Amansan Nhyiamu
W’asefoɔ Nti
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


W’asefoɔ Nti

Mma monyɛ baabi a ɛgoɔ wɔ gyedie nnidisoɔ fɛɛfɛ a mohyɛɛ aseɛ, anaa mogyeeɛ, sɛ agyapadeɛ no mu. Monyɛ baabi a ɛyɛ den no.

Mfeɛ kakra bi a atwam, berɛ a na meresom wɔ South Amerika Atifi-atɔeɛ Mpɔtam na mete Lima a ɛwɔ Peru no, menyaa suahunu kamakama bi a mepɛ sɛ me ne mo kyɛ.

Ɛsii wɔ berɛ a na mayɛ adwuma pii wɔ nnawɔtwe no awieeɛ a merekɔ fie. Meyɛɛ wiemhyɛn gyinabea hɔ nhyehyɛeɛ nyinaa wieeɛ akyire no, mehunuu taksi drɔba a n’anim teɛ bi sɛ ɔretwɛn me sɛdeɛ yɛtaa fa taksi no. Ɔde me kɔɔ ne kaa ho, na metenaa akyire a mayɛ krado rebɛdwodwo me ho komm ate akwantuo no dɛ akɔduru fie. Ɔkɔɔ anim kakra bi pɛ, drɔbani no panin frɛɛ no wɔ tɛlɛfon so, ka kyerɛɛ no sɛ mamfa taksi a na ɛwɔ sɛ mefa. Na wɔde kaa foforɔ asi hɔ ama me, na panin no ka kyerɛɛ no sɛ sɛ mepɛ sɛ mesesa kaa no a ɔnsan mfa me nkɔ wiemhyɛn gyinabea hɔ. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛho nhia, na yɛbɛtumi atoa so akɔ. Simma kakra bi akyi a na obiara nkasa no, ɔhwɛɛ me wɔ ahwehwɛ no mu na ɔbisaa sɛ, “Woyɛ Mormonni, meboa?”

Aaa, saa asɛmmisa no akyi, na menim sɛ me kommyɛ berɛ no atwam. Mannyae sɛ meredwene baabi a n’asɛmmisa no de yɛn bɛkɔ.

Mebɛhunuu sɛ ne din de Omar, ne yere din de Maria Teresa, ɛna na wɔwɔ mma baanu—Carolina, a wadi mfeɛ 14, ne Rodrigo, a wadi mfeɛ 10. Na Omar ayɛ Asɔreba fiti ne mmɔfrase. Na n’abusua bɔ mmɔden, nanso ɛduruu baabi no, n’awofoɔ gyaee asɔre kɔ. Omar gyaee asɔre kɔ koraa berɛ a na wadi mfeɛ 15. Saa berɛ yi na wadi mfeɛ 40.

Ɛhɔ na mehunuu sɛ manyɛ mfomsoɔ wɔ taksi no fa mu. Na ɛnyɛ nhyiamu kɛkɛ. Mekaa onipa ko a meyɛ kyerɛɛ no, na mewɔ ne taksi no mu ɛfiri sɛ Awurade refrɛ no sɛ ɔnsan mmra Ne hɔ.

Afei yɛkasa faa berɛ a na ɔne n’abusua bɔ mmɔden sɛ Asɔremma no ho. Ɔkaekaee anika mmerɛ bi wɔ abusua annwummerɛ fie-adesua ne Primaryfoɔ nnwom no bi wɔ anigyeɛ mu. Afei ɔde ɛnne bɔkɔɔ ɔtoo “Meyɛ Onyankopɔn Ba.”1

Megyee n’akyirikwan ne ne tɛlɛfon nɔma, na ɔmaa me hokwan sɛ mɛtumi de ama ne bishop no, meka kyerɛɛ no sɛ mɛpɛ kwan aba asɔre hɔ wɔ da a ɛdi kan a ɔbɛsan akɔ asɔre no. Yɛde yɛn akwantuo firi wiemhyɛn gyinabea hɔ kɔ me fie, ɛne yɛn akwantuo ketewa a ɛkɔɔ ne nkyi no baa awieeɛ, na yɛtetee mu.

Nnawɔtwe kakra akyi, ne bishop frɛɛ me kaa sɛ Omar reyɛ nhyehyɛeɛ akɔ asɔre wɔ Kwasiada bi. Meka kyerɛɛ no sɛ mɛkɔ hɔ. Saa Kwasiada no, Omar ne ne babarima baeɛ. Na ne yere ne ne babaa ani nnye ho. Abosome kakra bi akyi, ne bishop frɛɛ me bio, ka kyerɛɛ me sɛ Omar rebɛbɔ ne yere ne ne mma baanu asu, na ɔrefrɛ me aba hɔ bi. Kwasiada a wɔhyɛɛ wɔn den sɛ Asɔremma no ho mfonin nie.

Mfoni
Elder Godoy ne Omar abusua wɔ Kwasiada a wɔhyɛɛ wɔn den no.

