Amansan Nhyiamu
Honhom no Nkanyan
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Honhom no Nkanyan

Honhom Kronkron no ayɔnkofa a yɛnya no daadaa no yɛ honhom mu akyɛdeɛ kɛseɛ a Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ wɔ.

Nnianim

Ɛnkyɛɛ, ewiase nyinaa ani kɔɔ 2023, FIFA Ewiase Mmaa Kuruwa akansie a ɛkɔɔ so wɔ Australia ne New Zealand. Ewiase agofomma a wɔregyina ama aman bɛboro 200 bɛkyerɛɛ ahoɔden, atuhoama, adomakyɛdeɛ ne ahokeka berɛ a wɔsii akan wɔ ewiase bɔɔlobɔ animuonyam kɛseɛ paa.

ɛyɛɛ yɛn nwanwa akansie ahodoɔ a spɔɔsofoɔ no daa ade wɔ ne mponpɔnsoɔ kɛseɛ paa mu. Yɛkasa fa wɔn adomakyɛdeɛ a wɔn wɔ ho. Deɛ ɛka ho bi ne asa, ahwiriahwiri, dwom, nkontabuo, abɔdeɛ nyansapɛ ne pii. Saayɔfoɔ mu biara kyerɛ adomakyɛdeɛ a wɔnam adwuma den, adesua, ne ntimu so wɔn nkwanna nyinaa asua ayɛ no yie. Adomakyɛdeɛ na ɛyɛ nnipa a wɔwɔ akyɛdeɛ.

Wode Honhom mu akyɛdeɛ redi dwuma.

Wohwɛ fa asɛmpa ahwehwɛaniwa mu a, Nyankopɔn de adomakyɛdeɛ pii ama Ne mma a, ɛma wɔn nya honhom mu akyɛdeɛ. Apam-korafoɔ a wɔwɔ asɔre mu wɔ honhom akyɛdeɛ a ɛbi ne Yesu Kristo ho adanseɛ sɛ yɛn Agyenkwa, Honhom Kronkron akyɛdeɛ, gyedie a ɛma ayaresa na ɛnya ayaresa, nhunumu akyɛdeɛ, anwanwadeɛ akyɛdeɛ ne nimdeɛ ne nyansa akyɛdeɛ.1 Awurade to nsa frɛ yɛn sɛ yɛn hwehwɛ akyɛdeɛ no mu kɛseɛ, mpo honhom mu akyɛdeɛ Ɔma honhom mu akyɛdeɛ de hyira yɛn ne sɛ yɛde bɛhyira afoforɔ.2

Mekɔ makyi kɔ agofomma a wɔwɔ akyɛdeɛ abasɛm no so, ɛhia sɛ yɛbɛkai sɛ akyɛdeɛ nkoaa mma obi nyɛ ɔbenfoɔ. Adomakyɛdeɛ sononko ntumi, ɛnam adwumaden so ne anibere ahoɔden a wode bɛhyɛ mu ayɛ biribi ansa na ama obi aben wɔ adeɛ bi yɛ mu. Mpo anisoɔ akyɛdeɛ a woanya na wate ho ntoma, mpɛn pii no yɛka sɛ “ɛhia sɛ wobɛhyehyɛ.”

Saa ara nso, na masua sɛ adesuadeɛ bi wɔ honhom mu akyɛdeɛ ho. Honhom mu akyɛdeɛ dwumadie hia sɛ wobɛyɛ biribi wɔ honhom mu. “Sɛwobɛnya Honhom Kronkron no akwankyerɛ wɔ wabrabɔ mu hia honhom mu adwuma. Saa adwuma no bi ne mpaeɛbɔ kann ne daadaa twerɛsɛm sua. Ɛsan nso ka ho sɛ wobɛdi w’apam ne Nyankopɔn ahyɛdeɛ so. Ɛka ho sɛ wobɛfa adidikronkron no nnawɔtwe biara.”3

