yɛ, na ɔdɔɔ Awurade nwan a wɔn somboɔ no mfie bebree. Na ɔnsusu sɛ mɛka saa. Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ mesra no anim ne anim so. Ɔbisaa me botaeɛ nti a mepɛ sɛ me hyia no. Mebuaɛ, “mepɛ sɛ me hyia awuraa nwanwani no papa.” Afei bɛyɛ sima kakra no na wayɛ din wɔ tetefon no so—sima kakra no yɛɛ me sɛ daapem. Ɔkaa no tiawa sɛ, “Berɛ ne beaɛ bɛn?”

Da a mehyiaa no, me too nsa frɛɛ no sɛ ɔne me nkyɛ ne suahunu no bi wɔ som mu, ne sɛ ɔresom Awurade nwan a wɔn somboɔ no. Berɛ a ɔreka ne nsɛm a atinka wɔ mu no, me hunuu sɛ ne nne asesa na saa honhom a ɔtee nka mpɛn pii sɛ hwɛsofoɔ no asan aba. Afei na anisuo aba naniwa mu. Me hunuu sɛ yei ne berɛ pa ma me, nanso me hunuu sɛ na mennim deɛ me nka. Me bɔɔ mpaeɛ wɔ me tirim, “Agya, boa me.”

Prɛko pɛ, me tee me ho sɛ mereka sɛ, “Onua Florian, sɛ Awurade akoa me pa wo kyɔw sɛ na me nni hɔ ma wo. Me srɛ wo fakyɛ yɛn. Ma yɛn akwanya foforɔ mfa kyerɛ wo sɛ yɛdɔ wo. Na yɛhia wo. Na wo ho hia ma yɛn.

Kwasiada a ɛtoa so no ɔbaa yɛ. Ɔne ne hwɛfoɔ dii nkɔmmɔ pii na ɔtenaa mu. Abosome kakra akyi no ɔwuu—nanso ɔsan baaɛ. Na ɔsane baa n’akyi. Medi adanseɛ sɛ sɛ Awurade mmoa ka ho a, yɛbɛtumi adɔ Ne nwan a wɔ somboɔ na yɛn asom wɔn sɛdeɛ anka ɔbɛyɛ. Na nti, wɔ Guatamala kuro no mu, Awurade Yesu Kristo de oguan baako a ɔsomboɔ bɛkaa Ne nnwankuo no ho. Na Ɔkyerɛɛ me adesuadeɛ bi fa ɛsom ho a me werɛ remfiri da. Wɔ Odwanhwɛfoɔ pa no din mu, odwanhwɛfoɔ fɛɛfɛ no, Odwanhwɛfoɔ Nimuonyamni no, mpo Awurade Yesu Kristo, amen.