Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Yɛ Ahotɔ
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Yesu Kristo Yɛ Ahotɔ

Yɛbɛtumi ne Agyenkwa no ayɛ adwuma de aboa ama honam fam ne honhom mu ahotɔ ama wɔn a wɔhia mmoa —na wɔ saa kwan yi so no yɛnya yɛn ankasa ahotɔ.

Esiane sɛ na wɔn a wɔhwɛ ɔbarima bi a ɔwɔ obubuafo no wɔ Yesu Kristo mu gyidi ne anidasoɔ a wɔwɔ wɔ nea wɔate wɔ N’anwanwadeɛ ho no mu nti, wɔde no brɛɛ Yesu. Wɔyɛɛ nneɛma foforɔ de no kɔɔ hɔ—wɔbuee ɛdan no atifi na wɔmaa ɔbarima no, wɔ ne mpa so, kɔɔ baabi a na Yesu rekyerɛkyerɛ adeɛ no. Berɛ a Yesu “hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ [ɔbarima bubuafoɔ no] sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo”1 Na afei, “Sɔre, na fa wo mpa, na kɔ wo fie.”2 Na amonom mu hɔ ara ɔbarima a ɔyɛ obubuafoɔ no sɔre faa ne mpa na ɔfirii hɔ kɔɔ fie, “ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.”3

Dɛn bio na yɛnim fa nnamfoɔ a wɔhwɛɛ ɔbarima a wabubu no ho? Yɛnim sɛ Agyenkwa no hunuu wɔn gyedie. Na ɛnam sɛ wɔhunuu na wɔtee Agyenkwa no na wɔyɛɛ N’anwanwadeɛ ho dansefoɔ nti, “wɔn ho dwirii wɔn” na “wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.”4

Na Yesu Kristo de ayaresa a na wɔhwɛ kwan no ama—honam fam ahotɔ a efiri ɛyaw ne nea efiri yareɛ a enni sabea mu ba a edi dɛm no mu. Nea ɛho hia ne sɛ, Agyenkwa no nso de honhom mu ahotɔ maa ɔbarima no a ɔtee ne ho fii bɔne ho no.

Na nnamfoɔ no—wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhwɛ obi a ohia mmoa mu no, wonyaa ahotɔ fibea; wɔhuu Yesu Kristo.

Medi adanse sɛ Yesu Kristo ahotɔ. Ɛnam Yesu Kristo Mpata no so no, yɛbɛtumi anya ahotɔ afiri bɔne ho adesoa ne nea ɛfiri mu ba no mu na wɔboa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu.

Na ɛnam sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛahyɛ apam sɛ yɛbɛsom No nti, yɛbɛtumi ne Agyenkwa no ayɛ adwuma de aboa ama honam fam ne honhom mu ahotɔ ama wɔn a wɔhia mmoa —na wɔ saa kwan yi so no yɛnya yɛn ankasa ahotɔ wɔ Yesu Kristo mu.5

Yɛn nkɔmhyɛnyi dɔfoɔ, Otitenani Russell M. Nelson, too nsa frɛɛ hyɛn sɛ yɛnni wiase so na yɛnnya ahomegyeɛ.6 Ɔkyerɛɛ “nokorɛ home” ase sɛ “ahotɔ ne asomdwoɛ.” Otitenani Nelson kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ Agyenkwa no nam Ne Mpata a ɛnni ano so gyee yɛn mu biara firii mmerɛyɛ, mfomsoɔ, ne bɔne mu, na ɛnam sɛ Ɔnyaa ɔyaw, dadwene, ne adesoa biara a moahyia pɛn, afei berɛ a mosakyera ampa na mohwehwɛ Ne deɛ boa, wobɛtumi asɔre asene mprempren wiase a ɛyɛ hu yi.”7 Ɛno ne ahotɔ a Yesu Kristo de ma yɛn!

Yɛn mu biara kura akyiri kotokuo a wɔde kasakoa yɛ. Ɛbɛtumi ayɛ kɛntɛn a ɛkari pɛ wɔ wo ti so anaa kotokuo anaa nneɛma a wɔaboaboa ano a wɔde ntama abɔ mu na wɔato agu wo mmatri so. Nanso yɛn nsusuho nti, momma yɛmfrɛ no akyiri Kotokuo.

