Amansan Nhyiamu
Asomdwoeɛ Hene Akyidifoɔ.
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Asomdwoeɛ Hene Akyidifoɔ.

Sɛ yɛbɔ mmɔden nya su te sɛ Agyenkwa no a, yɛbɛtumi abɛyɛ N’asomdwoeɛ adwinnadeɛ wɔ wiase.

Sɛdeɛ nkɔmhyɛ a wɔde maa Zechariah no bɛba mu nti,1 Yesu hyɛnee kuro kronkron no mu a na ɔte afunumu so, a na wɔhunu no wɔ nwoma mu sɛ ɛyɛ “tete Yudafoɔ adehyeɛ ahyɛnsodeɛ,”2 a nokorɛ mu, na ɛfata ahene mu Hene ne Asomdwoeɛ Hene no.3 Na asuafoɔ dɔm a wɔn ani agye a wɔtrɛ wɔn ntadeɛ, mmɛ nhaban, ne nhaban afoforɔ mu wɔ ɔkwan a Yesu faa so no atwa ne ho ahyia. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ, na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Nhyira nka Ɔhene a ɔba Awurade din mu no: asomdwoeɛ wɔ soro, na anuonyam nka ɔsorosoro.”4 Na bio,“Ayɛyie nka Dawid Ba no: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no; Ayɛyie wɔ ɔsorosoro.”5 Saa animuonyam adeɛ, a yɛhyɛ ho fa ɛnnɛ a yɛfrɛ no Mmerɛnkɛnsono Kwasiada yi, na ɛyɛ anigyeɛ nnianimu ma nneɛma yea a na ɛrebɛsi wɔ saa nnawɔtwe no mu na ɛde akɔwie wɔ Agyenkwa no ahofama ne ɔdamena a hwee nni mu anwanwadeɛ fɛɛfɛ no.

Yɛyɛ N’akyidifoɔ yi, yɛyɛ Ne nkorɔfoɔ sononko, a wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnka Ne nneyɛɛ pa no,6 asomdwoeɛ a wɔnam Ɔne N’ahofama mpata so de maa kwa no ho dawubɔfoɔ. Saa asomdwoeɛ yi yɛ bɔhyɛ akyɛdeɛ ma obiara a ɔde ne ho ma Agyenkwa no na ɔbɔ tenenee bra; saa asomdwoeɛ yi ma yɛn ahoɔden wɔ asetena mu na ɛma yɛtumi gyina yɛn abrabɔ mu nsɔhwɛ a ɛyɛ den ano.

Wɔ afe 1847 mu, Awurade de akwankyerɛ pɔtee maa Ahotefoɔ a wɔdii kan a na wɔhia asomdwoeɛ a ɛbɛma wɔanya aboterɛ ne koroyɛ berɛ a wɔhyiaa nneɛma a ɛyɛ den mpofirem wɔ wɔn atɔeɛfam akwantuo mu. Deɛ ɛka ho bi ne sɛ, Awurade hyɛɛ Ahotefoɔ no sɛ “wɔnnyae sɛ wɔne wɔn ho di aperepereɛ; na wɔnnyae bɔne a wɔka tia wɔn ho.”7 Twerɛnsɛm si so dua sɛ, wɔn a wɔbɔ tenenee abrabɔ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛnante ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade Honhom mu no, wɔma wɔn asomdwoeɛ bɔhyɛ a wɔhia a ɛbɛma wɔatumi agyina mmerɛ sakasaka a yɛwɔ mu yi mu.8

Sɛ Asomdwoeɛ Hene no asuafoɔ yi, wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnnya “nkabom ne ɔdɔ akoma mmema yɛn ho wɔ yɛn asetena mu.”9 Yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell.M Nelson, kaa no nnansa yi ara sɛ, “Aperedie tia biribiara a Agyenkwa no gyinaa hɔ maae na ɔkyerɛkyerɛeɛ.”10 Yɛn nkɔmhyɛni sane srɛɛ sɛ yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi biara nsi ntawantawa a ɛrekɔ so wɔ yɛn akoma mu ne yɛn abrabɔ mu ano.”11

