Amansan Nhyiamu
Ma W’adwene Nkɔ Yesu Kristo So
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Ma W’adwene Nkɔ Yesu Kristo So

Yesu Kristo ne mmuaeɛ ma yɛn haw, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani so na yɛpagya yɛn nhumu na yɛahunu No.

Na me papa taa ka kyerɛ me sɛ, “Mma w’adwene nkɔ wo haw so pii a ɛmma wonhunu mmuaeɛ no.”

Medi adanseɛ sɛ Awurade Yesu Kristo ne mmuaeɛ no, mpo ma yɛn haw a ɛyɛ den pa ara no. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Wadi ɔhaw nan a yɛn mu biara hyia na obiara ntumi nnya ɛho anoyie mma yɛn ho so nkonim.

  1. Ɔhaw a ɛdi kan ne honam mu wuo. Yɛbɛtumi abɔ mmɔden ama no akyɛre anaa ayi yɛn ani afiri so, nanso yɛrentumi nni so nkonim mma yɛn ho. Nanso, Yesu Kristo dii owuo so nkonim maa yɛn, na ne saa nti, yɛn nyinaa bɛsan asɔre da bi.1

  2. Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu yɛ amanehunu, mmerɛ a ɛmu yɛ den, awerɛhoɔ, ɔyea ne nsisie a ɛwɔ wiase ha. Yesu Kristo dii yeinom nyinaa so nkonim. Wɔn a wɔpere sɛ wɔbɛdi N’akyiri no, da koro “Ɔbɛpopa wɔn nisuo nyinaa” na Wayɛ nneɛma yie bio.2 Seesei deɛ, Ɔbɛtumi ahyɛ yɛn den ma yɛde akokoɔduro, anigyeɛ, ne asomdwoeɛ afa yɛn nsɔhwɛ mu.3

  3. Ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ honhom mu wuo a ɛfiri bɔne. Yesu Kristo dii saa ɔhaw yi so nkonim berɛ a ɔfaa “yɛn asomdwoeɛ ho asotwe.” too Ne ho so.4 Ne mpata afɔrebɔ no nti, yɛbɛtumi anya fahodie afiri yɛn bɔne ho nsunsuansoɔ mu berɛ a yɛnya Agyenkwa no mu gyidie, sakyera nokorɛ mu, gye apam a Agya no nam ayɛyɛdeɛ a ɛho hia te sɛ asubɔ so de ama yɛn, na yɛgyina mu kɔduru awieeɛ.5

  4. Deɛ ɛtɔ so nan yɛ yɛn nipasu a sintɔ ne mfomsoɔ wɔ ho. Yesu Kristo wɔ saa ɔhaw yi nso ho mmuaeɛ. Ɔmpopa yɛn mfomsoɔ na ɔmmu yɛn bem bio kɛkɛ. Ɔbɛtumi ayɛ “nsakraeɛ kɛseɛ wɔ … yɛn akoma mu, a yɛrennya akɔnnɔ bio sɛ yɛbɛyɛ bɔne, na mmom yɛbɛkɔso ayɛ papa.”6 Kristo adom no bɛtumi ama yɛadi mu na da bi yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno.7

Awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no yɛma yɛn adwene kɔ yɛn haw so ara ma yɛyi yɛn adwene firi mmuaeɛ no, yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so. Sɛn na yɛbɛsi akwati saa mfomsoɔ no? Megye di sɛ anoyie no wɔ apam a wɔato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛne No ne yɛn Agya a Ɔwɔ Soro mmɛyɛ no mu.

Yɛnam Apam so Rema Adwene Akɔ Yesu Kristo so

Yɛn apam boa twe yɛn asoyɛ, yɛn adwene, ne yɛn nneyɛɛ kɔ Kristo so. Sɛ “yɛfam apam a [yɛn] ayɛ ho a,” yɛremmrɛ na yɛahunu “nneɛma a ɛwɔ saa wiase ha” a ɛwɔ sɛ “yɛde to nkyɛn” ne “nneɛma a ɛwɔ [wiase] papa bi mu” a ɛwɔ sɛ yɛde nsiyɛ hwehwɛ.8

Ɛno ne deɛ Ammon nkorɔfoɔ yɛɛe wɔ Mormon Nwoma no mu. Berɛ a wɔsuaa Yesu Kristo na wɔhyɛɛ aseɛ maa wɔn abrabɔ gyinaa Ne so no, wɔhunuu sɛ ɛwɔ sɛ wɔde wɔn akofena sie, na wɔbɛyɛɛ nokwafoɔ yie na “wɔdaa nso wɔ Onyankopɔn mu mmɔdemmɔ ho.”9

Apam kora boa ma yɛhwehwɛ adeɛ biara a ɛfrɛ Honhom no nkɛntɛnsoɔ na ɛpo adeɛ biara a ɛpam no—“ɛfiri sɛ yɛnim sɛ, sɛ yɛbɛtumi afata Sunsum Kronkron no anim a, yɛbɛtumi nso afata wɔ Ɔsoro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo anim.”10 Yei bɛtumi akyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛsesa yɛn kasa, ka nsɛm a ɛyɛ. Ɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛde suban foforɔ a ɛhyɛ yɛne Awurade nkutahodie den, te sɛ daa daa mpaebɔ ne twerɛnsɛm sua, ankorankoro ne abusua, rehyɛ honhom mu suban a ɛnyɛ papa ananmu.

