Amansan Nhyiamu
Wonim Deɛ Nti Megye Kristo sɛ Kristoni?
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Wonim Deɛ Enti Megye Kristo Di sɛ Okristoni?

Na ɛwɔ sɛ Yesu Kristo hunu amane, Ɔwu, na Ɔsɔre bio de gye adasamma nyinaa firi honam mu owuo mu na ɔma yɛne Onyankopɔn nya daa nkwa.

Anwummerɛ bi a na mapɔn adwuma, mfeɛ bi a atwam, meforoo lɔɔre firii New York City sɛ merekɔ fie wɔ New Jersey sɛdeɛ na metaa yɛ no ara. Maame bi a na mete ne nkyɛn hunuu deɛ na meretwerɛ wɔ me kɔmputa so na ɔbisaa me sɛ, “Wogye Kristo di?” Mekaa sɛ, “Aane, megye No di!” Yɛn nkɔmmɔdie mu no, mehunuu sɛ na afei na ɔfiri ne kurom wɔ Asia man mu rebɛyɛ adwuma wɔ New York mfididwuma nkutahodie asoɛeɛ.

Prɛko pɛ, mebisaa no sɛ, “Wonim deɛ enti a megye Kristo di sɛ Okristoni?” Ɔno nso yii ano sɛdeɛ yɛnim no na ɔkaa sɛ menka nkyerɛ no. Nanso meyɛɛ sɛ merekasa no, nsɛm bebree bɔ faa me tirim sɛdeɛ ɛtɔ da bi a ɛtumi si no. Na yei yɛ berɛ a ɛdi kan a na merekyerɛ Kristosom“sɛnti” akyerɛ obi a ɔnnim koraa, na ɔyɛ onimdefoɔ pa ara. Na mentumi nka no kɛkɛ sɛ, “medi Yesu Kristo akyi ɛfiri sɛ Ɔfirii Ne pɛ mu hunuu amane wu maa me bɔne.” Ebia ɛbɛyɛ no nwanwa, “Na ɛwɔ sɛ Yesu wu anaa? Sɛ yɛbisa Nyankopɔn a Ɔntumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn kɛkɛ na Ɔnte yɛn ho?”

Sɛn na anka wobɛyi ano wɔ simma kakraabi ntam? Sɛn na wobɛkyerɛkyerɛ yei mu akyerɛ adamfoɔ bi? Mmɔfra ne mmabunu: mesrɛ sɛ akyire yi mommisa mo awofoɔ anaa mo akannifoɔ sɛ, “Adɛn nti na na ɛwɔ sɛ Yesu wu?” Na, anuanom adɔfoɔ, mewɔ asɛm bi ka: deɛ na medwene sɛ menim fa Asɔre nkyerɛkyerɛ, abakɔsɛm, nhyehyɛeɛ, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa akyi no, asɛmmisa a ɛyɛ yɛn gyidie nnyinasoɔ yi ho mmuaeɛ amma fo. Saa da no, meyɛɛ sɛ mede m’adwene bɛkɔ deɛ ɛhia yie ma daa nkwa so.

Enti, meka kyerɛɛ m’adamfo foforɔ no1 sɛ yɛwɔ honhom a ɛka yɛn nipadua ho na Onyankopɔn na ɔyɛ yɛn honhom Agya.2 Meka kyerɛɛ no sɛ na yɛne yɛn Soro Agya na ɛteɛ ansa na wɔrewo yɛn aba saa wiase a ɛwuo yi mu.3 Esiane sɛ Ɔdɔ ɔne Ne mma nyinaa nti, Ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛdeɛ yɛbɛnya honamdua a ɛyɛ N’animuonyam nipadua nsɛsoɔ,4 aka abusua bi ho,5 na yɛasan akɔ N’anim bio ne yɛn mmusua akɔdi dɛ a ɛnni awieeɛ6 sɛdeɛ Ɔne Ne deɛ teɛ no.7 Mekaa sɛ, nanso, yɛbɛhyia akwansideɛ mmienu wɔ saa bɔne wiase yi mu:8 (1) honam fa mu wuo—yɛn honamdua ne honhom no mpaepae mu. Aane, na ɔnim sɛ yɛn nyinaa bɛwu. Ɛna (2) honhom mu wuo—yɛne Onyankopɔn mpaepae mu a ɛfiri yɛn bɔne, mfomsoɔ, ne sintɔ ɛnam sɛ yɛyɛ nipa nti, ɛtwe yɛn firi N’anim kronkron no.9 Na ɔnim yei nso.

