Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo yɛ Awofoɔ Ahoɔden
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Yesu Kristo yɛ Awofoɔ Ahoɔden

Mommoa mo mma sɛ wɔbɛnyini wɔ Yesu Kristo mu gyedie, wɔbɛdɔ N’asɛmpa ne N’asɔre, na wɔbɛsiesie wɔn nkwa nna ayiyi tenenee.

Da koro bi, agya bi yɛɛ ahoboa sɛ ɔrekɔ bishopfoɔ anwummerɛ nhyiamu bi. Ne mfeɛ nan ba abaayewa bɛgyinaa n’anim, a ɔhyɛ atadeɛ a ɔde da na ɔkuta Mormon Nwoma Abasɛm.

“Adɛn na ɛho hia sɛ wokɔ nhyiamu bi?” ɔbisaae.

“Ɛfiri sɛ meyɛ ɔfotufoɔ wɔ bishopfoɔ no mu,” ɔbuaae.

“Na sɛ woyɛ m’agya!” ne babaa no kasaa ho.

Ɔbuu nkotodwe wɔ n’anim. “Medɔfo pa,” ɔkaae, “Menim sɛ wopɛ sɛ mekenkan ma wo na meboa wo sɛ wobɛda, nanso anadwo yi, ɛhia sɛ meboa bishop no.”

Ne babaa no buaae sɛ, “Na bishop no nni agya a ɔbɛboa no ma wakɔ da?”

Yɛde aseda a ɛnni awieɛ ma asafomma a ɛnni ano a wɔde nsiyɛ som wɔ Yesu Kristo Asɔre mu dabiara no. Nokorɛ mu mo afɔrebɔ yɛ kronkron.

Nanso sɛdeɛ saa abaayewa yi tee aseɛ no, biribi wɔ hɔ a ɛne ne kronkron yɛ pɛ—biribi a nsi ananmu nni hɔ—a ɛfa ɔwofoɔ a ɔretete akwadaa ho. Ɛharan ɔsoro nhwɛsodeɛ no.1 Yɛn Agya a ɔwɔ Soro, yɛn Wofoɔ Kronkron, nokorɛ mu di ahurisie, berɛ a wɔn awofoɔ a wɔwɔ asase so kyerɛkyerɛ na wɔtete Ne mma.2

Awofoɔ, aseda nka mo wɔ biribiara a moreyɛ sɛ mobɛtete mo mma. Mmɔfra, yɛda mo ase wɔ biribiara a moreyɛ sɛ mobɛtete mo awofoɔ, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔwofoɔ biara nim no, yɛtaa sua dodoɔ no firi yɛn mmɔfra hɔ ɛfa gyedie, anidasoɔ, ne ɔdɔ mapa, berɛ a wɔresua firi yɛn hɔ no!3

Awofoɔ Wɔ Asɛdeɛ Kronkron

Moadwene ho da ɛfa asiane kɛseɛ a yɛn Agya a ɔwɔ Soro de ne ho to mu berɛ biara a Ɔsoma abɔfra bi ba asase so ho? Yeinom ne Ne mma mmarima ne mma mmaa. Wɔwɔ biribi mu ahoɔden a ɛnni ano. Wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ wɔba bɛyɛ nnipa animuonyamfoɔ, adom, ne nokorɛ. Nanso wɔba asase so a wɔyɛ mmerɛ koraa, a wɔntumi ɛnyɛ biribiara ka sɛ wɔsu pɛ mmoa ho. Wɔn berɛ ho nkaeɛ wɔ Onyankopɔn anim so akata, a wɔn nimdeɛ fa onipa korɔ a wɔyɛ ankasa ne onipa a wɔbɛtumi abɛyɛ ka ho. Wɔgyina deɛ wɔhyɛ no nso firi nkorɔfoɔ a atwa wɔn ho ahyia so, yɛ wɔn asetena mu, ɔdɔ, Onyankopɔn, ne Ne nhyehyɛeɛ ho nteaseɛ—nkanka wɔn awofoɔ, a nokorɛ mu, wɔgu so rebɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛhunu wɔn ho nneɛma ano.

Mfoni
Abɔfra a wɔawo no foforɔ

Onyankopɔn ama awofoɔ no “asɛdeɛ kronkron sɛ wɔtete wɔn mma ɔdɔ ne teneneeyɛ mu, sɛ wɔma wɔn deɛ ɛhia honam ne honhom mu, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔhyɛ Onyankopɔn mmaransɛm nso.”4

Yei dɔɔso mpo sɛ ɛbɛma awofoɔ a wɔyɛ papapaa anyane anadwo.

