Amansan Nhyiamu
“Wɔ Wɔn Asɛdeɛ Kwan So”
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


“Wɔ Wɔn Asɛdeɛ Kwan So”

Mo a ɛnnɛ morepere akɔ anim wɔ mo asɛdeɛ kwan so ne Agyenkwa no Asɔre a wasan de aba no ahoɔden.

Mebɔ mpaeɛ nokorɛ mu pɛ Sunsum Kronkron no mmoa berɛ a mekyerɛ medɔ, anigyeɛ ne anisɔ ma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɔremma a wɔatwa wiase nyinaa ho ahyia.

Teaseɛnam a Ɛtwa toɔ mu Nkorɔfoɔ

Afe 1947 hyɛɛ Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ akwanpaefoɔ a wɔreba Salt Lake Bonhwa mu mfenhyia 100 afahyɛ. Nkaeɛ afahyɛ bebree na ɛkɔɔ so wɔ saa afe no mu, na anisɔ nsɛnka bebree kɔɔ so maa Yesu Kristo akyidifoɔ a wɔtuu wɔn ho sii hɔ faa gya mu sisii afie, duaa nnɔbaeɛ wɔ asase bonin so, na wɔkyekyere nkuro.

President J. Reuben Clark, Fotufoɔu a Ɔdii kan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi kan maa nkaeɛ ne amaneɛ baako a ɛka akoma de maa saa akwanpaefoɔ yi Ahinime 1947 amansan nhyiamu MU.

Wɔ ne nkransɛm mu, President Clark gye toom tiawa fa akannifoɔ a wɔnim wɔ yie a wɔkyerɛɛ atɔeɛ fam tukɔtenafoɔ, te sɛ Brigham Young, Heber C. Kimball, Wilford Woodruff, Parley P. Pratt, ne afoforɔ bebree. Nanso, na ɛnyɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛkae saa atitire yi a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nso yi ankorankoro nnwuma pa. Mmom, ɔtwee n’adwene sii ne kasa so wɔ akra ahoɔdenfoɔ a wɔnhyɛda nnim wɔn din anaa sɛ wɔantwerɛ wɔn din ato hɔ wɔ Asɔre abakɔsɛm mu. Nkyerɛkyerɛ ti nsɛm de maa ne nkrasɛm No yɛ “Teaseɛnam a Ɛtwa toɔ mu Nkorɔfoɔ.”1

President Clark kyerɛkyerɛɛ mu yie esu ne ɔhaw a ɛtoo atukɔtenafoɔ a wɔtuu kwan wɔ teaseɛnam a ɛtwa toɔ a wɔakata so wɔ teaseɛnam tenten biara a wɔtwaa saa ɛserɛso no. Ɔkamfoo saa akunini a wɔnnim na wɔankamfo wɔn, wɔn a da biara, nnawɔtwe biara, ne bosome biara teaseɛnam a ɛdi wɔn anim nyinaa mfuturo abɔ wɔn— ne wɔn a wɔdii akwansideɛ a wɔfaa mu wɔ kwan no so.

President Clark pae mu kaee, “Teaseɛnam a ɛtwa toɔ mu nkorɔfoɔ pere kɔɔ anim, yɛɛ mmrɛ na wɔbrɛɛe, nan yɛɛ akuro, ɛduru baabi a abammuo, hyɛɛ wɔn gyedie ma sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn, sɛ asɛmpa a wɔasan de aba no yɛ nokorɛ, na Awurade no dii na ɔkyerɛɛ Anuanom kwan.”2

Ɔde abasobɔ sononko yi wiee ne nkransɛm no: “Ɛkɔ ma saa akra ahobrɛaseɛfoɔ, kɛseɛ wɔ gyedie mu, kɛseɛ wɔ tenenee abrabɔ mu, kɛseɛ wɔ sedeɛ wɔyɛɛ awugyadeɛ a ɛsom boɔ, ahobraseɛ mu mekyerɛ me dɔ, obuo, me buo nnidie.”3

Ne Nyinaa ho Hia

Wɔ 1990, President Howard W. Hunter, saa berɛ no na ɔyɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani, maa nkrasɛm bi faa mmoa a ɛho hia fa Asɔremma a wɔsom yie ne nokorɛ mu na wɔnya nkaeɛ ketekete anaasɛ nkamfoɔ.

