Amansan Nhyiamu
“Biribiara Nni hɔ A Ɛso yie na ɛyɛ Dɛ te sɛ M’anigyeɛ no”
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


“Biribiara Nni hɔ A Ɛso yie na ɛyɛ Dɛ te sɛ M’anigyeɛ no”

Daadaa adwensakyera nesɛ yɛreba Yesu Kristo nkyɛn yɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya anigyeɛ—Anigyeɛ a ɛboro nteaseɛ so.

Wɔ Ne wuo tebea mu asɛmpaka adwuma nyinaa mu no, Agyenkwa no daa ayamhyehyeɛ kɛseɛ adi maa Onyankopɔn mma nyinaa—titiriw maa wɔn a na wɔrehunu amanneɛ anaa wɔahwe ase. Berɛ a Farisifoɔ kasa tiaa Yesu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ abɔ afekuo na ɔredidiwɔ wɔn ntam no, Yesu buaaeɛ de nam abɛbusɛm mmiɛnsa a onim so kyerɛkyerɛɛ wɔn.1 Wɔ saa abɛbusɛm yi mu biara mu no, osii hia a ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wɔayera ne anigye a wɔte nka berɛ a wɔsan ba no so dua Nhwɛsoɔ no, wɔ odwan a wayera ho abɛbusɛm mu no Ɔkaa sɛ, Anigyeɛ “[ kɛseɛ] bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakyera ho.”2

Me pɛ nnɛ ne sɛ mɛhyɛ nkitahodie a ɛda anigyeɛ ne adwensakyera ntam no mu den —ne titire, anigyeɛ a ɛba berɛ a yɛsakyera ne anigyeɛ nkateɛ a yɛnya berɛ a yɛto nsa frɛ afoforɔ sɛ wɔmmra Kristo nkyɛn na wɔnnye Ne mpata afɔrebɔ wɔ wɔn abrabɔ mu.

Yɛwɔ hɔ Sɛdeɛ Yɛbɛtumi Anya Anigyeɛ

Wɔ twerɛnsɛm mu no anigyeɛ kyerɛ pii sene abotɔyam berɛ a ɛretwa mu anaa mpo anigyesɛm atenka. Anigyeɛ wɔ saa nsɛm yi mu yɛ onyamesom su, a yɛhunu wɔ ne mahyɛ mu berɛ a yɛbɛsan akɔtena Onyankopɔn anim no.3 Ɛyɛ deɛ ɛmu dɔ, ɛma so, ɛtena hɔ daa, na ɛsakra asetena sene ahosiane anaa awerɛkyekyerɛ biara a saa wiase yi betumi de ama.

Wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛbɛnya anigyeɛ. Ɛyɛ yɛn nkrabea nsusuho sɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ bi mma. Ɔpε sε Ɔne yɛn kyɛ N’anigyeɛ. Nkɔmhyɛni Lehi kyerɛkyerɛɛ sɛ, Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn mu biara ne sɛ “yɛbɛtumi anya anigyeɛ“4 Nanso yɛte wiase a ahwe ase mu nti, yɛtaa hunu anigyeɛ a ɛtumi gyina anaa anigyeɛ a ɛte hɔ daa sɛ ɛmmɛn yɛn koraa. Nanso,wɔ nkyekyɛmu a edihɔ no ara mu no,Lehi toaso de nkyerɛkyerɛ mu sɛ Messiah no baa sɛ ɔrebɛgye yɛn afiri ase hweɛ mu.”5 Ɔgyeɛ, a ɛnam na ɛfa Agyenkwa Yesu Kristo so no, ma anigyeɛ wie pɛyɛ.

Asɛmpa nkrasɛm no yɛ anidasoɔ nkrasɛm, “asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ,”6 ne ɔkwan a obiara bɛfa so anya asomdwoeɛ ne anigyeɛ mmerɛ wɔ abrabɔ yi mu na wɔanya anigyeɛ a ɛyɛ ma wɔ abrabɔ a ɛreba no mu.7

Anigyeɛ a yɛka ho asɛm no yɛ akyɛdeɛ ma anokwafoɔ, nanso ɛde boɔ na ɛnam Anigyeɛ ɛnyɛ nea ne boɔ nnyɛ den anaasɛ wɔde ma kwa. Mmom no, wɔde “[Yesu] Kristo mogya a ɛsombo na” ɛtɔɔ no.”8 Sɛ yɛte mfasoɔ a ɛwɔ nokorɛ, onyamesom pa mu anigyeɛ ase ampa a, anka yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛde wiase agyapadeɛ biara bɛbɔ afɔdeɛ anaasɛ yɛbɛyɛ asetena mu nsakraeɛ biara a ɛho hia sɛ yɛbɛnya.