Meka kyerɛɛ no sɛ yei yɛ pɛpɛyɛ mmara no nsunsuansoɔ. Saa daapem mmara yi hwehwɛ sɛ wɔbɛtua daapem ka bi ama yɛn bɔne baako biara anaasɛ Onyankopɔn mmara anaa nokorɛ a yɛto, anaa yɛrentumi da nsane nkɔ N’anim kronkron no.10 Ɛrentene, na Onyankopɔn “rentumi mmu ntɛnkyea.”11 Ɔtee yei ase nanso ɔkaa no ntɛm sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu, ɔdɔ, na ɔpɛ ntɛm sɛ ɔde yɛn daa nkwa bɛba.12 Meka kyerɛɛ m’adamfo no sɛ yɛbɛsan anya ɔtanfo bi a ne ho yɛ den na ɔyɛ aniteɛ—bɔne ne atorɔ nyinaa farebae—bɛsɔre atia yɛn kwan.13 Ne saa nti, obi a ɔwɔ nyame tumi a ɛnni ano a ɔbɛtumi adi saa sɔretia ne akwansideɛ no nyinaa so ho bɛhia ama yɛn nkwagyeɛ.14

Afei me ne no kyɛɛ asɛmpa no— “asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ ma aman nyinaa”15—sɛ “Onyankopɔn dɔɔ wiase, maa ɔde ne Ba a ɔwoo no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”16 Medii adanseɛɛ kyerɛɛ m’adamfo no, na medi adanseɛ kyerɛ wo, sɛ Yesu Kristo ne Agyenkwa no, sɛ na ɛwɔ sɛ Ɔhunu amane, Ɔwu, na Ɔsɔre bio—Ne ɛnni ano Mpata—de gye adasamma nyinaa firi honam mu owuo mu17 na ɔma yɛne Onyankopɔn ne yɛn mmusua nya daa nkwa18 ma obiara a ɔbɛdi n’akyi. Mormon nwoma no pae mu ka sɛ, “Na Onyankopɔn dii owuo so nkonim; maa Ɔba no tumi ama wadi ama nnipa mma ; ma [ahummɔborɔ ne] ayamhyehyeɛ ahyɛ no ma; berɛ a wabubu owuo mpokyerɛ mu, na wafa wɔn amumuyɛ ne wɔn mmaratoɔ ato ne ho so, na wagye wɔn, na wayɛ atɛntenenee apɛdeɛ.”19

Nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa so di Yesu akyi na yɛnya daa nkwa no yɛfrɛ no Kristo nkyerɛkyerɛ. Ɛnonom ne “gyidie wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata mu, adwensakra, asubɔ [kɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu], Honhom Kronkron no akyɛdeɛ gyeɛ, na woregyina akɔduru awieeɛ.”20 Me ne m’adamfo no kyɛɛ saa nhyehyɛeɛ yi, na yeinom yɛ akwan bi a nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ akyerɛkyerɛ no nnansa yi fa sɛdeɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no bɛtumi ahyira Onyankopɔn mma nyinaa.

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “tumi wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ kann mu. Ɛsesa obiara a ɔte aseɛ na ɔhwehwɛ sɛ ɔde bɛyɛ adwuma wɔ n’asetena mu abrabɔ.”21

Elder Dieter F. Uchtdorf taught, “[The] For the Strength of Youth [guide] is bold in declaring the doctrine of Christ [and] inviting you [youth] to make choices based on [it].”22

Elder Dale G. Renlund kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Yɛka kyerɛ asɛmpatrɛfoɔ sɛ wɔnyɛ deɛ wɔka kyerɛ wɔn a wɔkyerɛ wɔn adeɛ no sɛ wɔnyɛ: wɔmfa Kristo nkyerɛkyerɛ no mmɔ wɔn bra [na] wɔnkɔ so ntena apam kwan no mu.”23

Kristo nkyerɛkyerɛ no ma wɔn a wɔrepre anaa ɛyɛ wɔn sɛ wɔnka Asɔre no ho ahoɔden ɛfiri sɛ ɛboa wɔn, sɛdeɛ Elder D. Todd Christofferson kaeɛ no, “pae mu ka sɛ: Yesu Kristo wu maa me [na] ɔdɔ me.”24