President Hunter kyerɛɛ mu sɛ:

“Wɔkasa [faa ɔbabunu ne ɔkokoɔdurufoɔ Captain Moroni ho:

“‘Sɛ nnipa nyinaa ayɛ, na wɔyɛ, anaa anka dabi wɔbɛyɛ sɛ Moronae a, hwɛ, anka asamando tumi nyina ara bɛwoso afebɔɔ; aane anka ɔbonsam rennya tumi wɔ nnipa mma akoma so da.’(Alma 48:17).

“Nsamrane a ɛfata ɔbɛrima kunnini a wagye din. Nkyekyɛmu mmienu akyire yi yɛ asɛm a ɛfa Helaman ne ne nuanom, a dii dwuma kɛseɛ a ɛda adi sene Moroni, a ɛka sɛ:

‘“Afei hwɛ, na Helaman ne ne nuanom wɔ mfasoɔ ma nkurɔfoɔ no te sɛ Moroni’ (Alma 48:19).”

President Hunter toaa so, “Wɔ nsɛm foforɔ mu, mpo ɛwom sɛ na Helaman da nso anaasɛ ɛda adi pefee te sɛ Moroni, saa nso na wɔtumi de no dii dwuma; ɛne sɛ na ɔyɛ boafoɔ anaasɛ ne ho wɔ mfasoɔ.”4

Afei President Hunter tuu yɛn nyinaa fo sɛ mma yɛnnyɛ sɛ yɛn ho nni mfasoɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ wosusu sɛ deɛ woyɛ no afe yi anaasɛ wɔ mfeɛ a ɛbɛba no mu nye din mma wo a, si aboterɛ. Nkorɔfoɔ papa a wɔatena ase pɛn no nso na wɔnyɛ animuonyamfoɔ. Som na nyini, gyedie mu ne kommyɛ mu.”5

“Wɔ Wɔn Asɛdeɛ Kwan So”

M’ani sɔ ma Asɔremma ɔpepe bebree a ɛnnɛ wɔreba Agyenkwa no nkyɛn6 na wɔrepere akɔ anim wɔ apam kwan no so wɔ teaseɛnam a ɛtwa toɔ wɔ yɛn nnɛ teaseɛnam—ne wɔn a nokorɛ mu wɔnyɛ deɛ wɔn ho nni mfasoɔ. Mo gyedie denden wɔ Soro Agya no ne Awurade Yesu Kristo ne mo ahobrɛaseɛ, mo abrabɔ a wɔahyira soɔ kanyan me ma meyɛ onipa ne okyidini papa.

Me dɔ mo. Mepɛ mo asɛm. Meda mo ase. Na mekamfo mo.

Samuel, Lamaniteni no asɛm bi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu bɔ m’atenka a mewɔ ma mo no tɔfa.

“Na hwɛ sɛ wɔn mu dodoɔ no ara afa wɔn dwumadie kwan so, na wɔnante ahwɛyie mu wɔ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm ne ne mmara so.

““Aane, Mese mo sɛ, wɔn mu dodoɔ no ara na wɔreyɛ yei, na wɔrebɔ mmɔden a wɔn mmrɛ ho sɛ wɔde wɔn nuanom a wɔaka no aba nokorɛ nimdeɛ no ho.”7

Megyedi sɛ kasasini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ anuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ nhunumu a wɔhwehwɛ na wɔtena bɛn nnipa a wɔyɛ kɔntɛkorɛ wɔ asɔre nhyiamu ase ne mmea afoforɔ mu. Berɛ nyinaa wɔpere sɛ wɔbɛkyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ,8 a wɔnhia aseda anaasɛ ayɛyie.

Asɛm sini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ awarefoɔ ne mma a wɔboa ɔyɔnkoɔ, ɔwofoɔ, anaasɛ akwadaa a ɔsom wɔ akannifoɔ dibrɛ wɔ Awurade Asɔre a wasan de ama no mu. Wɔn pintinn, komm, ne mpɛn pii wɔnnim wɔn akyitae nsunsuansoɔ ma ankorankoro bebree ne mmusua nhyira ba mu wɔ ɔkwan bi so a ɛnniawieeɛ mu na wɔbɛte aseɛ yie.

