Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Tumi a ɛwɔ Yɛn Abrabɔ mu Dabiara
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Yesu Kristo Tumi a ɛwɔ Yɛn Abrabɔ mu Dabiara

Yɛn ahoɔden no firi gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛhyɛda hwehwɛ sɛ yɛbɛba Ne nkyɛn daa ne daa.

Anuanom adɔfoɔ, yei yɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Hwɛ anika a ɛyɛ sɛ yɛbɛboa ano sɛ N’asɔre. Ɛyɛ me anigyeɛ sɛ Titenani Russell M. Nelson akae yɛn sɛ yɛntaa mmɔ Awurade Asɔre no din papa no sɛdeɛ yɛbɛkae deɛ Asɔre yi yɛ ne dea ne deɛ yɛdi ne nkyerɛkyerɛ akyi.

Titenani Nelson aka sɛ: “Nna a ɛreba no mu, yɛbɛhunu Agyenkwa no tumi a ɛda adi a ɛso pa ara a wiase ahunu pɛn no. … Ɔde akwanya sononko, nhyira, ne anwanwadeɛ a ɛnni ano bɛma anokwafoɔ.”1

Akwanya sononko kɛseɛ baako a me ne me yere, Renee, wɔ ne sɛ yɛbɛhyia Ahotefoɔ wɔ baabi a yɛsom no. Yɛte wɔn abasɛm, yɛhunu deɛ wɔhwere, yɛne wɔn di awerɛhoɔ, na yɛne wɔn ani gye wɔ wɔn nkonimdie mu. Yɛahunu nhyira ne anwanwadeɛ a Agyenkwa no de ama anokwafoɔ no mu bebree. Yɛahyia nkorɔfoɔ wɔafa deɛ ɛrentumi nsi mu, a wɔahunu amane wodwene ho a ɛnyɛ yie mu.

Mfoni
Titenani José Batalla ne ne yere, Onuabaa Valeria Batalla.
Mfoni
Flavia Cruzado ne ne papa.

Yɛahunu Agyuenkwa no tumi a ɛda adi wɔ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔhweree ne kunu berɛ a na wɔreyɛ Awurade adwuma wɔ Bolivia.2 Yɛahunu no wɔ ababaawa bi mu wɔ Argentina, a ɔte hwee keteke ase na ɔhweree ne nan, ɛfiri sɛ na obi pɛ sɛ ɔwia ne tɛlɛfon.3 Ɛne n’agya a ɔnni yere, a seesei ɛwɔ sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden san hyɛ ne babaa no nkuran wɔ atirimuɔdensɛm a nkyerɛmu nni mu sei akyi. Yɛahunu no wɔ mmusua bi a wɔhweree wɔn afie ne agyapadeɛ biara a wɔwɔ wɔ ogyahyeɛ mu wɔ Chile berɛ a na aka nnaanu ma Buronya aso wɔ afe 2022.4 Yɛahunu no wɔ wɔn a wɔhunu amane wɔ awaregyaeɛ yeayeaa akyi ne wɔn a wɔnnim bɔne biara a wɔsɛe wɔn mu.

Mfoni
Ogyahyeɛ wɔ Chile.

Deɛn na ɛma wɔn ahoɔden de fa nneɛma a ɛmu yɛ den mu? Deɛn na ɛma ahoɔden foforɔ ma wɔkɔ so berɛ a ayɛ sɛ biribiara agye asɛe?

Mahunu sɛ saa ahoɔden no firi gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛhyɛda hwehwɛ sɛ yɛbɛba Ne nkyɛn daa ne daa.

Nkɔmhyɛni Jacob kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Na ɔreba wiase sɛ ɔbɛtumi agye nnipa nyinaa nkwa sɛ wɔbɛtie ne nne a; na hwɛ, ɔhunu nnipa nyinaa amanehunu, aane, ɔteasefoɔ biara, mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa a wɔka Adam abusua ho.”5

Ɛtɔ da bi a, worenya Yesu Kristo mu gyedie yɛ te sɛ deɛ ɛrentumi nsi, ayɛ sɛ wontumi nnuru ho. Yɛbatumi adwene sɛ woreba Kristo nkyɛn hia ahoɔden, tumi, ne pɛpɛyɛ a yɛnni, na yɛrentumi nnya ahoɔden a yɛde bɛyɛ koraa. Nanso deɛ m’asua afiri saa nkorɔfoɔ yi nyinaa hɔ ne sɛ, gyedie wɔ Yesu Kristo mu na ɛma yɛn ahoɔden a yɛde hyɛ akwantuo no ase. Ɛtɔ da a yɛbɛtumi adwene sɛ, “Ɛwɔ sɛ mesesa m’abrabɔ ansa na maba Yesu nkyɛn,” nanso nokorɛ ne sɛ yɛba Yesu nkyɛn na yɛnam Ne so asesa yɛn abrabɔ.