Ɔhene bi a ɔwɔ tumi nanso ɔbrɛ ne ho ase wɔ Mormon Nwoma no mu tee yei ase. “Deɛn na menyɛ,” ɔbisaae, “sɛ Onyankopɔn bɛtumi awo me, anya saa honhom bɔne yi ase atu afiri me koko mu, na manya ne Honhom, ama anigyeɛ atumi ahyɛ me ma … ? Hwɛ, ɔseeɛ, mɛgyae m’ahodeɛ nyinaa mu, aane, mede m’ahennie bɛto hɔ, ama manya saa ɛdɛ kɛseɛ yi.”9

Mmuaeɛ ma ɔhene no asɛmmisa no , asɛmpatrɛniAaron kaa sɛ, “Sɛ wopɛ saa adeɛ yi a, … koto Onyankopɔn anim … [na] sakyera firi wo bɔne nyinaa ho.”10 Adwensakyera ne ɔkwan a ɛkɔ anigyeɛ mu,11 efiri sɛ ɛne ɔkwan a ɛde kɔ Agyenkwa Yesu Kristo nkyɛn.12

Anigyeɛ nam Nokorɛ Adwensakyera so na Ɛba

Ebinom fam no, sɛ wobɛdwene adwensakyera ho sɛ ɔkwan a wɔfa so nya anigyeɛ no bɛtumi ayɛ te sɛ nea ɛbɔ abira. Adwensakyera, ɛtɔ mmerɛ bi a, ɛtumi yɛ yea na ɛyɛ den. Ɛhwehwɛ sɛ yɛgye to mu sɛ yɛn nsusuiiɛ ne yɛn nneyɛɛ bi—yɛn gye die binom mpo—ayɛ mfomsoɔ Adwensakyera hwehwɛ nsakraeɛ nso, na ɛtɔ mmerɛ bi a, ɛtumi yɛ nea ɛnyɛ dɛ. Nanso anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ ɛnyɛ ade korɔ. Bɔne— bɔne a ahomasoɔ ka ho—de ɛhyeɛ to yɛn anigyeɛ ano .

Sɛnea odwontofoɔ no kaae no, “Esu bɛtumi awɔ hɔ anadwo baako, mmom anigyeɛ bɛba anɔpa.”13 Berɛ a yɛsakyera firi yɛn bɔne ho no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si anigyeɛ kɛseɛ a ɛdi akyire no so. Yɛhunu adesaeɛ sɛ ɛware, nanso adekyeɛ ba, na oh n’asomdwoeɛ sononko a ɛyɛ ne anigyeɛ fɛɛfɛ a yɛte nka sɛ Agyenkwa no Mpata agye yɛn afiri bɔne ne yawdie mu.

Biribiara Nni hɔ A Ɛso yie na ɛyɛ Dɛ

Hwɛ Alma suahunu wɔ Mormon Nwoma no mu. “Ayayadeɛ a ɛnni awieɛ teetee,” no na ne kra “funyanee” ɛnam ne bɔne no nti. Nanso berɛ a ɔdanee n’ani kyerɛɛ Agyenkwa no srɛɛ adom no, “w’ankae [ne] yea no bio.”14

“Na o, ɛdɛ bɛn nie,” ɔkaae, “ne hann nwanwasoɔ a mehunuuiɛ; aane, biribiara nni hɔ a ɛso yie na ɛyɛ dɛ kɛseɛ sɛ m’anigyeɛ no.”15

Yei ne anigyeɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnam adwensakyera so ba Yesu Kristo nkyɛn no.16 Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ

“Adwensakyera bue yɛn akwanya ma Yesu Kristo Mpata tumi no. …

“Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛnya adwensakyera a, yɛyi sɛ yɛbɛsesa! Yɛma Agyenkwa no kwan sɛ ɔnsakyera yɛn mma yɛn nyɛ papa nsene sɛnea na yɛteɛ no Yɛyi sɛ yɛbɛnyini wɔ honhom mu na yɛanya anigyeɛ—ɔgyeɛ anigyeɛ a ɛwɔ Ne mu. Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛsakyera a, yɛyi sɛ yɛbɛba abɛyɛ pii te sɛ Yesu Kristo!”17

Adwensakyera de ɛdɛ ba ɛfiri sɛ ɛsiesie yɛn akoma ma yɛgye Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ. Honhom Kronkron ahyɛ wo ma no kyerɛ sɛ anigyeɛ ahyɛ wo ma. Sɛ anigyeɛ bɛhyɛ wo ma kyerɛ sɛ Sunsum Kronkron bɛhyɛ wo ma.18 Yɛn anigyeɛ bɛdɔɔso wɔ berɛ a yɛyɛ adwuma daadaa de Honhom no ba yɛn abrabɔ mu. Sɛdeɛ nkɔmhyɛni Mormon kyerɛkyerɛɛeɛ no: “Nanso wɔkyenee kɔm na wɔbɔɔ mpaeɛ mmerɛ pii, na wɔkɔɔ so nyaa ahoɔden wɔ wɔn ahobrɛaseɛ mu, na wɔkɔɔ so gyinaa pintinn wɔ gyedie a wɔwɔ no wɔ Kristo mu ara maa ɛdɛ ne awerɛkyekyerɛ hyɛɛ wɔn akoma mu ma”.19 Awurade hyɛ obiara a ɔyɛ adwuma sɛ ɔbɛdi N’akyiri bɔ sɛ:“Mede me Honhom bɛma mo, deɛ ɔbɛbue mo adwene mu, na ɔde anigyeɛ bɛhyɛ mo kra mu ma.”20

Anigyeɛ a ɛwɔ sɛ Yɛreboa Afoforɔ Adwensakyera

Akyire yi a yɛanya anigyeɛ atenka afiri adwensakyera kann mu no, ɛyɛ a yɛbɛpɛ sɛ yɛne afoforɔ bɛkyɛ saa anigyeɛ no. Na sɛ yɛyɛ a, yɛn anigyeɛ yɛ mmɔho mmɔho . Ɛno ne deɛ ɛtoo Alma pɛpɛɛpɛ.

