Amansan Nhyiamu
Berɛ a Ɛwɔ sɛ Wogye Agya Panin Nhyira
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Berɛ a Ɛwɔ sɛ Wogye Agya Panin Nhyira

Sɛ wo nsa ka wo nhyira no a, wobɛhunu na woate nka sɛdeɛ Yɛn soro Agya ne Yesu Kristo Wɔdɔ wo ne sɛdeɛ Wɔde wɔn adwene si wo so ankorankorɛ.

Nnora m’adamfo dɔfoɔ Elder Randall K. Bennett kasa faa agya panin nhyira ho . Na ɛyɛ nkrasɛm kɛseɛ na ɛkanyann yɛn nyinaa. Menuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, me nso mɛtumi akasa afa agyapanin nhyira ho? Agyanom mpanimfo, berɛ a agyanom mpanimfo nhyira ho adesrɛ betumi akɔ soro no, mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade nhyira mo berɛ a mokɔ so ma mo frɛ no yɛ kɛse no.

Mmerɛ a mɛkɔ stake nhyiamu no, me ne stake agya panin ne ne hokafoɔ kɔ nsra berɛbiara. Agya paninom yɛ akandifoɔ a wɔdwoɔ, wɔyɛ sotie, na wɔn ne deɛ Onyankopɔn afrɛ wɔn. Wɔka honhom mu suahunu ahodoɔ a ɛyɛ nwanwa pii kyerɛ me. Me bisa wɔn mfeɛ a deɛ ɔyɛ kumaa ne panin a wɔde nhyira ama wɔn no adie. Ɛde bɛsi nnɛ no na kumaa no adi mfeɛ dubaako, ɛna deɛ wanyini no adi mfeɛ aduɔkron mmiɛnsa.

Menyaa m’agya panin nhyira sɛ Asɔreba foforɔ, berɛ a na madi mfeɛ dunkron, mfeɛ mmienu akyi a wɔbɔɔ me asu. Na m’agya panin no abɔ akɔkoraa a ɛyɛ nwanwa. Ɔde ne ho bɔɔ Asɔre no wɔ afe 1916 mu na na ɔyɛ Asɔre adikanfoɔ no bi wɔ Japan. Na ɛyɛ me anidie kɛseɛ sɛ mɛnya me agya panin nhyira afiri saa Awurade suani a ɔyɛ nwanwa no hɔ. Na ne Japan kasa no yɛ den kakra ma me sɛ mɛte aseɛ, nanso na tumi wom.

Agya mpanimfoɔ a mahyia wɔn no ka kyerɛɛ me sɛ ankorankorɛ pii nya wɔn agya panin nhyira ansa na wɔakɔsom asɛmpatrɛ adwuma bi. Me mmeranteɛ adɔfoɔ, mmabaawa, awofoɔ, ne bishopnom, agya panin nhyira nyɛ ahosiesie a wɔde bɛsom asɛmpatrɛ adwuma nko ara. Asɔremma a wɔabɔ asu a wɔfata bɛtumi anya wɔn agya panin nhyira berɛ a berɛ no fata ma wɔn no.1

Asafomma mpanimfoɔ adɔfoɔ, mo mu binom nnya nnyaa mo agya panin nhyira. Kae sɛ ɛmfa ho ne mfeɛ dodoɔ a obi adie.

Na m’ase baa yɛ Asɔreba a n’ahokeka wɔ soro a, ɔsomm sɛ Relief Society kyerɛkyerɛfoɔ kɔsii sɛ owuuiɛ wɔ ne mfeɛ 91 so. Medii awerɛhoɔ berɛ a metee sɛ wannya agya panin nhyira no. Onyaa nsɛm denden pii wɔ n’abrabɔ mu, na esiane sɛ na ɔnni asɔfodie kurafoɔ wɔ fie nti, wannya asɔfodie nhyira pii. Ebia na anka agya paninnhyira bi maa no awerɛkyekyerɛ berɛ a na ohia no kɛse no.

Mpanimfoɔ, sɛ mo mu binom nnya nnyaa mo agya panin nhyira a momma no nha mo! Ɛsono obiara honhom mu berɛ nhyehyɛeɛ. Sɛ woadi mfie 35 anaa 85 na wowɔ ɔpɛ a, wo ne wo bishop nkasa mfa sɛ wobɛgye wo nhyira ho.