Me nkrasɛm ma awofoɔ nyinaa yɛ sei:

Awurade dɔ mo.

Ɔka mo ho.

Ɔgyina mo nkyɛn.

Ɔno ne mo ahoɔden wɔ mo mmɔfra akwankyerɛ mu sɛ wɔbɛyi deɛ ɛtene.

Fa akokoɔduro ne ahurisidie gye saa akwanya ne asodie yi to mu. Mfa saa ɔsoro nhyira yi fibea mma obi foforɔ biara. Wɔ asɛmpa no suban pa ne nnyinasosɛm mu no, mone wɔn a mobɛkyerɛ mo mmɔfra kwan wɔ deɛ daadaa asetena ɛkyerɛ. Mommoa mo mma sɛ wɔbɛnyini wɔ Yesu Kristo mu gyedie, wɔbɛdɔ N’asɛmpa ne N’asɔre, na wɔbɛsiesie wɔn nkwa nna ayiyi tenenee. Nokorɛ mu, yei ne Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma awofoɔ.

Satan bɛko atia mo, atwe mo adwene afiri so, abɔ mmɔden abu mo abam.

Nanso abɔfra biara anya Kristo Hann sɛ kwan tee bi kɔ ɔsoro. Na Agyenkwa no bɛboa mo, ama mo akwankyerɛ, ahyɛ mo nkuran. Hwehwɛ Ne mmoa. Bisa Awurade!

Mfoni
Awurade Yesu Kristo

Sɛdeɛ Yesu Kristo yɛ ahoɔden ma mmabunu no, saa ara na Yesu Kristo yɛ ahoɔden ma awofoɔ.

Ɔma Ɔdɔ yɛ Kɛseɛ

Ɛtɔ da a yɛtumi dwene sɛ obi foforɔ tumi fata pa ara sɛ ɔma akwankyerɛ na ɔkyerɛkyerɛ yɛn mmɔfra no. Nanso ɛmfa ho ne atenka a motumi nya sɛ monso, mowɔ biribi sononko a ɛma mo fata: modɔ ma mo mmɔfra.

Ɔwofoɔ dɔ ma n’abɔfra yɛ wiase yi mu ahoɔdenneɛ mu ahoɔden pa ara no mu baako. Ɛyɛ nneɛma kakra bi a ɛwɔ wiase mu baako a nokorɛ mu ɛbɛtumi ayɛ ɛnni awieɛ.

Seesei, ɛbia wote nka sɛ wone wo ba ntam abusuabɔ ɛsua kyɛn ne papayɛ. Ɛha na Agyenkwa no tumi ba mu. Ɔsa ayarefoɔ yareɛ, enti ɔbɛtumi asa abusuabɔ mu yareɛ. Ɔma paanoo ne adwene yɛ mmɔho mmɔho, Ɔbɛtumi ama ɔdɔ ne anigyeɛ wɔ wo fie ayɛ mmɔho.

Mo dɔ ma mo mma no nwene tenabea a ɛyɛ fɔmm ma mokyerɛkyerɛ nokorɛ na gyedie nyini. Monyɛ mo fie mpaebɔ, adesua, ne gyedie fie; efie a ahurisidie nneyɛɛ wɔ; bea a mote sɛ moka ho nka; Onyankopɔn fie.5 Na “fa akoma mu ahoɔden nyinaa bɔ mpaeɛ kyerɛ Agya no, sɛ [mo] bɛhyɛ ma wɔ [Ne] dɔ mu, deɛ ɔde [agu] wɔn so … ne Ba, Yesu Kristo akyidifoɔ no.”6

Ɔma Mmɔdemmɔ Ketewa ne Tiawa yɛ Kɛse

Ahoɔden foforɔ a wowɔ, sɛ ɔwofoɔ, yɛ dabiara nkɛtɛnsoɔ a ɛkɔ so ho akwanya. Tipɛnfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne nkratoɔ kwan nkɛntɛnsoɔfoɔ ba na wɔkɔ. Nanso wobɛtumi ayɛ daadaa, nkɛntɛnsoɔ pintinn kɛseɛ wɔ w’abɔfra no asetena mu.

