Amansan Nhyiamu
Kae Deɛ Ɛhia Kɛse Paa ara
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Kae Deɛ Ɛhia Kɛse Paa ara

Deɛ ɛhiankɛse paa ara yɛ yɛne Yɛn Soro Agya ne Ne Dɔ Ba, yɛn mmusua, ne sɛ yɛrema Honhom no akyerɛ yɛn kwan.

Berɛ a yɛkae nnawɔtwe yi awieeɛ Agyenkwa no nkunimdie a ɔde wuraa Yerusalem a ankyɛre a Ne mpata afɔdebɔ no, me kae N’anidasoɔ ne awerɛkyekyerɛ nsɛm no: “Mene owusɔreɛ no ne nkwa no, deɛ ɔgye me die no, mpo sɛ wawu a, ɔbɛnya nkwa.”1

Me dɔ No. Medye No di. Medi adanseɛ sɛ Ɔne Owusɔreɛ no ne Nkwa no.

Saa adansedie yi ahyɛ me den mfeɛ nan a atwam a me yere, Barbara, wuuiɛ. Mafe no.

Mpɛn pii, metaa dwendwene yɛn awareɛ a ɛnniawieeɛ ne yɛn abrabɔ a yɛtena boom ho.

Madi kan akyɛ kwan a mefaa so hyiaa Barbara ne sɛdeɛ saa suahunu no akyerɛ me sɛdeɛ me de “akyidie” nyansa a mesuaeɛ wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu yɛ adwuma. Na ɛwɔ sɛ mefa akyire ntɛmntɛm berɛ a yɛhyiaeɛ no akyi ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ, na ɔyɛ ɔmama, na ɔnni adaagye ne nkutahodie ho. Metɔɔ ne dɔ mu ntentan ntɛm ɛfiri sɛ na ne hwene mu mmɔn no na ɔpɛ nnipa. Megyee ne papayɛ too mu. Menyaa atenka sɛ yɛyɛ yɛn ho dea. Na ɛyɛ tiawa saa ara wɔ m’adwene mu.

Me ne Barbara hyehyɛɛ hɔ, na yɛn ayɔnkofa no hyɛɛ aseɛ nyiniiɛ, nanso na ɔnnye nni sɛ me ne n’awareɛ no yɛ ma no.

Na ɛmmoroso mma me sɛ mɛhunu, na ɛhia sɛ Barbara no ara hunu ma ne ho. Na menim sɛ sɛ yɛnya adaagye kyene kɔm na yɛbɔ mpaeɛ fa ho a, Barbara bɛnya mmuaeɛ afiri soro.

Yɛtwee yɛn ho firii yɛn ho yɛn ho a yɛanhyia ama yɛatumi akyene kɔm na yɛabɔ mpaeɛ de ahunu ama yɛn ho. Me tiri yɛɛ yie, ɔnyaa mmuaeɛ korɔ a menyaeɛ no. Sɛdeɛ wɔka no, deɛ aka no yɛ abakɔsɛm.

Berɛ a Barbara wuuiɛ no, ne mma de adesua ahodoɔ a na Barbara pɛɛ sɛ wɔhunu no too ne boɔpono so. Adesua no mu baako ne “adeɛ a ɛhia kɛse no yɛ deɛ ɛkyɛre kɛse.”

Ɛnnɛ, mefiri m’akoma mu bɛkyɛ atenka ne adwene kakra a ɛho hia kɛse paa ara.

Ɛdi kan,yɛne Soro Agya ne Ne Ba, Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa ho hia kɛse paa ara. Saa ayɔnkofa yi ho hia kɛse paa ara seesei ne ɛnniawieeɛ mu.

Ɛtɔ so mmienu, abusua ayɔnkofa ka saa nneɛma a ɛho hia kɛse paa ara no ho.

Wɔ me som nyinaa mu makɔsra ankorankoro ne mmusua a ɔdomankoma atoyerɛnkyɛm adi wɔn nya. Bebree tutu firii deɛ wɔteɛ, na wɔfaa ɛkɔm, ne ɛhu mu. Na wɔhia nnuro, aduane ne daberɛ.

Na wɔhia wɔn mmusua nso.

Mehunuu sɛ ebinom nni abusuakann nhyira, na mede abusa tenten, nnamfoɔ, ne mpo ward mmusua sɛ “abusua.” ka ho. Saa ayɔnkofa yi ho hia ma adwene ne honam mu apɔmuden.

