Amansan Nhyiamu
Wɔde Afiri Me Ampa?
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Wɔde Afiri Me Ampa?

Wɔde bɔne fafiri a edi mu na ɛyɛ pɛ ho bɔhyɛ ma obiara—wɔ Yesu Kristo Mpata a enni ano no mu na ɛnam so.

Mfeɛ pii a atwam no, me ne Onuabaa Nattress tu kɔɔ Idaho, faako a yɛbuee adwuma foforɔ bi. Medii mmerɛ tenten wɔ adwumayɛbea hɔ. Anigyesɛm ne sɛ, na yɛte baabi a ɛne adwuma mu ntam kwan yɛ akwansini kakra bi pɛ. Nnawɔtwe biara, na Shawna ne yɛn mma maa mmiɛnsa—a wɔn nyinaa nnii mfeɛ nsia—ba adwumabea hɔ bɛbom didi awia.

Akyire yi saa awia no, mehunuui sɛ yɛn babaa Michelle a wadi mfeɛ num no agya me nkrasɛm bi, a watwerɛ wɔ Post krataa so na ɔde atare m’adwumayɛbea ahomatorofoɔ no ho.

Naakenkan no se, “Papa kae sɛ wobɛdɔ me. Ɔdɔ, Michelle.” Na wei yɛ nkaebɔ a tumi wom ma agya kumaa bi wɔ saa nneɛma a ɛho hia kɛse no ho.

Anuanom mmarima ne mmaa, Medi adanseɛ sɛ yɛn Soro Agya kae yɛn berɛ biara na ɔdɔ yɛn yie. Masɛmmisa ne sɛ: Yɛ kae No? Na yɛdɔ No?

Mfeɛ bi a atwa mu, Me somm sɛ Asɔre no nkorabata kandifoɔ. Na yɛn mmeranteɛ no mu baako, Danny, da nso wɔ biribiara mu. Na ɔyɛ sotie, ne yam yɛ, na ɔyɛ papa, na na ɔwɔ aboterɛ. Nanso, berɛ a ɔwiee ntoasoɔ sukuu no, ofirii aseɛ ne nnipakuo a wɔyɛ basabasa bɔɔ afekuo. Ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔnenom mu, titiriw methamphetamine, na nkakrankakra ɔtɔɔ mu ntentan na ɛsɛee no. Ankyɛ koraa na ne honam ani hwɛbea sesaae koraa. Na ɛrekame ayɛ sɛ wontumi nhunu noyie. Na nsesaeɛ titiriw kɛse pa ara no wɔ n’ani so —na hann a ɛwɔ n’ani so no ano abrɛ ase. Mpɛn pii no metuu anammɔn kɔɔ ne nkyɛn, nanso ankɔsi hwee. Na n’ani nnye ho.

Na ɛyɛ den sɛ wobɛhu aberanteɛ nwanwasoɔ a ɔnnyiniiɛ sei sɛ ɔrehu amane na ɔrebɔ bra a ɛnsɛ ɔno! Na otumi yɛ pii sene saa.

Afei da koro bi, n’anwanwa dwuma no firii aseɛ.

Ɔkɔɔ adidi kronkron nhyiamu bi a ne nua kumaa kaa n’adansedie ansa na ɔrekɔ akɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma. Berɛ a wɔreyɛ nhyiamu no, Danny nyaa atenka bi a ɔntee bi wɔ mmerɛ tenten mu. Ɔtee Awurade dɔ nka. Awieeɛ no onyaa anidasoɔ.

Ɛwom sɛ na ɔwɔ akɔnnɔ bi deɛ, nanso na nsesaeɛ yɛ den ma Danny. Ɛrekame ayɛ sɛ nneɛma a ne yɛ aka ne hɔ ne afobuo a ɛka ho ne boroo deɛ obɛtumi agyina ano so.

Awia titiriw baako bi, berɛ a na mewɔ abɔnten retwa yɛn serɛ asasewa no, Danny de ne kaa bɛpuee hɔ a wanto nkra. Na ɔrepere dendenden. Medumm nsensan afidie no, na yɛbɔɔmu tenaa onwunu mu wɔ abrannaa no atraponono so. Saa berɛ no na ɔkyɛɛ n’akoma mu atenka ho asɛm. Na ɔpɛ sɛ ɔsane ba ampa. Nanso, na ɛyɛ den yie sɛ ɔbɛdane ne ho afiri nneɛma a ɔde ne ho ahyɛ mu ne n’asetena kwan so. Nea ɛka yei ho no, ɔtee afɔbuo nka kɛseɛ, na n’ani awu kɛse sɛ wahwe ase saa. Obisaae sɛ, “Ɛnti wɔbɛtumi de me bɔne akyɛ me ampa? Nti ɔkwan bi wɔ hɔ a mɛtumi asane makyiri ampa?”

