Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Yɛ Ademudeɛ no
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Yesu Kristo Yɛ Ademudeɛ no

Twe w’adwene Si Yesu Kristo so. Ɔyɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Dimafoɔ, “agyiraehyɛdeɛ” a ɛwɔ sɛ yɛhwɛ no, ne yɛn ademudeɛ kɛseɛ no.

Wɔ 1907, Enyiresinii defoɔ bi a ɔde George Herbert, a ɔyɛ Carnarvon Nimuonyamfoɔ a ɔtɔ so num,1 tu kɔtenaa Egypt na n’ani gyee tete nneɛma nhwehwɛ mu ho. Ɔkɔɔ Howard Carter a ɔyɛ tete Egypt nneɛma nhwehwɛmuni hɔ, de nkabomsɛm too n’anim. Carter bɛhwɛ wɔn tete nneɛma fam tuo so, na Carnarvon bɛma sika.

Wɔkaboo mu, hwehwɛɛ mmeaɛ bebree wɔ awieeɛ pa mu. Afei, wɔnyaa tumi sɛ wɔtutu Ahemfo Bohwa no a ɛwɔ nnɛ yi Luxor hɔ, beaeɛ a farofoɔ amusieɛ bebree wɔ no. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhwehwɛ ƆheneTutankhamun amusieɛ no. Tutankhamun foroo Egypt abannwa mfeɛ mpem mmiɛnsa akyi, dii adeɛ mfeɛ 10 ansa na ne mfumu wuo no reba.2 Na wɔnim sɛ wɔsiee no wɔ Ahemfo Bohwa no mu,3 nanso n’amusieɛ daberɛ no deɛ obiara nnim.

Carter ne Carnarvon de mfeɛ num hwehwɛɛ Tutankhamun amusieɛ no a wɔanhunu. Ewiee aseɛ no, Carnarvon ka kyerɛɛ Carter sɛ ɔne nhwehwɛmu hunu no awie yɛ. Carter srɛɛ sɛ ɔmma wɔntutu fam berɛ baako, na Carnarvon tee aseɛ na ɔpenee sikasɛm no so.

Carter hunuu sɛ Ahemfo Bohwa no ase hɔ nyinaa wɔatutu—gye sɛ wɔn ankasa atenaeɛ hɔ. Nna kakra a wɔtutuu hɔ no, wɔhunuu anammɔm a ɛdi kan de rekɔ amusieɛ no ho.4

Berɛ a Carter de n’ani hwɛɛ Tutankhamun amusieɛ no tokuro bi mu no, ɔhunuu sɛ sika kɔkɔɔ wɔ baabiara. Abosome mmiɛnsa akyi a na wɔrehyehyɛ tokuro no mu nneɛma ho mfonini no, wɔbuee amusieɛ a na wɔasɔ ano no so wɔ Ogyefuo1923, mfeɛ100 a atwam no. Na yei yɛ tete nneɛma nhwehwɛmu a agye din a wɔahunu wɔ 20th century mu.

Wɔ saa mfeɛ a na wɔrehwehwɛ a wɔnhunu hwee no, Carter ne Carnarvon buu wɔn ani guu deɛ na ɛwɔ wɔn nan ase pɛɛ so. Mfeɛ bɛyɛ sɛnturi num ansa na wɔrewo Agyenkwa no, Mormon Nwoma no nkɔmhyɛni Yakob kyerɛɛ adeɛ a yɛmpɛ mmua anaa yɛbu no animtia no sɛ “adeɛ a wɔhwɛ tra soɔ.” Yakob hunuu sɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem renhunu Mesaia no berɛ a Ɔbɛba no. Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ “nkorɔfoɔ a wɔ po nsɛm a emu da hɔ no na wɔahwehwɛ nneɛma a wɔnte aseɛ. Ɛno nti, ɛnam wɔn anifira nti, anifira a ɛmaa wɔhwɛ traa so no maa ɛkɔhiaa sɛ wɔhwe ase.”5 Wɔ nsɛm foforɔ mu no, wɔbɛhwe ase.

