Amansan Nhyiamu
Ayɛyie nka Ɔsorosoro Nyankopɔn
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Ayɛyie nka Ɔsorosoro Nyankopɔn

Yesu Kristo nkonimdie a ɔde hyɛnee Yerusalem ne nneɛma a ɛsisii wɔ nnawɔtwe a ɛdi soɔ no mu yɛ nkyerɛkyerɛ nhwɛsoɔ a yɛbɛtumi de abɔ yɛn bra ɛnnɛ.

Ɛnnɛ, sɛdeɛ yɛaka no, yɛreka Akristofoɔ a wɔwɔ wiase baabiara ho ahyɛ Yesu Kristo animuonyam wɔ saa Mmerɛnkɛnsono Kwasiada yi. Bɛyɛ mfeɛ 2,000 a atwam, Mmerɛnkɛnsono Kwasiada hyɛɛ nnawɔtwe a na ɛtwa toɔ wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma ase. Ɛno na na ɛyɛ nnawɔtwe a ɛho hia pa ara wɔ nnipa abakɔsɛm mu.

Deɛ ɛhyɛɛ aseɛ sɛ Yesu ho nsɛnkyerɛnneɛ sɛ Ɔgyefoɔ a wɔhyɛɛ yɛn bɔ wɔ Ne nkonimdie nhyɛnemu wɔ Yerusalem no, kɔwiee N’asɛnnua mu bɔ ne Wusɔreɛ.1 Wɔ Agya no pɛ mu no, N’afɔrebɔ mpata wiee N’asase so som adwuma, a ɛbɛma yɛatumi ne yɛn Soro Agya atena daapem.

Twerɛnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ nnawɔtwe no hyɛɛ aseɛ berɛ a na nnipadɔm gyinagyina kuro no pono ano sɛ wɔbɛhunu “Nasaret nkɔmhyɛni Yesu a ɔfiri Galilee no.”2 Wɔ “faa abɛ brɛ, na wɔkɔhyiaa no, teaam sɛ: Hosanna: Nhyira ne Yuda Hene a ɔba wɔ Awurade din mu no.”3

Saa Twerɛ Kronkron twerɛtohɔ a akyɛre yie no kae me Asɔre adwuma bi a mekɔyɛɛ wɔ Takoradi, Ghana. Anwanwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ Mmerɛnkɛnsono Kwasiada.

Mfoni
Asɔremma a wɔwɔ Takoradi, Ghana

Na merekɔkyɛ Takoradi Ghana Stake mu abue Mpintsin Ghana Stake. Ɛnnɛ yi, yɛwɔ Asɔremma boro100,000 wɔ Ghana.4 Yɛma Nkranhene, Ɔhempɔn Nii Tackie Teiko Tsuru II, a ɔfiri Accra, Ghana abɛka yɛn ho ɛnnɛ akwaaba. Mehyiaa saa Ahotefoɔ yi no, metee wɔn dɔ ne ahofama a ɛmu dɔ ma Awurade nka. Mekyerɛɛ ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma wɔn, ɛne sɛdeɛ Asɔre no Titenani no nso dɔ wɔn. Mehwɛɛ Agyenkwa no nsɛm a Yohane twerɛɛeɛ: “Na monnodɔ mo ho, sɛdeɛ madɔ mo no.”5 Wɔfaa no sɛ ɛyɛ “medɔ wo nhyiamu.”6

Mfoni
Elder Rasband rekyiakyia nsam wɔ Takoradi, Ghana

Berɛ a mehwɛɛ anuanom adɔfoɔ mmarima ne mmaa ne wɔn abusuafoɔ a wɔtoatoaso wɔ soro ne fam wɔ asɔredan no mu no, Na metumi hunu Yesu Kristo ho adansedie ne gyedie a ɛhyerɛn wɔ wɔn anim. Metee nka sɛ na wɔpɛ sɛ yɛkan wɔn ka N’Asɔre a ɛrenyini no ho. Na nnwontofoɔ no too nnwom te sɛ soro abɔfoɔ.

