Amansan Nhyiamu
Ayeyie Nka Ɔbarima no
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Ayeyie Nka Ɔbarima no

Hwɛ nhyira bebree a yɛwɔ sɛ yɛhunu deɛ yɛnim nyina ara ɛfiri sɛ yɛwɔ Joseph Smith, mmerɛ mmerɛ a ɛtwa toɔ yi nkɔnhyɛni

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, ɛyɛ me anigyeɛ sɛ me ka mo ho anɔpa yi. Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade nhyira me.

M’ani nnyɛ sɛnea na ɛteɛ kane no. Mekɔɔ aniwa ho oduruyɛfoɔ no nkyɛn kɔhwɛɛ no, na mekaa sɛ, “Mentumi nhu teleprompter no

Na ɔkaa sɛ, “Eyɛ, w’ani anyini. Wɔrensesa.”

Enti meyɛ nea mɛtumi biara.

M’ani begye ho sɛ me ne mo bɛkyɛ nneɛma bi a ɛwɔ m’adwene mu. Abosome kakra a atwam no m’anya Nkɔmhyɛni Josep wɔ madwene mu. Matena ase na madwen n’animuonyam asɛdeɛ a ɔbɛyɛ wɔ yei nkɔnhyɛfoɔ mu, mmerɛ ne mmerɛ ahyɛnsodeɛ no.

Mesusu sɛnea yɛda ase sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mufoɔ sɛ Joseph Smith, abarimaa bi a na ɔpɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛhia sɛ ɔyɛ na wɔde ne bɔne kyɛ no, nyaa akokoɔduro sɛ ɔbɛkɔ nnua kwaeɛ mu a ɛbɛn ne fie wɔ Palmyra, New York, na ɛhɔ na wɔbuu nkotodwe wɔ mpaebɔ mu, na—ɛnam n’ankasa asɛm so—bɔ mpaeɛ denden ne deɛ ɛdi kan (hwɛ Joseph Smith—Abasɛm 1:14).

Saa berɛ no, berɛ a Yosef kotoo wɔ nea yɛfrɛ no Kwae Kronkron no mu no, ɔsoro bueɛ. Nnipa baanu a wɔn ho hyerɛn sen awiaberɛ awia a ɛrepue wɔ n’anim. Ɔbaako kasa kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ, “[Yosef,] oyi ne Me Dɔba. Tie No!” (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:17). Saa na Yesu Kristo asɛmpa a ɛwɔ hɔ daa no nyinaa a wɔsane de sii hɔ no firii aseɛ.

Esiane sɛ Yesu, yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ, ne abarimaa Yosef kasaeɛ na ɔbuee saa berɛ nhyehyɛeɛ yi a yɛte mu mprempren yi nti, yɛto dwom sɛ, “Ayeyi nka onipa a ɔne Yehowa dii nkutaho no!” (“Ayeyi nka Onipa no,” Nnwom, no. 27). Yɛda Awurade ase wɔ Joseph Smith ne n’akokoɔduru a ɔde kɔɔ saa nnua kwaeɛ no mu wɔ afe 1820 mu, a ɛbɛn ne fie wɔ Palmyra, New York.

M’adwen nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛnim ne nneɛma a yɛwɔ nyinaa ho. Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, m’adansedie a mede ma mo anɔpa yi ne sɛdeɛ yɛanya nhyira pii sɛ yɛhunu deɛ yɛnim nyina ara ɛfiri sɛ yɛwɔ Joseph Smith, mmerɛ mmerɛ a ɛtwa toɔ yi nkɔnhyɛni.

Yɛwɔ asetena atirimpɔ, onipa ko a yɛyɛ ho nteaseɛ.

Yɛnim onipa ko a Onyankopɔn yɛ; yɛnim onipa ko a Agyenkwa no yɛ, ɛfiri sɛ yɛwɔ Yosef, a ɔkɔɔ nnua kwaeɛ mu sɛ abarimaa, hwehwɛɛ, ampa, ne bɔne fafire.

Mesusu sɛ ɛyɛ anuonyam ne anwanwadeɛ paa no mu baako a obiara a ɔwɔ wiase yi mu bɛtumi ahunu, sɛ yɛn Soro Agya ne Awurade Yesu Kristo adane wɔn ho adi wɔ saa da a ɛdi akyire yi mu na wɔanyan Yosef sɛ ɔmmɛsan de daa asɛmpa no ne ma no aba Yesu Kristo dea.