Ɔkaa sɛ, “Yei ne m’animuonyam,” “ama mpo ebia na mayɛ adwennadeɛ wɔ Onyankopɔn nsa mu, de atwe akra binom aba nsakyeraeɛ ho,; na yei ne m’anigyeɛ .

“Na hwɛ, sɛ mehunu me nuanom bebree a wɔasakyera nokorɛ mu na wɔreba Awurade wɔn Nyankopɔn hɔ a, na ɛdɛ ahyɛ me kra ma; afei na ama makae deɛ Awurade ayɛ ama me, aane, sɛ watie me mpaebɔ mpo; aane, afei na ama makae n’ahummɔborɔ abasa a ɔtenee wɔ me so no.”21

Yɛreboa afoforɔ wɔ adwensakyera mu no yɛ honam mu kwan a yɛde kyerɛ yɛn anisɔ kyerɛ Agyenkwa no, na ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ farebae. Awurade ahyɛ bɔ:

“Na ɛba sɛ … mode anka ɔkra baako mpo berɛ me a, anigyeɛ kɛseɛ bɛn na mo ne no bɛnya wɔ m’Agya ahemman mu!

“Na afei, sɛ mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ wɔ ɔkra baako a mode no abrɛ me …, sɛn na mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ afa, sɛ mode akra bebree brɛ me a!”22

N’anigyeɛ kɛseɛ a Ɔnya wɔ Ɔkra a Ɔsakyera

Me hunu sɛ ɛboa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asusu anigyeɛ a ɛsɛ sɛ Agyenkwa no te nka berɛ biara a yɛbɛnya Nempata afɔrebɔ no nhyira wɔ yɛn abrabɔ mu.23 Sɛnea Titenani Nelson kaaeɛ no,24 Ɔsomafo Paul wɔ ne nwoma a ɔde kɔmaa Hebrifoɔ no ɔkyɛɛ ne nhumu a ɛyɛ bɛtɛɛ: “Yɛnto ntwene nnesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na atwa yɛn ho ahyia asi yɛn kwan, … Na yɛrehwɛ Yesu yɛn gyedie ahyɛaseɛ ne wiefoɔ no; deɛ ne nti anigyeɛ a na ɛsi nanim no ɔfaa asenua too ne ho soɔ … na wakɔtena Onyankopɔn ahenie nsa nifa so.”25 Yɛtaa ka ɔyaw ne amanehunu wɔ Getsemane ne Calvary, nanso yɛn ntaa nka anigyeɛ kɛseɛ a Agyenkwa no na ɔbɛhwɛ animu wɔ berɛ a ɔde Ne nkwa too hɔ maa yɛn. Ampa ara, Ne yea ne N’amanehunu na ɛwɔ yɛn, na ama yɛatumi anya ɛdɛ sɛ yɛ ne No sane kɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Ɔkyerɛkyerɛɛ tete Amerikafoɔ akyire yi no, Agyenkwa no kyerɛɛ Ne dɔ kɛseɛ a ɔwɔ ma wɔn no ma ɔkaa sɛ;

“Na afei,monhwɛ, me dɛ yɛ kɛseɛ, mpo wɔ ne mahyɛ mu, ɛnam mo nti Agya no mpo dii dɛ ne ɔsoro abɔfoɔ kronkron no nso nyinaa.

Wɔ [mo] mu manya anigyeɛ mu mahyɛ.”26

Bra Kristo nkyɛn na Bɛgye N’anigyeɛ

Anuanom mmarima ne mmaa, mede m’ano bɛsi berɛ a meredi m’ankasa adanseɛ, a mefa no sɛ kronkron adekyɛ. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Agyenkwa ne wiase Gyefoɔ no. Menim sɛ ɔdɔ yɛn mu biara. N’adeɛ koro pɛ ne, N’adwuma ne [Ne] animuonyam,”27 sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛanya anigyeɛ mahyɛ wɔ Ne mu. M’ankasa meyɛ ɔdansefoɔ sɛ daadaa adwensakyera nesɛ yɛreba Yesu Kristo nkyɛn yɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya anigyeɛ—Anigyeɛ a ɛboro nteaseɛ so.28 Ɛno nti na yɛwɔ asase yi so ha no. Ɛno nti na Onyankopɔn siesiee N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ de maa yɛn no. Yesu Kristo ampa ara “ ne ɔkwan no, nokorɛ,ne nkwa no ”29 na ɛno nko ara ne “edin a wɔde ama wɔ ɔsoro ase a wɔnam so bɛgye nnipa nkwa wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.”30 Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.