Amansan Nhyiamu
Kristo mu Baakoyɛ
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Kristo mu Baakoyɛ

Ɛyɛ yɛn ankorankorɛ nokwaredie ma Yesu Kristo ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu Kristo mu na ɛnam so nkutoo na yɛbetumi anya anidasoɔ sɛ yɛbɛyɛ baako.

Ɛnnɛ yɛ Mmerɛnkɛnson Kwasiada, Nnawɔtwe Kronkron ahyɛaseɛ, a ɛrehyɛ Awurade nkonimdie a ɔde wuraa Yerusalem, N’amanehunu wɔ Gethsemane ne ne wuo wɔ asɛnnua no so nna bi akyi, ne N’animuonyam Wusɔreɛ wɔ Easter Kwasiada no nso. Mommma yɛ werɛ mfiri deɛ Kristo faa mu de gyee yɛn no da.1 Na mommma yɛnhwere anigyeɛ kɛseɛ a yɛbɛnya bio wɔ Easter, berɛ a yɛredwne Ne nkonimdie wɔ adamena so ne wiase nyinaa wusɔreɛ akyɛdeɛ no.

Anwummerɛ a ansa na atɛmmuo ne asɛnnuamubɔ a na ɛretwen No wɔ Efiada wɔ Nnawɔtwe Kronkron mu no, Yesu kɔhyiaa N’asuafoɔ no wɔ Passover adidiberɛ. Saa Last Supper yi awieeɛ no, wɔ Dima Mpaeɛ mu no, Yesu srɛɛ N’Agya wɔ saa nsɛm yi mu: “Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu [m’asuafoɔ] sɛ wɔnyɛ baako sɛ yɛn.”2

Afei, ahobrɛaseɛ mu, Agyenkwa no srɛɛe de agyidifoɔ nyinaa kaa ho

“Na ɛnyɛ yeinom nkotoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti;

“Sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako; as thou, Father, art in me, and I in thee, that they also may be one in us.”3

Yɛreyɛ baako yɛ tinsɛm ntoatoasoɔ wɔ Yesu Kristo asɛmpa no ne Onyankopɔn ne ne mma nkutahodie mu. Yɛde nidie ma Sion kuro no wɔ Enoch abrɛso, wɔaka sɛ na “wɔyɛ akoma baako ne adwene baako.”4 Ahotefoɔ a wɔdi kan wɔ tete Yesu Kristo Asɔre mu no, Apam Foforɔ no ka sɛ, “Nkorɔfoɔ pii no a wɔgyediiɛ no na wɔyɛ akoma baako ne ɔkra baako .”5

Wɔ yɛn ankasa mmerɛ yi mu, Awurade no tu fo sɛ, “Mese mo sɛ monyɛ baako; na sɛ moannyɛ baako a monnyɛ me dea.”6 Awurade mmuaeɛ a ɔde maae fa deɛ nti kane Ahotefoɔ a wɔwɔ Missouri antumi ankyekyere baabi wɔ Sion ne sɛ na “wɔnyɛ baako sɛdeɛ sɛlɛtia ahennie mmara no kyerɛ.”7

Baabi a Onyankopɔn di nkonim wɔ akoma ne adwene nyinaa mu no, wɔka nkurɔfoɔ no ho asɛm “ .wɔ kroyɛ mu, sɛ Kristo mma .”8

Berɛ a Agyenkwa a wasɔre afiri awufoɔ mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mormon nkorɔfoɔ no, Ɔkasa tiaa sɛ kane no na mentemehoase wɔ nkorɔfoɔ no mu fa asubɔ ne nsɛm foforɔ mu. Ɔhyɛɛe:

“Na momma akasakasa biara mma mo mu, sɛdeɛ asi pɛn no; ɛna momma akasakasa mma ɛfa me nkyerɛkyerɛ ho, sɛdeɛ asi mo mu pɛn no.

“Na nokware, nokware mese mo sɛ, obiara a ɔwɔ apereapereɛ honhom no nnyɛ me deɛ, na mmom ɔyɛ ɔbonsam deɛ, apereapereɛ agya no.”9

Wɔ yɛn wiase a akasakasa abu soɔ yi, ɛyɛ dɛn na yɛanya koroyɛ, titie wɔ Asafo mu ɛwɔ sɛ yɛnya “Awurade baako, gyedie baako, asubɔ baako”?10 Paul ma yɛn safoa no:

“Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no moafa Kristo.

“Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ : na mo nyinaa yɛ baako wɔ Kristo mu.”11

Ɛyɛ den sɛ yɛbɛtumi ayɛ koro berɛ a nsonoeɛ ne akasakasa dɔɔso wɔ yɛn mu wɔ adeɛ bi anaa edin bi ho. Gye sɛ Yesu Kristo nko ara mu na nokorɛ mu yɛbɛtumi ayɛ koro.

Kristo mu koroyɛ si baako baako—yɛn mu biara hyɛ aseɛ firi n’ankasa so. Yɛyɛ abɔdeɛ mmienu, honam ne honhom, na ɛtɔ da a yɛn ara ho yɛko. Sɛdeɛ Paul kyerɛɛe no:

“Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho;

“Nanso mehunu mmara foforɔ bi [me] honam [akwaa mu], a ɛne m’adwene mu mmara ko, na ɛfa me dɔmmum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.”12

Na Yesu nso yɛ honam ne honhom abɔdeɛ. Wɔsɔɔ No hwɛɛe; Ɔte aseɛ; Ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛanya nkabom wɔ yɛn ntam.13 Enti, yɛretwe Kristo hann ne N’animuonyam aba yɛn so no, yɛpere sɛ yɛbɛma yɛn honhom ne Honhom Kronkron no adi honam no so. Na sɛ yɛtɔ sini a, Kristo, nam Ne Mpata so , ama yɛn ahonu akyɛdeɛ ne akwanya a yɛde bɛsɔ ahwɛ bio.

Sɛ ankorankoro yɛn mu biara “Kristo to yɛn ho so a,” ɛna yɛbɛtumi abom abɛyɛ baako, sɛ Paul kaae no, “Kristo honam.”14 Wode “Kristo reto wo ho so no” nokorɛ mu “di kan yɛ ne mmara kɛseɛ a ɛdi kan no ”15 wo mmara kɛseɛ no a ɛdi kan no, na sɛ yɛdɔ Nyankopɔn a, yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ so.16

Nkabom wɔ yɛ ne yɛnuanom mmarima ne mma wɔ Kristo honam nyini berɛ a yɛyɛ aso ma mmarasɛm a ɛtɔ so mmienu no—yɛbɛdɔ afoforɔ sɛ yɛn ho.17 Na mesusu sɛ baakoyɛ a ɛwie pɛyɛ bɛtumi aba yɛn ntam sɛ yɛdi Agyenkwa no mmara kɛseɛ kronkron a ɛtɔ so mmienu no so—sɛ yɛdɔ yɛn ho yɛn ho ɛnyɛ sɛ yɛdɔ yɛn ho nko ara mmom sɛdeɛ Ɔ dɔɔ yɛn no.18 Wɔ tɔfabom no “ɛyɛ sɛ onipa biara hwehwɛ ne yɔnko yiedie, na wɔyɛ nneɛma nyinaa wɔ adwene korɔ mu wɔ Onyankopɔn animuonyam mu.”19

Titenani Marion G. Romney, Atitenafoɔ a Wɔdi kan no fotufoɔ dada, rekyerɛ sɛdeɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ ne koroyɛ kaa sɛ:

“Sɛ onipa baako bi, a ɔregyae ne ho ama Satan, na honam nnwuma ahyɛ no ma a, ɔne ne ho ko. Sɛ mmienu gyae wɔn ho a, wɔn mmienu biara ko ne ho na wɔ ne wɔn ho ko. Sɛ nnipa bebree gyae wɔn ho mu a, ɔman [twa] brɛ kɛseɛ ne sakasaka. Sɛ ɔman sodifoɔ gyae wɔn ho a, wiase amansan nyinaa kɔ sakasaka mu.

President Romney toaa so sɛ: “Sɛnea honam nnwuma wɔ amansan nyinaa mu dwumadie no, saa ara na asomdwoeɛ asɛmpa no nso teɛ. Sɛ onipa baako di so a, ɔwɔ asomdwoeɛ wɔ ne mu. Sɛ nnipa mmienu di so a, wɔwɔ asomdwoeɛ wɔ wɔn mu ne wɔn ho wɔn ho mu. Sɛ manmufoɔ di so a, ɔman no wɔ fie asomdwoeɛ. Berɛ a aman a wɔdɔɔso wɔ Honhom no aduaba de di wiase nsɛm no, ɛhɔ ne ɛhɔ nko ara, ɛko atumpan nnyegye bio, na ɔko frankaa bɛsisi wɔn tiri ase. (Hwɛ Alfred Lord Tennyson, “Locksley Hall,” The Complete Poetical Works of Tennyson, ed. W. J. Rolfe, Boston, Houghton–Mifflin Co., 1898, p. 93, lines 27–28.)”20