Sɛ mode nne akɛseɛ a mo mmɔfra no te wɔ wiase toto mo mmɔdemmɔ ho a, motumi hunu no ketewa bi. Ɛtɔ da bi a wote nka sɛ wontumi nyɛɛ dodoɔ biara. Mmom kae sɛ “ɛnam nneɛma nketewa so na Awurade tumi ma nneɛma akɛseɛ ba.”7 Efie anwummerɛ adesua baako, asɛmpa ho nkɔmmɔdie baako, anaa nhwɛsoɔ papa baako rentumi nsesa w’abɔfra asetena prɛko pɛ, nkyɛn sɛ osuo baako refiri tɔ afifideɛ so bɛma no anyini ntɛm so. Nanso nneɛma nketewa ne tiawa mu pintinnyɛ daa ne daa no, tete mo mmɔfra yie pa ara kyɛn da koro da koro nsuyire.8

Ɛno ne Awurade kwan no. Ɔde nne ketewa, bɔkɔɔ kasa kyerɛ wo ne wo ba, ɛnyɛ aprannaa nne.9 Wansa Naaman yareɛ amfa “biribi kɛseɛ bi so” mmom ɔnam adeɛ ketewa bi so, adwareɛ a ɔkɔɔ so yɛɛe.10 Israelmma de asam afahyɛ no gyee wɔn ani, nanso deɛ ɛmaa wɔtenaa ase yɛ manna anwanwa dwuma nketewa ne tiawa no—wɔn daa ne daa paanoo no.11

Anuanom mmarima ne mmaa, wɔto daa ne daa paanoo no yie na wɔkyɛ no wɔ efie. Wɔkanyan gyedie ne adanseɛ yie wɔ ɛnsombo ne sɛdeɛ ɛteɛ akwan so, woka no baako baako, wɔ ketewa ne tiawa berɛ mu, wɔ daadaa asetena dabiara no mu.

Berɛ tiawa biara yɛ adekyerɛ berɛ. Asɛm ne nneyɛɛ biara tumi yɛ ɔpɛ bi akwankyerɛ.13

Ɛtumi ba sɛ worentumi nhunu deɛ ɛfiri wo mmɔdemmɔ mu ba no ntɛm so. Nanso, mpa aba. “Ɛsɛ sɛ nneɛma nyinaa ba mu wɔ wɔn berɛ mu,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛno nti, mma mommrɛ wɔ papayɛ mu, ɛfiri sɛ [mo] reto adwuma kɛseɛ bi fapem.”14 Adwuma bɛn na ɛtumi yɛ kɛseɛ kyɛn sɛ woreboa Onyankopɔn mma a wɔsom boɔ sɛ wɔsua nipa korɔ a wɔyɛ ankasa, ama wɔn Yesu Kristo mu gyedie, N’asɛmpa, ne N’Asɔre anyini? Yesu Kristo bɛhyira na wayɛ mo mmɔdemmɔ a ɛnsesa no kɛseɛ.

Ɔma Adiyisɛm

Tumi kwan foforɔ a Awurade fa boa awofoɔ no nam akyɛdeɛ a ɛyɛ ankasa adiyisɛm so. Onyankopɔn ho pere no sɛ Ɔhwie Ne Honhom sɛ ɛbɛkyerɛ awofoɔ kwan.

Berɛ a woyɛ mpaebɔfoɔ na wote Honhom no nka no, Ɔbɛbɔ wo kɔkɔ afa asiane a ahinta ho.15 Ɔbɛyi wo mmɔfra no akyɛdeɛ, wɔn ahoɔden, ne wɔn ɔhaw a wɔnkasa ho adi.16 Onyankopɔn bɛboa mo ma moahunu mo mmɔfra sɛdeɛ Ɔno hunu wɔn—ɛtra wɔn hwɛbea a ɛpue na akɔ wɔn akoma mu.17

Wonya Onyankopɔn mmoa a, wobɛtumi asua ahunu mo mmɔfra no wɔ kronkron ne ɔsoro mu kwan so. Meto nsa frɛ wo sɛ wobɛpene deɛ Onyankopɔn de ma wo so sɛ ɛbɛkyerɛ w’abusua kwan, afa w’ankasa adiyisɛm so. Hwehwɛ N’akwankyerɛ wɔ wo mpaebɔ mu.18

Nsesaeɛ Kɛseɛ

Ebia, mmoa kɛseɛ a ɛho hia a Yesu Kristo de ma awofoɔ no yɛ akoma mu “nsesaeɛ kɛseɛ”.19 Ɛyɛ anwanwa dwuma a yɛn mu biara hia.

