Amansan Nhyiamu
Mmuaeɛ Berɛ Nyinaa no yɛ Yesu Kristo
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Mmuaeɛ Berɛ Nyinaa no yɛ Yesu Kristo

Nsɛmmisa ne ɔhaw biara a mowɔ no, wɔhunu mmuaeɛ no berɛbiara wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.

Menuanom mmarima ne mmaa, yɛamee wɔ honhom mu saa nna mmienu a atwam yi. Nnwontofoɔkuo no nnwom ayɛ krabɛhwɛ. Wɔn a wɔakasa no ayɛ adwinnadeɛ ama Awurade. Mebɔ mpaeɛ sɛ mobɛhwehwɛ Sunsum Kronkron no sɛ ɔbɛma mo akwankyerɛ wɔ mo adesua mu berɛ a moredwene nokorɛ a wɔakyerɛkyerɛ afiri saa ɔsɛnkafoɔ adwa yi ho no. Nokorɛ mu ɔsoro na asoma wɔn.

Nnawɔtwe sɛ ɛnnɛ yɛ Easter Kwasiada. Ɛyɛ ɛne nyamefɛrefoɔ afahyɛ a ɛhohia kɛse pa ara ma Yesu Kristo akyidifoɔ. Botaeɛ titire a nti yɛdi Buronya ɛyɛ Easter. Come, Follow Me asuadeɛ saa nnawɔtwe yi, bɛkanyan mo ama mo asua Agyenkwa no nkonimdie a ɔde hyɛnee Yerusalem, Ne tɛmpol mu nte ho, N’amanehunu wɔ Getsemane Turom, N’asɛndua mu bɔ, N’animuonyam Wusɔreɛ, ne Ne ho a ɔyi kyerɛɛ N’akyidifoɔ akyire yi no.1

Fa anigyeɛ sua saa nkyekyɛmu kronkron yi na hwehwɛ kwan biara a wobɛtumi, fa da yɛn Soro Agya ase sɛ ɔsomaa Ne Ba a Ɔwoo no korɔ no brɛɛ yɛn.2 Yesu Kristo nti, yɛbɛtumi asakyera ama wɔde yɛn bͻne akyɛ yɛn. Ɛnam Ɔno nti, yɛn mu biara bɛwu asɔre.

Meto nsa frɛ mo sɛ monsua amannebɔ no bio fa Agyenkwa no yi a ɔyii ne ho kyerɛɛ Nephifoɔ no wɔ Amerika mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ 3 Nephi no. Ankyɛre ansa na ɔreyi ne ho akyerɛ no, wɔtee Ne nne wɔ nkorɔfoɔ no ntam, a saa nkotosrɛ nsɛm yi ka ho:

“Morensan mma me hɔ seesei, na monsakyera mfiri mo bɔne ho, na monya nsakraeɛ, ama matumi asa mo yareɛ?

“Monhwɛ, m’ahummɔborɔ abasa no atene akyerɛ mo so, na obiara a ɔbɛba no, ɔno na mɛgye no.”3

Anuanom mmarima ne mmaa pa, Yesu Kristo to nsa korɔ no ara frɛ mo ɛnnɛ da yi. Mekoto srɛ mo sɛ mommra Ne nkyɛn ama Watumi asa moyareɛ! Ɔbɛsa mo yareɛ afiri bɔne ho berɛ a mosakyera no. Ɔbɛsa mo yareɛ afiri awerɛhoɔ ne ehu mu. Ɔbɛsa mo yareɛ afiri saa wiase yi mu apirakuro ho.

Nsɛmmisa ne ɔhaw biara a mo wɔ no, wɔhunu mmuaeɛ no berɛbiara wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Sua dodoɔ no ara fa Ne Mpata, Ne dɔ, Ne mmɔborɔhunu, Ne nkyerɛkyerɛ, ne N’asɛmpa ayaresa a aba bio ne nkɔsoɔ ho. Dane wo ho ma No! Di N’akyi!

Yesu Kristo nti na yɛsi tɛmpol. Ɛmu biara yɛ Ne fie kronkron. Morekɔ apam na moregye deɛ ɛhia afiri tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu, ahwehwɛ sɛ mobɛtwe abɛn No wɔ hɔ no, bɛhyira mo asetena wɔ akwan a ɔsom foforɔ biara rentumi mma. Ɛma saa botaeɛ yi nti, yɛreyɛ biribiara a ɛwɔ yɛn tumi mu sɛ ɛbɛma kwan a ɛwɔ tɛmpol nhyira ho abɛyɛ kɛse ama yɛn asafomma wɔ wiase afanan nyinaa. Ɛnnɛ, meda ase sɛ manya reka akyerɛ, yɛn nhyehyɛeɛ sɛ yɛsi tɛmpol foforɔ wɔ bea yi mu biara a ɛdidisoɔ yi:

  • Retalhuleu, Guatemala

  • Iquitos, Peru

  • Teresina, Brazil

  • Natal, Brazil

  • Tuguegarao City, Philippines

  • Iloilo, Philippines

  • Jakarta, Indonesia

  • Hamburg, Germany

  • Lethbridge, Alberta, Canada

  • San Jose, California

  • Bakersfield, California

  • Springfield, Missouri

  • Charlotte, North Carolina

  • Winchester, Virginia

  • Harrisburg, Pennsylvania

Menuanom mmarima ne mmaa pa, Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo ma N’Asɔre mu nnwuma ho akwankyerɛ. Medi adanseɛ sɛ n’akyiridie ne ɔkwan no nko ara a ɛkɔ anigyeɛ a ɛte hɔ daa mu. Menim sɛ Ne tumi resiane wɔ N’apam kora nkorɔfoɔ so, “a wɔde Onyankopɔn tumi ahyɛ tenenee akodeɛ wɔ animuonyam kɛseɛ mu.”4 Mede medɔ ne nhyira a mewɔ ma mo mu biara no, di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.