Saa Kwasiada no ara, meka kyerɛɛ Omar ne n’abusua sɛ sɛ wɔsiesie wɔn ho a, afe baako ntam ɛbɛyɛ me ahohoahoa sɛ mɛyɛ wɔn nsɔano wɔ Lima Peru tɛmpol mu. Saa berɛ no a yɛn nyinaa werɛ remfiri da no ho mfonin, a yɛtwaa no afe baako akyi nie.

Mfoni
Elder Godoy ne Omar abusua wɔ tɛmpol.

Adɛn nti na me ne mo rekyɛ saa suahunhu yi? Me ne mo rekyɛ wɔ botaeɛ mmienu nti.

Ɛdi kan, sɛ ɛbɛkasa akyerɛ asɔremma papa a biribi nti wɔatwe wɔn ho afiri Yesu Kristo asɛmpa a asan aba no ho. Ɛtɔ so mmienu, sɛ ɛbɛkasa akyerɛ asɔremma a wɔka ho ɛnnɛ a ebia wɔnni nokorɛ wɔ wɔn apam ho sɛdeɛ anka ɛwɔ sɛ wɔyɛ. Wɔ tebea mmienu no nyinaa mu, ɛwɔ nsunsuansoɔ wɔ awoɔntoatoasoɔ a ɛwɔ wɔn anim no so, ɛna nhyira ne bɔhyɛ a wɔde agu hɔ ama wɔn asefoɔ no nso da asiane mu.

Yɛnhyɛ aseɛ mfiri deɛ ɛdi kan no so, asɔremma papa a wɔafiri apam kwan no so, sɛdeɛ ɛtoo me yɔnko Peruni Omar no. Mebisaa no deɛ enti a ɔsan baeɛ no, ɔkaa sɛ ɔne ne yere hunuu sɛ sɛ wɔn mma no nya Yesu Kristo asɛmpa no a wɔn ani bɛgye yie wɔ abrabɔ mu. Ɔhunuu sɛ na berɛ aso sɛ wɔsan kɔ asɔre esiane wɔn mma no nti.

Ɛyɛ awerɛhoɔ pii sɛ wobɛhyia asɔremma a wɔate ada anaa wɔn a wɔnyɛ Asɔremma a berɛ bi na wɔwɔ asɛmpa no wɔ wɔn mmusua mu nanso wɔahwere esiane wɔn awofoɔ anaa nananom gyinaesie sɛ wɔagyae Asɔre. Saa gyinaeɛsie no bɛtumi anya nsunsuansoɔ wɔ wɔn asefoɔ so afebɔɔ!

Wɔayi wɔn mma ne wɔn nananom afiri ahobanbɔ ne nhyira a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu wɔ wɔn abrabɔ mu. Deɛ ɛyɛ yea kɛse koraa ne sɛ, wɔahwere daapem abusua ho bɔhyɛ a na ɛwɔ hɔ berɛ bi. onipa baako gyinaesie anya nsunsuansoɔ wɔ asefoɔ nnidisoɔ nyinaa so. Gyedie agyapadeɛ bi mu abu.

Nanso, sɛdeɛ yɛnim no, wɔnam Yesu Kristo so bɛtumi asɔ adeɛ biara a abu. Yei nti, mesrɛ sɛ dwene ɔfrɛ a ɛfiri Titenani Russell M. Nelson hɔ yi ho: “Afei, sɛ woafiri kwan no so a, mede anidasoɔ a ɛwɔ m’akoma mu nyinaa srɛ wo sɛ san bra. Sɛdeɛ wo kɔdanna ne wo haw teɛ biara, bea bi wɔ hɔ ma wo wɔ mu, Awurade Asɔre. Wo ne awoɔntoatoasoɔ a wɔnwoo wɔn mpo bɛnya nhyira berɛ a wodane wo ho seesei san fa apam kwan no so2

Afei, yɛnhwɛ deɛ ɛtɔ so mmienu no, asɔremma a wɔka ho ɛnnɛ a ebia wɔnni nokorɛ wɔ wɔn apam ho sɛdeɛ anka ɛwɔ sɛ wɔyɛ. Sɛdeɛ nnora gyinaesie wɔ nsunsuansoɔ wɔ deɛ ɛbɛsi ɛnnɛ so no, ɛnnɛ gyinaeɛsie bɛnya nsunsuansoɔ wɔ yɛn daakye ne yɛn abusuafoɔ daakye so.

Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ:

“Yesu Kristo asɛmpa a asane aba bio no hyɛ yɛn nkuran ma yɛdwene daakye. Ɛkyerɛkyerɛ nimdeɛ bebree fa daakye ho sɛdeɛ ɛbɛboa yɛn nneyɛɛ ɛnnɛ.

“Abirabɔ mu no, yɛn nyinaa nim nnipa a wɔdwene mprempren yi nko ara ho: di no ɛnnɛ, gye wɔn ani ɛnnɛ, na wɔnnwene daakye ho.