Berɛ tiawa bi mu, susu saa tebea yi ho: Wowɔ asɔre, retie kasa bi a ɛfa mmusua ho. Ɔkasafoɔ no ka efie a ɛwie pɛyɛ ne mpo abusua a ɛwie pa ara ho asɛm. Okunu ne ɔyere nkoo ntɔkwa da. Sɛ berɛ so sɛ wɔyɛ efie adwuma a, mmɔfra gyae wɔn twerɛnsɛm akenkan. Na nnwom a ɛyɛ “Love One Another”20 rebɔ wɔ akyire hɔ. Ansa na ɔkasafoɔ no bɛduru ɔfa a ɛfa obiara de anigyeɛ ka ho ma wɔhohoro adwareɛ hɔ no, woadi kan redwene sɛ, “M’abusua yɛ deɛ ɛnni anidasoɔ.”

Anuanom Mmarima ne Mmaa pa, monnwodwo mo ho! Obiara a ɔwɔ asafo no mu redwene adekorɔ no ara! Asɛm no ne sɛ, awofoɔ nyinaa ha wɔn ho ɛfa sɛ wɔnyɛ papa biara mmoro so.

Yɛn tiri yɛ, mmoa fibea kronkron bi wɔ hɔ ma awofoɔ: Ɛyɛ Yesu Kristo. Ɔne yɛn akoma nsesaeɛ kɛseɛ no fibea.

Berɛ a mobue mo akoma mu ma Agyenkwa ne Ne nkyerɛkyerɛ no, Ɔbɛkyerɛ mo mo mmerɛyɛ Sɛ mode ahobrɛaseɛ akoma nya awerɛhyɛmu wɔ Yesu Kristo mu a, Ɔbɛma saa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ no abɛyɛ ɔhoɔdenfoɔ.21 Ɔne anwanwa dwuma Nyankopɔn.

Enti ɛno kyerɛ sɛ mo ne mo abusua bɛwie pɛyɛ? Daabi. Mmom mobɛyɛ papa aka ho. Ɛnam Agyenkwa no adom so, nkakrankakra, mobɛnyini pa ara wɔ suban a awofoɔ hia mu: ɔdɔ ma Onyankopɔn ne Ne mma, aboterɛ, ayamyɛfoɔ, Kristo mu gyedie, ne akokoɔduro a wɔde yiyi deɛ ɛyɛ tenenee.

Yesu Kristo nam N’Asɔre so de mmoa ma

Yɛn mmɔdemmɔ sɛ gyedie bɛnyini wɔ Yesu Kristo mu no gyina efie so, sɛ wɔtwe adwene si baakofoɔ no so. Na ɛyɛ mmoa firi Asɔre hɔ. Deɛ twerɛnsɛm kronkron ne nkɔmhyɛfoɔ nsɛm de rema no firi hɔ a, Agyenkwa no Asɔre ma adwuma nneɛma bebree sɛ ɛbɛboa awofoɔ ne mmɔfra ma wɔayɛ na wɔayiyi tenenee:

Mfoni
De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ
  • De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ no remma mo nsɛm mmoano a ɛyɛ yɛ wei anaa ɛnyɛ wei. Ɛkyerɛkyerɛ nokorɛ a ɛnni awieɛ sɛ ɛbɛboa ama moayiyi mopɛ ama agyina Yesu Kristo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ so. Mo ne mo mma nkenkan. Ma wɔnkasa mfa ho. Mommoa wɔn ma wɔnya saa ɛnni awieɛ ne nokorɛ kronkron yi sɛ ɛbɛma wɔn pɛ akwankyerɛ.22

  • FSY nhyiamu yɛ anwanwa dwuma nneɛma foforɔ. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbabunu biara bɛkɔ bi. Meto nsa frɛ asigyafoɔ nkumaa no sɛ wɔmmɛka saa nhyiamu yi ho sɛ nhwɛsofoɔ ne afotufoɔ. Meto nsa frɛ awofoɔ sɛ wɔnto honhom mu nkanyan ammirika a wɔn mmabunu de firi FSY nhyiamu ase ba efie no so ma ɛnyini.