Yɛmma Yesu nkyɛn ɛfiri sɛ yɛawie pɛyɛ. Yɛba Ne nkyɛn ɛfiri sɛ yɛwɔ sintɔ na Ne mu na yɛbɛtumi “awie pɛyɛ.”6

Sɛn na yɛhyɛ aseɛ nya gyedie kakra da biara? Me deɛ hyɛ aseɛ anɔpa: Sɛ mesɔre a, sɛ mɛhwɛ me foonu so no, mebɔ mpaeɛ. Mpo mpaeɛ tiawa. Afei na makenkan twersɛm bi. Yei boa me wɔ me nnawɔtwe nnawɔtwe apam a meyɛ berɛ a mefa adidi kronkro no sɛdeɛ “mɛkae no mmerɛ nyinaa.”7 Sɛ mede mpaebɔ ne twerɛsɛm hyɛ me da no ase a, mɛtumi “akae No” berɛ a mehwɛ me foonu so. Mɛtumi “akae No” berɛ a mehyia ɔhaw ne akodie, na mebɔ mmɔden sɛ mɛhyia wɔn sɛdeɛ Yesu bɛyɛ.

Sɛ “mekae No” a, menya atenka sɛ mensesa, sɛ mensakyera. Menya ahoɔden a mede bɛdi m’apam so, na mete Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ me m’abrabɔ mu “na medi ne mmaransɛm a ɔde ama [me] so; sɛdeɛ [me] mɛtumi anya ne Honhom no mmerɛ nyinaa.”8 Ɛboa me ma megyina kɔduru awieeɛ9 Anaa anyɛ koraa, kɔduru da no awieeɛ. Na wɔ nna a mankae No da no mu nyinaa no, Ɔda so wɔ hɔ, a ɔredɔ me na ɔreka kyerɛ me sɛ “Ɛyɛ; wobɛtumi abɔ mmɔden bio ɔkyena.”

Ɛmfa ho sɛ yɛnwie pɛyɛ wɔ Ne nkaeɛ ho no, yɛn Soro Agya dɔfoɔ no nnyae da sɛ ɔkae yɛn.

Mfomsoɔ a yɛtaa yɛ mu baako ne sɛ yɛdwene sɛ yɛredi apam anaa bɔhyɛ a yɛyɛ kyerɛ Onyankopɔn so no, ɔkwan bi so ɛyɛ nhyehyɛeɛ a yɛne No yɛ: meyɛ setie, na Ɔbɔ me ho ban firi adebɔne biara a ɛbɛto me ho. Metua me ntotosoɔ du du, na menhwere m’adwuma da anaa ogye renhye me fie. Nanso sɛ nneɛma nkɔ sɛdeɛ yɛhwehwɛ a, yɛsu kyerɛ Awurade, “Ɛmfa wo ho sɛ me reyera?”10

Yɛn apam no nyɛ nhyehyɛeɛ bi kɛkɛ; ɛyɛ nsakyeraeɛ.11 Menam m’apam so nya nteho, Yesu Kristo denhyɛ tumi a ɛma hokwan ma mebɛyɛ onipa foforɔ, de deɛ ayɛ sɛ wɔntumi mfa nkyɛ no kyɛ, di deɛ ɛrentumi nsi so. Merehyɛda akae Yesu Kristo mmerɛ nyinaa wɔ tumi; ɛma me ahoɔden foforɔ de “di ne mmaransɛm a ɔde ama [me] so.”12 Ɛboa ma meyɛ papa, sere berɛ a ɛnni botaeɛ biara, ma meyɛ ɔpatafoɔ,13 ɛma me kwati ntawantawa, ma Onyankopɔn di m’abrabɔ so.14

Sɛ yɛn yea anaa obi a yɛdɔ no yea yɛ kɛse a yɛntumi a, yɛrekae Yesu Kristo na yɛaba ne nkyɛn bɛtumi ama yɛn adesoa no mu ayɛ hare, adwo yɛn akoma, na ate yea no so. Yei ne tumi a ɛmaa agya bi ahoɔden a ɛboro ne deɛ so ma ɔboa maa ne babaa faa honam ne atenka mu yea mu berɛ a ɔhweree ne nan.

Mfoni
Flavia Cruzado ne Elder Ulisses Soares.

