Amansan Nhyiamu
Wɔka Ɔdɔ Wɔ Ha
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Wɔka Ɔdɔ Wɔ Ha

Momma yɛnsua sɛ yɛbɛkasa na yɛate Ne dɔ wɔ ha, yɛn akoma ne yɛn fie mu, ne yɛn asɛmpa frɛ, dwumadie, ɔsom, ne ɔsom mu.

Yɛn Primary mmɔfra to dwom sɛ, “Ɔdɔ Na Wɔka Wɔ Ha.”1

Berɛ bi memaa Onuabaa Gong adeɛ a wɔde to kɔn mu ketewa bi. Memaa wɔtwerɛɛ so dot-dot, dot-dot, dot-dot-dash. Wɔn a wɔnim Morse kasasie no bɛhunu ntwerɛdeɛ I, I, U. Nanso mede kasasie a ɛtɔ so mmienu kaa ho. Wɔ Mandarin China kasa mu no, “ai” kyerɛ “ɔdɔ.” Enti, sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu mprenu a, na nkrasɛm no ne “Medɔ wo.” Susan Makoma mu dofoɔ, “I, ai, U.”

Yɛka ɔdɔ wɔ kasa ahodoɔ pii mu. Wɔka kyerɛɛ me sɛ adasamma abusua no ka kasa ahodoɔ a ɛte ase 7,168.2 Wɔ Asɔre no mu no yɛka kasa titire 575 a wɔatwerɛ ho asɛm, a kasa hodoɔ pii ka ho. Yɛsane nso nam adwinnie, nnwom, asa, nsɛnkyerɛnneɛ a nteaseɛ wom, nnipa ntam ne nnipa mu nsɛm a wɔka, ne nea ɛkeka ho so di adwene, nsakraeɛ, ne atenka ho nkutaho.3

Ɛnnɛ, momma yɛnka asɛmpa ɔdɔ kasa mmiɛnsa ho asɛm: ɔhyeɛ ne obuo kasa, ɔsom ne afɔrebɔ kasa, ne apam nkaho kasa.

Nea ɛdi kan no, asɛmpa kasa a ɛkyerɛ ɔhyeɛ ne obuo.

Onuabaa Gong de anigyeɛ ne obuo bisaa mmɔfra ne mmabunu sɛ, “Moyɛ dɛn hunu sɛ mo awofoɔ ne mo mmusua dɔ mo?”

Wɔ Guatemala no, mmɔfra ka sɛ, “M’awofoɔ yɛ adwumaden de ma yɛn abusua aduane.” Wɔ Amerika Atifi fam no, mmɔfra ka sɛ, “M’awofoɔ kenkan me nsɛm na wɔde me to mpa so anadwo deda me.” Wɔ Asase Kronkron no so no, mmɔfra ka sɛ, “M’awofoɔ hwɛ me dwoodwoo.” Wɔ Ghana, Afrika Atɔeɛ fam no, mmɔfra ka sɛ, “M’awofoɔ boa me wɔ me Mmɔfra ne Mmabunu botaeɛ ahodoɔ ho.”

Abɔfra bi kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wabrɛ paa ara berɛ a wayɛ adwuma da mu nyinaa akyi deɛ, nanso me maame ba abɔnten ne me bɛdi agorɔ.” Ne maame suui berɛ a ɔtee sɛ ne da biara afɔrebɔ ho hia no. Abaayewa bi kaa sɛ, “Ɛwom sɛ ɛtɔ mmerɛ bi a me ne me maame adwene nhyia deɛ, nanso mewɔ me maame mu ahotosoɔ.” Ne maame nso suui.

Ɛtɔ da bi a, ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ wɔte ɔdɔ a wɔka wɔ ha no na wɔkyerɛ ho anisɔ wɔ ha.

Ɔhyeɛ ne obuo mu no, yɛn adidi kronkron ne nhyiamu afoforɔ twe adwene si Yesu Kristo so. Yɛka Yesu Kristo Mpata no ho asɛm wɔ obuo mu, ankorankorɛ ne nea ɛwɔ hɔ ankasa, ɛnyɛ mpata a ɛwɔ adwene mu naayɛ mu nko. Yɛfrɛ Yesu Kristo Asɔre a wɔasane de aba no wɔ Ne din mu, Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ Ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Yɛde nidie mpaebɔ kasa di dwuma berɛ a yɛrekasa akyerɛ Ɔsoro Agya ne obuo a ɛyɛ hyeɛ berɛ a yɛne yɛn ho yɛn ho kasa no. Berɛ a yɛhunu Yesu Kristo wɔ tɛmpol apam no akoma mu no, yɛntwe adwene nsi “asɔrefie a yɛbɛkɔ” so kɛseɛ na mmom yɛreka “Yesu Kristo nkyɛn Awurade fie” ho asɛm kɛseɛ. Apam biara ka gu aso mu sɛ, “Wɔka ɔdɔ wɔ ha.”