Akyire yi a ɔhwiee saa dadwene yi firii n’akoma mu no, yɛ kenkanee Alma ti 36 bɔɔ mu:

“Aane, mekaee me bɔne ne m’amumuyɛ nyinaa.

“Aane, adwene ankasa sɛ mɛba Onyankopɔn anim no teetee me kra maa ɛyɛɛ hu a obi ntumi nkyerɛ aseɛ” (verses 13–14).

Saa nkyekyɛmu yi akyi no, Danny kaa sɛ, “Sɛnea mete nka pɛpɛɛpɛ!”

Yɛtoaa so:

Berɛ a me bɔne bebree no ho nkaeɛ funtumm me no, hwɛ, mekaae nso sɛ metee sɛ m’agya rehyɛ nkɔm akyerɛ nkorɔfoɔ no fa obi a wɔfrɛ no Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba bi, sɛ ɔreba abɛpata ama wiase bɔne.

“Na oh, ɛdɛ bɛn nie, ne hann nwanwasoɔ a mehunuuiɛ ” (verses 17, 20).

Berɛ a yɛkenkan saa nkyekyemu yi no, ɔhyɛɛ aseɛ tee nisuo. Alma anigyeɛ no ne anigyeɛ a na ɔrehwehwɛ no!

Yɛbɔɔ nkɔmmɔ sɛ na Alma ayɛ ɔbɔnefoɔ sononko. Nanso, berɛ a onuu ne ho pɛ no, wanhwɛ n’akyiri da. Ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo suani a ɔde ne ho ama. Ɔbɛyɛɛ nkɔmhyɛni. Danny ani so tetee no. “Nkɔmhyɛni bi?” ɔkaa saa.

Mebuaa kɛkɛ sɛ, “Aane, nkɔmhyɛni. Nhyɛsoɔ biara nni wo so!”

Yɛkaa ho asɛm sɛ berɛ a ne bɔne anyɛ kɛse te sɛ Alma deɛ no, wɔde bɔne fafirie a ɛdi mu na ɛyɛ pɛ ho bɔhyɛ korɔ no ara ma obiara —wɔ Yesu Kristo Mpata a ɛnni ano no mu na ɛnam so.

Afei deɛ Danny tee aseɛ. Na ɔhunuu deɛ ɛhia sɛ ɔyɛ: ɛhia sɛ ɔhyɛ n’akwantuo ase de fa ne ho a ɔde bɛto Awurade so na ɔde ne ho akyɛ ne ho nso!

Danny akoma mu nsesaeɛ kɛse no ɛnyɛ biribiara sɛ anwanwa dwuma. Berɛ kɔɔ so no, n’anim sesaae, na hann a ɛwɔ n’ani so no san baaeɛ. Ɔbɛyɛɛ obi a ɔfata tɛmpol! Na wasan aba!

Abosome pii akyiri no, mebisaa Danny sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔde akwammisa krataa kɔma sɛ ɔbɛsom berɛ nyinaa asɛmpatrɛ adwuma anaa. Mmuaeɛ a ɔde maae no yɛɛ ahodwiri ne fɛreɛ.

Ɔkaa sɛ, “M’ani begye ho sɛ mɛsom asɛmpatrɛ adwuma, nanso monim baabi a makɔ ne nneɛma a mayɛ! Na mesusuiɛ sɛ wɔayi me afiri mu ”

Mebuaa sɛ, “Ebia woaka no yie. Nanso, biribiara nsi yɛn kwan sɛ yɛbɛbisa biribi. Sɛ woyi wo ho ano a, anyɛ yie koraa no, wobɛhunu sɛ wodaa nokorɛ ɔpɛ adi sɛ wobɛsom Awurade no.” N’aniyɛɛ hyerɛnn. N’ani gyee saa adwene yi ho. Wɔ ne fam no na wei yɛ den ma no, nanso na ɛyɛ ɔkwan a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛfa.

Nnawɔtwe kakra bi akyiri no, deɛ ɛyɛ nahodwirisɛm no, anwanwadeɛ foforɔ siiɛ. Danny nsa kaa ɔfrɛ sɛ ɔnsom berɛ nyinaa asɛmpatrɛ adwuma.

Berɛ a Danny duruu asɛmpatrɛ adwuma mu no abosome kakra bi akyiri no, wɔfrɛɛ me wɔ ahomatorofoɔ so. Ne titenani no kaa no tiawa sɛ, “Dɛn na ɛwɔ aberanteɛ yi ho? Ɔyɛ ɔsɛmpatrɛni a ne ho yɛ nwanwa kyɛn obiara a mahunu no da Wahunu, Saa titenani yi anya nnɛ mmerɛ yi mu Alma Kumaa.

Mfeɛ mmienu akyiri no, Danny san baa fie a na ɔwɔ animuonyam, a ɔde n’akoma, tumi, n’adwene, ne n’ahoɔden nyinaa asom Awurade.