Yakob nkɔmhyɛ no baa mu pɛpɛɛpɛ. Yesu asetena mu som mu no, dodoɔ no na wɔhwɛ traa soɔ, traa No. Wɔhwɛ traa wiase Agyenkwa no so. Sɛ wɔbɛhwɛ Ne dwumadie a ɛrehyɛ Soro Agya no nhyehyɛeɛ ma no, wɔbuu no fɔ na wɔbɔɔ No asɛnnua mu. Wɔhwɛɛe na wɔtwɛnn sɛ obi foforɔ na ɔmfa nkwagyeɛ mmerɛ wɔn.

Te sɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no, na te sɛ Carter ne Carnarvon, yɛn nso yɛbɛtumi ahwɛ atra agyiraehyɛdeɛ no so. Ɛwɔ sɛ yɛhwɛ yie wɔ saa suban no ho, anyɛ saa a yɛbɛhwere Yesu Kristo wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛnhunu nhyira bebree a Ɔde ma yɛn no. Yɛhia No. Wɔatu yɛn fo sɛ “yɛmfa yɛn ho nyinaa nto ɔno a ɔyɛ kɛseɛ a ɔtumi gye nkwa.”6

Ɔno ne yɛn botaeɛ. Sɛ yɛyɛ mfomsoɔ susu sɛ biribi ho hia sene deɛ Ɔde ma no a, na yɛredi atorɔ anaasɛ yɛrete tumi a ɔbɛtumi anya wɔ yɛn abrabɔ mu no so. Wagye ahummɔborɔ ho kwan na waterɛ saa ahummɔborɔ ama yɛn.7 Ɔno ne “fibea awieeɛ [a ɛwɔ sɛ] yɛkɔhwehwɛ [yɛn] bɔnefakyɛ.”8 Ɔyɛ yɛne Agya no ntamgyinafoɔ na ɔdi deɛ Agya no ahwehwɛ nyinaa anim, sɛdeɛ yɛbɛsane akɔ Ne nkɛn sɛ sodifoɔ wɔ N’ahemman mu. Wɔ nkɔmhyɛni Alma nsɛm mu no, yɛhia sɛ “yɛma [yɛn] ani so na yɛhyɛaseɛ gye Onyankopɔn Ba no di, ama wabɛdi ama ne nkorɔfoɔ na wabɛhunu amane na wawu de apata [yɛn] bɔne; na ama wasɔre bio afiri owuo mu, ama owusɔreɛ aba mu.”9 Yesu Kristo yɛ yɛn ademudeɛ.

Agyenkwa no ama yɛn akwan bebree a yɛbɛhyɛ da atwe yɛn ani asi Ne so, a daadaa ahunuu akwanya ka ho. Ɛtɔ da a, yɛbu saa nhyira yi boɔ a ɛsom animtia. Berɛ a medii mfeɛ nnwɔtwe no, me papa na ɔbɔɔ me asu. Akyire yi no, mesɔɔ ne nsa berɛ a na yɛrekɔtwa kaa kwan mu no. Manyɛ ahwɛyie na metiaa kwan no ano berɛ a ɛhyɛn kɛseɛ bi de nnyegyeɛ retwam. Me papa piaa me firi kwan no mu kɔsi nkyɛn hɔ. Sɛ wanyɛ saa a, anka ɛhyɛn no bɔɔ me. Menim sɛdeɛ me suban teɛ nti, me dwenee sɛ, “Anka ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛn no bɛkum me ɛfiri sɛ me ho ntumi nte te sɛ deɛ mete seesei wɔ m’asubɔ no akyi.”

Sɛ mfeɛ nnwɔtwe nipa no, me yɛɛ mfomsoɔ dwenee sɛ asubɔ nsuo no hohoroo bɔne firii hɔ. Ɛnte saa. Mfeɛ bebree wɔ m’asubɔ akyi no, masua sɛ ɛnam Yesu Kristo mpata afɔrebɔ tumi no na ɛhohoro bɔne berɛ a yɛyɛ na yɛdi asubɔ apam so no.10 Afei, ɛnam adwensakyera akyɛdeɛ no so, yɛn ho bɛtumi ate. Masane nso asua sɛ adidikronkron no de ɔbrapa mframa tumi bi ba yɛn abrabɔ mu, na ɛma yɛnya yɛn bɔefakyɛ.11