Momma yɛnhyɛ saa nnyinasoɔ yi nso wɔ ɔdɔ kann a Kristo wɔ ma yɛn so, na yɛyɛ N’akyidifoɔ yi, yɛnhwehwɛ sɛ yɛbɛnya amema yɛn ho. Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ saa ɔdɔ yi mu sɛ ɔdɔ mapa.12 Sɛ yɛdwene ɔdɔ mapa ho a, yɛn adwene taa kɔsi adɔeɛ nneyɛɛ ne akyɛdeɛ a yɛde boa wɔn a wɔrehunu amane wɔ honam fa mu, nneɛma, anaa atenka mu so. Afei nso, ɔdɔ mapa nkyerɛ biribi a yɛde ma obi nko ara, mmom ɛyɛ Agyenkwa no su bi na ɛbɛtumi abɛka yɛn suban ho. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Awurade hyɛɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ “nkabom dɔ mapa, … a ɛyɛ nkabom a ɛwie pɛyɛ ne asomdwoeɛ.”13 Sɛ yɛnni ɔdɔ mapa a, yɛnsɛ hwee14 na yɛrentumi nnya bea a Awurade asiesie ama yɛn wɔ yɛn Soro Agya fie no.15

Yesu daa deɛ ɛkyerɛ saa nkabom dɔ mapa a ɛwie pɛyɛ yi adi pɛpɛɛpɛ, ne titire ne berɛ a ɔhyiaa nneɛma yea a ɛdii N’ateeteewuo anim no. Dwene ho berɛ tiawa fa atenka a Yesu bɛnya berɛ a Ɔde ahobrɛaseɛ hohoroo N’asuafoɔ no nan ho, na ɔnim nso sɛ wɔn mu baako bɛyi no ama saa anadwo no ara.16 Anaa berɛ a Yesu, dɔnhwere kakra bi akyiri no, ɔnam ahummɔborɔ so de mmarima a wɔkaa Judas, a ɔyii No maaeɛ no ho, sɛ wɔrebɛkyere No mu baako aso famm hɔ.17 Anaa mpo berɛ a Agyenkwa no gyina Pilato anim, na ɔsɔfo panin ne mpanimfoɔ no bɔɔ no kwaadu a ɛmfata, na Wanka biribiara antia ntɛnkyea a wɔbu tiaa No, na Ɔmaa Romanfoɔ amrado ho dwirii no.18

Wɔ saa awerɛhosɛm mmiɛnsa yi nyinaa mu, Agyenkwa no, ɛmfa ho ne awerɛhoɔ mmorosoɔ ne ahohiahia a wɔde soaa no, nam Ne nhwɛsoɔ so kyerɛɛ yɛn sɛ “ɔdɔ mapa wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɛnyɛ ahoɔyaa; ɛnyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara deɛ, ne bo nha no, [ɛna] ɛnnwene bɔne.”19

Adeɛ baako a ɛhia sɛ yɛsi so dua, a ɛfa yɛn asuafoɔyɛ ne sɛdeɛ yɛbɔ Agyenkwa no asomdwoeɛ dawuro ho pɛɛ, ne sɛdeɛ yɛsom yɛn ho yɛn ho. Wɔ N’asase so som adwuma mu no, Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ gyinaa—ɛnyɛ ɛno nko, na mmom ne titire—ɔdɔ, ɔdɔ mapa, aboterɛ, ahobrɛaseɛ, ne tema so—suban fapem ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛn No yie na wɔbɔ N’asomdwoeɛ ho dawuro. Saa suban yi yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Awurade, na sɛ yɛbɔ mmɔden ma no nyini a, yɛde tema, ahwɛyie, obuo ne abodwokyɛre kɛseɛ bɛhunu afoforɔ sintɔ ne wɔn mmerɛyɛ. Ahyɛnsodeɛ baako a ɛda no adi pefee sɛ yɛrebɛn Agyenkwa no yie na yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno yɛ ɔdɔ, aboterɛ, ne ayamyɛ kwan a yɛfa so som yɛn yɔnko nnipa, wɔ tebea biara mu.