Asɛm sini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ ankorankoro a wɔatwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho no, na ahobrɛaseɛ mu wɔresan aba Ne nkyɛ bio,9 resakyera afiri wɔn bɔne mu, na wɔrehwehwɛ ahoteɛ ne Agyenkwa Mpata no ayaresa. Reba Kristo hɔ10 resan aba apam kwan so firi bɔneyɛ kwan so de ba “akyiwadeɛ akwan so”11 yɛ honhom mu ahiadeɛ ne tenenee mu keteeyɛ. Berɛ a wɔde gyedie repere akɔ anim na wɔmmrɛ wɔ yieyɛ mu no, wɔreto fapem ama adwuma kɛseɛ wɔwɔn ankorankoro abrabɔ mu,12 “de ma awoɔntoatoasoɔ ne ɛnniawieeɛ.”13

Asɛm sini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ tenenee ankorankoro a wɔwɔ akɔnnɔ sɛ wɔbɛyɛ konnua ama Agyenkwa no nam apam a wɔama ho kwan ne N’asɛmpa no ayɛyɛdeɛ so—nanso wɔbɛsi wɔn kwan afiri saa yɛ no ho ɛnam sɛnti a ɛboro wɔn so. Mehyɛ bɔ wankasa amanehunu bɛfiri hɔ na wo setie ne gyedie wɔ aboterɛ mu a wode wo pɛ bɛma Onyankopɔn no wɔbɛbɔ w’aba so wɔ “Awurade araberɛ mu.”14 “Esu bɛtumi awɔ hɔ anadwo baako, mmom anigyeɛ bɛba anɔpa.”15

Asɛm sini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ nkyerɛasefoɔ ne nsɛm asekyerɛfoɔ a wɔatwa wiase ho ahyia a wɔsom Awurade no wɔ wɔn ara kasa mu berɛ a wɔboa nnamfoɔ ne asɔremma “ma wɔte asɛmpa no mahyɛ wɔ [wɔn] ankasa anum ne [wɔn] ankasa kasa mu .”16 Wɔn nne, sɛnkyerɛnneɛ kasa, na ɛrekyerɛ nkrataa a ɛkuta nokorɛ nsɛm, nanso yɛn mu kakra bi na yɛnim wɔn din anaasɛ yɛkyerɛ wɔn anisɔ. Ɛnam kasa akyɛdeɛ a wɔde adom wɔn nti, nkyerɛasefoɔ ne nsɛm asekyerɛfoɔ som wɔ nsiyɛ mu, anyɛ pɛsɛmenkomenya, ne, titire, wɔmmɔ wɔn din de boa nkorɔfoɔ ma wɔgye honhom mu gyedie akyɛdeɛ a ɛnam Onyankopɔn asɛm no kenkan ne ne tie mu.17

Kasasini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ agyidifoɔ mmarima ne mmaa awarefoɔ a wɔdi wɔ apam nni wɔ asɛdeɛyɛ mu de dɔre na wɔhyɛ asase so ma, ne wɔn a wɔahyira wɔn tumi ne ahoɔden a wɔne wɔn mma de pereso wɔ adidikronkron nhyiamu ase. Wɔ ewiase a basabasa redɔɔso a amanehunu ne nneɛma a ɛhohia a wɔmfa nhyɛ baabi a ɛhyɛ, atwa yɛn ho ahyia yi, akra akokoɔdurufoɔ yi po nne a ɛnyɛ ɛsom dea na ɛdwene ɛno nko ara ho no; wɔde nnedie kronkronyɛ ne abrabɔ wɔ Soro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma ne mma mu no nni.