Saa ayɔkofa yi bɛtumi ama ɔdɔ, anigyeɛ, ne atenka sɛ woka ho bi.

Saa ayɔnkofa a ɛhia yi yieyɔ yɛ deɛ wo pɛ. Wobɛfa sɛ woka abusua bi ho no yɛ ahofama, ɔdɔ, aboterɛ, nkutahodie, ne bɔnefakyɛ.2 Mmerɛ bi bɛtumi aba a yɛne obi nyɛ adwene, nanso yɛbɛtumi ayɛ saa berɛ a yɛnyɛ nnipa a wɔnte asɛm aseɛ. Wɔ ɔbarima ne ɔbaa nanteɛ ne awareɛ mu, yɛnte nhwe ɔdɔ mu anaa mfiri ɔdɔ mu te sɛ nneɛma bi a ɛwɔ dame so. Yɛfa sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho na yɛatae yɛn ho yɛn ho akyi. Yɛyɛ adekorɔ yi wɔ abusua ayɔnkofa aoforɔ mu ne nnamfoɔ a wɔte sɛ abusa ma yɛn.

Abusua dawubɔ ma wiase ka sɛ “ɔsoro anigyeε nhyehyεeε boa abusua nkutahodie ma no tra damena mu. Ayεyεdeε kronkron ne apam wɔ tempol kronkron mu boa ankorankoro sε wɔbεtumi asan akɔ Onyankopɔn anim na abusua nso anya nkabom a enni awieε.”3

Adeɛ baako nso a ɛhia kɛse pa ara ne sɛ yɛredi Honhom no kasakyerɛ so wɔ yɛn ayɔnkofa a ɛhia mu ne yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom sɛ yɛn ho, ne yɛn kokoam ne badwam som mu. Mehunuu saa adesua ntɛm wɔ m’abrabɔ mu berɛ a na mesom sɛ bishop.

Awɔ berɛ anwummerɛ bi, na merefiri me bishop ɔfese berɛ a menyaa atenka sɛ menkɔsra abrewa kunafoɔ bi wɔ ward hɔ. Mehwɛɛ me wɔɔkye—na abɔ anadwo 10:00 p.m. Medwenee ho sɛ adeɛ asa dodo sɛ mekɔsra obi. Na ɛno pa ho a, asukɔkyea retɔ. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ akɔsra onuabaa yi anɔpahema sene sɛ mɛha no saa anadwo no. Metwii kaa kɔduruu fie na medaae, na meperee anadwo no nyinaa ɛfiri sɛ na Honhom no rehyɛ me.

Anɔpahema no, metwii kaa duruu kunafoɔ yi fie prɛko pɛ. Ne babaa buee pono no na ɔde nisuo kaa sɛ, “O, Bishop, meda wo ase sɛ woaba. Maame wuui nnɔnhwere mmienu a atwam no.”—Me werɛ hoee. Me werɛ remfiri atenka a m’akoma faa mu no da. Mesuui. Hwan bio na ɔsene kunafoɔ dɔfoɔ sɛ ɔbɛnya ne bishop a ɔkuta ne nsa, kyekyere ne werɛ, na mpo ma no nhyira a ɛtwa toɔ? Mehweree saa akwanya yi ɛfiri sɛ mannwene Honhom no kasa kyerɛ denden no ho.4

Me nuammarima ne mmaa, mmeranteɛ ne mmaayewa, ne Primary nkwadaa, medi adanseɛ sɛ Honhom no kasakyerɛ so die yɛ nneɛma no mu baako a ɛhia kɛse pa ara wɔ yɛn ayɔnkofa nyinaa mu.

Ne korakora, wɔ saa Mmerɛnkɛnsono Kwasiada nnawɔtwe yi awieeɛ, medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛresakyera ama Awurade , redi Ne ho adanseɛ, na yɛresom No no nso ka nneɛma a ɛho hia kɛse pa ara no ho.

Yesu Kristo mu gyedie yɛ yɛn adansedie fapem. Adansedie yɛ adanseɛ anaa nnyetomu fa ɛnniawieeɛ nokorɛ a ɛnam Sunsum Kronkron so ba ankorankoro akoma ne ɔkra no so. Yesu Kristo ho adanseɛ a, ɛfiri Honhom no hɔ hyɛ den, sesa abrabɔ—ɛsesa sɛdeɛ yɛdwene ne sɛdeɛ yɛbɔ bra. Adansedie dane yɛn kyerɛ yɛn Soro Agya ne Ne soro Ba.