Asɔre asafomma afoforɔ, moate agya panin nhyira ho asɛm? Na mennim akwanya a ɛfa ho sɛ menya bi berɛ a mekɔkaa Asɔre no ho, nanso me dɔfo bishop na ɔkaa agya panin nhyira ho asɛm kyerɛɛ me na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ mensiesie me ho sɛ mɛgye me deɛ wɔ m’asubɔ akyiri. M’adɔfoɔ a moyɛ asɔremma foforɔ, mobɛtumi anya agya panin nhyira nso. Awurade bɛboa wo ama w’asiesie wo ho ama akwanya kronkron yi.

Momma yɛnsusu tirimpɔ mmienu a ɛwɔ agya panin nhyira ho:

  1. Agya panin nhyira kuta ankasa afutuo a ɛfiri Awurade hɔ.2

  2. Agya panin nhyira bi ka w’abusuasantene ho asɛm wɔ Israel fie.

W’agya panin nhyira nso yɛ nkrasɛm a ɛfiri wo Soro Agya hɔ na ɛbɛba sɛ deɛ ɛka ho yɛ bɔhyɛ ne nkanyan afotuo sɛ ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ w’asetena nyinaa mu. Agya panin nhyira rennyɛ w’asetena ho mfonini anaasɛ ɛremma wo nsɛmmisa nyinaa ho mmuaeɛ. Sɛ ɛnka asetena mu asɛm bi a ɛho hia ho asɛm a, mfa saa asɛm no nkyerɛ sɛ wonnya saa akwanya no. Saa ara nso na awerɛhyem biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ biribiara a ɛwɔ wo nhyira mu no bɛba mu wɔ abrabɔ yi mu. Agya panin nhyira wɔ hɔ daa, na sɛ wotena ase sɛnea ɛfata a, wama bɔhyɛ ahodoɔ a ɛnya mma mu wɔ asetena yi mu na mmom wɔ nea ɛdi hɔ no mu.3

Berɛ a wonya abusuasantene yi paemuka no, wobɛba abɛhunu sɛ wofiri Israel fie ne Abraham ase ni.4 Sɛ wobɛte aseɛ sɛ ɛho hia no, fa w’ani si bɔhyɛ a Awurade nam Abraham so hyɛɛ Israel fie .

Saa bɔhyɛ no bi ne:

  • ““N’asefoɔ bɛyɛ pii (Hwɛ Gyenesis 17:5–6; Abraham 2:9; 3:14).

  • “N’aba, anaa n’asefoɔ, bɛgye asɛmpa no na wɔasoa asɔfodie no(hwɛ Abraham 2:9).

  • “Ɛnam n’asefoɔ som adwuma so no, ‘wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa, mpo wɔde Asɛmpa no nhyira, a ɛyɛ nkwagyeɛ nhyira, mpo daa nkwa’ (Abraham 2:115

Sɛ Asɔre asafomma yi, yɛyɛ apam no mma.6 Yɛnya Abraham apam no nhyira berɛ a yɛdi asɛmpa no mmara ne ayɛyɛdeɛ so.

Ahosiesie ma mo agya panin nhyira bɛboa mo ama mo gyedie anyini wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu. Na sɛ wo nsa ka wo agya panin nhyira na wokenkan na wo dwennwene ho a, wobɛtumi de w’adwene asi Wɔn so mpɛn pii.

Titenani Thomas S. Monson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Awurade korɔ no a ɔde Liahona maa Lehi no, ma mo ne me nnɛ da yi, akyɛdeɛ a ɛntaa mma na ɛsom bo sɛ ɛbɛma yɛn abrabɔ mu akwankyerɛ, sɛ ɛbɛhyɛ asiane ho agyiraeɛ ama yɛn ahobanbɔ, na ahyehyɛ ɔkwan no,mpo ɔkwan a asiane nni mu—ɛnyɛ deɛ ɛrekɔ bɔhyɛ asase bi so, mmom ɛkɔ yɛn soro fie.”7

M’adɔfoɔ bishopnom, awofoɔ, mpaninfoɔ quorum ne Relief Society titenafoɔ, ward asɛmpatrɛ akandifoɔ, anuanom mmarima ne mmaa a wɔsom, yɛsrɛ mo, monhyɛ saa mmarimaa ne mmabaawa, asafomma mpaninfoɔ , ne asafomma afoforɔ a wɔnnya nnyaa wɔn agya panin nhyira no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Awurade akwankyerɛ ne mmoa wɔ wɔn ahosiesie mu sɛ wɔbɛyɛ saa.