Saa kasakoa akyiri Kotokuo yi ne baabi a yɛsoa adesoa a ɛwɔ wiase a ahwe ase mu asetena mu. Yɛn nnesoa te sɛ ɔbotan a ɛwɔ akyiri Kotokuo mu. Mpɛn pii no, ahodoɔ mmeɛnsa na ɛwɔ hɔ:

  • Ɔbotan wɔ hɔ a yɛn ankasa yɛyɛ esiane bɔne nti.

  • Ɔbotan wɔ yɛn akyiri kotokuo mu esiane gyinasie a ɛnyɛ, abrabɔ bɔne, ne afoforɔ ayamyɛ a wɔnni nti.

  • Na ɔbotan a yɛsoa efirisɛ yɛte tebea a ahwe ase mu. Weinom bi ne ɔbotan a nyarewa, ɔyaw, yareɛ a enni sabea, awerɛhoɔ, abasamtuo, ankonamyɛ, ne nea efiri abɔdeɛ mu ɛsan ahodoɔ mu ba.

Mede anigyeɛ pae mu ka sɛ ɛho nhia sɛ yɛn adesoa a ewu, saa ɔbotan a ɛwɔ yɛn nsɛnkyerɛnne kwan so akyiri Kotokuom u yi te nka sɛ emu yɛ duru.

Yesu Kristo bɛtumi ama yɛn nnesoa ayɛ hare.

Yesu Kristo bɛtumi ama yɛn nnesoa so.

Yesu Kristo ma yɛn kwan a yɛbɛfa so anya ahotɔ afrii bɔne mu duro no mu.

Yesu Kristo ne yɛn ahotɔ.

Ɔkaa sɛ:

“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoamo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, mommra me nkyɛn na mɛma mo ahome [ɛno ne, ahotɔ ne asomdwoɛ].

“Momfa me konnua nto mo so, na sua wɔ me hɔ; ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase wɔ akoma mu, na mobɛnya ahomegyeɛ ama mo kra.

“Efirisɛ me konnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”8

Sɛ nkɔnnua no yɛ mmerɛ na adesoa no yɛ hare no fa no sɛ yɛne Agyenkwa no kɔ kɔnnua no mu, sɛ yɛne No kyɛ yɛn adesoa, sɛ yɛma No ma yɛn adesoa so. Ɛno kyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛhyɛn apam abusuabɔ mu na yɛadi saa apam no so, a, sɛdeɛ Otitenani Nelson akyerɛkyerɛ mu no, “ɛma abrabɔ ho biribiara yɛ mmerɛ.” Ɔkaa sɛ, “Wo ne Agyenkwa no a wode kɔnnua bɛbɔ no kyerɛ sɛ wobɛnya kwan akɔ N’ahoɔden ne N’egyeɛ tumi so.”9

Enti deɛn nti na pɛpɛɛ wɔ yɛn botan ho? Dɛn nti na baseball bɔfoɔ a wabrɛ bɛpɛ sɛ obefiri ɔbotan no so berɛ a obi a ɔde ne ho hyɛ mu wɔ hɔ a wasiesie ne ho sɛ ɔbewie agorɔ no? Deɛn nti na mɛsi so dua sɛ mɛkura me post no mu nko ara berɛ a Ahotɔfoɔ no gyina hɔ a wasiesie ne ho sɛ ɔde bɛto me nkyɛn?

Sɛdeɛ Titenani Nelson akyerɛkyerɛ no, “Yesu Kristo gyina hɔ a ne nsa abue, ɔwɔ anidasoɔ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsa yɛn yareɛ, de bɔne akyɛ yɛn, ate yɛn ho, ahyɛ yɛn den, ate yɛn ho, na wate yɛn ho.”10

Enti dɛn nti na yesi so dua sɛ yɛn nkutoo bɛsoa yɛn abotan?