Alma kyerɛkyerɛɛe:

“ Monhwɛ, medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ menim sɛ nneɛma a m’aka ho asɛm yi yɛ nokware. Na ɛyɛ dɛn na mohunu sɛ menim sɛ ɛyɛ nokware?

Monhwɛ, mese mo sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron no na Ɔdaa no adi kyerɛɛ me. Monhwɛ, Mayɛ akɔmkyene na mabɔ mpaeɛ nna bebree sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ankasa mɛhunu saa nneɛma yi. Na afei me ankasa mehunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada no adi akyerɛ me.”5

Sɛ yɛwɔ adansedie nko ara nso hɔ. Berɛ a yɛn adwensakyera ma yesu Kristo nyini no, yɛpɛ sɛ yɛbɛdi Ne ho adanseɛ—Ne papayɛ, ɔdɔ, ne ayamyɛ.

Mpɛn pii wɔ akɔnkyene nhyiamu ase Kwasiada, yɛte asɛm sini “Meda ase” ne “Medɔ” sene sɛ yɛte asɛm sini “Me nim” ne “Megye di.”

Meto nsa frɛ wo sɛ taa di Yesu Kristo ho adanseɛ bebree. Di adanseɛ fa deɛ wo nim ho ne deɛ wogye die ne deɛ wo te ho nka, na ɛnyɛ deɛ woda ho aseɛ. Di adanseɛ fa wo ankasa suahunu a wode bɛhunuui na wodɔɔ Agyenkwa no, na wodi Ne nkyerɛkyerɛ so, ne Ne gyeɛ ne tumi a ɛma wo ahoɔden wɔ w’abrabɔ mu. Berɛ a wodi adanseɛ fa deɛ wo nim, gyedie, ne atenka a, Sunsum Kronkron no bɛda saa nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔtie w’adansedie. Wɔbɛyɛ saa ɛfiri sɛ wɔahwɛ wo sɛ woabɛyɛ Yesu Kristo kyidifoɔ asomdwoeɛfoɔ. Wɔbɛhunu deɛ ɛkyerɛ sɛ obi yɛ N’kyidifoɔ. Wɔbɛte biribi a ɔtee nka da no nso nka. Adansedie krogyee firi akoma a asesa mu na Sunsum Kronkron no tumi fa kɔ afoforɔ a wɔabue wɔn akoma mu pɛ sɛ wɔgyeɛ no akoma mu.

Wɔn a wɔnya atenka ɛnam wɔn adansedie so bɛbisa Awurade wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔnka nokorɛ no nkyerɛ wɔn. Afei wɔn ara bɛhunu ama wɔn ho.

Me nuanom mmarima ne mmaa, medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ menim sɛ Yesu Kristo yɛ wiase Agyenkwa ne Dimafoɔ no. Ɔte ase. Ɔyɛ Onyankopɔ Ba a wasɔre afiri awufoɔ mu no, na yei ne N’Asɔre a nkɔmhyɛni ne asomafoɔ di animu. Mebɔ mpaeɛ sɛ dabi mewu kɔ wiase foforɔ no mu a, mɛyɛ saa berɛ a m’adanseɛ redɛre wɔ me mu hyerɛn.

Wɔ me som mu no, masua sɛ adeɛ a ɛhia kɛse pa ara yɛ ayɔnkofa a yɛne Soro Agya ne Ne Dɔ Ba Korɔ, yɛn mmusua, ne yɛn fipamfoɔ wɔ, na yɛma Awurade Honhom no kyerɛ yɛn kwan wɔ saa ayɔnkofa no mu sɛdeɛ yɛbɛtumi adi adanseɛ afa nneɛma a ɛhia kɛse pa ara na ɛkyɛre paa ho. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Yohane 11:25.

  2. Hwɛ nsɛm no “Abusua,” “Nkabom,” ne “Ɔdɔ” wɔ Gospel Topics wɔ Gospel Library (at ChurchofJesusChrist.org or on the mobile app) na kenkan mfiri twerɛnsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ, asomafoɔ, Asɔre akannifoɔ kasa mufa saa asɛntire yi ho.

  3. Abusua No: Dawubɔ ma Wiase,” ChurchofJesusChrist.org.

  4. Twerɛtohɔ fa saa suahunu yi ho wɔ Susan Easton Black and Joseph Walker, Anxiously Engaged: A Biography of M. Russell Ballard (2021), 90–91.

  5. Alma 5:45–46.