Amansan Nhyiamu
Na Obetumi Asa Me Yareɛ!
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Na Obetumi Asa MeYareɛ!

Agyenkwa no ayaresa na ɔgyeɛ tumi no fa akwanhyia mu mfomsoɔ, gyinasie a ɛnye, nsɛmdenden, ne nsɔhwɛ ahodoɔ biara ho—ne yɛn bɔne nso.

Moroni hyɛ bɔ sɛ sɛ yɛkenkan Mormon Nwoma no na afei yɛbisa Onyankopɔn Daa Agya no, a yɛwɔ akoma a ɛyɛ nokorɛ a yɛwɔ adwene ankasa, a yɛwɔ gyedie wɔ Kristo mu sɛ ɛyɛ nokorɛ a, Onyankopɔn bɛda ne nokorɛ adi denam Honhom Kronkron no tumi so1 Nnipa mpempem pii de saa bɔhyɛ yi adi dwuma na wɔanya adanseɛ a ɛma awerɛhyɛmu a ɛfa Yesu Kristo asɛmpa no ma a wɔbɛsan de aba no ho.

Moroni tu yɛn fo, berɛ a yɛrekenkan Mormon Nwoma no, sɛ “yɛnkae sɛdeɛ Awurade ayɛ mmɔborɔhunu ama nnipa mma, firi Adam abɔdeɛ mpo kɔsi [saa] mmerɛ yi so, na [yɛn]dwendwene ho wɔ [yɛn mu] akoma mu ”2 Nsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no kae yɛn na ɛdi Agyenkwa no dɔ, ne ayamhyehyeɛ, ne ne mmɔborɔhunu ho adanseɛ.

Me papa wui wɔ Ayɛwohomumɔ 2013. Berɛ a na meresiesie me ho sɛ mɛkasa wɔ n’ayie ase no, mehunuu sɛdeɛ wɔahyira me sɛ menim na medɔ Twerɛsɛm a n’ani gye ho paa. Ɔka wɔn ho asɛm wɔ abusua nhyiamu hodoɔ ase, na ɔne me kenkan berɛ a mehia afotuo, akwankyerɛ, anaa me gyidie mu den no. Metee sɛ ɔkaa wɔn ho asɛm wɔ kasa ahodoɔ ne dwumadie ahodoɔ mu. Ɛnyɛ sɛ na minim wɔn pɛ, na mmom meda so ara kae ne nne nnyegyeɛ ne honhom mu atenka a na mewɔ bere a ɔkaa ho asɛm no. M’agya nam Twerɛsɛm ne atenka hodoɔ a ɔkaa ho asɛm no so boaa me ma mede gyidie fapem a ɛyɛ den sii hɔ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

M’agya ani gyee Agyenkwa no nsrahwɛ a ɔkɔɔ Nifae nkorɔfo no hoTwerɛwtohɔ no ho titiriw.3 Saa Twerɛtohɔ kronkron yi fa Awurade Yesu Kristo a wɔanyane no na wɔama no so no ho. Na wanom kuruwa a ɛyɛ nwononwono no na wahu amaneɛ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛsakyera a, yɛrenhu amane.4 Na wakɔsra honhom wiase no na wahyehyɛ asɛmpa no asɛnka wɔ hɔ.5 Na wasɔre afiri awufoɔ mu, na Wasɔre no ma ɔnyaa mmaransɛm firii Agya no hɔ sɛ ɔne Nifaefoɔ nkyɛ Twerɛsɛm a ɛbɛhyira daakye awoɔ ntoatoasoɔ.6 Wɔmaa no so na na ɔwɔ Ne daapem tumi ne ne tumi nyinaa. Yebetumi asua biribi afiri Ne nkyerɛkyerɛ mu nsɛm biara mu.

