Amansan Nhyiamu
Nnɔbae-twa a Ɛnwie Pɛyɛ
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Nnɔbaetwa a Ɛnwie Pɛyɛ

Agyenkwa no ayɛ krado sɛ ɔbɛgye yɛahobraseɛ afɔreɛ na wama no awie pɛyɛ wɔ Nadom mu. Sɛ Kristo ka ho a, otwa biara di mu.

Na meyɛ abamuwa, me suaa sɛ mɛdɔ ewiem nsakraeɛ a na ɛwɔ afe no mu wɔ Southwest Montana, beae a me nyiniiɛ. Ɛberɛ a na mepɛ paa ara yɛ twaberɛ—berɛ a wɔtwa nnɔbaeɛ. Na yɛabusua de anidasoɔ bɔ mpaeɛ sɛ adwuma den a yayɛ no abosome a atwam no so bɛba mfasoɔ sɛ yɛbɛnya nnobaeɛ. Na mawofoɔ dwene ewiem nsakarae ho, mmoa no apomuden ne mfudeɛ, ne nneɛma na wɔn ntumi nyɛ ho hwee.

Berɛ a merenyin no me bɛhunuu sɛ na ɛyɛ ahiasɛm paa. Na yɛn daadaa asetena gyina ɔtwa berɛ no so. Mepapa kyerɛɛ me sɛdeɛ wɔde otwa afidie yɛ adwuma. Mehwɛɛ sɛnea ɔde mfidie no bɛkɔ afuo no mu, atwitwa aburo ketewaa bi, na afei wahwɛ nea wɔde afrafra no akyi hwɛ sɛ aburo dodoɔ biara a obetumi akɔ fam wɔ ahina a wɔde kura mu no mu na wɔamfa nwura no anto agu. Ɔyɛɛ saa mpɛn pii, dwɔsoo afidie no berɛ biara. Medii akyi ne no hwehwɛɛ nwura no mu te sɛ deɛ na menim deɛ mereyɛ.

Berɛ a nakoma tɔɔ ne yam wɔ afidie no ho no, mehunuu aduane no bi wɔ nwura no na mede kɔmaa no de mfeefee mu aniwa hwɛɛ nanim. Me werɛ remfi nea me papa ka kyerɛɛ me no: “Ɛye sɛnea ɛsɛ na eye sen biara a afidie yi bɛtumi ayɛ.” Na ne mmuaeɛ no ntɔ me tirim yie, medwenee sintɔ a ɛwɔ otwa yi ho.

Ankyɛ koraa, berɛ a nwunu baa anwumerɛ no, mehunuu belebele ne kwakwalebi mpempem sɛ wɔbaa afuom asase so bɛdidii kama toaa wɔn akwantu tenten so. Wɔdii aduane a ɛkaaɛ wɔ afuom hɔ nyinaa. Nyankopɔn maa no wiee pɛyɛ. Na adwe baako mpo anyera.

Ɛtaai yɛ nsɔhwɛ wɔ yɛn wiase yi mu ne mpo Asɔre no amammerɛ mu sɛ yɛde pɛpɛyɛ ahyɛ yɛn adwene so. Abɛɛfo ntentan so, nsusuiɛ a ɛnni ngyinaso, ne yɛankasa yɛn fɔbuo ma yɛbu yɛn ho abomfiaa—sɛ yɛmmfata ne yɛntumi mfata da. Ɛbinom mpo nte Agyenkwa no frɛ sɛ “Ɛno nti monyɛ pɛ.”1

Kae sɛ pɛpɛyɛ ne sɛ wobɛwie pɛyɛ wɔ Kristo mu nyɛ ade korɔ.2 Pɛpɛyɛ hia deɛ wontumi nyɛ, a wankasa susudua a wodehyɛ wo ho a ɛde wo toto afoforɔ ho. Yei de fɔdie ba, ahoɔprɛ, na ɛbɛtumi ama yɛn atwe yɛn ho afiri afoforɔ nkyɛn.

Wobɛwie pɛyɛ wɔ Kristo mu nso yɛ adeɛ foforɔ. Ɛyɛ anamɔntuot—a Honhom Kronkron boa wɔ ɔdɔ kwan sot—debɛyɛ te sɛ Agyenkwa no. Ɔsoro Agya dɔfoɔ, ɔyemyɛfoɔ a ɔnim biribiara no na wahyehyɛ susudua no na wakyerɛ mu pefee wɔ apam a Ɔto nsa frɛ sɛ yɛmmɛ gye no mu. Ɛgye yɛn firi asodie a ɛwɔ fɔdie ne amfata mu, a ɛsi so dua ma yɛn fa deɛ yɛyɛ wɔ Nyankopɔn ani so. Berɛ a saa anammɔntui ma yɛn so na ɛpia yɛn sɛ yɛnyɛ papa no, wɔde yɛankasa yahofama ma Nyankopɔn a yɛda no adi wɔ yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛdi Nakyi wɔ gyidie mu na ɛsusu yɛn. Berɛ a yɛgye Agyenkwa no frɛ sɛ yɛbɛdi Nakyi no, yɛbɛhunu ntɛm sɛ yɛn mmɔdemmɔ no yɛ na Agyenkwa dɔfoɔ no adom bɛyɛ deɛ aka no wɔ kwan sononko so.