Honhom mu gyidie a yɛde yɛ adwuma no so mfasoɔ ne deɛn? Ɛbi ne nkanyan a ɛfiri Honhom no hɔ a ɛboa ma yɛhyia yɛn daadaa, ahiadeɛ na ɛkyerɛ yɛn deɛ yɛbɛyɛ ne deɛ yɛbɛka ne asomdwoeɛ ne awerɛkyekyere nhyira. Berɛ a yɛtie na yɛde honhom nkanyan yɛ adwuma no, Honhom Kronkron no ma deɛ yɛtumiyɛ yɛ kɛseɛ boro deɛ anka yɛbɛtumi ayɛ so. Saa honhom mu akyɛdeɛ a ɛsombo yi bɛboa yɛn abrabɔ mu wɔ akwaniasa so.4

Daadaa ahoka a yɛnya firi Honhom Kronkron nkyɛn yɛ honhom mu akyɛdeɛ kɛseɛ a Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ nya.

Saa akyɛdeɛ ho mfasoɔ ne sɛn? Titenani Russell M.Nelson buaa saa asɛmmisa pɔtee berɛ a ɔkaa sɛ “wɔ nna a ɛdi anim no, ɛbɛyɛ den yie sɛ yɛbɛtena honhom mu berɛ a Sunsum Kronkron no ahobammɔ, n’akwankyerɛ, n’awerɛkyekyerɛ ɛne ne nhyɛsoɔ nka yɛn ho.”5

Kwan a wɔdefrɛ na wɔhunu Honhom no Nkanyan.

Wɔ mesom mu no, mabɛhunu sɛ obiara pɛ sɛ ɔhunu kwan a wɔde frɛ na wɔhunu Honhom krokron no nkanyan. Honhom no nkanyan yɛ ankorɛankorɛ adeɛ na ɛba wɔ akwan ahodoɔ pii so. Mmom, wahyira yɛn sɛ, yɛwɔ nkɔmhyɛni nsɛm, tetesɛm ne ɛnnɛ nyinaa, ma yɛn nhunumu a ɛsombo fa kwan a yɛbɛnya akwankyerɛ afiri Honhom no nkyɛn.

Ma memfa akwankyerɛ nkyerɛkyerɛ nan a ɛbɛboa ma wato nsa afrɛ na wahunu Honhom no nkanyan.

Gyina Kronkron Mmea

Ɛdikan ne sɛ gyina Kronkron Mmea6 Ɛnkyɛɛ na mekɔɔ Tokyo Japan tɛmpol anobue no bi. Mmuaɛ a ɛfiri nsatoɔ a ɛkɔmaa nsɛmtwerɛfoɔ ne atitirefoɔ no boroo yɛn nsusuiɛ so. Nnipa ɔha ne akyire baa saa tɛmpol hwɛ yi bi. Ɛkaa ahɔhoɔ akoma sɛdeɛ tɛmpol ho fɛ teɛ no, ɛbi ne mfoni ahodoɔ ne nhwehwɛ a wakukyre esu ahodoɔ a ɛkyerɛ Japan amammerɛ ankasa. Deɛ na ɛda nso kɛseɛ paa yɛ ahoberaseɛ ne anidie a ahɔhoɔ no daa adi berɛ a wɔrekyerɛ wɔn tete ayɛdeɛ ahodoɔ a ɛbɛkɔso wɔ hɔ ho nsɛm. Nanso deɛ na ɛka akoma paa ne Honhom no atenka.

Baako a mewerɛ mfiri yɛ me ne aban mu panyin baako bi deɛ. Yɛgyinaa hɔ dinn kakra wɔ nsusuiɛ mu wɔ sɛlɛtia dan no mu, na honhom no aka no, ɔbese guu maso mu, “Mpo mframa a mehome wɔ dan yi mu yɛ soronko.” Mehunuu sɛ na ɔreyere ne ho akyerɛkyerɛ mu sɛ ɔte Honhom Kronkron no nka, a ampa, Ɔte kronkron mmea. Sɛ wanidasoɔ ne sɛ wobɛte Honhom no nka a, kɔ beaɛ a Honhom taa tena.