Asɔremma afoforɔ ka sɛ Asɔre nsɛmfua taa hwehwɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu. Yɛsere berɛ a yɛsusu sɛ “stake fie” bɛtumi akyerɛ nantwinam anwummerɛ aduane a ɛyɛ dɛ no; “ward dan” bɛtumi akyerɛ ayaresabea; “mpɔmu ateneatenee a wɔde bue ano” bɛtumi ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ti, mmatire, nkotodwe, ne nansoa wɔ asɔre no lɔɔre gyinabea. Nanso, mesrɛ mo, momma yɛnte aseɛ na yɛnyɛ ayamyɛ berɛ a yɛbom sua ɔdɔ kasa foforɔ no. Wɔka kyerɛɛ obi a na waba asɔre foforɔ sɛ ne ntadeɛ yɛ tia dodo. Sɛ́ anka ne bo bɛfu no, obuaeɛ, sɛ yɛbɛka a, “Makoma asakra; mesrɛ wo nya abotrɛ berɛ a me skirts ayɛ tia no.”4

Nsɛmfua a yɛde di dwuma no bɛtumi ama yɛn abɛn Akristofoɔ ne nnamfoɔ afoforɔ anaasɛ ɛbɛma yɛate yɛn ho Ɛtɔ da bi a yɛka asɛmpatrɛ adwuma, tɛmpol adwuma, nnipa mmoa ne yiedie adwuma ho asɛm sɛdeɛ ɛbɛyɛ a afoforɔ bɛgye adi sɛ yɛsusu sɛ yɛn ankasa na yɛyɛ saa nnwuma yi. Momma yɛmfa aseda a ɛyɛ hye ne obuo nkasa berɛ nyinaa wɔ Onyankopɔn adwuma ne n’anuonyam ne Yesu Kristo ne ne mpata afɔrebɔ no mfasoɔ, mmɔborohunu, ne n’adom ho.5

Nea ɛtɔ so mmienu, asɛmpa kasa a ɛfa ɔsom ne afɔrebɔ ho.

Berɛ a yɛboaboa yɛn ho ano bio wɔ asɔre mu naawɔtwe biara de hyɛ nidie na yɛdi ahurisie wɔ Homeda da no, yɛbɛtumi ada yɛn sakrament apam mu ahofama a yɛde ama Yesu Kristo ne yɛn ho yɛn ho adi denam yɛn Asɔre frɛ, ayɔnkofa, ne ɔsom so.

Sɛ me bisa mpɔtam hɔ Asɔre akannifoɔ deɛ ɛha wɔn a, anuanom mmarima ne mmaa nyinaa ka sɛ, “Yɛn asɔremma binom nnye Asɔre frɛ ntom.” Ɔfrɛ a ɛne sɛ yɛnsom Awurade ne yɛn ho yɛn ho wɔ N’Asɔre mu no ma ho kwan ma ayamhyehyeɛ, tumi, ne ahobrɛaseɛ kɔ soro. Berɛ a wɔayi yɛn asi hɔ no, yɛbɛtumi anya Awurade nkanyan de ama afoforɔ ne yɛn ho so na yɛahyɛ yɛn ho den. Nokorɛ mu no, yɛn abrabɔ mu tebea ne mmrɛ a ɛresakra no bɛtumi aka yɛn tumi a yɛde bɛsom, nanso yɛwɔ anidasoɔ sɛ ɛrenka yɛn akɔnnɔ da. Yɛne Ɔhene Benjamin ka sɛ, “Sɛ mewɔ a anka mɛma”6 na yɛde nea yɛbɛtumi nyinaa ma.