Awofoɔ, sɛ mo ba rebrɛ wɔ asɛmpa nnyinasoɔ anaa nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛ bi ho a, mesrɛ sɛ monsi kasa bɔne25 anaa nneyɛɛ biara a ɛtia Asɔre no anaa ɛmu akannifoɔ kwan. Saa wiase nneɛma nketenkete yi hyɛ me ase na ɛdi awu wɔ mo ba no daakye nokorɛdie mu.26 Ɛkyerɛ sɛ mobɛbɔ mo ba a ɔsombo ma mo no ho ban anaa mobɛtae n’akyi anaa mobɛkyerɛ sɛ moka ne ho. Nanso, me ne me yere Jayne nim firi yɛn ankasa suahunu mu sɛ, morekyerɛ mo ba a modɔ no deɛ enti a yɛn nyinaa hia Yesu Kristo denneennen ɛne sɛdeɛ yɛde N’anigyeɛ nkyerɛkyerɛ no bɛbɔ bra bɛhyɛ no den na asa no yareɛ. Momma yɛnnane wɔn mma Yesu, ɔno na ɔyɛ wɔn dimafoɔ nokwafoɔ ma wɔne wɔn Agya. Ɔsomafoɔ Yohane kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Obiara a ɔtena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.” Afei ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ sɛ “sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkuta nkyerɛkyerɛ yi a.”27

Nnansa yi ara me ne Jayne kɔɔ nsrahwɛ wɔ ɛserɛ a Mose kutaa kɔɔbere ɔwɔ wɔ Israelfoɔ mma a na wɔrehunu amane no anim no so. Na Awurade ahyɛ bɔ sɛ, sɛ wɔbɛpagya wɔn ani ahwɛ kɛkɛ a, ɔbɛsa obiara a awɔwɔ a wɔn ano wɔ borɔ no bi aka no yareɛ.28 Yɛresɔ Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛda yɛn anim mu no, Awurade nkɔmhyɛni reyɛ saa ara, “sɛ ɔbɛsa aman no yareɛ.”29 Nkeka anaa ɛborɔ anaa amanehunu biara a yɛfa mu wɔ ateasefoɔ serɛ yi so no, mommma yɛnnyɛ te sɛ wɔn a, tete no ne ɛnnɛ yi, anka wɔbɛtumi anya ayaresa nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, “wɔanhwɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye nni sɛ ɛbɛtumi asa wɔn yareɛ no.”30 Mormon Nwoma no pae mu ka sɛ: “Monhwɛ, yei ne ɛkwan no; na ɛkwan foforɔ biara nni hɔ anaa edin biara nni ɛsoro ase a wɔnam so bɛgye nnipa nkwa wɔ Onyankopɔn ahemman no mu. Na afei, hwɛ, yei ne Kristo nkyerɛkyerɛ no.”31

Mekyɛɛ deɛ enti a yɛhia Yesu Kristo ne Ne nkyerɛkyerɛ no wɔ New Jersey saa anwummerɛ no, maa me onuabaa foforɔ ɛna ɔno nso onuabarima foforɔ. Yɛnyaa Sunsum Kronkron no asomdwoeɛ, adansedie atenka. Sɛdeɛ yɛyɛ no no, mekaa sɛ ɔnkyerɛ me n’akyiri kwan na ɔne asɛmpatrɛfoɔ no atoa so N’ani gyee ho sɛ ɔyɛ saa ara.

“Ɛno nti, ɛho hia kɛse sɛ wɔda saa nneɛma yi adi kyerɛ wɔn a wɔte asase so,” Mormon Nwoma no pae mu ka sɛ—yɛbɛdɔ, akyɛ na yɛato nsa afrɛ32 berɛ a yɛboaboa Israel ano wɔ mpɔtam biara mu ne mmusua—“ama wɔahunu sɛ honamdua biara rentumi ntena Onyankopɔn anim, gye sɛ ɛnam Mesaia Kronkron no nneyɛɛ pa, ne n’ahummɔborɔ ne n’adom [ne nkyerɛkyerɛ] so.”33 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mayɛ sɛ memfa m’adamfo no din anaa edin a ɛnyɛ nokorɛ nto dwa.

  2. Hwɛ Romafoɔ nwoma 8:15–17; Hebrifoɔ 12:9; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:15.

  3. Hwɛ Yeremia 1:4–5; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:55–56; Abraham 3:22–23, 26; Akwankyerɛ a ɛkɔ Twerɛnsɛm mu, “Ansa na Wɔrewo Yɛn, scriptures.ChurchofJesusChrist.org; “Adesua 2: Nkwagyeɛ Nhyehyɛeɛ no,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ ma Asɛmpatrɛ Som (2019), 48.