Yɛn tɛmpol ne fie yɛ mmea a ɛyɛ kronkron paa wɔ mmeaɛ a wate ho. Ɛmu na yɛbɛtumi afrɛ na yahunu Honhom no a yɛmmrɛ. Kronkron mmea a ɛka ho bi ne asɔredan, seminary ne institute adan, ne asɔre abakɔsɛm mmea ne ahɔhogyebea ahodoɔ. Gyina kronkron mmeaɛ.

Gyina Kronkronfoɔ Nkyɛn

Ɛtɔ so mmienu, gyina teneneefoɔ nkyɛn. Mede nkaesɛm bi nso bɛkyerɛkyerɛ akwankyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛtɔso mmienu no mu.

Mewerɛ mfiri da, ɛsom a mekɔɔ bi wɔ agoprama bi a agye din paa so. Saa bea yi yɛ baabi a akyitafoɔ de dede tai wɔn kuo akyi na wɔhuro wɔn a wɔne wɔn si akan no. Nanso wɔ saa anadwo no, na ɛhɔ tebea ayɛ dinn ne sononko. Na mmabunu mpempem ahyɛ agoprama hɔ ma sɛ wɔbɛdi Nkɔmhyɛni Joseph Smith abrabɔ ho afahyɛ na wahyɛ no animuonyam, Wɔn ahobraseɛ, koomyɛ, anisɔ, ne mpaeɛbɔ akoma maa Honhom Kronkron no hyɛɛ agoprama no ma. Na metumi hunu wɔ wɔn anim. Na ɛyɛ Honhom Kronkron akyɛdeɛ no dwumadie, a ɛresi so dua adanseɛ a wɔredi fa Joseph Smith ne Wasan-de-aba no ho.

Biribiara ntumi nsi Honhom no kwan sɛ ɔmma akronkronfoɔ nhyiamu. Sɛ w’anidasoɔ ne sɛ wobɛte Honhom no nka a, tena nnipa a Honhom taa ne wɔn tena kyɛn. Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ: Faako a baanu anaa baasa ahyia wɔ medin mu, ɛhɔ na mɛba wɔn mfinfini.”7 Ɛkɔ ma Mmabunu no, susuho sɛ wo kronkronfoɔ nhyiamu no bi ne, kuo ne gyinapɛn, FSY, ne seminary, ward ne stake dwumadie--mpo ward dwomtoɔ. Yi sɛ wobɛkɔ beaɛ a, ne nnipa nkyɛn a teneneeyɛ wɔ. Hwehwɛ wahoɔden wɔ dodoɔ mu. Hwehwɛ anyɔnko pa. Yɛ ɔnyɔnko pa. Mo mmoaboa mo ho wɔ baabiara. Gyina kronkronfoɔ nkyɛn.

Di adanseɛ fa Nokorɛ Kronkron ho

Ɛtɔso miɛnsa, di adanseɛ fa Nokorɛ Kronkron ho mpɛn dodoɔ a wobɛtumi ho. Ɔwerɛkyekyefoɔ no taa kyɛ Ne nne sɛ yɛde yɛn nne di adanseɛ a. Honhom no di adanseɛ kyerɛ ɔkasafoɔ no ne otiefoɔ no pɛpɛɛpɛ.

Me kai sɛ berɛ bi mefaa taxi wɔ New York Kuropɔn mu sima 45. Me ne ɔdrɔbani no dii nkɔmmɔ faa asɛmpa no ho kɔduruu wiemhyɛn gyinabea, metuaa no ka na mesiesie me ho sɛ mɛsi afiri taxi no mu. Mehunuu sɛ manni madanseɛ wɔ deɛ me ne no kyɛɛ no ho. Meretwɛn no, na mekyɛɛ adanseɛ tiawa, too nsa frɛɛ Honhom no, maa yɛn baanu ani so taataa nisuo.

Berɛ a wo hwehwɛ na wo nya akwanya di wadanseɛ kyerɛ afoforɔ no, wo bɛnya kwan ahunu Honhom ama wo ho.