Sɛ “yɛde Kristo to yɛn ho so a,” ɛbɛyɛ yie sɛ yɛsiesie anaa yɛgyae nsonoeɛ, mentemehoase, ne apereɛapere a ɛwɔ hɔ no mu. Nhwɛsoɔ nwanwasoɔ bi a ɛdi mpaepaemu so no wɔ Asɔre abakɔsɛm mu. Elder Brigham Henry Roberts (a na wɔtaa frɛ no B. H. Roberts),wɔ woo no England wɔ 1857, somm sɛ Aduɔson kuo no Atitenafoɔ—deɛ ɛnnɛ yɛfrɛ no Aduɔson Atitenafoɔ no. Na Elder Roberts yɛ pabene wɔ asɛmpa a wɔasan de aba no ne Asɔre no nsɛm a ano yɛden no mpata mu.

Mfoni
Elder B. H. Roberts

Wɔ 1895 mu, Elder Robert som wɔ Asɔre no mu kɔɔ ɔhaw mu ɛnam ntɔkwa nti. B. H. na wɔapaw no sɛ ɔnanmusifoɔ wɔ nhyiamu a wɔkyerɛɛ ɔman mmara maa Utah bere a ɛbɛyɛɛ ɔman no. Ɛno akyi no, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ United States Mmarahyɛ Badwa no mufoɔ nanso wammɔ Atitenafoɔ a Odi Kan no amanneɛ anaasɛ wanhwehwɛ kwan amfiri hɔ. President Joseph F. Smith, ofotufoɔ wɔ Titenani a Odi Kan no mu no kasa tiaa B. H. wɔ saa whuammɔdi no ho wɔ asɔfodi nhyiam kɛse bi ase. Elder Robert dii nkoguo na ɔdwenee sɛ ne nkoguo no gyina President Smith asɛm a ɔkaae no so. Na ɔkasatia Asɔre akannifoɔ wɔ amanyɔsɛm kasakyerɛ ne nsɛmmisa bi ho. Ɔtɔɔ baha wɔ Asɔre som ho. Titenafoɔ a wɔdi Kan ne Agyinatufoɔ Dummienu no nhyiamu tenten bi ase wɔ Salt Lake Tɛmpol mu, B. H. sisii n’aso sɛ ɔkasa san ne ti. Akyire no, “President [Wilford] Woodruff maa [Elder Roberts] nnawɔtwe mmiɛnsa sɛ ɔmfa nnwene gyinaeɛ a wasie no ho. Sɛ wansakra a, wɔbɛyi no afiri Aduɔson no mu.”21

Wɔ nhyiamu foforɔ ase Asomafoɔ Herber J. Grant ne Francis Lyman hyiaa B. H., ahyɛaseɛ no na ɔmpene so, nanso awieeɛ no ɔdɔ ne Honhom Kronkron no dii nkonim wɔ mu. Nnisuo baa n’ani so. Asomafoɔ mmienu yi tumi buaa nsɛm bi a na B. H. susu sɛ ɛha no. H., ne wɔn firii hɔ a wɔn akoma srɛɛ nkabomu. Adeɛ kyeeɛ anopa, wɔ mpaebɔ tenten akyi, Elder Roberts de krataa kɔmaa Elder Grant ne Lyman wayɛ krado sɛ ɔne ne nuanom bɛka abom.22

Akyire yi a ɔhyiaa First Presidencey no, Elder Roberts kaa sɛ, “Mekɔɔ Awurade anim na menyaa hann ne nkyerɛkyerɛ firii Honhom no hɔ sɛ memfa nnidie mma Onyankopɔn tumidie no.”23 Onyankopɔn dɔ a ɛkanyann no nti, B. H. Roberts kɔɔ so yɛɛ Asɔre no kandifoɔ nokwafoɔ ne nkwa awieeɛ.24