Te sɛ ademudeɛ a na ɛwɔ Carter ne Carnarvon nan ase no, adidikronkron ademdie nhyira no wɔ hɔ ma yɛn mu biara berɛ biara a yɛkɔ adidikronkron nhyiamu. Wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ Sunsum Kronkron no bɛyɛ yɛn daadaa yɔnkoɔ sɛ yɛfa adidikronkron no sɛdeɛ wɔn a wabɔ asu foforɔ no fa asubɔ ne denhyɛ no, akoma ne honhom a abubuo mu, ne mmɔdemmɔ a yɛde bɛdi asubɔ apam so. Sunsum Kronkron no hyira yɛn wɔ Ne tumi ahoteɛ mu sɛdeɛ yɛbɛtumi anya yɛn bɔnefakyɛ berɛ biara, nnawɔtwe biara mu.12

Yɛn honhom mu fapem mu yɛ den fa adwensakyera so ne akomapa mu ahoboa a yɛde bɛfa adidikronkron wɔ ahoteɛ mu. Gye sɛ honhom mu fapem a ɛmu yɛ den so na yɛbɛtumi asɔ kasakoa mu nsutɔ, mframa, ne nsuyire a ɛba yɛn abrabɔ mu.13 Wɔ nsɛm foforɔ mu no, yɛn honhom mu fapem yɛ mmrɛ berɛ a yɛhyɛ da kwati adidikronkron nhyiamu anaasɛ yɛnntwe yɛn adwene nsi Agyenkwa no so wɔ adidikronkron berɛ mu. Yɛrenhyɛ da “ntwe [yɛn ho] mfiri Awurade no Honhom ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrennya kwan wɔ [yɛn] mu ama ɛde [yɛn] akɔ nyansa kwan so ama wɔahyira [yɛn], ayɛ yɛn frɔmfrɔm, wɔakora yɛn.”14

Sɛ yɛnya Sunsum Kronkron ka yɛn ho a, ɔbɛkanyan yɛn na wakyerɛ yɛn kwan ama yɛatumi ayɛ na yɛadi apam afoforɔ so, te sɛ deɛ yɛyɛ no wɔ tɛmpol mu no. Yɛyɛ saa a ɛhyɛ ayɔnkofa a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no mu kena .15 Ebia moahunu sɛ wɔabobɔ tɛmpol afoforɔ din mfeɛ kakra yi mu, de tɛmpol rebɛn asafomma deɛ ɛdi kan koraa.16 Akyinnyeɛ mu, berɛ a tɛmpol rebɛn yɛn no, ɛbɛtumi ayɛ fo sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri tɛmpol kɔ mu. Sɛ tɛmpol wɔ akyirikyiri a, yɛhyehyɛ yɛn mmerɛ ne akadeɛ de tu kwan kɔ tɛmpol kɔsom wɔ hɔ. Yɛbu saa akwantuo yeinom.

Tɛmpol abɛn yɛn no, ɛbɛtumi ayɛ fo sɛ nneɛma nketenkete bɛtumi asi yɛn tɛmpol kɔ ho kwan, na yɛka kyerɛ yɛn ho sɛ, “Ɛyɛ, mɛkɔ berɛ foforɔ mu.” Sɛ yɛte bɛn tɛmpol a ɛde akwadworɔ bi ba tɛmpol kɔ nhyehyɛeɛ mu, nanso saa akwadworɔ no bɛtumi ama ayɛ fo sɛ yɛbɛbu yɛn ani agu tɛmpol so. Sɛ yɛyɛ saa a, “yɛhwɛ tra so,” bu akwanya a yɛwɔ sɛ yɛde twe bɛn Agyenkwa no wɔ Ne fie krokron no aimtia. Ɛwɔ sɛ yɛn ahofama a yɛde bɛkɔ tɛmpol a ɛbɛn mu no yɛ den te sɛ deɛ ɛwɔ akyiri no ara.