Tie Honhom Kronkron no Yie

Nnyinasoɔ a ɛtwa toɔ ne sɛ tie Honhom Kronkron no. Ɔbɛtumi ayɛ yɛn hokafoɔ daa nanso ɔkasa bɔkɔɔ, wɔ nne ketewa mu. Nkɔmhyɛni Elia hunuu sɛ Awurade no nne nni asasewosoɔ mu, mframa mu, anaa ogya mu nanso ɛyɛ “ɛnne brɛɛo ketewa bi.”8 Ɛnyɛ “apranaa nne,” na mmom “ɛnne ketewa bi a ɛwie pɛyɛ da fam brɛɛo, tesɛ deɛ obi abese agu waso mu,” na nanso ɛtumi “wura wo kɔka wo kra.”9

Titenani Boyd K. Packer aka sɛ: “Honhom no mfa nteamu anaa awosoɔ nkyea na ɛfrɛ yɛn. mmom ɔbese gu yɛn aso mu. Ɛba yɛnkyɛn bɔkɔɔ a sɛ yereyɛ biribi a, ɛbi a yɛnte ne nka koraa.”10 M’asua ahunu sɛ ɛtɔda a Ne nne yɛ brɛɛo, anaa mereyɛ biribi a, medɔfo tie kakyerɛ me. Mpɛn pii na Honhom Kronkron nkanyan no afa me yere, Lesa so aba me nkyɛn. Akannifoɔ anaasɛ awofoɔ ateneneefoɔ bɛtumi anya nkanyan akwankyerɛ ama wo.

Ɛwiase dede, mmomɔsoɔ, ne sakasakayɛ bɛtumi akɛntɛn ɛnne, brɛɛo a ɛfiri Honhom Kronkron nkyɛn ba so. Pɛ baabi dinn, kronkron a wobɛtumi ahwehwɛ anya akwankyerɛ afiri Honhom no nkyɛn

Ahwɛyie Nsɛm binom

Berɛ a woresusu saa nkyerɛkyerɛ yi de afrɛ na wahunu Honhom no, susu ahwɛyie nsɛm yi ho ma ɛmmoa wo.11

Hwehwɛ honhom mu nteaseɛ nnyetum. Atenka a ɛfiri Honhom no ne twerɛsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nkyerɛkyerɛ bɛkɔ faako.

Hwɛ sɛ atenka na wonya no ne wo dwumadie kɔ anaa. Agye sɛ wɔnam tumi papa so na afrɛ wo, wo ntumi nya atenka mfiri Honhom no hɔ sɛ fa tene anaa tu afoforɔ fo.

Honhom mu nsɛm ɛnnyɛ ɔhyɛ. Wobɛtumi asua suban ne beaɛ a ɛto nsa frɛ Honhom no, na wobɛtumi asiesie wo ho, nanso wo ntumi nkyerɛ kwan ne berɛ a nkanyan bɛba. Nya ntoboaseɛ ne awerɛhyɛmu sɛ wo bɛnya deɛ wo hia berɛ a ɛsɛ mu.

Fa W’ankasa adwene yɛ adwuma. Ɛtɔda a yɛpɛ sɛ Honhom no di yɛn anim wɔ adeɛ nyinaa mu. Nanso, ɛtɔda a Awurade pɛ sɛ yɛde yɛn Nyame-ama nyansa yɛ adwuma na yɛdi dwuma wɔ kwan a ɛne yɛn nteaseɛ kɔ. Titenani Dallin H. Oaks akyerɛ:

“Apɛdeɛ sɛ Awurade bɛdi yɛanim yɛ ahoɔden, nanso ɛwɔ sɛ yɛnya nteaseɛ sɛ yɛn Soro Agya no gyae agyinasie pii ma yɛn sɛ yɛn ankasa yɛmmfa yɛpɛ nyɛ. Nnipa a wɔyere wɔn ho pia agyinasie nyinaa ma Awurade na wɔsrɛ adiyie wɔ agyinasie biara a wɔbɔ ho mpaeɛ pɛ akwankyerɛ bɛhunu sɛ wɔn nnya.