Mfoni
Adwontokuo a wɔwɔ Takoradi, Ghana
Mfoni
Elder Rasband ne asɔremma wɔ Ghana

Te sɛ tete Mmerɛnkɛnsono Kwasiada no, na yeinom yɛ Yesu Kristo asuafoɔ a wɔahyia rebɛhyɛ No animuonyam sɛdeɛ wɔn a na wɔwɔ Yerusalem pono ano, a na wɔkuta mmerɛnkɛnsono, teaam sɛ, “Hosanna …: Nhyira ne nea ɔba wɔ Awurade din mu no.”7

Mfoni
Mmerɛnkɛnsono nyam wɔ Ghana

Mpo asɔrefoɔ a na wɔwɔ asɔre bi a ɛbɛn hɔ mu redi Mmerɛnkɛnsono Kwasiada. Berɛ a na megyina asɛnka-adwa no anim rekasa no, mehunuu wɔ mpoma no mu sɛ na wɔde anigyeɛ nam borɔno no so a wɔrenyam wɔn nsa mu mmerɛnkɛnsono no, te sɛ wɔn a wɔwɔ mfonin yei mu yi. Ɛyɛ adeɛ a mehunuuiɛ a me werɛ remfiri da—yɛn nyinaa resɔre ahene mu Hene no saa da no.

Titenani Russell M. Nelson atu yɛn fo sɛ yɛmma Mmerɛnkɛnsono Kwasiada no ɛnyɛ “kronkron ampa berɛ a yɛrekae, na ɛnyɛ abɛ brɛ a wɔnyam de hyɛɛ Yesu animuonyam wɔ Yerusalem nhyɛnemu no ara kɛkɛ, na mmom sɛ yɛrekae Ne nsayam.” Afei Titenani Nelson de totoo Yesaia, a ɔkasa faa Agyenkwa no bɔhyɛ ho, “Me werɛ remfiri wo da,” a nsɛm yeinom ka ho, “Hwɛ, makurukyire wo wɔ me nsayam.”8

Awurade no ara nim dada sɛ deɛ ɛwuo tebea yɛ den. N’apirakuro kae yɛn sɛ “Ɔsiane kɔɔ fam … nyinaa”9 ama Watumi aboa yɛn berɛ a yɛhunu amane na ɔyɛ yɛn nhwɛsoɔ “gyina wo kwan so,”10 Ne kwan, sɛdeɛ “Onyankopɔn bɛka [yɛn] ho afebɔɔ.”11

Na Mmerɛnkɛnsono Kwasiada ɛnyɛ abasɛm bi kwa , abakɔsɛm mu kratafa bi a ɛwɔ da, berɛ, ne bea. Yesu Kristo nkonimdie a ɔde hyɛnee Yerusalem ne nneɛma a ɛsisii wɔ nnawɔtwe a ɛdi soɔ no mu yɛ nkyerɛkyerɛ nhwɛsoɔ a yɛbɛtumi de abɔ yɛn bra ɛnnɛ.

Momma yɛnhwɛ daapem nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Ne som adwuma mu na ɛkɔwie wɔ Yerusalem no bi.

Deɛ ɛdi kan, nkɔmhyɛ. Ɛbi ne sɛ, Apam Dada mu nkɔmhyɛni Sakaria hyɛɛ nkɔm faa Yesu Kristo nkonimdie nhyɛnemu wɔ Yerusalem ho, mpo ɔkaa sɛ ɔbɛtena afunumu so.12 Yesu dii kan kaa Ne Wusɔreɛ no berɛ a na Ɔresiesie Ne ho ahyɛne kuro no mu, kaa sɛ:

“Hwɛ, yɛbɛkɔ Yerusalem; na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfo mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no kumfɔ,

“Na wɔde no bɛma amanamanmufoɔ no adi ne ho fɛw, aka no mpire, abɔ no mmeamudua mu: na ne nnansa soɔ ɔbɛsɔre bio.”13