Carter ne Carnarvon tutuu babiara wɔ Ahemfo Bohwa no mu rehwehwɛ Tutankhamun amusieɛ no, wɔhunuu wɔn anifasoɔ. Ɛnhia sɛ yɛbɛyɛ ɔberɛguo adwuma sɛdeɛ wɔyɛɛ no mmerɛ bi no, de ahwehwɛ yɛn ademudeɛ. Anaasɛ ɛhia sɛ yɛhwehwɛ afotuo firi fibea foforɔ hɔ, na yɛhoahoa fibea hɔ na yɛdwene sɛ saa afotuo no ho bɛba mfasoɔ asene deɛ yɛbɛtumi anya afiri Onyankopɔn ahobrɛaseɛ nkɔmhyɛni hɔ.

Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Dada mu no, berɛ a Naaman hwehwɛɛ ayaresa maa ne kwata no, ɔyɛɛ ahomasoɔ sɛ wɔase no sɛ ɔmfa ne ho nkɔ bɔ asuwa mu mprɛ nso. Nanso wɔkorɔkorɔɔ no ma ɔdii Elisa afotuo no so, sene sɛ ɔde ne ho bɛto ɔno ankasa adwene so ɛfa sɛdeɛ anwanwadwuma bɛsie so. Awieeɛ no, Naaman nyaa ayaresa.17 Sɛ yɛgye Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔte asase so ɛnnɛ di, na yɛde n’afotuo yɛ adwuma a, yɛbɛnya anigyeɛ, yɛn nso bɛnya ayaresa. Ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ babiara.

Anuanom mmarima ne mmaa, mehyɛ mo nkuran sɛ monkae na montwe mo adwene nsi Yesu Kristo so. Ɔyɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Dimafoɔ, a ɛwɔ sɛ yɛhwɛ no, ne yɛn botaeɛ kɛseɛ. Sɛ yɛba Ne nkyɛn a, ɔbɛkyɛ yɛn ahoɔden akyɛdeɛ ma yɛde ahyia abrabɔ mu haw kwan, akokoɔduro de ayɛ deɛ ɛyɛ, ne ahoɔden de ahyɛ asetena mu botaeɛ ma. Fa akwanya a wode sakyera no sɛ ademudeɛ, akwanya wode fa adidikronkron no, nhyira a wode reyɛ na wadi tɛmpol apam so, anigyeɛ a ɛwɔ tɛmpol som mu, ne anigyeɛ a ɛyɛ sɛ wowɔ nkɔmhyɛni a ɔte aseɛ.

Medi m’adanse kronkron sɛ,Oniawieeɛ Agya no, yɛ yɛn Soro Agya na Ɔte ase; Yesu ne Kristo no; Ɔyɛ yɛn yamyɛfoɔ, soro nyansani Adamfoɔ no ,18 na yei ne N’Asɔre a wasan de ama no. Meda mo ase wɔ mogyedie ne gyedieyɛ ho. Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛhyira mo, ayɛ mo frɔmfrɔm, na wɔakora mo, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Carnarvon Nimuonyamfoɔ a ɔtɔ so num no din pa ara de George Edward Stanhope Molyneux Herbert.

  2. Kɔmputa mfonini (CT) twaa no wɔ 2005 mu kyerɛ sɛ Ɔhene Tutankhamun nan baako mu buui, a ebia ɛde no kɔɔ nsanyareɛ ne owuo mu.

  3. Egypt Ahennie Foforɔfarofoɔ no wɔsiee wɔn wɔ Ahemfo Bohwa no mu. Saa amusieɛ no mu dodoɔ no ara tete nneɛma na wɔde adura ho.

  4. Saa twerɛtohɔ a ɛfa Tutankhamen amusieɛ hunu ho no gyina Eric H. Cline, “King Tut’s Tomb,” in Archaeology: An Introduction to the World’s Greatest Sites (2016), 60–66

    Nnyinasoɔ bebree so na Carter ne Carnarvon gyinaa so—yii beaeɛ a ɛwɔ sɛ wɔtutu ne beaeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔtutu—Ahemfo Bohwa no mu. Beaeɛ a na ɛbɛn wɔn atenaeɛ hɔ no na ɛnyɛ akɔnnɔ sɛ wɔbɛtutu hɔ. Ahenasa beaeɛ hɔ no na ɛma ahɔhoɔ kwan de kɔ Ramses VI, amusieɛ ho, enti na ɛhɔ tutuo no bɛha adwene. Na beaeɛ hɔ nneama a atwa hɔ ahyia no yɛ Carter nsɛm mu, “adwumayɛfoɔ a wɔyɛ Ramases amusieɛ ho adwuma mpata ne dɔteɛ anammɔn mmieɛnsa na ɛgu aseɛ hɔ.” Na biribiara nkyerɛ sɛ wɔbɛtumi asi mpata wɔ amusieɛ no akwan ano (hwɛ Howard Carter and A. C. Mace, The Tomb of Tut-ankh-Amen: Discovered by the Late Earl of Carnarvon and Howard Carter, vol. 1 [1923], 124–28, 132).