Wɔayɛ no sɛ asɛmmisa a ɛfa obi ankasa ho, ma mo mu biara sɛ obesusu ho. Ɛyɛ saa ara ma wo ne me.

Wɔ me fam no, ɛyɛ ahantan bɔne a akyɛ no. Meka sɛ: “M’anya wei. “Adwenndwene biara nni hɔ; Mɛma awie.” Ɛyɛ ɔdaadaafoɔ kɛseɛ a ɔpɛ sɛ mede me ho sie Onyankopɔn, medane me ho firi No ho, na me nko ara kɔ so.

Anuanom mmarima ne mmaa, me nkutoo mentumi nkɔ so, na enhia sɛ meyɛ saa, na merenyɛ saa. Mepɛ sɛ mɛkyekyere m’Agyenkwa, Yesu Kristo, denam apam a me ne Onyankopɔn ayɛ so, “Mɛtumi afa Kristo a ɔhyɛ me den no so ayɛ adeɛ nyinaa. ”11

Wɔde Agyenkwa no ahotɔ hyira apam sohwɛfoɔ.

Susu saa nhwɛsoɔ yi ho wɔ Mormon Nwoma no mu: Wɔtaa Alma nkurɔfoɔ no de “nnwuma guu wɔn so, ne adwuma ahwɛfoɔ wɔ wɔn so.12 Esiane sɛ wɔbraa wɔn sɛ wɔmmmɔ mpaɛ wɔ nne so nti, “wohwiee wɔn komam kyerɛɛ [Onyankopɔn]; na ɔnim wɔn akoma mu nsusuiɛ.”13

Na “Awurade nne baa wɔn nkyɛn wɔ wɔn amanehunu mu, kaa sɛ: Momma mo tiri so na momma mo awerɛkyekyesɛm pa, ɛfiri sɛ menim apam wa moayɛ akyerɛ me no; na me ne me nkurɔfoɔ bɛyɛ apam na magye wɔn afiri nkoasom mu.

“Na mɛma nnesoa no nso a wɔde agu mo abatiri so no ayɛ hare a monte mpo sɛ ɛda mo akyiri.”14

Na wɔn nnesoa “yɛɛ hare,” na “Awurade hyɛɛ wɔn den ma wɔtumi soa wɔn nnesoa a ɛnyɛ den, na wɔde anigyeɛ ne boasetɔ brɛɛ wɔn ho ase maa Awurade apɛdeɛ nyinaa.”15

Saa apam so akurafoɔ no nyaa ahotɔ wɔ awerɛkyekye, boasetɔ ne anigyeɛ a ɛkɔɔ soro, wɔn nnesoa a ɛyɛ mmerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔtee nka sɛ emu yɛ hare, ne awieyɛ koraa no ogyeɛ.16

Afei momma yɛnsan nkɔ yɛn ankasa kasakoa akyi kotokuo so.

Adwensakyera, a ɛnam Yesu Kristo Mpata no nti, yɛn ho bɛtumi ate berɛ a yɛsakyera firi yɛn bɔne ho. Na ɛnam saa akyɛdeɛ fɛfɛ yi so no, Onyankopɔn mmɔborɔhunu ma yɛn ho tɔ yɛn firi atɛntenee ahwehwɛdeɛ a emu yɛ duru na sɛ ɛnte saa a yɛrentumi nni so.17

Yesu Kristo Mpata no nso ma yetumi nya ahoɔden a yɛde bɛkyɛ, a ɛma yetumi yi adesoa a yɛsoa esiane afoforɔ ayaayadie nti.18

Enti ɛbɛyɛ dɛn na Agyenkwa no yi yɛn firi adesoa a ɛwɔ wiase a ahwe ase a nipadua a ewu a ɛhyɛ awerɛhoɔne ɔyaw ase mu no mu?