Deɛ ɛtɔ so mmienu, Sunsum Kronkron no ayɔnkofa. Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Onipa biara rentumi nhunu sɛ Yesu ne Awurade no, gye sɛ ɛnam Sunsum Kronkron no so.”14 Agyenkwa no hyɛɛ N’asuafoɔ no bɔ15 wɔ Adidie a ɛtwa Toɔ16 wɔ abansoro dan no mu sɛ,17 “Merennya mo nnyanka.”18 Ɛrenka wɔn nko ara sɛ wɔbɛma asɛmpa no nokorɛ ka akɔ nkan mmom wɔbɛnya Sunsum Kronkron no akyɛdeɛ a ɛwie pɛyɛ no aka wɔn ho. “Asomdwoeɛ na mede gya mo, m’asomdwoeɛ na mede ma mo,” Ɔhyɛɛ bɔ , “ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma, na mede ma mo.”19 Esiane Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no nti yɛwɔ saa ahotosoɔ no ara—ama “yɛanya ne Honhom no aka [yɛn] ho mmerɛ nyinaa”20na “ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so [yɛn] bɛhunu nneɛma nyinaa mu nokorɛ.”21

Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, osuaniyɛ. Nokorɛ suaniyɛ yɛ ahofama a ɛnni hwammɔ, setie ma ɛnni awieɛ mmara, ne deɛ ɛhia pa ara, Onyankopɔn ho dɔ. . Nnye akyinnyeɛ. Nnipadɔm a wɔde mmerɛnkɛnsono hyɛɛ no animuonyam no gyee no too mu sɛ ɔyɛ Ɔgyefoɔ. Saa na na Ɔteɛ pɛpɛɛpɛ. N’anwanwa nnwuma, Ne nkyerɛkyerɛ, twetwee wɔn bɛnee No. Nanso bebree ayɛyie no ankyɛre. Ebinom a wɔdii kan teaa mu sɛ, “Hosanna”22 no, ankyɛre koraa wɔdanee wɔn ho teaa mu sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu.”23

Deɛ ɛtɔ so nan, Yesu Kristo Mpata no.24 Ne nna a ɛtwa toɔ mu, wɔ Mmerɛnkɛnsono Kwasiada no akyi no, Ɔyɛɛ Ne Mpata nwanwasoɔ no, firi Getsemane yea so kɔsi atwetwesie wɔ N’asɛnnie mu, N’ayaayaadeɛ wɔ asɛnnua no so, ɛne Ne sie wɔ damena a wɔasrɛ mu. Nanso ansi hɔ ara. Ne frɛ sɛ Ɔgyefoɔ ma Ɔsoro Agya mma nyinaa kɛseyɛ nti, Ɔsɔre firii saa damena no mu nnansa akyi,25 sɛdeɛ na Wahyɛ ho nkɔm no.

Yɛkɔ so kyerɛ anisɔ wɔ Yesu Kristo Mpata a ɛnni nsɛsoɔ no ho anaa? Yɛte ne nteho tumi no nka, seesei ara anaa? Ɛno nti na Yesu Kristo, Nkwagyeɛ Kannifoɔ ne ne Wiefoɔ no kɔɔ Yerusalem, sɛdeɛ ɔbɛgye yɛn nyinaa nkwa. Saa nsɛm yi a ɛwɔ Alma no ma monya atenka bi anaa: “Sɛ moanya akoma mu nsakyeraeɛ bi, na moanya atenka sɛ mobɛto ɔdɔ gyeɛ ho dwom a, mɛbisa mo sɛ, mote saa nka no seesei anaa?”26 Mɛtumi aka no nokorɛ mu sɛ, dwontokuo a wɔwɔ Takoradi saa Mmerɛnkɛnsono Kwasiada no “too ɔdɔ gyeɛ ho dwom.”

Nnawɔtwe a ɛtwa toɔ koraa wɔ Ne som adwuma mu no, Yesu Kristo maa mmaabunu du ho abɛbusɛm no.27 Na ɔrekyerɛkyerɛ fa Ne ba a ɔbɛba ama wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛgye No no, a ɛnyɛ abɛ brɛ a ɛhyɛ wɔn nsam na mmom asɛmpa no hann a ɛwɔ wɔn akoma mu. Ɔde kanea a yɛasɔ a ɛredɛre, na ngo ka ho a ɛbɛma no asɔ, mfonin yɛɛ nkyerɛkyerɛmu faa ɔpɛ sɛ yɛbɛdɔ N’akwan, agye Ne nokorɛ, na yɛakyɛ Ne hann no.

Monim abasɛm no. Mmaabunu du no gyina hɔ ma Asɔre asafomma, na ayeforɔkunu no gyina hɔ ma Yesu Kristo.