    Sɛ worepɛ nsɛm foforɔ afa Tutankhamun amusieɛ no ho a, hwɛ Zahi Hawass, Tutankhamun and the Golden Age of the Pharaohs (2005); Nicholas Reeves, The Complete Tutankhamun: The King, the Tomb, the Royal Treasure (1990), 80–83; and Nicholas Reeves and Richard H. Wilkinson, The Complete Valley of the Kings: Tombs and Treasures of Egypt’s Greatest Pharaohs (1996), 81–82.

  5. Yakob 4:14.

  6. 2 Nifae 31:19.

  7. Hwɛ Moronae 7:27–28.

  8. 2 Nephi 25:26.

  9. Alma 33:22.

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:52.

  11. Hwɛ David A. Bednar, “Teach to Build Faith in Jesus Christ” (address given at the seminar for new mission leaders, June 23, 2023); Rachel Sterzer Gibson, “Teach to Build Faith in Jesus Christ, Elder Bednar Instructs,” Church News, June 23, 2023, thechurchnews.com.

  12. Wɔanhyehyɛ adidikronkron no sɛ, kwan sononko bi a yɛde bɛnya yɛn bɔne fafiri (hwɛ James E. Talmage, The Articles of Faith, 12th ed. [1924], 175). Obi ntumi nhyɛ da nyɛ bɔne Memeneda anwummerɛ na ɔnhwehwɛ sɛ deɛ ɔhia ara ne sɛ ɔbɛdi paanoo ketewa bi na wanom nsuo kuruwa bi Kwasiada na prɛko pɛ ne ho ateɛ. Mmom Sunsum Kronkron no ahoteɛ nsunsuansoɔ no bɛtumi ate wɔn a wɔsakyera akoma mu nokorɛ mu ne adwene pa mu.

  13. Hwɛ 3 Nifae18:12–13.

  14. Mosiah 2:36.

  15. President Russell M. Nelson kaa sɛ: “Onyankopɔn wɔ ɔdɔ sononko ma obiara a ɔne No yɛ apam wɔ asubɔ nsuo mu. Na sɛ ɔsoro dɔ no mu yɛ duru berɛ a wɔyɛ na wɔdi apam foforɔ so nokorɛ mu” (“Choices for Eternity” [worldwide devotional for young adults, May 15, 2022], Gospel Library). Apam dodoɔ no a ɛwɔ apam kwan so no nyɛ nnidisoɔ kɛkɛ mmom sɛ yɛbɛyɛ bi aka ho ne adwuma a yɛyɛ bom. Wɔn boa ma yɛne Onyankopɔn hɔ nkabom yɛ bɛn na emu yɛ den. Saa ayɔnkofa no boa ma wɔsesa yɛn kɔsi mpɛmpɛnsoɔ bi a yɛnya Ne su wɔ yɛn anim na nsesaeɛ kɛseɛ ba yɛn akoma mu na ɛtena hɔ daa. (hwɛ Alma 5:14).

  16. President Nelson ekyerɛɛ mu sɛ Awurade “reyɛ ama Ne tɛmpolnom abɛn obiara. Ɔde tɛmpol sie no retu mmirika. Ɔreto yɛn tumi a yɛde boaboa Yesrae no mu. Ɔsan nso reyɛ ma ayɛ mmrɛ ama yɛn mu biara ho ate wɔ honhom mu ” (“Focus on the Temple,” Liahona, Obubuo 2022, 121).

  17. Hwɛ 2 Ahemfo 5:9–14

  18. Hwɛ “Menim Sɛ Me Gyefoɔ Te ase,” Nnwom, no. 136.