Yɛwɔ Mormon Nwoma no. Akyɛdeɛ a ɛyɛ nwanwa na ɛyɛ nwanwa bɛn ara na Mormon Nwoma no yɛ ma Asɔre no mufoɔ. Ɛyɛ adanseɛ foforɔ, asɛmpa foforɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Kristo no. Yɛwɔ bi ɛfiri sɛ na Yosef fata sɛ ɔkɔfa mprɛte no, ɔsoro de ne honhom kaa no ma ɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ aseɛ na ɔde nwoma no maa wiase.

Ɛwom sɛ me nkrasɛm anɔpa yi yɛ mmerɛ deɛ, nanso emu dɔ, na ɔdɔ ahyɛ mu ma ma Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne wɔn nyinaa, me nuanom mmarima ne mmaa, a wɔagye no atom na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛgye no atom no wɔ ne mmeranteberɛ mu.

Mepɛ sɛ mede anuonyam ma anɔpa yi ma ne maame. M’adwene berɛ biara sɛ na ɛyɛ nwanwa sɛ berɛ a Joseph firii saa suahunu no mu wɔ Sacred Grove na ɔkaa deɛ ɛsiiɛ kyerɛɛ ne maame no, Lucy Mack Smith gyee no dii.

M’ani sɔ n’agya na ne nuanom na ne nuamaanom ne n’abusua, a wɔboaa no wɔ saa asɛdeɛ kɛseɛ yi a Awurade de too ne so sɛ ɔnyɛ nkɔmhyɛni no sɛ ɔmfa Yesu Kristo asɛmpa a ɛntena hɔ daa no mmamu bɛsan aba asaase so bio .

Enti m’adansedie anɔpa yi ne sɛ menim sɛ Yesu Kristo ne wiase Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ. Menim nso sɛ yɛn Soro Agya ne Awurade Yesu Kristo yii wɔn ho adi na wɔkasa kyerɛɛ Yosef na wɔsiesiee no sɛ ɔbɛyɛ nkɔmhyɛni.

Me ho dwirii me, na megye di sɛ mo mu pii nso yɛ saa, wɔ sɛnea wɔahyira yɛn sɛ yɛbɛhu nea yɛnim fa yɛn asetena mu atirimpɔ ho, nea enti a yɛwɔ ha, nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ na yɛayɛ wɔ yɛn da biara da asetena mu. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho, da biara, sɛ yɛbɛyɛ yie kakra, yɛayɛ ayamyɛfoɔ kakra, yɛasiesie yɛn ho kakra ama saa da no, a akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛbɛba, berɛ a yɛbɛsan akɔ mu yɛn Soro Agya ne Awurade Yesu Kristo anim.

Ɛno rebɛn me kakra. Ɛrenkyɛ mɛdi mfeɛ 95. Me mma ka kyerɛ me sɛ wosusu sɛ manyini sen saa koraa nna bi, nanso ɛno yɛ Kama. M’ayɛ nea mɛtumi biara.

Nanso mfeɛ 50 ni, anuanom mmarima ne mmaa, manya hokwan sɛ me nkyini wiase no so wɔ me dwumadie mu sɛ Asɔre no Amansan Sodifoɔ Ɛyɛ nhyira a ɛyɛ nwanwa. Mesusu sɛ ɛkame ayɛ sɛ m’abɛn wiase mmeaɛ nyinaa yie. Me ne Asɔre no mufoɔ ahyia wɔ wiase nyina ara.

Oh, sɛnea medɔ wo. Animuonyam suahunu bɛn ara na ɛno ayɛ —sɛ wobɛhwɛ mo anim, akɔ mo anim, na woate mo dɔ a mowɔ ma Awurade ne Yesu Kristo asɛmpa no Sane.

Ɔsoro Agya nhwɛ yɛn so seesei na ɔnhyira nhyiamu yi mu nsɛm nyinaa. Na momma yɛnnya Awurade Honhom no ntutu wɔ yɛn akoma mu, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu Kristo asɛmpa no —yɛn Agyenkwa a yɛdɔ no, Awurade Yesu Kristo —nkɔ soro berɛ a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsom no na yɛadi Ne mmaransɛm so na yɛayɛ te sɛ Ɔno esiane sɛ yɛkɔɔ amansan nhyiamu nti. Baabi biara a wo wɔ wɔ saa wiase yi no, Awurade nhyira wo. Awurade Honhom mmra yɛn so. Yɛbɛtumi ate ɔsoro tumi nka wɔ berɛ a yɛsom bom wɔ saa nhyiamu ɔfa yi.

Mede madanseɛ ne madansedie ma mo sɛ menim sɛ Yesu ne Kristo. Ɔno ne yɛn Agyenkwa, ne yɛn Gyefoɔ. Ɔyɛ yɛn adanfo pa. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.