Mmaabunu du no faa wɔn nkanea na “wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no.”28 Na baanum yɛ mmadwemma, de ngo guu wɔn nkanea mu sane faa bi kaa ho, na na baanum yɛ nkwaseafoɔ, faa nkanea a ngo nka ho. Berɛ a wɔkaa sɛ, “Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo; momfiri adi nkɔhyia no,”29 na baanum no a na wɔyɛ “mmadwemma na [wɔahunu] nokorɛ no, na [wɔafa] Honhom Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ no,”30 ayɛ krado ama “wɔn hene ne wɔn mmarahyɛfoɔ”31 sɛdeɛ “n’animuonyam [bɛba] wɔn so.”32 Na baanum no nso repere hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ngo. Nanso na aka akyire. Santene no kɔ gyaa wɔn. Berɛ a wɔbɔɔ mu na wɔsrɛɛ sɛ wɔmmue wɔn no, Awurade buaa sɛ, “Mennim mo.”33

Sɛ Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, “Mennim mo!” a, atenka bɛn na yɛbɛnya?

Yɛn nso, te sɛ mmaabunu du no, yɛwɔ nkanea; na yɛwɔ ngo anaa? Mesuro sɛ ebinom wɔ hɔ a ngo ketewa bi na wɔde nam, a wiase akɔnnɔ nti wɔnni adaagye a wɔde bɛsiesie wɔn ho yie. Ngo firi gye a yɛgye nkɔmhyɛ a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase hɔ di na yɛyɛ mu na ɛba, titire ne Titenani Nelson, n’afotufoɔ, ne Asomafoɔ Dumienu no. Ngo hyɛ yɛn akra ma berɛ a yɛte na yɛnya Sunsum Kronkron no atenka na yɛdi saa ɔsoro akwankyerɛ no so. Ngo hwie gu yɛn akoma mu berɛ a nneɛma a yɛyɛ kyerɛ sɛ yɛdɔ Awurade na yɛdɔ deɛ Ɔno dɔ. Ngo firi ba berɛ a yɛresakyera na yɛrehwehwɛ Yesu Kristo Mpata no mu ayaresa .

Sɛ mo mu bi rehwehwɛ deɛ ebinom frɛ no “akoma so adeɛ” no a, ɛno nie: fa Yesu Kristo nkwa nsuo yɛ ngo hyɛ w’akoma ma,34 ɛno na ɛgyina hɔ ma N’abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ. N’abirabɔ ne sɛ, worehwehwɛ baabi a ɛwɔ akyirikyiri anaa adeɛ nwanwasoɔ bi remma wo bo ntɔ wo yam da; wode Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ rebɔ bra na ɛbɛyɛ. Medii kan memaa nhwɛsoɔ: gye nkɔmhyɛ ne nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛ to mu, di Sunsum Kronkron no nkanyan so, bɛyɛ osuani nokwafoɔ, na hwehwɛ yɛn Awurade Mpata no ayaresa tumi. Saa akoma so adeɛ no de wo bɛkɔ baabi a wopɛ sɛ wokɔ—w’Agya a ɔwɔ Soro no nkyɛn bio.

Na saa Mmerɛnkɛnsono Kwasiada wɔ Takoradi no yɛɛ sononko maa me ɛfiri sɛ me ne asafo nokwafoɔ mmarima ne mmaa bi na ɛkyɛɛe. Saa ara na ayeyɛ wɔ nsasepɔn ne nsupɔ so wɔ wiase baabiara. M’akoma ne me kra, te sɛ wodeɛ no, kɔn dɔ sɛ ɛtea mu, “Ayɛyie nka Ɔsorosoro Nyankopɔn.”35

Yɛnnyina Yerusalem pono ano nkuta berɛ wɔ yɛn nsam ɛnnɛ deɛ, nanso berɛ no bɛba, sɛdeɛ wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Adiyisɛm no, “nnipadɔm kɛseɛ, a onipa biara rentumi nkan wɔn, firi aman, ne mmusuakuo, ne nkorɔfoɔ, ne kasa nyinaa mu, [bɛgyinagyina] ahennwa no, ne Adwammaa no anim, ahyehyɛ ntaade fitaa, na wɔakutakuta berɛ.”36

