Amansan Nhyiamu
Nnanan no Akyi
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Nnanan no Akyi

Sɛ yɛde Yesu Kristo mu gyedie kɔ yɛn anim a, nnanan no bɛkɔ so aba. Berɛ biara Ɔbɛkɔ so ayɛ yɛn mmoa.

Sɛdeɛ wɔakae yɛn anɔpa yi no, ɛnnɛ yɛ mmerɛnkɛnsono Kwasiada, a ɛreyɛ Agyenkwa no Yerusalem mu wura nkonimdie ne nnawɔtwe kronkron ahyɛaseɛ a ɛdi Ne Mpata kɛseɛ no anim, a N’amanehunu, Asɛnnuamubɔ, ne Wusɔreɛ ka ho.

Nkɔmhyɛ fa kuro no mu wura baae a ɛnkyɛreeɛ no, na Yesu Kristo aniaberɛ wɔ ne som mu berɛ a ɔnyaa nkra firi ne nnamfonom adɔfoɔ Mary ne Martha hɔ sɛ wɔn nuabarima Lazarus yare .1

Ɛwom sɛ na Lazarus yareɛ no ano yɛ den deɛ, nanso Awurade “twɛnee nanu wɔ faako a ɔwɔ no ara. Afei akyire yi no ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, Momma yɛnkɔ Yudea bio”2 Ansa na ɔrefiri aseɛ akɔ Ne nnamfonom fie wɔ Bethany no, Yesu kaa no penn kyerɛɛ [N’asuafoɔ no] sɛ, Lazarus awu.”3

Berɛ a Yesu duruu Bethany na ɔhyiaa Mary kane na afei Martha no, ebia abasambuo fa ba a Wamma ntɛm nti, wɔn mu biara kyeaa No kaa sɛ, “Awurade, Sɛ wowɔ ha a, anka menuabarima no anwu.”4 Martha kɔɔ so kyerɛɛ mu, “Saa berɛ yi deɛ wabɔn: ɛfiri sɛ wawu nnanan nie.”5

Nnanan no yɛ soronko ma Mary ne Martha. Sɛnea rabbinik binom kyerɛ no, na wɔgyedi sɛ obi a wawuo no honhom tena honam no ho nnansa, na ɔma anidasoɔ sɛ ɔbɛtumi asane aba nkwa mu bio. Nanso, nnanan no akyi anidasoɔ no yera, ebia sɛ honam no hyɛ aseɛ porɔ na “ɛbɔn.”6

Na Mary ne Martha wɔmawerɛhoɔ mu. “Berɛ a Yesu hunuu sɛ [Mary] resu no, ɔgyee ahome wɔ honhom mu, na ɛhaa no,

“Na ɔkaa sɛ, Ɛhe na mode no tooe? Na wɔsee no sɛ, Awurade, bra na bɛhwɛ.”7

Saa berɛ yi mu na yɛhunu anwanwadeɛ kɛseɛ wɔ Agyenkwa no som wɔ honam mu. Ɛdi kan no, Awurade kaa sɛ, “Monyi ɛboɔ no mfiri hɔ.”8 Afei, Ɔdaa N’Agya ase wieeɛ no, “ɔde nne kɛseɛ team sɛ: Lazarus, firi bra!

“Na deɛ wawuo no firi baae, a wɔakyekyere ne nan ne ne nsa: na duku kyekyere n’anim. Yesu see wɔn sɛ, Monsane no, na momma no nkɔ.”9

Te sɛ Mary ne Martha, yɛwɔ akwanya sɛ yɛnya honam mu suahunu nyinaa, mpo awerɛhoɔ10 ne mmerɛyɛ.11 Yɛn mu biara bɛnya akomayea fa ɔdɔfoɔ bi a yɛbɛhwere no ho. Yɛn honam akwantuo yi mu yɛbɛtumi ahyia yareɛ anaa dɔfoɔ bi ahoɔmmerɛ yareɛ; adwenemu haw, adwennwene, anaa adwene mu haw afoforɔ; sikasɛm ahohiahia; yima; ne bɔne. Na ɛtɔ da a yeinom ka onni anidasoɔ atenka ho na ɛba. Menyɛ sononko. Te sɛ wo, manya suahunu wɔ haw bebree a ɛwɔ sɛ ɛsi wɔ abrabɔ yi mu. Wɔatwe m’adwene asi Agyenkwa no ho twerɛtohɔ ne deɛ ɛkyerɛ me fa yɛ ne N’ayɔnkofa ho.

Ɛduru yɛn haw kɛseɛ mu a, te sɛ Mary ne Martha, hwehwɛ Agyenkwa no anaa bisa Agya no pɛ ntamgyinafoɔ. Lazarus abasɛm no kyerɛ yɛn nnyinasosɛm a yɛbɛtumi de abɔ yɛn bra berɛ a yɛhyia yɛn ankorankoro haw.