Berɛ a Elder Soares kɔɔ nsrahwɛ wɔ Argentina wɔ Ayɛwohomumɔ bosome a ɛtwaa mu yi na ɔbisaa Flavia faa n’awerɛhoɔ akwanhyia ho no, ɔbuaa wɔ nokorɛ mu sɛ “mekɔɔ amanehunu, yawdie, abufuo, ne ɔtan mu berɛ a [yei siiɛ]. Adeɛ a ɛboaa me ne sɛ mammisa sɛ, ‘adɛn na ɛyɛ me?’ na mmom ‘deɛn ntira?’ Yei yɛ adeɛ a ɛde me bɛnee afoforɔ ne Awurade no. Sɛ anka mɛtwe me ho afiri Ne ho no, mefamm No.”15

Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Akatua a ɛwɔ apam a yɛne Onyankopɔn wɔ so ne ɔsoro tumi—tumi a ɛhyɛ yɛn den ma yɛtumi gyina yɛn nsɔhwɛ ne awerɛhoɔ ano yie. Enti, apam akorafoɔ wɔ akwanya sononko sɛ wɔhome.”16 Yei ne asomdwoeɛ ne ahomegyeɛ a mehunuu wɔ ɔbaa kunafoɔ no aniwa mu, ɛmfa ho ne ne kunu a ɔfe no da biara ho awerɛhoɔ.

Mfoni
Ahum wɔ Galilee Ɛpo no so.

Apam Foforɔ ka kyerɛ yɛn berɛ bi a na Yesu ne N’asuafoɔ wɔ nhyɛma mu:

“Na ahum kɛseɛ bi tuui na asorɔkye no bɔ baa kodoɔ no mu.

“Na wada wɔ sumiiɛ so: na wɔnyanee no, see no no sɛ, Owura, ɛmfa wo ho sɛ yɛreyera?

“Na ɔsɔree, na ɔkaa mframa no anim, na ɔsee ɛpo no sɛ, Mua w’ano, yɛ komm.

“Na ɔsee wɔn sɛ, Adɛnna moyɛ ahufoɔ saa saa? adɛn na monni gyedie?”20

M’ani gye saa abasɛm ho berɛ biara. Na Awurade hwehwɛ sɛ wɔde wɔn gyedie ma ahum no yɛ dinn? De ka amframa no anim? Yesu Kristo mu gyedie ne asomdwoeɛ atenka a wode bɛgyina ahum ano, berɛ a wonim sɛ yɛrenyera ɛfiri sɛ Ɔwɔ kodoɔ no mu.

Yei ne gyedie a yɛhunuui berɛ a yɛkɔsraa mmusua wɔ ogya no akyi wɔ Chile. Na wɔn afie ahyehye dwerɛbee; na wɔahwere biribiara. Nanso berɛ a na yɛnam baabi a na ɛhɔ yɛ wɔn afie, na wɔreka wɔn suahunu akyerɛ yɛn no, yɛtee nka sɛ yɛgyina asase kronkron so. Onuabaa baako ka kyerɛɛ me yere sɛ, “Berɛ a mehunuu sɛ afie a ɛwɔ nkyɛn rehye no, menyaa atenka sɛ yɛn fie no nso bɛhye, na yɛrebɛhwere biribiara. Sɛ anka mɛdi awerɛhoɔ no, menyaa asomdwoeɛ atenka a nkyerɛaseɛ nnim. Ɛkwan bi so no, na ɛyɛ me sɛ biribiara bɛyɛ yie.” Yɛde yɛn werɛ rehyɛ Onyankopɔn mu na yɛredi yɛne No apam so de ahoɔden ba yɛ mmerɛyɛ mu na ɛyi yɛn ayawdie.

M’ani gye wɔ akwanya a me ne Renee nyaae de hyiaa saa Ahotefoɔ sononko yi binom, wɔ wɔn gyedie, ahoɔden, ne animia. Wɔ awerɛhoɔ ne abamubuo abasɛm a ebia ɛremma dawurubɔ nkrataa anim anaa ɛrennante intanɛte so da. Wɔ mfonin a wɔantwitwa wɔ nisuo a wɔtee ne mpaeɛ a wɔbɔɔe wɔ adehwereɛ anaa awaregyaeɛ yeayea akyi; ne ɛhu, awerɛhoɔ, ne yea a wɔtumi gyina ano na wɔamfa anto abɔnten ɛnam wɔn gyedie wɔ Yesu Kristo Mpata no mu nti. Saa nkorɔfoɔ yi hyɛ me ara me gyedie den, na ɛno nti meda ase.

Menim sɛ yei yɛ Yesu Kristo Asɔre. Menim sɛ Wayɛ krado sɛ ɔde N’ahoɔden bɛma yɛn, sɛ yɛbɛba Ne nkyɛn daa ne daa a. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.