Mfoni
Elder B. H. Roberts

Yɛbɛtumi ahunu afiri saa nhwɛsoɔ yi mu sɛ koroyɛ nhyɛda nkyerɛ sɛ yɛpene sɛ obiara “nyɛ n’adeɛ” anaa nkɔ ɔno ara ne kwan. Yɛntumi nyɛ baako gyesɛ yɛn nyinaa ka yɛn tiri bom wɔ mmɔdemmɔ korɔ ho. Ɛkyerɛ sɛ wɔ B. H. Roberts nsɛm mu no, yɛde nnidie rema Onyankopɔn tumidie no. Yɛyɛ Kristo honam mma a yɛda nso, a yɛrehyɛ nnwumadie nsonoeɛ ma mmerɛ nsonoeɛ mu—aso no, ani no, etire no, ɛnsa no, ɛnan no—nanso ne nyinaa honam baako.25 Enti yɛn botaeɛ ne sɛ “yɛmma mpaepaemu mma nipadua no mu, mmom akwaa no adwene ade korɔ ama wɔn ho wɔn ho.”26

Nkabom nhia pɛpɛɛpɛ yɛ, mmom ɛhia nteaseɛ. Yɛbɛtumi anwene yɛn akoma abom wɔ ɔdɔ mu, yɛ baako wɔ gyedie ne nkyerɛkyerɛ mu, na yɛakɔ so anya adwene nsonoeɛ wɔ amanyɔsɛm mu, mmirikatuo kuo a yɛdɔm, aduane a yɛpɛ mu, ne nneɛma a ɛtete saa. Nanso yɛntumi nnye akyinnyeɛ anaa pene wɔ abufuo ho. Agyenkwa no na ɔseɛ:

“Na nokorɛ, nokware mese mo sɛ, obiara a ɔwɔ apereapereɛ honhom no nnyɛ me deɛ, na mmom ɔyɛ ɔbonsam deɛ, apereapereɛ agya no, na ɔkanyan nnipa akoma ma wɔne wɔn ho wɔn ho de abufuo di apereapereɛ.

“Monhwɛ, nnyɛ me nkyerɛkyerɛ ni, sɛ mede abufuo bɛkanyan nnipa akoma ama wɔde atia wɔn ho; mmom yei ne me nkyerɛkyerɛ, sɛ mobɛgyae saa nneɛma yi.”27

Afe a atwam no, President Russell M. Nelson srɛɛ yɛn wɔ saa nsɛm yi mu: “Yɛn mu biara ntumi nni aman anaa afoforɔ anaa mpo yɛn ankasa mmusua mufoɔ nneyɛeɛ so. Nanso yɛbɛtumi ahyɛ yɛn ho so. Me frɛ ɛnnɛ, me nuanom mmarima ne mmaa, ɛne sɛ yɛbɛsi sakasaka a ɛrekɔ so wɔ w’ akoma mu, wo fie, ne wo abrabɔ mu ano. Sie akodeɛ biara a ɛpira afoforɔ—sɛ saa akodeɛ no yɛ abufuo, tɛkrɛma a ano yɛ nam, anaa soboɔ ma obi a wakɔ so aha wo. Agyenkwa no hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnane aso baako no ma no [hwɛ 3 Nephi 12:39], nnɔ yɛn atamfo, na yɛmmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔdome yɛn [hwɛ 3 Nephi 12:44].”28

Meka bio sɛ gye sɛ ɛnam yɛn ankorankoro ahofama de ma Yesu Kristo na ɛbɛma yɛn anidasoɔ ama yɛayɛ koro—koro wɔ yɛn mu, koro wɔ fie, koro wɔ Asɔre mu, na awieeɛ no koro wɔ Sion, ne nyinaa akyi, koro wɔ Agya no ne Ɔba no ne Sunsum Kronkron no mu.

Mesane kɔ Kristosom Nnawɔtwe Kronkron no ne yɛn Dimafoɔ nkonimdie no. Yesu Kristo Wusɔreɛ no di Ne kronkronyɛ ho adanseɛ sɛ Wadi nneɛma nyinaa so nkonim. Ne Wusɔreɛ no di adanseɛ sɛ, yɛde yɛn ho bata No wɔ apam mu a, yɛn nso yɛbɛtumi adi nneɛma nyinaa so nkonim na yɛabɛyɛ koro. Ne Wusɔreɛ no di adanseɛ sɛ ɛnam Ne so, honam a ɛnwuo ne daa nkwa yɛ nokorɛ.

Anɔpa yi, medi adanseɛ fa Ne Wusɔreɛ ankasa ho ne deɛ ɛka ho nyinaa, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.