Mede me nhyira sɛ Yesu Kristo Somafoɔ ma mo sɛ, mode nsiyɛ bɛpere abɔ tenenee bra na moaka wɔn a wɔkuta berɛ wɔ wɔn nsam no ho, ayi Onyankopɔn Ba, yɛn nyinaa Gyefoɔ Kɛseɛ no ayɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Nsɛmpa nnan no nyinaa—Mateo 21–28; Marko 11–16; Luka 19-24; ne Yohane 12–21—kyerɛkyerɛ nna a ɛtwa toɔ wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma, a wɔhyehyɛ firii ɔsoro sɛdeɛ ɛbɛma Onyankopɔn mma nyinaa anya nkwagyeɛ ne mmasoɔ nhyira mu. Ɛtɔ da bi a, atwerɛfoɔ no sesa wɔ deɛ wɔde keka ho mu, nanso ɛnyɛ Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ne nneyɛɛ mu.

  2. Hwɛ Mateo 21:10–11.

  3. Yohane 12:13.

  4. Asɔremma ne Akontabuo Twerɛtohɔ kyerɛ sɛ, yɛwɔ asɔremma 102,592 wɔ Ghana.

  5. Yohane 15:12.

  6. Berɛ biara a me ne asɔremma bɛkasa no, wɔbɛka akyerɛ me sɛ, “Elder Rasband, yɛn Somafoɔ dɔfoɔ, medɔ wo.” Honhom no ne Onyankopɔn dɔ ahyɛ nkorɔfoɔ no ma enti wɔmmrɛ na wɔakyɛ saa ɔdɔ no.

  7. Mateo 21:9.

  8. Hwɛ Russell M. Nelson, “Asomdwoeɛ ne Anidasoɔ a Easter de Ba” (mfonin), Oforisuo 2021, ChurchofJesusChrist.org/media; Yesaia 49:16.

  9. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:8. Wɔ Ahinime bosome, afe 1838 mu, wɔde Nkɔmhyɛni Joseph ne Asɔre akannifoɔ afoforɔ kakra bi guu Liberty Afiase wɔ ɔkwan a ɛntene so. Na tebea no yɛ hu. Abosome bi akyiri wɔ awerɛhoɔ tebea mu no, ɔtwerɛ kɔmaa asɔremma no wɔ Ɔbɛnem, 1839 mu, a na mpaebɔ a ɔde mmɔborɔhunu adesrɛ ato Awurade anim fa ne tebea ne “Ahotefoɔ a Wɔrehunu amane” no ka ho. Ɔsane kyɛɛ saa mpaeɛ no ho mmuaeɛ a ɔnya firii Awurade hɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121–23.

  10. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:9. Awurade nkuranhyɛ a ɔde maa Joseph Smith wɔ Liberty Afiase maa no awerɛkyekyerɛ ne honhom mu nteaseɛ sɛ amanehunu ne nsɔhwɛ bɛtumi ahyɛ yɛn den, akyerɛkyerɛ aboterɛ, na ɛde ahohyɛsoɔ ba. Awurade ka kyerɛɛ no sɛ “sɔ wo gyedie mu,” ɛno na ɛyɛ Awurade kwan, woregyina ɔhyɛ a ɛntene mu akɔduru awieeɛ te sɛ “[Onyankopɔn] Ba no, ɔno a ɔsiane kɔɔ ne nyinaa ase no. Woyɛ kɛseɛ sene no anaa? (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:8).

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:9. Bɔhyɛ sɛ Onyankopɔn “bɛka wo ho” yɛ nokorɛ bɔhyɛ ma wɔn a wɔkuta wɔn gyedie mu na wɔde wɔn ho to Awurade so.

  12. Hwɛ Sakaria 9:9.

  13. Mateo 20:18–19. James E. Talmage twerɛɛ wɔ Jesus the Christ: “Ɛyɛ … nokorɛ turodoo sɛ Dumienu no ante Ne nkyerɛaseɛ ase. … Na wɔhunu wɔn Wura dɔfoɔ nsɛm no bi sɛ ɛnsɛ mfata, ɛnsisi so anaa ɛbɔ abira a nteaseɛ nni mu. Na wɔnim No sɛ ɔno ne Kristo, Onyankopɔn teasefoɔ no Ba no; enti adɛn na wɔbɛbrɛ Obi a ɔte sei ase na wɔakum no” ([1916], 502–3).