Berɛ a Agyenkwa no duruu Bethany no, na obiara aba mu abu sɛ ɔrentumi nnye lazarus nkwa—adi nnanan, a ɔwuuiɛ. Ɛtɔ da a yɛn ara haw mu, yɛbɛdwene sɛ Kristo akyɛ dodo, na yɛn anidasoɔ ne gyedie mpo wɔ haw. M’adanseɛ ne m’adansedie ne sɛ berɛ a yɛkɔ y’anim wɔ Yesu Kristo gyedie mu no, nnanan no bɛkɔ so aba. Ɔbɛkɔ so ayɛ yɛn mmoa anaa apagya yɛn anidasoɔ aba nkwa mu bio. Wahyɛ bɔ:

“Mommma mo akoma ntutu.”12

“Merennya mo nnyanka: Mɛba mo nkyɛn.”13

Ɛtɔ da a ɛreyɛ ayɛ sɛ Ɔmma yɛn nkyɛn kɔsi sɛnkyerɛnneɛ nnanan no, berɛ a anidasoɔ nyinaa asa no. Na adɛn nti na ɛka akyire saa? President Thomas S. Monson kyerɛɛ sɛ, “Yɛn Soro Agya, a ɔma yɛn ɛboro so a ɛma yɛn anigyeɛ no nim nso sɛ yɛnya suahunu, nyini na yɛnya ahoɔden berɛ a yɛhyia na yɛdi amanehunu a ɛsɛ sɛ yɛfa mu no so.”14

Mpo Joseph Smith hyiaa nnanan suahunu kɛseɛ yi. Wokae ne nkotosrɛ no? “O Onyankopɔn, na wowɔ hene?” Na ɛhe na abrannaa a ɛkata wo hintabea no wɔ?”15 Berɛ a yɛgye no die no, yɛbɛtumi anya mmuaeɛ te saa: “Me babarima [anaa babaa], asomdwoeɛ nka wo kra; w’ahohiahia ne w’amanehunu bɛyɛ berɛ tiawa bi pɛ.”16

Adesua foforɔ a yɛbɛtumi asua afiri Lazarus abasɛm no mu yɛ adea a yɛn ara asodie teɛ wɔ ɔsoro mmoa a yɛrehwehwɛ no mu. Berɛ a Yesu pinkyɛn nna no ho no, Ɔ dii kan see wɔn a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monyi ɛboɔ no mfiri hɔ.”17 Tumi a na Agyenkwa no wɔ yi, anka Ɔ ntumi fa anwanwa dwuma so nyi ɛboɔ no mfiri hɔ a ɔmmerɛ? Anka yei bɛyɛ anika sɛ wɔhunu ne suahunu a wɔn werɛ remfiri da, nanso ɔsee afoforɔ no sɛ, “Monnyi ɛboɔ no mfiri hɔ.”

Ɛtɔ so mmienu, Awurade no, “de nne kɛseɛ teaam sɛ, Lazarus, firi bra.”18 Anka ɛnyɛ anika pii sɛ Awurade no ankasa faa anwanwadwuma so de Lazarus sii kwan no ano sɛdeɛ ɛdɔm no bɛhunu no berɛ a wɔyii boɔ no?

Ɛtɔ so mmiɛnsa, berɛ a Lazarus firi baae no, na “wɔakyekyere ne nan ne ne nsa: na duku kyekyere n’anim. Yesu see wɔn sɛ, Monsane no, na momma no nkɔ.”19 Megyedi sɛ na Awurade bɛtumi ama Lazarus agyina kwan no ano, a wɔate ne ho a wɔtumi bɛn no a wɔabobɔ adamena mu ntoma no kama.

Deɛn nti na yɛrebaebae saa nsɛm yi mu yi? Saa nneɛma mmiɛnsa yi na wɔwɔadeɛ baako—emu biara anhia Kristo soro tumi no. Sɛ adeɛ a na N’asuafoɔ no tumi yɛ no. Ɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛeɛ. Ampa na asuafoɔ no ankasa bɛtumi ayi ɛboɔ no: na Lazarus sɔreeɛ no, nyaa ahoɔden de sɔre gyinaa hɔ de ne ho kyerɛɛ wɔ ɔbodan no ano; na wɔn a wɔdɔ Lazarus no tumi boaa no yiyii adamena mu ntoma no.