3 Nifae 11 no, yɛkenkan sɛdeɛ Agyenkwa no sane firii soro bɛkyerɛkyerɛɛ Nifaefoɔ no sɛ Ɔno ne Yesu Kristo, a nkɔmhyɛfoɔ no dii adanseɛ sɛ ɔbɛba wiase no. Ɔpaee mu kae sɛ Ɔno ne Wiase Hann no na ɔhyɛɛ Agya no animuonyam wɔ wiase bɔne a ɔfaa mu no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ wɔmmra mma wɔmfa wɔn nsa nhyɛ Ne nkyɛn na wɔnte nnadewa a ɛwɔ Ne nsa ne Ne nan mu no ntwerɛwee nka. Ɔpɛɛ sɛ wɔhunu sɛ Ɔno ne Israel Nyankopɔn a wɔkumm no wɔ wiase bɔne nti. Nkurɔfo] no de anigyeɛ buae, na wɔfirii adi mmaako mmaako kɔsii sɛ wɔn nyinaa hunuu na wɔtee nka sɛ ɛyɛ Ɔno ampa, a nkɔmhyɛfoɔ no na ɔtwerɛɛ ne ho asɛm na ɛsɛ sɛ ɔba.7

Yesu kyerɛkyerɛɛ Nifaefoɔ no sɛdeɛ ɛho hia sɛ wɔsakyera, fa sɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfra kumaa, na ɛhia sɛ obi a ɔwɔ tumi bɛbɔ wɔn asu. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ nkyerɛkyerɛ a yɛresua afe yi mu pii wɔ Apam Foforɔ no mu.

3 Nifae 17, mu no, yɛkenkan sɛ Yesu ka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ ɛberɛ aso sɛ Ɔkɔ Agya no nkyɛn na ɔsan nso yi ne ho adi kyerɛ Israel mmusuakuo a wɔayera no.8 Berɛ a Ɔhwɛɛ nnipakuo no , Ɔhunuu sɛ wɔn resu, na ɔhwɛɛ wɔn pintinn te sɛ nea wɔbɛsrɛ No sɛ ɔntra hɔ nkyɛ kakra.9

Agyenkwa no mmuaeɛ a ɔde maa Nifaefoɔ no ka akoma na ɛkyerɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, ayamyɛ ahyɛ makoma mu ma wɔ mo ho.”10

Megye di sɛ na N’ayamhyehyeɛ no sene nkurɔfo no nisuo ho mmuaɛ. Ɛte sɛ nea Otumi de Ne mpata afɔrebɔ no ani hu wɔn. Ohunuuu wɔn yaw, amanehunu ne nsɔhwɛ biara. Ohuu wɔn nyarewa. Ohuu wɔn mmerɛyɛ ahodoɔ, na Onim firi n’amanehunu a ɛyɛ ya a ohyiaɛ wɔ Getsemane ne Golgota no mu sɛnea ɔbɛboa wɔn sɛnea wɔn mmerɛyɛ tw.11

Saa ara nso na sɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, hwɛ yɛn a, ɔhunu na ɔte yɛn bɔne mu yaw ne adesoa ase. Ohunuu yɛn adeɛ a ɛka yɛn ho ne yɛn nsɛnnennen. Ohu yɛn apereperedie ne amanehunu biara—na ayamhyehyeɛ ahyɛ no ma ma yɛn.

N’adom nsatoɔ a ɔde kɔmaa Nifaefoɔ no dii akyire sɛ: “Mowɔ mo mu bi a wɔyare? Fa wɔn bra ha. So mowɔ apakye, anaa anifurafoɔ, anaa ogyinaa, anaa mmubuafo, anaa kwata, anaa nea watɔbaha, anaa asosifoɔ anaa nea ɔwɔ ɔhaw wɔ ɔkwan biara so? Fa wɔn bra ha na mɛsa wɔn yareɛ, ɛfiri sɛ me yam hyehye me ma wo; mmɔborohunu ahyɛ me ma.”12

Na nkorɔfoɔ no firi adi “ne wɔn a wɔyareɛ no nyinaa; na ɔsaa wɔn mu biara yareɛ sɛdeɛ wɔde wɔn baa ne nkyɛn no.”13