Titenani Russell M. Nelson aka sɛ “onipa biara a ɔyɛ apam wɔ asubɔ bea ne tɛmpol mu—na ɔkora no—wɔ Yesu Kristo tumi no ho kwan kɛseɛ. …

“Akatua a ɛwɔ Onyankopɔn apam so die yɛ ɔsoro tumi—tumi a ɛhyɛ yɛn den ma yɛgyina ɔhaw, sɔhwɛ, ne akoma mu yea, ano yie.”11

Yɛreyɛ yɛn apam foforɔ wɔ adidi kronkron berɛ Kwasiada biara yɛ akwannya kɛseɛ a, yɛde hwehwɛ yɛn ara mu12 na yɛsan de yɛn abrabɔ kɔ Yesu Kristo so. Sɛ yɛfa adidi kronkron no a, yɛpae mu ka sɛ “yɛkae no mmerɛ nyinaa.”13 Asɛmfua mmerɛ nyinaa ho hia yie. Ɛtrɛ Agyenkwa no nkɛntɛnsoɔ kɔ yɛn abrabɔ fa biara mu. Ɛnyɛ berɛ a yɛwɔ asɔre anaa yɛn anɔpa mpaebɔ mu anaa berɛ a yɛwɔ amaneɛ mu na yɛhia biribi nko ara na yɛkae No.

Aane, ɛtɔ da bi a yɛn ani firi so. Yɛn werɛ firi. Yɛn adwene firi so. Nanso yɛreyɛ yɛn apam no foforɔ kyerɛ sɛ yɛ sɛ yɛkae Agyenkwa no mmerɛ nyinaa, sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ saa wɔ nnawɔtwe no mu nyinaa, na yɛbɛsan de yɛn ho ama na yɛn adwene asan akɔ Ne so bio wɔ adidi kronkron pono ho wɔ nnawɔtwe a ɛdi so no.

Yɛrema Adwene Akɔ Yesu Kristo so wɔ Yɛn Afie mu

Ɛyɛ pefee, ɛsɛ sɛ yɛrema adwene akɔ Yesu Kristo so no boro Kwasiada asɔre dwumadie so. Berɛ a Titenani Russell M. Nelson de Bra, Di M’akyi baae wɔ afe 2018 mu no, ɔkaa sɛ, “Berɛ aso sɛ yɛyɛ efien nyinasoɔ Asɔre.”14 Ɔkaa sɛ ɛwɔ sɛ “yɛdane [yɛn] fie yɛ no gyedie banbɔbea” ne “baabi a yɛsua twerɛnsɛm.” Na sɛ yɛyɛ a, ɔmaa yɛn bɔhyɛ nwanwasoɔ nan.15

Bɔhyɛ a ɛdi kan:Wo Home nna nokorɛ mu, bɛyɛ anika kɛse.” Ɛbɛba abɛyɛ da a yɛtwe bɛne yɛn Agyenkwa. Sɛdeɛ abaayewa bi a ɔfiri Peru kaaeɛ no, “Awurade da ne da a menya mmuaeɛ dodoɔ pa ara firi Awurade hɔ.”

Bɔhyɛ a ɛtɔ so mmienu:Wo mma ani bɛgye sɛ wɔbɛsua na wɔde Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ abɔ bra.” “Yɛkasa fa Kristo ho, yɛdi ahurisie wɔ Kristo mu, yɛkyerɛkyerɛ fa Kristo ho, … ama yɛn mma ahunu baabi a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ wɔn bɔne ho fakyɛ.”16

Yɛyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a da bi, sɛ yɛn babarima kɔ adwuma anaa mmepɔ mu anaa ahayɔ wɔ kwaeɛ mu a, sɛdeɛ Enos yɛɛe no a, ɔbɛtumi akae deɛ yɛkyerɛkyerɛɛ no faa Kristo ne anigyeɛ a ɛwɔ twerɛnsɛm abrabɔ mu ho. Hwan na ɔnim? Ebia yei bɛyɛ da a ɔbɛnya twerɛnsɛm ho kɔm atenka korakora a ɛbɛtwe no ama Yesu Kristo na watumi ate Awurade nne a ɛreka sɛ, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo, na wɔbɛhyira wo.”17

Bɔhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa: “Ɔtamfo no nkɛntɛnsoɔ wɔ w’abrabɔ mu ne wo fie so bɛte.” Adɛn nti? Ɛfiri sɛ mmerɛ dodoɔ a yɛkɔ so ma yɛn adwene kɔ Yesu Kristo so no, mmerɛ dodoɔ no ara na bɔne nyɛ akɔnnɔ bio.18 Berɛ a Agyenkwa no hann rehyɛ yɛn fie ma no, na te ara na ɔtamfo no sum so rete.