Yɛbɛtuumi ahunu saa nkyerɛkyerɛ yi sɛ ɛreyɛ adwuma berɛ Agyenkwa no maa nnipa mpem num aduane diiɛ.

“Afei Yesu maa nani so na ɔhunuu sɛ nkorɔfokuo kɛseɛ bi reba ne nkyɛn no, ɔsee filipo sɛ, ɛhe na yɛbɛtɔ paano ama yeinom adie? 

“Filipo buaa no sɛ, paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra.

“Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, kakyerɛɛ no sɛ,

“Abarimaa bi wɔ a ɔwɔ atokoɔ paano nnum ne mpataa nketewa mmienu na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?”3

Wadwene ho pɛn atinka a Agyenkwa no nya faa saa abamuwa no ho, a ɔde gyidie sɛ abofra maa deɛ na ɔnim sɛ ɛnso koraa wɔ adwuma sono anim?

“Na Yesu faa paanoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa n’asuafoɔ no na n’asuafoɔ no nso de maa wɔn a wɔtete hɔ no, ne mpataa no nso saa ara dodoɔ a wɔpɛ.

“Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee nasuafoɔ no sɛ; mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.”4

Agyenkwa no maa ahobrɛaseɛ afɔreɛ no wiee pɛyɛ.

Ankyɛ wɔ saa suahunu yi akyi, Yesu maa Nasuafoɔ no dii kan wɔ kodoɔ mu. Ankyɛ na wɔhunuu wɔn ho wɔ asoɔkye bi mu wɔ anadwo no mu. Wɔn bɔɔ hu berɛ a wɔhunuu sɛ saman su bi renante nsuo no ani reba wɔn nkyɛn.

“Nanso ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn, sɛ, Momma mo bo ntɔ mo yam; ɛyɛ me; monnsuro.

“Na Petro buaa no sɛ, Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani.

“Na ɔkaa sɛ, Bra. Na Petro si firii kodoɔ no mu no, ɔnantee nsuo no ani, sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.

“Na ɔhunuu mframa denden no, ɔsuroeɛ; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ, Awurade, gye me.

“Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa, sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, O wo a wo gyidie sua, adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?”5

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛbia na ɛnyɛ ɛno ne nkɔmmɔ no awieɛ. Megyedi sɛ berɛ a Petro ne Agyenkwa no renante nsa da nsa mu akɔ kodoɔ no mu no, a Petro ho afɔ na wahunu ne mfomsoɔ no, ɛbia Agyenkwa no kaa biribi sɛ: “Oh, Petro, mɛnsuro na mma ɛnha wo. Sɛ anka wobɛtumi ahu wo ho sɛdeɛ Me hunu wo a, anka wo annyeanni bɛyera na wo gyidie akɔ soro. Medɔ wo, dɔfoɔ Petro; wofirii kodoɔ no mu. Wafɔreɛ no asɔ ani, na ɛwom sɛ woyɛɛ mfomsoɔ, mɛwɔ hɔ dabiara sɛ mɛma wo so afiri amena mu, na wafɔreɛ bɛwie pɛyɛ.”

Elder Dieter F. Uchtdorf kyerɛɛe:

“Megyedi sɛ Agyenkwa Yesu Kristo bɛpɛ sɛ wobɛhunu , atinka, na woahunu sɛ Ɔno ne wahoɔden. Na sɛ wo wɔ Ne mmoa a, akwansideɛ biara nni hɔ wɔ deɛ wobɛtumi ayɛ. Mmerɛ nna deɛ wobɛtumi abɛyɛ ho. Ɔbɛpɛ sɛ wobɛhunu wo ho sɛdeɛ Ɔhunu wo no. Na ɛno yɛ sononko firi sɛdeɛ ewiase hunu wo.”6

“Ɔma deɛ wabrɛ tumi; ne wɔn a wɔnni ahoɔden, ɔma wɔn ahoden kɔ soro.”6

Ɛwɔ sɛ yɛkae sɛ sɛdeɛ yɛn afɔreɛ teɛ biara no, Agyenkwa no bɛtumi ama no awie pɛyɛ. Ɛmfa ho sɛdeɛ yɛn mmɔdemmɔ teɛ, ɛnni sɛ yɛbu Agyenkwa no tumi sɛ ketewa bi da. Ayemyɛ asɛm ketewa bi, nsrahwɛ tiawa bi a ɛfiri akoma mu, mmofra adekyerɛ nokorɛ bi, sɛ Agyenkwa no mmoa ka ho a, ma awerɛkyekyerɛ, akoma dwo, na esesa nkwa a ɛnni awieeɛ. Yɛn mmɔdemmɔ kakra bi bɛtumi de anwanwadeɛ aba, na wɔ saa yɛ mu no, yɛbɛtumi aka pɛyɛ twa no ho.