Awarefoɔ bebree nso gye Onyankopɔn di berɛ a wɔn akoma mu tenenee akɔnnɔ mmaa mu berɛ ne kwan a wɔde wɔn ani tooeɛ na wɔsoo ho daeɛ. Wɔ “twɛn wɔ Awurade anim”18 na wɔnhyɛ sɛ Ɔbɛhwɛ wɔn honam mu awieeɛ da “Ɛfiri sɛ fiti wiase ahyɛaseɛ no nnipa nntee, aso nso ntee, anaa ani nhunuui, O Nyankopɔn, gye wo nko, nneɛma akɛseɛ a woasiesie ama deɛ ɔtwɛn woɔ no.”19

Kasasini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ mmɔtɔfowa akannifoɔ ne mfitiaseɛ akyerɛkyerɛfoɔ mpem mpem a wɔwɔ ɔdɔ na wɔkyerɛkyerɛ Asɔre no nkwadaa Homeda biara.

Dwene ɛnniawieeɛ nsunsuansoɔ a ɛwɔ tuwohoakyɛ akyidifoɔ yi som so—ne nhyira nwanwasoɔ a wɔn a wɔsom nkwadaa yi wɔhyɛ wɔn ho bɔ.

“Na [Yesu] faa akwadaa, na ɔde no gyinaa wɔn mfimfini: na berɛ a ɔmaa ne so sii ne nsa mu no, ɔsee wɔn,

“Obiara a ɔbegye saa mmɔfra yi baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.”20

Kasasini “wɔ wɔn asɛdeɛ kwan so” kyerɛkyerɛ nkwadaa bɛtɛɛ wɔatu wɔn ho asi hɔ rehwɛ awofoɔ a wɔagoɔ, ɔbaatan a ɔhwere nna kyekyere abɔfra a ehu abɔ no berɛ a ɔgyina hɔ rewɛn sɛ “gyata baa wɔ pono ano” wɔ ne fie,21 Asɔremma a wɔba ntɛm na wɔtena hɔ kyɛre hyehyɛ,yiyi nkonnwa, na wɔkanyan ankorankoro a wɔto nsa frɛ abusua, nnamfoɔ ne ayɔnkofoɔ ma wɔba na wɔbɛhwɛ, wɔba na wɔboa, na wɔba na wɔka hɔ.22

Makyerɛkyerɛ nhwɛsoɔ kakra bi a wɔayiyi ama apam-kora ne Yesu Kristo tuwohoakyɛ akyidifoɔ te sɛ mo a morepere akɔ anim “wɔ [mo] asɛdeɛ kwan so.” Nna a ɛdi akyire ahotefoɔ ɔpepe nhwɛsoɔ ka ho a wɔde wɔn “kra mua”23 de ma Onyankopɔn no, wɔhunu no wɔ afie a Kristo wɔ mfimfini ne akuo a atwa wiase ho ahyia.

Wɔwɔ ɔdɔ na wɔsom, wɔtie na wɔsua, wɔwɔ tema na wɔkyekyere werɛ, wɔkyerɛkyerɛ na di adanseɛ nam Sunsum Kronkron no tumi so. wɔkyene kɔm na wɔbɔ mpaeɛ mmerɛ pii, na wɔkɔɔ so nyaa ahoɔden wɔ wɔn ahobraseɛ mu, “hyɛɛ [wɔn] kra ɛdɛ ne anigyeɛ, aane, mpo maa wɔn akoma mu yɛɛ krɔgyee ne kronkron saa kronkron yɛ yi baae ɛnam sɛ wɔgyaee wɔn akoma mu maa Onyankopɔn.”24

Bɔhyɛ ne Adansedie

Teaseɛnam a ɛtwa toɔ mu nkorɔfoɔ, wɔn a wɔn ho wɔ mfasoɔ, ne mo a ɛnnɛ morepere akɔ anim wɔ mo asɛdeɛ kwan so ne Agyenkwa no Asɔre a wasan de aba no ahoɔden. Na sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ no, “ahennwa ne tumidie, atumfoɔ ne tumi nyinaa, wɔbɛda no adi na wɔde ato wɔn a wɔyɔkɔduru wɔ akokoɔduru so ma Yesu Kristo.”25

Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Soro Agya ne Ne Dɔ Ba te ase, na Wɔn bɔhyɛ yɛ turodoo, wɔ Awurade Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.