  14. Joseph Smith kaa yei kyerɛɛ Relief Society Mmaa a wɔwɔ Nauvoo, Oforisuo 28, 1842, sɛdeɛ wɔaka no wɔ“Joseph Smith Abakɔsɛm,” Deseret News, Ɛbɔ 19, 1855,218. Ɔde retoto 1 Korintofoɔ ti 12 ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkyekyɛmu mmiɛnsa, no mu, “Onipa biara rentumi nka sɛ Yesu ne Awurade no, gye sɛ ɛnam Sunsum Kronkron no so,” sakraa no kaa sɛ, “Onipa biara rentumi nhunu sɛ Yesu ne Awurade no gye sɛ ɛnam Sunsum Kronkron no so.” (Hwɛ Relief Society Mfeɛ Aduonum a na Ɛdi Kan: Nsɛmpɔ Titire a ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Mmaa Abakɔsɛm mu [2016], 2.2, churchhistorianspress.org.)

  15. Yesu ne N’asuafoɔ kyɛɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ no (hwɛ Marko 14:12–18). Na dumienu no yɛ Petro, Andrea, Yakobo, Yohane, Mateo, Filipo, Toma, Bartolomeo, Yakobo (Alphaeus babarima), Judas Iscariot, Judas (Yakobo nuabarima), ne Simon (hwɛ Luka 6:13–16).

  16. Yesu ne N’asuafoɔ no de Adidie a twa Toɔ no yɛɛ adidi kronkron sii hɔ (hwɛ Mateo 26:26–29; Marko 14:22–25; Luka 22:19–20).

  17. Wɔgye adekyeɛ/anadwo pɔtee a Yesu yɛɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ no wɔ “abansoro dan” no mu ho akyinnyeɛ ɛnam nsonsonoeɛ a ayɛ sɛ ɛwɔ Mateo, Marko, Luka ne Yohane nsɛm no mu nti. Mateo, Marko, ne Luka kyerɛ sɛ wɔyɛɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ no wɔ “da a ɛdi kan wɔ apiti die,” anaa Twam afahyɛ no (hwɛ Mateo 26:17; Marko 14:12; Luka 22:1, 7). Nanso, Yohane kyerɛ sɛ wɔkyeree Yesu ansa na wɔreyɛ Twam afahyɛ no (hwɛ Yohane 18:28), a ɛrekyerɛ sɛ na wɔayɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ no da baako ansa na wɔreyɛ Twam afahyɛ no. Ayɛ sɛ Asɔre no twerɛtohɔ nneɛma ne Nna ɛdi Akyire Ahotefoɔ nsiakyibaa adwene kɔ bɛnkorɔ mu sɛ Yesu ne N’asuafoɔ no yɛɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ no wɔ Abansoro Dan no mu anwummerɛ ansa na wɔrebɔ No asɛnnua mu. Akristofoɔ a wɔdi Nnawɔtwe Kronkron hunu Yawoada sɛ da a wɔyɛɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ, Fiada sɛ Asɛnnua mu bɔ da, ne Kwasiada sɛ Wusɔreɛ da—sɛdeɛ Gregorifoɔ nnabuo teɛ.

  18. Yohane 14:18.

  19. Yohane 14:27.

  20. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77.

  21. Moroni 10:5.

  22. Twerɛ Kronkron nsɛm nkyerɛaseɛ nwoma kyerɛ mu sɛ, hosanna asekyerɛ ne “gye nkwa seesei ara.” Wɔfa asɛm no firi Nnwom 118:25. “Wɔtoo saa dwom yi wɔ Ntomadan Afahyɛ no berɛ a na wɔrehim abɛ brɛ no; ɛno nti na nnipadɔm no de saa asɛm no frɛɛ yɛn Awurade nkonimdie nhyɛnemu wɔ Yerusalem no” (Twerɛ Kronkron Nsɛm Nkyerɛaseɛ, “Hosanna”). Hwɛ Mateo 21:9, 15; Marko 11:9–10; Yohane 12:13.