Yɛtaa hunu nnipa a wɔka nsɛmmɔne na mpo animtiabuo nsɛm fa afoforɔ suban, mmerɛyɛ, ne adwenkyerɛ a wɔhunu no sɛ ɛne wɔn deɛ nyɛ pɛ anaa ɛne sɛdeɛ wɔyɛ wɔn nneɛma na wɔdwene bɔ abira ho. Ɛnyɛ na sɛ wobɛhunu saa nkorɔfoɔ yi sɛ wɔreka nsɛm kyerɛ afoforɔ, a wɔteeɛ ara na wɔreka bi berɛ a wɔnnim nokorɛ a ɛwɔ tebea bi mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, intanɛte so nkutahodie foa saa suban yi so esiane sɛ ɛda adi sɛ obiara wɔ ne gyedie. Mmara a ɛnni ho nti, afidie so nkutahodie taa ma nkorɔfoɔ gu nnipa ho fi ma abufuo ba, ɛde hwammɔdie, akoma pira, atɛnnidie ne akayɔ ba.

Nephi hyɛɛ nkɔm sɛ nna a ɛdi akyire no, ɔtamfo no bo bɛfu na wahyɛ nkorɔfoɔ abufuo atia deɛ ɛyɛ papa.20 Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ “biribiara a ɛfrɛ na ɛtwetwe ma obi yɛ deɛ ɛyɛ, na ɔdɔ Onyankopɔn, na ɔsom no no, Onyankopɔn na ɛkanyan no.”21 Ɛna, “deɛ ɛyɛ bɔne no firi ɔbonsam; ɛfiri sɛ ɔbonsam yɛ Onyankopɔn tamfo, na ɔko tia no berɛ biara, na ɔfrɛfrɛ, twetwe nkorɔfɔ ma wɔyɛ bɔne, na wɔyɛ deɛ ɛyɛ bɔne berɛ biara.”22

Sɛ wohwɛ saa nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛ yi a, ɛnyɛ nwanwa sɛ ɔbɔnefoɔ no nhyehyɛeɛ baako ne sɛ ɔde ɔtan bɛhyɛ Onyankopɔn mma akoma mu. Sɛ ɔhunu sɛ nnipa rekasa tia wɔn ho, redi wɔn ho fɛw, na wɔresopa wɔn ho a, na n’ani agye. Saa suban yi bɛtumi asɛe obi suban, animuonyam, ne nidie, ne titire ne berɛ a wɔbu no atɛn a ɛmfata. Ɛhia sɛ yɛma ɛda adi sɛ, sɛ yɛma su a ɛte sei kwan wɔ yɛn abrabɔ mu a, yɛma ɔtamfo no kwan wɔ yɛn akoma mu ma ɔde mpaepaemu ba yɛn ntam, a ɛbɛtumi ama yɛakɔtɔ n’adidifuu afidie mu.

Sɛ yɛanhwɛ yie wɔ deɛ yɛdwene, yɛn nsɛm ne nneyɛɛ ho a, anhwɛ a ɔtamfo no de n’aniteɛ nnaadaa bɛkyekyere yɛn, asɛe ayɔnkofa a ɛda yɛne nkorɔfoɔ a wɔbɛn yɛn ɛne yɛn adɔfo ntam.

Anuanom adɔfoɔ, yɛyɛ Awurade nkorɔfoɔ sononko ne N’asomdwoeɛ ho dawubɔfoɔ yi, ɛnni sɛ yɛma ɔbɔnefoɔ no nnaadaa yinom kwan wɔ yɛn akoma mu. Yɛrentumi nsoa adesoa bɔne a ɛsɛe atenka, ayɔnkofa, ne nkwa mpo yi. Asɛmpa no gyina hɔ ma nsɛm papa a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ.