Metaa de mpaebɔ kenkan m’agya panin nhyira; ɛma me nkuranhyɛ berɛ nyinaa. Mehunu deɛ Awurade hwehwɛ firi me hɔ, na aboa me ama m’asakyera na mabrɛ me ho ase. Sɛ mekenkan na medwennwene ho a, mepɛ sɛ metena ase sɛdeɛ ɛfata sɛ menya ne nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no.

Sɛnea twerɛsɛm a yɛakenkan mprɛ pii no wɔ ntease foforɔ ma yɛn akyiri yi no, saa ara na yɛn agya panin nhyira no bɛnya nteaseɛ soronko ama yɛn wɔ mmerɛ ahodoɔ mu. Medeɛ no wɔ nteaseɛ sononko mprempren sene berɛ a na madi mfie aduasa ne berɛ a midii mfie aduonum no. Ɛnyɛ sɛ nsɛmfua no sesa, mmom yɛhunu no ɔkwan foforɔ so.

Titenani Dallin H. Oaks paee mu kaa sɛ agya panin nhyira “wɔde ma wɔ Honhom Kronkron nhyɛsoɔ ase na ɛsɛ sɛ wɔkenkan na wɔkyerɛ ase wɔ saa Honhom korɔ no ara nkɛntɛnsoɔ ase. Wɔde Honhom korɔ no ara a ɛkanyan [no] no tumi bɛkyerɛkyerɛ agya panin nhyira asekyerɛ ne nea ɛkyerɛ toatoa so wɔ bere a ɛkɔ so no mu.”8

Anuanom mmarima ne mmaa, medi m’adanseɛ sɛ Ɔsoro Agya ne Ne Dɔfoɔ ne Ɔba a ɔwoo no Korɔ, Awurade Yesu Kristo, te ase. Wɔdɔ yɛn. Agya panin nhyira yɛ akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri Wɔn hɔ ba. Sɛ wo nsa ka wo nhyira no a, wobɛhunu na woate nka sɛdeɛ Wɔdɔ wo ne sɛdeɛ Wɔde wɔn adwene si wo so ankorankorɛ.

Mormon Nwoma No yɛ Yesu Kristo ho Adanseɛ Baako nso. Na ɛyɛ me anigyeɛ sɛ nkɔmhyɛni a ɔte ase na ɔdi m’nim, Titenani Russell M. Nelson.

Meda ase pa ara ma yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo. Saa Easter Kwasiada yi mede m’adwene bɛsi No ne Ne Wusɔreɛ so na masom No na mada ase wɔ N’afɔrebɔ ho. Menim sɛ Ɔhunuu amanneɛ a ɛmu dɔ ɛfiri sɛ Ɔdɔ yɛn dodo. Menim sɛ ɔsɔre firii awufoɔ mu ɛsiane ɔdɔ a na Ɔwɔ ma yɛn nti. Ɔyɛ kann. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 18.17ChurchofJesusChrist.org.

  2. Hwɛ “Patriarchal Blessings,” wɔ True to the Faith (2004), 112.

  3. Hwɛ “Patriarchal Blessings,” wɔ True to the Faith, 113.

  4. Hwɛ Abraham 2:10

  5. Abrahamic Covenant,” wɔ True to the Faith, 5.

  6. Hwɛ 3 Nifae 20:25–26

  7. Thomas S. Monson, “W’Agya Panin Nhyira: Liahona Hann Bi,” Ensign, Obubuo 1986, 65.

  8. Dallin H. Oaks, “Patriarchal Blessings,” Worldwide Leadership Training Meeting: The Patriarch, Ɔpɛpɔn 8, 2005, 10.