Stake ne ward akannifoɔ, momma yɛnyɛ yɛn kyɛfa. Berɛ a yɛfrɛ (na yɛgyae) anuanom mmarima ne mmaa sɛ wɔnsom wɔ Awurade Asɔre no mu no, momma yɛsrɛ sɛ yɛmfa anidie ne nkanyan nyɛ saa. Ma obiara ma nte nka sɛ wɔbu no na ɔbɛtumi adi yie. Yɛsrɛ sɛ mo ne anuanom mmaa akannifoɔ ntu fo na montie wɔn. Momma yɛnkae, sɛdeɛ Titenani J. Reuben Clark kyerɛkyerɛɛe no, wɔ Awurade Asɔre no mu no yɛsom wɔ baabi a wɔfrɛ no, “beaeɛ a obi nhwehwɛ na ɔmpo.”8

Berɛ a me ne Onuabaa Gong wareeɛ no, Elder David B. Haight tuu fo sɛ: “Monkura ɔfrɛ wɔ Asɔre no mu daa. Ɔkaa sɛ, ne titire no, berɛ a adaagyeɛ nni asetena mu no, ɛhia sɛ wote Awurade dɔ a ɔwɔ ma wɔn a wosom wɔn ne wo berɛ a wosom no nka.” Mehyɛ bɔ sɛ wɔka ɔdɔ wɔ ha, ɛhɔ, ne baabiara berɛ a yɛbua “aane” ma Asɔre akannifoɔ sɛ wɔnsom Awurade wɔ N’Asɔre mu ɛnam Ne Honhom so.

Awurade Asɔre a wɔasan de aba no bɛtumi ayɛ mmoa ama Sion mpɔtam bi. Berɛ a yɛbom sɔre, som, nya anigyeɛ, na yɛsua Ne dɔ no, yɛde yɛn ho yɛn ho hyɛ N’asɛmpa no mu. Ebia yɛn adwene nhyia wɔ amammuosɛm mu anaa asetena mu nsɛm mu nanso yɛnya baakoyɛ berɛ a yɛbom to dwom wɔ ward nnwontofoɔ kuo no mu no. Yɛhwɛ nkutahodie na yɛko tia nteho berɛ a yɛde yɛn koma som daa wɔ yɛn ho yɛn ho afie mu.

Wɔ asɔremma nsrahwɛ a wɔne stake atitenafoɔ yɛ mu no, mete wɔn dɔ a ɛmu dɔ ma asɔremma wɔ tebea biara mu. Berɛ a yɛde lɔɔre twaa asɔremma afie ho wɔ ne stake mu no, stake titenani baako hyɛɛ no nso sɛ sɛ yɛte fie a nsudwarebea anaa ɛfie a mfuturo wɔ fam mu no, Asɔre som yɛ akwanya a mpɛn pii no afɔrebɔ ka ho. Nanso, ɔde nyansa kaa sɛ, sɛ yɛbom som na yɛbɔ afɔdeɛ wɔ asɛmpa no mu a, yɛnya mfomsoɔ kakraa bi ne asomdwoe kɛseɛ. Sɛ yɛma No kwan a, Yesu Kristo boa yɛn ma yɛka Ne dɔ wɔ ha.

Ahuhuro berɛ yi, yɛn abusua no hyiaa Asɔremma ne namfoɔ a wɔn ho yɛ nwanwa wɔ Loughborough ne Oxford, England. Saa nhyiamu a nteaseɛ wom yi kaee me sɛdeɛ ward asetena ne ɔsom dwumadie bɛtumi akyekye asɛmpa nkutahodie foforɔ a ɛtena hɔ daa. Mmerɛ kakra ni na mate nka sɛ, wɔ mmeaɛ pii wɔ Asɔre no mu no, ward dwumadie kakraa bi bio, a nokorɛ mu wɔde asɛmpa atirimpɔ ayɛ ho nhyehyɛeɛ na wɔde adi dwuma, bɛtumi de nkaho ne baakoyɛ kɛseɛ mpo aka yɛn abom.

Ward dwumadie dwamtenani baako a ɔwɔ nkanyan ne aboafoɔkuo tete ankorankorɛ ne Ahotefoɔ kuo. Dwumadie ahodoɔ a wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ yie boa obiara ma ɔte nka sɛ ɔsom bo, ɔka ho, na wɔto nsa frɛ no sɛ ɔnni dwuma a ɛhia. Dwumadie ahodoɔ a ɛtete saa no ma mfeɛ ne akyigyina ahodoɔ hyia, ɛma wɔkae nneɛma a ɛtena hɔ daa, na wɔbɛtumi ayɛ a ɛho ka sua anaasɛ wɔrentua hwee. Asɛmpa dwumadie ahodoɔ a ɛyɛ anigyeɛ nso to nsa frɛ afipamfoɔ ne nnamfoɔ.

Amannibɔ ne ɔsom adwuma taa kɔ bom. Mmerantekwaa nim sɛ wopɛ sɛ wohunu obi ampa a, ɛnneɛ monnyina afa ne afa wɔ atwedeɛ bi so na monyɛ nkahoo wɔ ɔsom adwuma a ntease wom mu.