  23. Marko 15:14; Luka 23:21.

  24. Na yɛn Soro Agya nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ nnyinasoɔ yɛ Mpata a ɛnni ano a ɛbɛma Ne mma nyinaa anya ɛnwuo tebea, ne mmasoɔ ma wɔn a wɔfata sɛ wɔnya saa nhyira no. Berɛ a Agya no bisaa sɛ, ‘‘Hwan na Mensoma no?’’ Yesu Kristo de ne ho maa sɛ: “Me nie; soma me”(Abraham 3:27). Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ: “na [Yesu Kristo] asɛmpatrɛ dwuma yɛ Mpata no. Na saa asɛmpatrɛ dwuma no yɛ ɔno nko ara dea Ɛna a ɔwuo ne Agya a ɔnwuo na wɔwoo no nti, Ɔno nko ara na ɔbɛtumi afiri Ne pɛ mu de ne nkwa ato hɔ na wasan afa no bio (hwɛ Yohane 10:14–18). Ne Mpata no animuonyam nsunsuansoɔ yɛ deɛ ɛnni ano na ɛnniawieeɛ. Ɔyii owuo ano borɔ firii hɔ na ɔmaa damena no mu yea yɛɛ deɛ ɛrenkyɛre (hwɛ 1 Korintofoɔ 15:54–55). Na ɔnim Mpata no asodie mpo ansa na Adebɔ ne Ahweaseɛ no bɛba. Na ɛnyɛ owusɔreɛ ne ɛnwuo tebea a ɛde bɛma nnipa nyinaa nko ara, na sɛ ɛbɛma wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn—wɔ nhyehyɛeɛ a Ɔde gu hɔ so. Enti Ne Mpata no buee kwan a yɛbɛtumi ne No ne yɛn mmusua ayɛ baako daapem” (“Yesu Kristo Botaeɛ ne Ɔsom Adwuma,” Liahona, Apr. 2013, 20).

  25. Owusɔreɛ ne sɛ honamdua ne honhom no bɛsan aka abom bio wɔ ɛnwuo tebea mu, a nipadua no ne honhom no mu ntumi nte na yɛnhyɛ deɛ ɛwuo tebea ne owuo ase bio (hwɛ Alma 11:45; 40:23).

  26. Alma 5:26; san hwɛ Alma 5:14.

  27. Mmaabunu du ho abɛbusɛm no wɔ Mateo 25:1–12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:56–59. Ti ahodoɔ a ɛwɔ Mateo 25 ho kyerɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ saa abɛbusɛm yi wɔ Ne nnawɔtwe a ɛtwa toɔ mu, berɛ a na wahyɛne Yerusalem wɔ Mateo 21 na aka kakraa bi na wɔayɛ Adidie a Ɛtwa Toɔ ne Ne kyere wɔ Mateo 26. Ɔmaa mmaabunu du ho abɛbusɛm wɔ saa nnawɔtwe a ɛtwa toɔ no mu wieeɛ no, Yesu maa borɔdɔma ho abɛbusɛm no (hwɛ Mateo 21:17–21; 24:32–33), mma mmarima baanu no ho abɛbusɛm (hwɛ Mateo 21:28–32), neturo hwɛfoɔ bɔne no ho abɛbusɛm (hwɛ Mateo 21:33–46).

  28. Mateo 25:21.

  29. Mateo 25:6.

  30. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:57.

  31. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:59.

  32. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:59.

  33. Mateo 25:12. Wɔ Bepɔ no so Asɛnka mu no, Awurade de wɔn a wɔsusu sɛ wɔayɛ “nnwuma nwanwasoɔ bebree” yɛ mfatoho ka sɛ, sɛdeɛ wɔasusu no wɔ mmaabunu nkwaseafoɔ du ho asɛm mu no, “Mennim mo” (hwɛ Mateo 7:22–23).

  34. Sɛdeɛ nsuo ho hia yie ma asetena no, Yesu Kristo ne Ne nkyerɛkyerɛ (nkwa nsuo) ho hia yie ma daa nkwa (hwɛ Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu, “Nkwa Nsuo,” scriptures.ChurchofJesusChrist.org; see also Yesaia 12:3; Yeremia 2:13; Yohane 4:6–15; 7:37; 1 Nephi 11:25; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:66; 63:23).

  35. 3 Nephi 4:32.

  36. Adiyisɛm 7:9.