Mpɛn pii no, Ɔnam yɛn so yɛ saa ahotɔ no! Sɛ N’Asɔre no apam mufoɔ no, yɛhyɛ bɔ sɛ “yɛne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ bɛdi awerɛhoɔ” na “yakyekyere wɔn a wogyinagyina hɔ a wohia awerɛkyekyerɛ werɛ.”19 Esiane sɛ “wɔaba Onyankopɔn nnwankuo mu” na “wɔfrɛ yɛn ne nkurɔfoɔ” nti, “yɛpɛ sɛ yɛsoa yɛn ho yɛn ho nnesoa, na ayɛ hare.”20

Yɛn apam nhyira ne sɛ yɛne Yesu Kristo bɛyɛ adwuma wɔ ahotɔ a yɛde bɛma, honam fam ne honhom fam nyinaa, ama Onyankopɔn mma nyina ara. Yɛyɛ ɔkwan a Ɔnam so de ahotɔ ma.21

Na enti, te sɛ ɔbarima a ɔwɔ obubuafoɔ no nnamfonom no, “yɛboa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, yɛma nsa a ɛsensɛn fɔm no so, na yɛhyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ no den.”22 Yɛ “soa yɛn ho yɛn ho nnesoa, na saa na yɛdi Kristo mmara no so.”23 Berɛ a yɛyɛ saa no, yɛba bɛhunu No, yɛbɛyɛ sɛ Ɔno, na yɛnya N’ahotɔ.24

Deɛn ne ahotɔ?

Ɛyɛ sɛ wo reyi ɛyaa, ɛhaw adwene, anaa adesoa a woyi firi hɔ anaa ɛyɛ hare, anaa ahoɔden a wɔde gyina ano. Ɛkyerɛ obi a osi obi foforɔ ananmu. Ɛyɛ mmara kwan so a wɔde siesie mfomsoɔ .25 Anglo-Franse asɛmfua no firi Franse kasa deda mu asɛmfua relever, anaa “sɛ wɔma so,” ne Latin kasa mu relevare,anaa “ma so bio.”26

Anuanom mmarima ne mmaa, Yesu Kristo yɛ ahotɔ. Medi adanseɛ sɛ Ɔsɔree bio ampa wɔ da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ɔhyɛɛ ɔdɔ ne Mpata a ɛnni ano no ma no, ɔgyina hɔ a ne nsa abue, de hokwan ma yɛn sɛ yɛbɛsɔre bio, agye yɛn nkwa, na yɛama yɛn so na yɛayɛ sɛ Ɔno. Ahotɔ a Ɔde ma no yɛ daa.

Te sɛ mmaa a ɔbɔfoɔ no kɔsraa wɔn wɔ saa Easter anɔpa a ɛdi kan no, mepɛ sɛ “mekɔ ntɛm” na mede “anigyeɛ kɛseɛ” de asɛm no ba sɛ Wasɔre.27 Wɔ Ne Dɔba Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Luka 5:20

  2. Marko 2:11

  3. Luka 5:25

  4. Luka 5:26

  5. Hwɛ D. Todd Christofferson, “The First Commandment First” (Brigham Young University devotional, Mar. 22, 2022), 2, speeches.byu.edu: “Our love of God elevates our ability to love others more fully and perfectly because we in essence partner with God in the care of His children” (emphasis added).

  6. Hwɛ Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” Liahona, Nov. 2022, 95–98.

  7. Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” 96.

  8. Mateo 11:28–30

  9. Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” 97.

  10. Russell M. Nelson, “Yɛbɛtumi Ayɛ Papa na Yɛayɛ Papa,” Liahona, May 2019, 67.

  11. Filipifoɔ 4:13.

  12. Mosaya 24:9

  13. Mosaya 24:12

  14. Mosaya 24:13–14; wosi so dua no.

  15. Mosaya 24:15

  16. Hwɛ Mosaya 24:13-14

  17. Hwɛ Alma 34:14–16sane hwɛ Mosaya 15:8–9

  18. Hwɛ Russell M. Nelson, “Four Gifts That Jesus Christ Offers to You” (First Presidency Christmas devotional, Dec. 2, 2018), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org: “A second gift the Savior offers you is the ability to forgive. Ɛnam Ne Mpata a enni ano so no, wobɛtumi de wɔn a wɔapira wo no bɔne akyɛ wɔn na ebia wɔannye wɔn atirimɔdensɛm a wɔyɛ wɔ wo ho no ho asodie ntom da.