Wɔ n’asɛmpatrɛ amanneɛbɔ akyiri wɔ adidi kronkron nhyiamu ase no, mesan kɔɔ fie, maa mekɔ tee sɛ obi rebɔ anim pono no mu. Danny gyina hɔ a nisuo afoforo n’ani so. Ɔkaa sɛ, “Yɛbɛtumi akasa simma baako?” Yɛkɔɔ abɔntene kɔɔ saa abrannaa korɔ no atrapono no so.

Ɔkaa sɛ, “Titenani, wosusu sɛ wɔde me bɔne akyɛ me ampa?”

Afei nisuo no guu yɛn nyinaa. Na deɛ ɔgyina manim yɛ Yesu Kristo suani bi a ɔde ne ho ama na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama akyerɛkyerɛ na wadi Agyenkwa no ho adanseɛ. Na ɔyɛ Agyenkwa no Mpata no ayaresa netumi a ɛhyɛ den no nnyinasoɔ.

Mekaa sɛ, “Danny! Enti woahwɛ ahwehwɛ mu? Woahu w’ani? Hann ahyɛ wɔn ma, na wode Awurade Honhom rehyerɛn. Nokorɛ mu, wɔde akyɛ wo! Woyɛ nwanwa! Afei deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛkɔ w’anim wɔ w’asetena mu. Nhwɛ w’akyiri! Fa gyedie hwɛ ayɛyɛdeɛ a ɛdi hɔ no kwan.”

Danny anwanwadeɛ no kɔ so nnɛ yi. Ɔwaree wɔ tɛmpol mu na ɔsan kɔɔ sukuu, faako a ɔnyaa sukuu abɔdin dibea kɛseɛ no. Ɔkɔ so de anidie ne bɔkɔɔyɛ som Awurade wɔ ne frɛ mu. Deɛ ɛ hia pa ara no, waba abɛyɛ okunu nwanwafoɔ ne agya nokwafoɔ Ɔyɛ Yesu Kristo suani nokwafoɔ.

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Sɛ [Agyenkwa no] Mpata a ɛnni ano no nni hɔ a, anka adasamma nyinaa bɛyera a wɔrentumi nnya wɔn bio.” Danny anyera, na yɛn nso yɛnyɛ saa mma Awurade. Ɔgyina ɔpono no ano sɛ ɔbɛma yɛn so, ahyɛ yɛn den, na ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ɔkae berɛ nyinaa sɛ ɔbɛdɔ yɛn!

Watwerɛ ɔyɛkyerɛ a worentumi nnye nni fa Agyenkwa no dɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn mma no wɔ Mormon Nwoma no mu: “Berɛ a Yesu kaa saa no, ɔde n’ani twaa nnipakuo no ho hyiaae bio, na ɔhunuu sɛ nisuo agu wɔn, na wɔtoaa so gyenee wɔn ani hwɛɛ no te sɛdeɛ wɔresrɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn kakra” (3 Nifae17:5).

Na Agyenkwa no de da mu no nyinaa asom nkorɔfoɔ no dada. Nanso, na Ɔwɔ pii yɛ — Na ɛsɛ sɛ Ɔkɔ sra Ne nnwan afoforɔ; Na ɛsɛ sɛ ɔkɔ N’agya nkyɛn.

Wɔ saa asɛdeɛ yi nyinaa akyiri no, Ɔhunuu sɛ nkorɔfoɔ no pɛɛ sɛ Ɔtena wɔn nkyɛn kakra. Afei, ayamhyehyeɛ a ɛhyɛɛ Agyenkwa no akoma mu ma no maa, anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛwɔ wiase abakɔsɛm mu no baako siiɛ:

Ɔtenaa hɔ.

Ɔhyiraa wɔn.

Ɔsomm wɔn mma no maako maako.

Ɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn; Ɔne wɔn suui.

Na ɔsaa wɔn yareɛ. (Hwɛ 3 Nifae 17.)

Ne bɔhyɛ yɛ ɛnni awieɛ: Ɔbɛsa yɛn yareɛ.

Wɔn a wɔayera afiri apam kwan no so , yɛsrɛ mo monhunu sɛ anidasoɔ wɔ hɔ daa, ayaresa wɔ hɔ daa, na kwan wɔ hɔ a mobɛsan akɔ akyi berɛ biara.

Ne daa anidasoɔ nkrasɛm no yɛ ayaresa aduro ma wɔn a wɔte wiase a ɔhaw wom nyinaa. Agyenkwa no se, “Mene ɔkwan, nokorɛ, ne nkwa no” (Yohane 14:6

Anuanom mmarima ne mmaa, momma yɛnkae sɛ yɛbɛhwehwɛ No, yɛbɛdɔ No, na yɛakae No.

Medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdɔ yɛn. Medi adanseɛ bio sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ,ma wiase. Ɔno ne ɔyaresafoɔ a ɔwɔ tumi. Menim sɛ me Gyefoɔ te ase! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ

  1. Russell M. Nelson, “Siesie wo ho ma Tɛmpol Nhyira,” Ensign, Ɔbɛnem 2002, 21.