Nanso Kristo nko ara na na ɔwɔ tumi a ɔde nyanee Lazarus firii awufoɔ mu. Me nteaseɛ ne sɛ Agyenkwa no hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ yɛbɛtumi nyinaa, na Ɔbɛyɛ deɛ Ɔno nko ara bɛtumi ayɛ.20

Yɛnim sɛ “gyedie [wɔ Awurade Yesu Kristo mu] yɛ adeyɛ nyinasosɛm ”21 na “anwanwadwuma mma gyedie, mmom gyedie a ano yɛ den no nam setie ma Yesu Kristo asɛmpa no so na ɛnyini. Nsɛm foforɔ mu no, gyedie firi teneneeyɛ mu na ɛba.”22 Berɛ a yɛpere bɔ abrabɔpa na yɛreyɛ na yɛrekora apam kronkron na yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu no, yɛn gyedie no nyɛ deɛ ɛde yɛn bɛkɔ nnanan no ho nko ara, mmom ɛnam Awurade mmoa no nti, yɛbɛtumi ayi aboɔ a ɛwɔ yɛn akwan mu, asɔre afiri ntetemu mu, na yɛasane deɛ akyekyere yɛn biara. Berɛ a Awurade no rehwehwɛ sɛ “yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara no ,”23 kae sɛ Ɔbɛma yɛn mmoa a ɛfata wɔ saa nneɛma yi nyinaa mu sɛ yɛgye No di a.

Sɛn na yɛbɛsi ayiyi aboɔ na yɛasi adan wɔ Ne botan so?24 Yɛbɛtumi adi ne nkɔnhyɛfoɔ afotuo so.

Nhwɛsoɔ, Ahinime a ɛtwaa mu yi President Russell M. Nelson srɛɛ sɛ yɛmfa Agyenkwa no ne Ne nsɛmpa no ho adansedie nhyɛ yɛn nsa mu, nyɛ ho adwuma na yɛnyɛ no yie, yɛmfa nokorɛ nhyɛmu, na yɛnnyae sɛ yɛde anyeanniefoɔ torɔ nkyerɛkyerɛ resɛe no no. Ɔhyɛɛ yɛn bɔ, “Sɛ motoaso hyɛ mo adanseɛ mu den fa Yesu Kristo ho, mo anisoadehunu kɛseɛ a, hwɛ kwan sɛ anwanwadeɛ bɛsi wɔ mo abrabɔ mu.”25

Yɛbɛtumi ayɛ yei!

Yɛbɛyɛ dɛn asɔre afiri adi wɔ sɛnkyerɛnneɛ kwan so? Yɛbɛtumi asakyera wɔ anigyeɛ mu na yɛadi mmaransɛm so. Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me: na deɛ ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.”26 Yɛbɛtumi apere asakyera wɔ anigyeɛ na yɛde ɔpɛ akoma a Awurade ho dɔ ahyɛ no ma akɔ y’anim anigyeɛ mu.

Yɛbɛtumi ayɛ yei!

Sɛn na yɛbɛsi de Awurade mmoa asane yɛn ho afiri de akyekyere yɛn no nyinaa mu? Yɛbɛtumi ahyɛda deɛ ɛdi kan akyekyere yɛn ho afam Ɔsoro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo ho, nam apam so. Elder D. Todd Christofferson kyerɛɛ sɛ: “Ɛhe na [yɛn] ne honhom mu tumi firi, na yɛyɛ dɛn nya? “Ɛfiri Onyankopɔn. Saa tumi no ho akwanya a yɛwɔ no firi apam a yɛ ne No wɔ no. Wɔ saa nteaseɛ yi mu, Onyankopɔn hyɛ Ne ho ɔbɛtae akyire, ate ho, na wapagya yɛn wɔ ahofama a ɛde som no na yɛdi Ne mmaransɛm so.”27 Yɛbɛtumi ayɛ na yɛadi apam kronkron so.

Yɛbɛtumi ayɛ yei!

“Monyi ɛboɔ no mfiri hɔ.” “Firi bra.” “Monsane no, na momma no nkɔ.”

Afotuo, mmaransɛm, ne apam. Yɛbɛtumi ayɛ yei!

Elder Jeffrey R. Holland hyɛɛ bɔ sɛ, “Nhyira binom ba ntɛm, ebinom mma ntɛm, na ebinom mma kɔsi awieɛ; nanso, ɛma wɔn a wɔgye Yesu Kristo asɛmpa no deɛ, ɛbɛba.”28

Korakora no, “Ɛno nti, momma mo bo ntɔ mo yam, na monsuro, na me Awurade meka mo ho na mɛgyina mo akyiri.”29

Yei ne m’adanseɛ ne adansedie, wɔ ɔno a berɛ biara ɔbɛba no, mpo Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Yohane 11:3.