  • Mmɔfra ne mmabunu a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu akyerɛkyerɛfoɔ, afotufoɔ, ne nhwɛsofoɔ. Mprɛ pii wokɔ obi a ɔnyiniiɛ asetena mu wɔ berɛ a ɛhia yie mu kɔboa no ma ɔnyini gyedie ne adanseɛ mu. Mo mu binom yɛ asigyafoɔ. Ebinom nyaa wɔn ankasa wɔn mma da. Mo anigyeɛ mu som ma Onyankopɔn mma yɛ kronkron wɔ Onyankopɔn ani so.23

Mpa Aba Da wɔ Anwanwa dwuma no ho

Me nnamfo pa, menuanom mmarima ne mmaa pa, morema abɔfra bi gyedie anyini yɛ biribi te sɛ moreboa ama nhwiren bi anyini. Morentumi ntwe dua no mma no ɛnyɛ tenten. Morentumi mfa ahoɔden mmue nhwiren a afefɛ so mma no ngu nhyerɛnne ntɛm. Na morentumi mmu ani nngu nhwiren so na nhwehwɛ sɛ ɛbɛnyini anaa ɛbɛfefɛ mpofirimu.

Deɛ mobɛtumi ayɛ na ɛsɛ sɛ moyɛ ma awoɔ ntoatoasoɔ a ɛresɔre no ne sɛ mobɛsiesie dɔteɛ anya asase bedeɛ a ɔsoro mu nsuo tene fa mu. Yiyi mu nwira ne biribiara a ɛbɛsi ɔsoro awia hann no. Nwono tebea a ɛbɛtumi ayɛ papa pa ara ama onyini. Nya aboterɛ ma awoɔ ntoatoasoɔ a ɛresɔreɛ yi kwan nyɛ nkanyan nyiyie na ma Onyankopɔn nyɛ N’anwanwa dwuma. Awieɛ koraa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ, ne ahodwiri, ne anigyeɛ pa ara akyɛn deɛ mo ankasa mobɛtumi ayɛ nko ara.

Wɔ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ mu no, na ɛwɔ sɛ mmusua abusuabɔ tirimpɔ yɛ ɛnni awieɛ. Ɛno nti, ayɛ ɔwofoɔ yi, wompa aba da, mpo sɛ wonni abotɔyam fa sɛdeɛ nneɛma bi kɔɔe berɛ a atwam no.

Yesu Kristo ka ho yi, Owura Yaresani ne Agyenkwa no, ahyɛaseɛ foforɔ bɛtumi awɔ hɔ berɛbiara; Ɔma anidasoɔ berɛbiara.

Yesu Kristo yɛ mmusua ahoɔden.

Yesu Kristo yɛ mmabunu ahoɔden.

Yesu Kristo yɛ awofoɔ ahoɔden.

Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Ɛrekame ayɛ sɛ bɔbea a ɛwɔ ɔwofoɔ biara mu yɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mmɔfra ahonim bra papa. Yei yɛ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no anwanwa dwuma no fa. Ɔpɛ sɛ Ne mma ba asase so, bɛdi mmusua ɛnni awieɛ nhwɛsodeɛ a ɛte hɔ wɔ ɔsoro no akyiri. Mmusua yɛ fekuo ahyɛaseɛ ɔfa wɔ ɛnni awieɛ ahemman mu, ɛno nti Ɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ ahyɛaseɛ fa nso wɔ asase so. Ɛwom sɛ asase so mmusua ne pɛyɛ mu twe, nanso ɛma Onyankopɔn mma nya ho kwan papapaa ma wɔgye wɔn ba wiase de asase so ɔdɔ nko ara a ɛbɛn deɛ yɛtee nka wɔ ɔsoro no—awofoɔ dɔ. Mmusua nso yɛ ɔkwan papa a wɔfa so kora na wɔde ahonim bra pa ma ne nokorɛ nnyinasosɛm a ɛbɛtumi adi yɛn anim akɔ Onyankopɔn anim” (Henry B. Eyring, “Gathering the Family of God,” Liahona, Kɔtɔnimma 2017, 20).

  2. Ampa ara, yɛnim sɛ ɛnyɛ berɛbiara na Onyankopɔn pɛ wie yɛ “wɔ asase so, sɛdeɛ ɛte wɔ ɔsoro” (Mateo 6:10). Nokorɛ mu, wode awofoyɛ a ɛwuo toto Onyankopɔn adepa ho a, ɛtɔ piti. Nokorɛ mu Ɔhunu saa. Ɛsɛ sɛ ɔsu wɔ awerɛhoɔ ne abusua abusuabɔ mu akoma mu yawdie nyinaa so. Nanso Ɔmpaa aba wɔ abusua so. Na Ɔrenyɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ animuonyamhyɛ nhyehyɛeɛ a ɛnni awieeɛ ma Ne mma. Na wɔ saa nhyehyɛeɛ no mfinfini ne abusua.