Bɔhyɛ a ɛtɔ so nan: “Nsasaeɛ a ɛbɛba wo fie bɛyɛ nwanwa na atoa so.” Adɛn nti? Ɛfiri sɛ nsesaeɛ a Yesu Kristo de ba yɛ “nsesaeɛ kɛseɛ.”19 Ɔsesa yɛn nipasu ankasa; yɛbɛyɛ “abɔdeɛ foforɔ.”20 Nkakrankakra, yɛbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no, a Ne dɔ kann a ɔwɔ ma Onyankopɔn mma no ahyɛ yɛn ma.

Hwan na ɔmpɛ sɛ saa bɔhyɛ yi bɛba mu wɔ n’abrabɔ ne ne fie mu? Deɛn na ɛhia sɛ yɛyɛ ama yɛn nsa aka? Mmuaeɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn fie ayɛ gyedie banbɔbea ne baabi a yɛsua twerɛnsɛm. Na sɛn na yɛbɛsi ayɛ no? Berɛ a yɛma yɛn adwene kɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo so, yɛ wɔn yɛn abusua abrabɔ nnyinasoɔ, ne nkɛntɛnsoɔ a ɛhia pa ara wɔ yɛn fie hɔ.

Mobɛtumi ahyɛ aseɛ berɛ a moma Kristo nsɛm, a ɛwɔ twerɛnsɛm mu no, yɛ mo daa daa abrabɔ fa bi? Wɔnkyerɛɛ kwan biara a ɛwie pɛyɛ a wɔfa so sua twerɛnsɛm. Ɛbɛtumi ayɛ simma 5 anaa 10 da biara—anaa deɛ ɛboro saa, sɛ wobɛtumi a. Ɛbɛtumi ayɛ ti baako anaa nkyekyɛmu kakra bi da koro. Mmusua binom pɛ no sɛ wɔsua no anɔpa ansa na wɔakɔ sukuu anaa adwuma. Afoforɔ nso pɛ no sɛ wɔsua no anadwo ansa na wɔakɔda. Awarefoɔ afoforɔ bi aka akyerɛ me sɛ wɔsua no ankorankoro berɛ a wɔrekɔ adwuma na afei wɔafa tetefon nkratoɔ so ne wɔn ho akyɛ ne nhumu, enti wɔn nsɛm ne wɔn nkɔmmɔtwetweɛ no ka afidie so.

Bra, Di M’akyi ma nsusuiɛ bebree fa dwumadie ne akadeɛ a ɛbɛtumi aboa ankorankoro ne mmusua ma wɔasua asɛmpa no nnyinasoɔ afiri twerɛnsɛm no mu. Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no mfonin nso bɛtumi ayɛ nneɛma a ɛsombo a ɛbɛma mo abusua atumi anya twerɛnsɛm no. Ayɛsɛm a ɛwɔ twerɛnsɛm mu a yɛkae taa kanyan mmabunu ne mmɔfra. Saa ayɛsɛm yinom, ne asɛmpa nnyinasoɔ a wɔkyerɛ no, bɛka wo mma ho, te sɛ ayɔnko brɛboɔ, berɛ a wɔhia ɔsom, abrabɔ pa, setie, aboterɛ, animia, ankasa adiyisɛm, ɔdɔ mapa, ahobrɛaseɛ, ne Yesu Kristo mu gyedie ho nhwɛso pa. Nkakrankakra, worekɔ so sua Onyankopɔn asɛm saa no bɛboa ma wo mma abɛn Agyenkwa no kɛse. Wɔbɛba abɛhunu No wɔ kwan a ɛnsii da so.

Awurade Yesu Kristo te ase ɛnnɛ. Ɔbɛtumi aka yɛn abrabɔ ho da biara. Ɔno ne mmuaeɛ ma yɛn haw, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani so na yɛpagya yɛn nhumu na yɛahunu No. Waka sɛ, “Hwɛ me wɔ adwene biara mu; nnye akyinnyeɛ, nsuro.”21 Berɛ a yɛma yɛn adwene kɔ Ɔno ne yɛn Agya a Ɔwɔ Soro so no, yɛne Wɔn nyɛ apam na yɛnkora, na yɛmma Wɔnyɛ nkɛntɛnsoɔ a ɛhia pa ara wɔ yɛn fie ne abusua mu, yɛbɛba abɛyɛ nkorɔfoɔ a Titenani Nelson susuuiɛ no: “Nkorɔfoɔ a wɔbɛtumi, wɔayɛ krado, na wɔfata sɛ wɔhyia Awurade berɛ a Ɔbɛsan aba bio, nkorɔfoɔ a wɔafa Yesu Kristo dada agya saa bɔne wiase yi, nkorɔfoɔ a wɔdi ahurisie wɔ wɔn pɛ sɛ wɔde Yesu Kristo mmara kɛseɛ kronkron bɛbɔ bra.”22 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.