Ɛwom, yɛn mu biara nwie pɛyɛ, na ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛduru mmerɛ bi a ɔtumi daadaa yɛn kɔ suban a ɛte sei mu. Wɔ Ne dɔ a ɛwie pɛyɛ mu ne yɛn nipa-su nyinaa nimdeɛ a ɔwɔ nti, berɛ biara Agyenkwa no bɔ mmɔden bɔ yɛn kɔkɔ wɔ saa nneɛma a ɛyɛ hu yi ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, “Na atɛn korɔ a mobɛbu no, ɛno na wɔde bɛbu mo: na deɛ mode bɛsusu no, ɛno na wɔde bɛsusu mo bio.”23

Me nuanom adɔfoɔ, sɛ yɛbɔ mmɔden nya su te sɛ Agyenkwa no a, yɛbɛtumi abɛyɛ N’asomdwoeɛ adwinnadeɛ wɔ wiase wɔ nhyehyɛeɛ a Ɔno ankasa de sii hɔ no so. Mesrɛ sɛ yɛnnwene kwan a yɛbɛfa so asesa yɛn ankasa ho abɛyɛ nkorɔfoɔ a yɛpagya na yɛboa, nkorɔfoɔ a yɛwɔ nteaseɛ ne fakyɛ akoma, nkorɔfoɔ a yɛhwehwɛ nnepa a ɛwɔ afoforɔ mu, na berɛ biara yɛnkae sɛ, “Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛyɛ ɔbra pa, ɔdɔ, anaa ɛwɔ din pa anaa ayɛyie a, saa nneɛma yi na yɛhwehwɛ akyiri kwan.”24

Mehyɛ mo bɔ sɛ, sɛ yɛfa saa su yi na yɛma no nyini a, yɛbɛnya ayɔnkofa ne tema kɛseɛ ama yɛn yɔnko nnipa25 na yɛbɛnya anigyeɛ, asomdwoeɛ, ne honhom mu nyini.26 Nokorɛ ne sɛ, Awurade bɛhunu yɛn mmɔdemmɔ na wama yɛn akyɛdeɛ a yɛhia a ɛbɛma yɛanya abodwokyɛre ne aboterɛ amema yɛn ho wɔ akyinnyeɛ, mmerɛyɛ, ne sintɔ mu. Bio, yɛbɛtumi asi abufuo ho kwan berɛ a obi afom yɛn anaasɛ yɛnyɛ obi a wapira yɛn bɔne. Sɛdeɛ Agyenkwa no yɛɛe no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde bɛkyɛ wɔn a wɔfom yɛn, anaa wɔka bɔne fa yɛn ho no, bɛkɔ soro na ɛbɛba abɛka yɛn su ho.

Momma ɛnnɛ, Mmerɛnkɛnsono Kwasiada yi, yɛntrɛ yɛn dɔ ne ɔdɔ mapa abɛ nhaban mu, nnante Ahene mu Hene no anammɔn so berɛ a yɛresiesie yɛn ho adi Kwasiada a ɛreba yi damena a hwee nni mu ho anwanwasɛm afahyɛ no. Sɛ anuanom wɔ Kristo mu yi, momma yɛmfa anigyeɛ mpae mu nka sɛ, “Ayɛyie nka Dawid Ba no: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no; Ayɛyie kɛseɛ nka no.”27

Medi danseɛ sɛ Yesu Kristo te ase na Ne dɔ a ɛwie pɛyɛ, a Ɔnam N’ahofama mpata so daa no adi no, wɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔne No nante na ɔnya anigyeɛ wɔ N’asomdwoeɛ a ɛwɔ wiase yi mu ne wiase a ɛbɛba no mu. Meka saa nsɛm yi wɔ Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ, Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.