  3. Hwɛ Mateo 18:1–5; Mosiah 3:19.

  4. The Family: A Proclamation to the World,” ChurchofJesusChrist.org; hwɛ nso Doctrine and Covenants 68:25–28.

  5. Hwɛ “Learning at Home Is Founded on Relationships,” Adekyerɛ wɔ Agyenkwa no Kwan so: Ɛma Obiara a Ɔkyerɛkyerɛ wɔ fie ne Asɔre no mu (2022), 30–31; hwɛ nso Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:8.

  6. Moroni 7:48

  7. 1 Nephi 16:29; hwɛ nso Alma 37:6–7.

  8. Hwɛ “Learning at Home Consists of Small, Simple, Consistent Efforts,” Teaching in the Savior’s Way, 31. Titenani David O. McKay kyerɛkyerɛɛe: “Momma yɛnnwene sɛ, ɛnam sɛ yɛhunu [nneɛma] binom … nketewa bu wɔn abomfiaa, [nti] wɔn ho nhia. Ne nyinaa akyiri, nneɛma nketewa na ɛyɛ nkwa. Akoma mmɔeɛ nketenkete na ɛyɛ yɛn nkwa, ne sɛdeɛ yɛteɛ honam mu, Ma saa akoma ketewa no nnyae sɛ ɛrebɔ, na asetena wɔ saa wiase yi mu to atwa. Awia kɛseɛ no yɛ ahoɔden kɛseɛ wɔ wiase yi mu, nanso yɛnya nhyira no a ɛyɛ [ne] hran no, ɛfiri sɛ wɔba yɛn nkyɛn te sɛ anyinam nketewa, deɛ yɛfa ne mmoano a, ɛde awia ano gya hyɛ wiase nyinaa ma no. Ɛnam deɛ yɛhunu no sɛ nsoromma nketewa a ɛnhyerɛn yie so na anadwo sum yɛ anigyeɛ; ma ɛno nti, Kristo sɛso nneyɛɛ nketewa a woyɛ saa dɔnhwere yi, saa sima yi mu—yɛ nokorɛ Kristoni asetena wɔ efie” (Teachings of Presidents of the Church: David O. McKay [2003], 219).

  9. Hwɛ Helaman 5:30.

  10. Hwɛ 2 Kings 5:9–14.

  11. Hwɛ Eksodus 16.

  12. Hwɛ “Preparing Your Children for a Lifetime on God’s Covenant Path,” Come, Follow Me—For Individuals and Families: New Testament 2023, appendix (digital only).

  13. Hwɛ “Learning at Home Can Be Planned but Also Spontaneous,” Teaching in the Savior’s Way, 31; 1 Peter 3:15.

  14. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:32–33.

  15. Hwɛ Mateo 2:13.

  16. Hwɛ Alma 40:1; 41:1; 42:1.

  17. Hwɛ 1 Samuel 16:7.

  18. Hwɛ 1 Nephi 15:8.

  19. Alma 5:13.

  20. Hwɛ “Monnodɔ Mo Ho,” Nnwom, no. 308.

  21. Hwɛ Ether 12:27.

  22. “Wɔ mmɔfra asɛm mu no, asodie sɛ wɔma ahonim akwankyerɛ gyina awofoɔ so. Wɔnim abɔfra biara suban, ne nteaseɛ, ne nyansafoɔ a ɔyɛ. Awofoɔ sɛe nkwa nna hwehwɛ sɛ wɔne wɔn mmɔfra mu biara bɛkyekyere na wɔakuta nkitahodie papa. Wɔwɔ gyinabea papa mu sɛ wɔsi awieɛ ahonim gyinaeɛ ɛfa wɔn aseni bi yiedie ne asetena pa ho” (James E. Faust, “The Weightier Matters of the Law: Judgment, Mercy, and Faith,” Ensign, Nov. 1997, 54).

  23. Adwuma nneɛma afoforɔ mmienu a ɛhia sɛ wɔbɔ din: Saa afe yi akenkan kyerɛfoɔ afidie sɛso Bra, Di M’akyi ɔfa foforɔ tiasɛm ka adwuma nneɛma ho “Preparing Your Children for a Lifetime on God’s Covenant Path.” Ɛsusu efie nnyinasoɔ adwenkyerɛ tiawa a ɛbɛboa asiesie mmɔfra ama asubɔ, ne apam ne ayɛyɛdeɛ afoforɔ. Ne nsiesie foforɔ koraa Teaching in the Savior’s Way wɔ ɔfa a ne tiasɛm “Home and Family” a ɛkyerɛ sɛdeɛ Kristo sɛso nnyinasosɛm nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ efie (hwɛ nkratafa 30–31).