“Berɛ biara a yɛsi gyinaeɛ mprempren no, ɛwɔ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛhe na yei de bɛkɔ?’”3 Yɛn mprempren gyinaeɛsie de yɛn bɛkɔ seesei ne daa anigyeɛ mu, anaa ɛde yɛn bɛkɔ awerɛhoɔ ne nisuo mu?

Ebia ebinom bɛdwene sɛ, “Ɛnhia sɛ yɛkɔ asɔre Kwasiada biara,” anaa “Yɛbɛtua ntotosoɔ du du berɛ a nneɛma ayɛ yie,” anaa “Meremmoa Asɔre mpanimfoɔ wɔ saa kwan yi so.”

“Nanso,” wɔka sɛ, “yɛnim sɛ Asɔre no yɛ nokorɛ, na yɛremfiri Yesu Kristo asɛmpa no ho da.”

Wɔn a wɔwɔ saa adwene yi nhunu nsunsuansoɔ bɔne a saa “boturobodwo” asɔrebayɛ yi bɛnya wɔ wɔn abrabɔ so ne wɔn asefoɔ abrabɔ so. Awofoɔ bɛtumi ayɛ mmɔdemmɔfoɔ, nanso sɛ wɔbɛtumi ahwere wɔn mma yɛ kɛseɛ—wɔ saa asetena yi mu ne daapem.

Ɛfa wɔn a wɔne wɔn mmusua rennya sɛlɛtia animuonyam no, Awurade sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔnyɛ dɔmmarima wɔ Yesu adansedie mu; ne saa nti, wɔrennya ahenkyɛ wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.”4 Ɛno ne deɛ yɛpɛ ma yɛn ho anaa yɛn mma? Ɛnni sɛ yɛyɛ dɔmmarimma mmom kyɛn sɛ yɛbɛyɛ boturobodwo ama yɛn ankasa ne yɛn asefoɔ nti?

Titenani M. Russell Ballard nso kasa faa ɔhaw a ɛte saa ho:

“Ɛyɛ ebinom sɛ, Kristo frɛ sɛ gye di na tena mu no kɔso ara yɛ den. Ɛyɛ asuafoɔ binom den sɛ wɔbɛte Asɔre no nhyehyɛeɛ ne nkyerɛkyerɛ pɔtee bi ase. Afoforɔ wɔ ɔhaw wɔ yɛn abakɔsɛm anaa yɛn asɔremma ne akannifoɔ no binom, wɔn a wɔatwam ne wɔn a wɔwɔ hɔ seesei mmerɛyɛ ho.

“Gyinaeɛsie sɛ wo ne Asɔremma ne akannifoɔ a Awurade ayi wɔn ‘nnante bio’ bɛnya nsunsuansoɔ wɔ berɛ tenten a ɛnyɛ berɛ biara na wobɛhunu no seesei ara.”5

Hwɛ awerɛhoɔ agyapadeɛ a a wode regya—ma botaeɛ bɛn nti? Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛbu ani agu nsunsuansoɔ bɔne a ɛde bɛba awoɔntoatoasoɔ a ɛwɔ anim no so.

Me nuanom adɔfoɔ, sɛ monam saa tebea mmienu a mebɔɔ so wɔ m’asɛm yi mu baako mu a, mesrɛ sɛ monsan nnwene mo nneyɛɛ no ho. Monim sɛ nhyehyɛeɛ bi wɔ hɔ ma yɛn wɔ saa asetena yi mu. Monim sɛ mmusua bɛtumi ayɛ afebɔɔ. Adɛn nti na wode wo deɛ to asiane mu? Mma monyɛ baabi a ɛgoɔ wɔ gyedie nnidisoɔ fɛɛfɛ a mohyɛɛ aseɛ, anaa mogyeeɛ, sɛ agyapadeɛ no mu. Monyɛ baabi a ɛyɛ den no. Aduru mo so sɛ moyɛ, Awurade bɛtumi aboa mo.

Me firi m’akoma mu, frɛ mo sɛ monnwene ho, na monhwɛ daakye na monsusu sɛ “ɛhe na yei de bɛkɔ” na, sɛ ɛbɛhia a, monyɛ dɔmmarimma mapa na monsesa mo kwan esiane mo asefoɔ nti. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “I Am a Child of God,” Nnwom, ɛtɔ so 301.

  2. Russell M. Nelson, “Berɛ a Yɛkabom Kɔ Anim,” LiahonaOforisuo 2018, 7; wɔasi so dua aka ho.

  3. Dallin H. Oaks, “Ɛhe Na Yei De Bɛkɔ?,” LiahonaKɔtɔnimaa 2019, 60; wɔasi so dua aka ho.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:79; nsi so dua ka ho.

  5. M. Russell Ballard, “Hwan Nkyɛn Na Yɛnkɔ?,” LiahonaObubuo 2016, 90–91; wɔasi so dua aka ho.