  4. Hwɛ “Lesson 2: Nkwagyeɛ Nhyehyɛeɛ no,” Ka Me Nsɛmpa, 48.

  5. Agya no nhyehyɛeɛ a ɛwie pɛyɛ—a yɛfrɛ no anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ, nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ, ne ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ, ɛne deɛ ɛkeka ho no—wɔahyehyɛ no sɛdeɛ obiara a ɔba asase so no hia sɛ ɔkɔ abusua bi mu, na obiara ka abusua bi ho. Mmom, ɛnyɛ abusua tebea nyinaa na ɛyɛ anaa ɛsɛ yɛn Agya dɔfoɔ anisoadehunu ma Ne mma nyinaa no, ɛbi yɛ awerɛhosɛm. Nanso, sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ no bɔ bra a, Yesu Kristo boa yɛn ma yɛnya nhyira a Agya no nam Ne mmɔborɔhunu ne nhyehyɛeɛ kɛseɛ so de ma Ne mma nyinaa no. Hwɛ aseɛ ntwerɛeɛ 6 nso.

  6. Bɔhyɛ akɛseɛ a Onyankopɔn ahyɛ Ne mma no mu baako san yɛ N’akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔwɔ ma yɛn no mu kɛseɛ pa ara : mmasoɔ, anaa daa nkwa, a ɛne sɛ yɛbɛtena daa “wɔ Onyankopɔn anim na yɛatoa so sɛ abusua” (Asɛmpa Atifinsɛm, “Daa Nkwa,” topics.ChurchofJesusChrist.org; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7). “Mmusua” yɛ okunu, ɔyere, ne mma, ɛne yɛn abusuafoɔ a wɔte ase ne wɔn a wɔawuwu a wɔgye Kristo nkyerɛkyerɛ na wɔde bɔ bra. Abusuafoɔ a wɔawuwu dada a wɔwɔ honhom wiase a wɔantumi amfa Kristo nkyerɛkyerɛ wɔ asase yi so no bɛtumi ayɛ saa wɔ honhom wiase berɛ a abusuafoɔ a wɔte ase de ɔdɔ gyina yɛ ayɛyɛdeɛ te sɛ asubɔ, Sunsum Kronkron no akyɛdeɛ gyeɛ, ne afoforɔ a ɛboa yɛn ma yɛgyina kɔduru awieeɛ ma wɔn wɔ tɛmpol mu wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Afei nso, daa nkwa bɔhyɛ no nni hɔ mma wɔn a wɔaware wɔ asase yi so ara kɛkɛ. Titenani M. Russell Ballard kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Twerɛnsɛm ne nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ si so dua sɛ obiara a ɔdi nokorɛ wɔ twerɛsɛm apam kora ho bɛnya mmasoɔ ho kwan” (“Kristo mu Anidasoɔ,” Liahona, Kɔtɔnimmaa 2021; wɔasi so dua). Ɔreti Titenani Russell M. Nelson ne Titenani Dallin H. Oaks nsɛm mu bio no, Titenani Ballard toaa so sɛ, “Wɔnnaa berɛ ne kwan pɔtee a wɔnam so de mmasoɔ nhyira no ma adi, nanso yɛwɔ ɛho awerɛhyem” (“Kristo mu Anidasoɔ,” 55; wɔasi so dua). President Russell M. Nelson kyerɛɛ sɛ: “Wɔ Awurade no ankasa kwan ne berɛ mu no, nhyira biara nni hɔ a wɔde bɛkame N’Ahotefoɔ nokwafoɔ. Awurade bɛbu atɛn na watua ankorankoro biara ka sɛdeɛ akoma biara akɔnnɔ ne n’adwuma teɛ” (“Sɛlɛtia Awareɛ,” LiahonaObubuo 2008, 94). Na Titenani Oaks kyerɛɛ mu sɛ, “Wɔbɛtene deɛ ɛwuo yi mu ahokyere bebree a ɛho hia no wɔ mfeɛ apem no mu, a ɛyɛ mahyɛ berɛ ma nneɛma a anwie pɛyɛ wɔ anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ ma yɛn Agya mma a wɔfata nyinaa” (“Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ Kɛseɛ no,” Ensign, Obubuo 1993, 75). Hwɛ aseɛ ntwerɛeɛ 5 nso.