    “Ɛyɛ a na ɛtaa yɛ merɛ sɛ wode wɔn a wɔfiri akoma mu ne ahobraseɛ mu hwehwɛ bɔnefakyɛ firi wo hɔ no bɔne kyɛ wɔn. Nanso Agyenkwa no bɛma wo tumi a wode bɛkyɛ obiara a wayɛ wo bɔne wɔ ɔkwan biara so. Ɛneɛ wɔn nneyɛe a ɛyɛ yaw no rentumi nhao wo kra bio.”

  19. Mosiah 18:9

  20. Mosaya 18:8

  21. Relief Society, the women’s organization of The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, was organized by the Prophet Joseph Smith on March 17, 1842, as “a divinely established appendage to the priesthood” (Dallin H. Oaks, “The Keys and Authority of the Priesthood,” Liahona, May 2014, 51). Bere a wɔrepao din ama ahyehyɛdeɛ foforɔ no, wosusu asɛmfua ɔyamyɛfoɔ ho, nanso na mmaa no ani gyee rahotɔ ho. Emma Smith, ahyehyɛdeɛ no titrani a odi kan, ne Eliza R. Snow, ne Twerɛfoɔ a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Mmaa Kuw no titrani a ɔto so mmienu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyamyɛfoɔ “yɛ asɛmfua a nkurɔfoɔ ani gye ho—na ahyehyɛdeɛ ahodoɔa na wɔwɔ hɔ saa berɛ no ani gye ho—nanso sɛ “ . ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn kwankyerɛfo.” Emma kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛmfua ahotɔ no kyerɛkyerɛɛ wɔn asɛmpatrɛ adwuma no mu yie. “Yɛrekɔyɛ biribi soronko yɛhwɛ kwan sɛ mmerɛ soronko ne frɛ a ɛhia” (Emma Smith, in Nauvoo Relief Society Minute Book, Mar. 17, 1842, 12, josephsmithpapers.org). Nokorɛ, Relief Society ahyɛdeɛ ayɛ berɛ nyina deɛ wɔde honam mu na sunsum mu ahotɔ bɛma. Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛnyɛ sɛ Asafo no bɛgye ahiafoɔ nko, na mmom wɔbɛgye akra” (Nauvoo Relief Society Minute Book, June 9, 1842, 63). Na enti Relief Society no kɔ so de ahotɔ ma: “Ohia mu ahotɔ, yareɛ mu ahotɔ; adwenem naayɛ mu ahotɔ, nimdeɛ a wonni mu ahotɔ —nea esi ɔbaa anigyeɛ ne nkɔsoɔ kwan nyinaa mu ahotɔ” (John A. Widtsoe, Evidences and Reconciliations,, arr. G. Homer Durham, nhoma ahodoɔ 3. wɔ 1 [1960] mu, 308).

  22. Nkyerɛkyerɛne Apam 81:5Hwɛ bio Hebrifoɔ 12:12

  23. Galatiafoɔ 6:2.

  24. Wɔ Relief Society a wɔahyehyɛ no foforɔ no nhyiamu a ɛdi kan no mu baako mu no, Lucy Mack Smith, Nkɔmhyɛni Joseph Smith maame, kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho yɛn ho, yɛhwɛ yɛn ho yɛn ho, kyekye yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛnya nkyerɛkyerɛ, ama yɛn nyinaa ayɛ yie mommom ntena soro.” Abakɔsɛm Twerɛfoɔ Jennifer Reeder Twerɛɛ weii ho asɛm sɛ, “Wɔ adwuma a wɔaka abom mu de ahotɔ ama no, mmaa no ne Kristo yɛɛ adwuma, na wɔ saayɛ mu no, wɔnyaa Ne ahotɔ” ((Nea edi kan: Emma Smith Asetra ne Gyidi [2021], 130).

  25. Hwɛ Merriam-Webster.com Hwɛ Merriam-Webster.com Nsɛm asekyerɛ nhoma, “ahotɔ.”

  26. Hwɛ Dictionary.com, “ahotɔ.”

  27. Hwɛ Mateo 28:1–8.