“Ɛwɔ sɛ yɛsua susu nneɛma ho wɔ yɛadwene mu. Na afei yɛabɔ mpaeɛ agye akwankyerɛ atu ho anammɔn. Sɛ yɛannya akwankyerɛ a, yɛntu anammɔn wɔ yɛn nsusuiɛ papa mu.”12

Awieiɛ a ɔfrɛ nsatoɔ ka ho

Mede rewie no, Nkyiri-Mma Ahotefoɔ yɛ apam-korafoɔ akyɛdeɛfoɔ. Nanso, ɛtogye obiara sɛ ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔde honhom mu akyɛdeɛ bɛdi dwuma na wato nsa frɛ na wasua sɛ ɔbɛhunu Honhom nkanyan. Akwankyerɛ nkyerɛkyerɛ nan a ɛbɛboa yɛn wɔ saa honhom mu anammɔntuo a ɛhia paa:

  1. Gyina kronkron mmeaɛ.

  2. Gyina kronkronfoɔ nkyɛn.

  3. Di nokorɛ kronkron ho adanseɛ.

  4. Tie Honhom Kronkron no yie.

Akwanya a wowɔ sɛ wofrɛ na wohunu Honhom no Nkanyan bɛnyini nkakrakakra.13 “Sɛ wobɛte Honhom no kasa nka te sɛ deɛ woresua kasa foforɔ. Ɛyɛ adeyɛ a ɛkɔ so nkakrankakra a ɛhia mmɔdenmɔ ne ntoboase.”13

Yɛsan kɔ baabi a yɛhyɛɛ aseɛ a, mesrɛ kae sɛ Nna Ɛdi Akyiri Ahoteɛfoɔ wowɔ akyɛdeɛ Twa mfoni saa akɔmkyene Kwasiada bi a, ɛnkyɛreeɛ na wɔkakyerɛɛ me. .Abɔfra ketewa bi a ɔgyina asɛnka adwa so no, na ɛkame ayɛ sɛ wontumi nhu no wɔ asɛnka adwa no so. N’agya gyinaa ne nkyɛn de nkuranhyɛ mae na ɔboaa no wɔ n’aso mu brɛoo berɛ a ɔde ahantan kaa sɛ, “Meyɛ Nyankopɔn ba.”

Adanseɛ a ɛtoa so firii ɔbabunu bi hɔ a ɔde ahopopoɔ kaa sɛ, “Menyaaɛ anka me wɔ obi a ɔbɛbese agu maso mu saa.” Afei ɔnyaa nkanyan prɛkopɛ na ɔdii adanseɛ, “Mewɔ obi a ɔbesegu maso mu saa, Honhom Kronkron no!”

Mede ɔfrɛ nsatoɔ wie ne titiri kɔma mmabunu no! Momu pii gyina ahwehwɛ anim de hyɛ mo da ase. Ɔkyena, nnawɔtwe yi, afe yi, dabiara, twɛn berɛ a wogyina ahwehwɛ anim rehwɛ wo ho. Dwene wo ho, anaa ka no kɛseɛ sɛ wo pɛ a sɛ:“Wao, hwɛ me! Me ho adwiri me! Meyɛ Onyankopɔn Ba! Ɔnim me! Ɔdɔ me! Mewɔ akyɛdeɛ--Honhom kronkron no akyɛdeɛ sɛ me berɛ biara hokafoɔ!”

Mede m’adanseɛ ka wo ho, Nkyiri mma Ahoteɛfoɔ a mowɔ akyɛdeɛ, firi Nyankopɔn Agya no, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron no, a wɔde wɔn ho adanseɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ

  1. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 46:13–14.

  2. See Doctrine and Covenants 46:8–9, 26; Preach My Gospel: A Guide to Sharing the Gospel of Jesus Christ (2023), 103.

  3. Ka M’asɛmpa no,101.

  4. Hwɛ Ka M’asɛmpa no,101.

  5. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” LiahonaKɔtɔnima 2018, 96.

  6. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 87:8

  7. Mateo 18:20

  8. 1 Ahemfo 19:12.

  9. Helaman 5:30

  10. Boyd K. Packer, “The Candle of the Lord,” Ensign, Jan. 1983, 53.

  11. Much of the content in this section is taken from chapter 4 of Preach My Gospel.

  12. Dallin H. Oaks, “Our Strengths Can Become Our Downfall,” Ensign, Oct. 1994, 13–14.

  13. Ka M’asɛmpa no,106.