Mfoni
Mmabun a wɔadru mpanyin fie so a wɔreyɛ mfonyini wɔ ɔsom adwuma bi mu.

Nokorɛ mu no, ankorankorɛ ne abusua biara nni hɔ a wɔwie pɛyɛ. Yɛn nyinaa hia mmoa yie na yɛatumi aka ɔdɔ wɔ ha. “Ɔdɔ a ɛdi mu no pam ɛhu.”8 Gyedie, ɔsom, ne afɔrebɔ twe yɛn kɔ akyiri bɛn yɛn Agyenkwa. Mpɛn dodoɔ a yɛn som ne afɔrebɔ yɛ ayamhyehyeɛ, nokorɛ, ne ahofama mu wɔ Ne mu no, dodoɔ no ara na yɛbɛtumi afiri aseɛ ate Yesu Kristo mpata ayamhyehyeɛ ne adom a ɛnni ano na ɛnni awieeɛ ma yɛn no ase.

Na ɛno de yɛn ba asɛmpa kasa a ɛfa apam nkaho ho no so.

Yɛte wiase a yɛn ankasa pɛ mu. Pii na ɛyɛ “Meyi me.” Ɛte sɛ nea yɛgye di sɛ yɛnim yɛn ankasa yiedie ne sɛnea yɛbɛdi akyire yie.

Nanso ɛno nyɛ nokorɛ. Yesu Kristo yɛ nokorɛ a tumi wom yi nipasu:

Agyenkwa no bɔhyɛ no yɛ kann: “Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa: na obiara a, me nti ne kra bɛyera no deɛ ne nsa bɛka.

“Na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ ɔbarima [anaa ɔbaa] so, sɛ ɔnya wiase nyinaa, na ɔhwere n’ankasa kra a?”9

Yesu Kristo de ɔkwan a ɛyɛ kyɛn so ma—abusuabɔ a ɛgyina ɔsoro apam so, a ɛmu yɛ den sene owuo nhoma. Apam a yɛne Onyankopɔn ne yɛn ho yɛn ho yɛ no bɛtumi asa yɛn yareɛ na ate yɛn ne yɛn abusuabɔ a yɛpɛ paa ara ho. Nokorɛ mu no, Ɔnim yɛn yie na ɔdɔ yɛn kyɛn deɛ yɛnim anaa yɛdɔ yɛn ho. Sɛ yɛde yɛn ho nyinaa hyɛ apam ase a, yɛbɛtumi abɛboro sɛdeɛ na yɛteɛ so. Onyankopɔn tumi ne ne nyansa bɛtumi de akyɛdeɛ pa biara ahyira yɛn, wɔ Ne berɛ ne ne kwan so.

nyansa a wɔde ayɛ (AI) anya nkɔsoɔ kɛseɛ wɔ kasa nkyerɛase mu. Nna a na kɔmputa bɛtumi akyerɛ kasakoa asɛm “Honhom no pɛ, nanso ɔhonam yɛ mmerɛ” saa nso na “Nsa yɛ, nanso nam asɛe” no atwam akyɛ. Nea ɛyɛ anigyeɛ no, kasa bi ho nhwɛsoɔ ahodoɔ a ɛtrɛ a wɔsan yɛ no ma kɔmputa kyerɛkyerɛ kasa bi yie sene sɛnea wɔkyerɛkyerɛ kɔmputa kasa mmara ho mmara.

Saa ara nso na yɛn ankasa suahunu teɛ, mpɛn pii no bɛtumi ayɛ yɛn honhom mu kwan a ɛkyɛn so a yɛfa so sua asɛmpa kasa a ɛfa ɔhyeɛ ne obuo, ɔsom ne afɔrebɔ, ne apam nkaho ho.

Enti, ɛhe ne ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo kasa kyerɛ wo wɔ ɔdɔ mu?

Ɛhe ne ɔkwan bɛn so na wote Ne dɔ a wɔreka wɔ ha?

Momma yɛnsua sɛ yɛbɛkasa na yɛate Ne dɔ wɔ ha, yɛn akoma ne yɛn fie mu, ne yɛn asɛmpa frɛ, dwumadie, ɔsom, ne ɔsom mu.

Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, yɛn mu biara bɛsakyera da bi afiri saa abrabɔ yi mu akɔ abrabɔ a ɛdi hɔ no mu. Sɛ yɛhyia Awurade a, meyɛ m’adwene sɛ Ɔreka, de nkyerɛkyerɛ ne bɔhyɛ nsɛm, “Wɔka me dɔ wɔ ha.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.