Wɔ 1990 mu no, na yɛte kuro ketewa Sale mu, wɔ Victoria, Australia. Na yɛde anigyeɛ adagyeɛ ne abusua, asɔre, ne adwuma mu bɔhyɛ ahodɔ hoyɛɛ adeɛ. Wɔ awɔ berɛ mu Kwasiada fɛɛfɛ bi a aka kakra ma Buronya aduru no, yesii gyinaɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔsra mmɔntene so atenaɛ ahodoɔ bi ne mpoano bi a yɛn ani gye ho. Berɛ a yɛdii anigyeɛ agorɔ sɛ abusua akyi no, yɛboaboaa obiara ano kɔɔ lɔre no mu de yɛn ani kyerɛɛ fie. Berɛ a mereka lɔre no, medae berɛ tiaa bi na mede lɔre no peemoo biribi. Berɛ tiaa bi akyi no, mehwɛɛ lɔre no ho hyiaɛ. Na me yere, Maxine, nan abubu kɛse na na ɔrepere sɛ ɔbɛhome. Na ne bo kasɛɛ abubu. Yɛn mmabaa mmeɛnsa no ho dwirii wɔn nanso anigyesɛm ne sɛ na ɛte sɛ nea wɔn ho yɛ. Na mipirapirae nketenkete bi. Nanso na yɛn babarima a wadi mfie num no nkeka ne ho.

Wɔ saa akwanhyia beaɛ no adwennwen ne basabasayɛ mu no, yɛn babea panyin, Kate a wadi mfe 11, de ntɛmpɛ kae sɛ, “Papa, ɛsɛ sɛ woma Jarom nhyira.” Berɛ a yɛperee kakra akyi no, me ne me mmabaa no tumi firii lɔɔre no mu. Maxine antumi ankanyan neho. Mede ahwɛyie faa Jarom; afei berɛ a na meda fɛm wɔ m’akyi no, mede no too me koko so brɛoo na memaa no asɔfodie nhyira. Eduruu berɛ a ambulance no duruu hɔ bɛyɛ simma 40 akyi no, na Jarom adwene atu afra.

Saa anadwo no, migyaa abusuafoɔ mmeɛnsa wɔ ayaresabea hɔ na me ne me mmabaa mmienu de taksi kɔɔ fie. Ɛnam anadwo tenten no mu no, mebɔɔ Ɔsoro Agya mpaɛ sɛ m’abusua ne wɔn a wɔapirapira wɔ lɔre foforɔ no mu no ho bɛtɔ wɔn. Mmɔborohunu mu no, wobuaa me mpaebɔ ne mpaebɔ a afoforɔ pii de akomapa bɔɔɛ. Wɔn nyinaa ho tɔɔ wɔn yareɛ berɛ krɔ so, nhyira kɛseɛ ne mmɔborohunu a ɛyɛ dɛ.

Nanso, mekɔɔ so nyaa ɛfɔbuo ne ahonuu ho nkateɛ a emu dɔ wɔ akwanhyia a ɛyɛ hu a ɛte saa a mede baaɛ no ho. Na mesɔre anadwo na mesan hwɛ nsɛm a ɛyɛ hu a esiɛ no. Meperee mfie pii sɛ menya asomdwoɛ na mede afiri me ho. Afei, berɛ a na mereboa afoforɔ ma wɔasakyera na mɛboa wɔn ma wate Agyenkwa no ayamhyehyeɛ, mmɔborɔhunu, ne ne dɔ nka no, mehunuu sɛ ɔbɛtumi asa me yareɛ.

Agyenkwa no ayaresa na ɔgyeɛ tumi no fa akwanhyia mu mfomsoɔ, gyinasie a ɛnye, nsɛmdenden, ne nsɔhwɛ ahodoɔ biara ho—ne yɛn bɔne nso. Berɛ a medanee me ho kɔɔ Ne nkyɛn no, nkakrankakra de asomdwoeɛ ne ahomegyeɛ bɛsii m’afobuo ne ahonuo ananmu.

Otitenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Berɛ a Agyenkwa no mpata maa adasamma nyina ara no, Ɔbuee kwan bi a wɔn a wɔdi N’akyi no bɛtumi anya kwan akɔ N’ayaresa, denhyɛ, ne ogyeɛ tumi. Saa honhom mu hokwan ahodoɔ yi wɔ hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtie No na wɔadi N’akyi nyinaa.”14

Anuanom mmarima ne mmaa, sɛ moso bɔne a wɔansiesie no ho adesoa, mokura mfomsoɔ bi a wɔadi atia mo akyɛ, anaa morepere sɛ mode bɔne bɛfiri mo ho wɔ akwanhyia mu no, mowɔ kwan kɔ Agyenkwa Yesu Kristo ayaresa ne ogye tumi no mu.

Medi adanseɛ sɛ Nyankopɔn tease! Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Ɔdɔ yɛn. Ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma yɛn, na mmɔborɔhunu ahyɛ no ma, Obetumi asa wo yadeɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.