Mpɛm pii no, wɔtaai de yɛn kɔ tebea a ɛtwe yɛn mu. Yɛbɛtumi atinka sɛ adwuma no boro yɛn so. Yɛbɛtumi ahwɛ wɔn a yɛne wɔn som na yɛahunu no sɛ ɛboro yɛn so. Anuanom mmaa ne mmarima, sɛ wo hunu no sei a, hwɛ mmaa ne mmarima na wɔte makyi no.

Mete mo yaa nka.

Masua sɛ sɛdeɛ pɛpɛyɛ ne sɛ wobɛwie pɛyɛ wɔ Kristo mu nyɛ ade korɔ no, saara na ntotoho ne sɛ wobɛdi obi anammɔn akyi nso nyɛ pɛ. Sɛ yɛde yɛn ho toto afoforɔ ho a, mmuaɛ mienu pɛ na ɛbɛ ba. Ɛyɛ sɛ yɛbɛhunu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforɔ na yɛabu wɔn animtia, anaa sɛ yɛbɛhunu yɛn ho wɔ fam kyɛn afoforɔ na yɛabu yɛn ho abɔmfiaa, na yɛabamu abu. Sɛyɛde yɛn ho bɛtoto afoforɔ mfa mfasoɔ mma, ɛnhyɛ nkuran, na ɛtɔda a ɛde kɔdaanna ba. Nokorɛ, saa ntotoho yi de ɔseiɛ ba honhom mu, na ɛyɛ akwansideɛ ma honhom mu mmoa a yɛ hia. Ɔfa bi nso, sɛ yɛdi wɔn a wɔda Kristo su adi annammɔn akyi tumi boa siesie yɛn, pagya yɛn, na ɛma yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ.

Agyenkwa no maa yɛn nhwɛsoɔ sɛ yɛn nni so sɛdeɛ Ɔdi Agya no akyi no. “Me ne mo wɔ hɔ dadaada yi, monhnuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu agya no, na adɛn nti na wose, kyerɛ yɛn agya no?”7

Na afei ɔkyerɛɛ sɛ, “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a me yɔ no, ɔno nso bɛyɔ.”8

Ɛmfa ho sɛdeɛ yɛn mmɔdemmɔ teɛ, sɛ yɛdi nokorɛ a, Agyenkwa no de yɛn bɛyɛ Nadwuma. Bɔmmɔden yɛ deɛ wobɛtumi nyinaa na nya awerɛhyɛm sɛ Ɔbɛyɛ deɛ aka no, yɛbɛtumi aka anwanwadeɛ a atwa yɛn ho ahyia no ho.

Elder Dale G. Renlund aka sɛ, “Ɛnni sɛ wo wie pɛyɛ, nanso yɛhia wo, esiane sɛ obiara a ɔwɔ ɔpɛ bɛtumi ayɛ biribi.”9

Na sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛkyerɛ yɛn sɛ,”Onyankopɔn pɛ mmɔdemmɔ.”12

Agyenkwa no ayɛ krado sɛ ɔbɛgye yɛahobraseɛ afɔreɛ na wama no awie pɛyɛ wɔ Nadom mu. Sɛ Kristo ka ho a, otwa biara di mu. Ɛwɔ sɛ yɛnya akokoɔduro de gyidi sɛ Nadom no yɛ yɛn dea—na Ɔbɛboa yɛn, agye yɛn afiri amena mu sɛ yɛhwe ase a, na wama yɛn mmɔden awie pɛyɛ.

Wɔ ogufoɔ no bɛ mu no, Agyenkwa no kyerɛkyerɛ mma a wɔdua no asase pa no mu. Ɛbi soo aduaba ɔha, ebi aduosia, na ebi nso aduasa. Ne nyinaa ka Ne pɛyɛ twa no ho.11

Nkɔmhyɛni Moroni too nsa frɛ obiara sɛ, “Aane, mommra Kristo hɔ, na monwie pɛyɛ wɔ ne mu, na sɛ motwe mo ho firi deɛ ɛntene nyinaa ho, na mode mo tumi, mo adwene ne mo ahoɔden nyinaa dɔ Onyankopɔn a, afei na n’adom bɛdɔɔso ama mo, na ɛnam n’adom so mobɛtumi awie pɛ yɛ wɔ Kristo mu”12

Anuanom mmarima ne mmaa, medi adanseɛ fa Kristo, a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛma yɛn ahobrɛaseɛ afɔreɛ awie pɛyɛ. Moma yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi, mfa deɛ yɛbɛtumi de aba mmra, na wɔ gyidie mu, mfa yɛn afɔreɛ a ɛnni mu no ngu Ne nan ase. Wɔ Ɔno a Ɔyɛ atwafoɔ panin a ɔwie pɛyɛ no din mu, mpo Yesu Kristo, amen.