  7. Hwɛ Akwankyerɛ a ɛkɔ Twerɛnsɛm mu, “Ɔgyeɛ Nhyehyɛeɛ,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org; san hwɛ Asɛmpa Atifinsɛm, “Nkwagyeɛ Nhyehyɛeɛ,” topics.ChurchofJesusChrist.org; “Adesua 2: Nkwagyeɛ Nhyehyɛe no,” Ka Me Nsɛmpa, 48–50, 53.

  8. Hwɛ “Adesua 2: Nkwagyeɛ Nhyehyɛeɛ no,” Ka Me Nsɛmpa, 49.

  9. See “Lesson 2: The Plan of Salvation,” Preach My Gospel, 47–50.

  10. See “Lesson 2: The Plan of Salvation,” Preach My Gospel, 47–50.

  11. Mosiah 15:27. Daa atɛntenenee anaasɛ Onyankopɔn atɛntenenee ho nhwɛsoɔ pii wɔ twerɛnsɛm no mu, nanso hyɛ da hwɛ Alma 41:2–8 ne Alma 42.

  12. Hwɛ Alma 42:14–24; Moses 1:39.

  13. See “Lesson 2: The Plan of Salvation,” Preach My Gospel, 47–50.

  14. Hwɛ Alma 34:10, 9–13; san hwɛ Mosiah 13:28, 34–35; 15:1–9; Alma 42:15.

  15. Luka 2:10.

  16. Yohane 3:16.

  17. Hwɛ Helaman 14:15–17; Mormon 9:12–14.

  18. Hwɛ aseɛ ntwerɛeɛ 5 ne 6.

  19. Mosiah 15:8–9.

  20. Me Botaeɛ sɛ Asɛmpatrɛni ne sɛn?,” Ka Me Nsɛmpa, 1; san hwɛ “Adesua 3: Yesu Kristo Nsɛmpa,” Ka Me Nsɛmpa, 63.

  21. Russell M. Nelson, “Pure Truth, Pure Doctrine, and Pure Revelation,” Liahona, Nov. 2021, 6; emphasis added.

  22. Dieter F. Uchtdorf, “Jesus Christ Is the Strength of Youth,” Liahona, Nov. 2022, 11; see also For the Strength of Youth: A Guide for Making Choices (2022), 4.

  23. Dale G. Renlund, “Asɛmpatrɛfoɔ Nsakraeɛ a ɛte hɔ Daa” (asɛm a wɔde maa wɔ asɛmpatrɛ akannifoɔ nkyerɛkyerɛ ase, Ayɛwohomummɔ 25, 2021), 1, Asɔre Abakɔsɛm Nwoma Akoraeɛ, Salt like City.

  24. D. Todd Christofferson, “Ka Ho Bi Nkyerɛkyerɛ,,” Liahona, Obubuo 2022, 56; san hwɛ D. Todd Christofferson, “Ahotefoɔ Anigyeɛ,” Liahona, Obubuo 2019, 15–18.

  25. Hwɛ Yakobo 4:11; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:54; Akwankyerɛ a ɛkɔ Twerɛnsɛm no mu, “Kasa Bɔne,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org.

  26. Hwɛ Ahmad S. Corbitt, “Akyitae ne. Suaniyɛ: Rebɔ Ɔkokodurofoɔ ho ban” (asɛm a wɔkaa no wɔ asɔre ananmusifoɔ nkyerɛkyerɛ ase, Ahinime 2022), cdn.vox-cdn.com/uploads/chorus_asset/file/24159863/Brother_Corbitt_Chaplain_seminar.pdf; video: media2.ldscdn.org/assets/general-authority-features/2022-chaplain-training-seminar/2022-10-1000-activism-vs-discipleship-1080p-eng.mp4.

  27. 2 Yohane 1:9–10.

  28. See Numeri 21:5–9.

  29. 2 Nephi 25:20.

  30. Alma 33:20.

  31. 2 Nephi 31:21.

  32. Hwɛ “2021 Yikyerɛ: Dɔ, Kyɛ, na Frɛ Nnyinasoɔ,” broadcasts.ChurchofJesusChrist.org; san hwɛ Gary E. Stevenson, “Dɔ, Kyɛ, Frɛ,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 84-87.

  33. 2 Nephi 2:8.