  2. Yohane 11:6–7.

  3. Yohane 11:14.

  4. Yohane11:21, 32.

  5. Yohane 11:39.

  6. “Jewfoɔ gyedie kyerɛ sɛ, ɔkra no twentwɛnwɔ baabi a honam no da no nnansa wɔ owuo akyi. Sɛdeɛ Yudafoɔ gyedie kyerɛ no, obi a wawuo rentumi nsane mma nkwa mu nnanan akyiri, ɛfiri sɛ ɔkra no rentumi nwura honam a asesa ne tebea mu bio. Na ne nyinaa yɛ anikasɛm wɔ anwanwa dwuma mu ma adansefoɔ no sɛ Yesu anyane Lazarus wɔ ɛda a ɛtɔ sɔ nan mu. Nnanan no wɔ asekyerɛ soronko wɔ ha na ɔkasafoɔ no ahyɛda afa de ayɛ adwuma afa anwanwa dwuma kɛseɛ a ɛbɛtumi asi wɔ owusɔreɛ mu” (Ernst Haenchen, John 2: A Commentary on the Gospel of John, Chapters 7–21, ed. Robert W. Funk ne Ulrich Busse, nkyerɛaseɛ. Robert W. Funk [1984], 60–61).

  7. Yohane 11:33–36.

  8. Yohane 11:39.

  9. Yohane 11:43–44.

  10. Hwɛ Mose 4:22–25.

  11. Hwɛ Ether 12:27.

  12. Yohane 14:1.

  13. Yohane 14:18.

  14. Thomas S. Monson, “I Will Not Fail Thee, nor Forsake Thee,” Liahona, Obubuo. 2013, 87. Titenani Monson kyerɛɛ mu bio sɛ: “Yɛnim sɛ mmerɛ bi wɔ hɔ a yɛnya awerɛhoɔ a ɛtu akoma, mmerɛ a yɛdi yea ne mmerɛ a yɛhyia nsɔhwɛ kɛseɛ pa ara. Nanso, saa akwansideɛ yi boa yɛn ma yɛsesa bɛyɛ papa, ma yɛtoto yɛn abrabɔ yie wɔ kwan a yɛn Soro Agya kyerɛkyerɛ no so, na yɛsesa firi sɛdeɛ na yɛteɛ dada no ho—yɛbɛdi mu kyɛn kane no, yɛbɛnya nteaseɛ kyɛn kane no, yɛbɛnya ahummɔborɔ sene kane no, na yɛn adanseɛ nya ahoɔden kɛse sene kane no (“I Will Not Fail Thee, Nor Forsake Thee,” 87) Hwɛ nso Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:119: “Na Me, Awurade, atene me nsa ahwanyan ɔsoro tumi; morentumi nhunu yei seesei, nanso mmerɛ kakra akyiri no mobɛhunu, na mobɛhunu sɛ mete ase, na mɛba.”

    San hwɛ Mosiah 23:21–24:

    “Nanso Awurade no hunu sɛ ɛyɛ sɛ ɔtea ne nkurɔfoɔ; aane, na ɔsɔ wɔn aboterɛ ne wɔn gyedie hwɛ.

    “Nanso—obiara a ɔde ne werɛ bɛhyɛ ne mu no, ɔno ara nso na ɔbɛma no so wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu. Aane, na saa ara na ɔde yɛɛ saa nkorɔfoɔ yi.

    “Na hwɛ, mɛkyerɛ wo sɛ wɔde wɔn baa nkoasom mu, a obiara ntumi nnye wɔn, gye sɛ Awurade wɔn Nyankopɔn, aane, mpo Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn no.

    “Na ɛbaa sɛ ɔgyee wɔn na ɔdaa ne tumi kɛseɛ no adi kyerɛɛ wɔn, na wɔn ahurisie yɛɛ kɛseɛ.”

  15. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:1.

  16. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7.

  17. Yohane 11:39.

  18. Yohane 11:43.

  19. Yohane 11:44.

  20. President Russell M. Nelson kaa sɛ: “Mpɛn pii, me ne m’afotufoɔ de ani a nnisuo ataa no ahwɛ mmerɛ a emu yɛ den berɛ a yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi nyinaa na yɛntumi nyɛ bio Ampa ara ɛyɛ yɛn nwanwa” (“Welcome Message,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 6).

  21. Bible Dictionary, “Gyedie.”

  22. Guide to the Scriptures, “Gyedie,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org.

  23. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:17.

  24. Hwɛ 3 Nephi 11:32–39.

  25. Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” Liahona, Obubuo. 2022, 97.

  26. Yohane 14:21.

  27. D. Todd Christofferson, “The Power of Covenants,” Liahona, Kɔtɔnima 2009, 20.

  28. Jeffrey R. Holland, “An High Priest of Good Things to Come,” Liahona, Ɔpɛpɔn. 2000, 45.

  29. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:6.