Amansan Nhyiamu
Apam nkurɔfoɔ no Nne a Wɔbɛkora so wɔ Awoɔ ntoatoasoɔ a Ɛreforo no mu
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Apam nkurɔfoɔ no Nne a Wɔbɛkora so wɔ Awoɔ ntoatoasoɔ a Ɛreforo no mu

Yɛn asɛdeɛ kronkron paa no mu baako ne sɛ yɛbɛboa yɛn mma ama wɔahu no yie ne pɔtee sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba.

Deɛ ɛkorɔn na ɛdi akotene baako wɔ twerɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no ne Agyenkwa no nsrahwɛ wɔ temple wɔ beaɛ a wɔfrɛ no Asaase a abusoɔ Da koro a Yesu kyerɛkyerɛeɛ, saa yareɛ, na ɔkyekyeree gyidie akyi no, ɔtwee nkurɔfoɔ no adwene kɔɔ awoɔ ntoatoaso a ɛresɔre no so: “Ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn mma nkumaa mmra.”1 Ɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn maako maako. Suahunu no kanyann ara ma Agyenkwa no ankasa suii mpɛn pii.

Na, ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfokuo no, Yesu see wɔn sɛ:

“Monhwɛ mo nkwadaa nketewa no.

“Na mmerɛ a wɔrehwɛ wɔn no, wɔtwaa wɔn ani hwɛɛ soro, na wɔhunuu sɛ ɛsoro abue, na wɔhunuu abɔfoɔ sɛ wɔresane afiri soro,” rekyerɛkyerɛ wɔn mma.2

Metaa susu saa suahunu yi ho. Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa onipa biara akoma dwoeɛ! Wɔn hunuu Agyenkwa no Wɔn sɔɔ ne nipadua hwɛɛ Na wɔnim no. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔhyiraa wɔn. Na Ɔdɔɔ wɔn. Ɛnyɛ nwanwa sɛ saa adeyɛ kronkron yi akyi no, saa mmofra yi nyinii sɛ wɔreboa ma wɔde asomdwoeɛ, yiyedi, ne Kristo dɔ a ɛkɔɔ so awo ntoatoaso pii sii hɔ.3

anka ɛrenyɛ nwanwa sɛ yɛn mma bɛtumi anya suahunu ahodoɔ a ɛte saa ne Yesu Kristo —biribi a ɛbɛkyekyere wɔn koma wɔ No ho! Ɔto nsa frɛ yɛn, sɛdeɛ Ɔtoo nsa frɛɛ saa awofoɔ no wɔ Mormon Nwoma no mu no, sɛ yɛmfa yɛn mma nkumaa mmra Ne nkyɛn. Yɛbetumi aboa wɔn ama wɔahu wɔn Agyenkwa ne wɔn Gyefoɔ sɛnea mmofra yi yɔyɛ no. Yɛbɛtumi akyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛhunu Agyenkwa no wɔ twerɛsɛm no mu na woasi wɔn fapem wɔ Ne so.4

Ɛnkyɛree, adamfo pa bi kyerɛɛ me biribi a na menhyɛɛ no ​​nso da fa ayɛsɛm a ɛfa nyansani a ɔsii ne fie wɔ ɔbotan so no ho. Sɛnea twerɛtohɔ a ɛwɔ Luka kyerɛ no, berɛ a onyansafoɔ no reto ne fie fapem no, “otutuu fam kɔɔ akyiri.”5 Na ɛnyɛ adeɛ kumaa bi kɛkɛ anaa nea ɛnyɛ den—na egye mmɔdenmmɔ!

Sɛ yɛbɛkyekyere yɛn abrabɔ wɔ yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo botan so a, ɛhia sɛ yɛtutu kɔ akyiri. Yeyi biribiara a ɛyɛ anwea anaasɛ ɛho nhia wɔ yɛn asetena mu firi hɔ. Yɛkɔso ara tutu kɔpem sɛ yɛbɛhu No. Na yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma sɛ wɔnam ayɛyɛdeɛ ne apam kronkron so nkyekyere wɔn ho mma No, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ sɔretia ahum na nsuyiri ba, sɛdeɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛbɛba no, wɔrennya nkɛntɛnsoɔ kakraa bi wɔ wɔn so “ɛsiane ɔbotan a wɔasi [wɔn] so nti.”6

Saa ahoɔden no mma kwa. Wɔmfa mma awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ no te sɛ honhom fam agyapadeɛ. Obibiara wɔ sɛ ɔtutu kɔ fam yie sɛ ɔbɛhunu Ɔbotan no.

Yɛsua saa suahunu yi firi twerɛtohɔ foforɔ wɔ Mormon nwoma no mu. Berɛ a Ɔhene Benjamin maa ne kasa a etwa toɔ kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no, wɔhyiaamu sɛ mmusua tiee ne nsɛm.7 Ɔhene Benjamin dii Yesu Kristo ho adanseɛ a tumi wom, na n’adanseɛ no kaa nkurɔfoɔ no paa. Wɔpaee mu kaa sɛ:

“Honhom no ayɛ nsakraeɛ kɛseɛ wɔ yɛn mu, anaa yɛn akoma mu.

“Na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛne yɛn Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛ yɛbɛyɛ n’apɛdeɛ yɛn nna a aka nyinaa”8

Obi bɛtumi ahwɛ kwan sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ awofoɔ a wɔasakra kɛse saa no awie koraa no wɔbɛsakra na wɔn ankasa ayɛ apam. Na nanso, ɛsiane biribi a wɔanka ho asɛm wɔ twerɛtohɔ no mu nti, apam a awofoɔ no yɛɛ no annye wɔn mma no bi. Afei ɛbaa sɛ awoɔntoatoasoɔ a wɔasi enyini kwan so no mu bebree ntumi nte ɔhene Benjamin nsɛm ase, ɛfiri sɛ mmerɛ a ɔkasa kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no na wɔyɛ nkwadaa nti wɔanye wɔn agyanom amammerɛ no anni.

“Wɔanye deɛ wɔaka a ɛfa wusɔreɛ ho no anni ɛna wɔanye deɛ ɛfa Kristo mmaeɛ ho no nso anni. 

“Na wɔammɔ wɔn asu; ɛna wɔn nso a wɔammɛka asɔre no ho. Na na wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔtetee wɔn ho wɔ wɔn gyidie ho.”9

Ahodwiri nseseɛ paa nie! Wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛresɔre no fam no, ɛnyɛ nea ɛdɔɔso sɛ Yesu Kristo mu gyidi bɛyɛ “wɔn agyanom atetesɛm.” Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nya Kristo mu gyidie. Sɛ Onyankopɔn apam nkurɔfoɔ no, yɛbɛyɛ dɛn de ɔpɛ ahyɛ yɛn mma akoma mu sɛ yɛne No bɛyɛ apam na yɛadi so?

Yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ adi nifae nhwɛsoɔ no so: “Na yɛka Kristo ho asɛm, yɛdi dɛ wɔ Kristo mu, yɛbɔ Kristo nsɛmpa no ho dawuro, yɛhyɛ Kristo ho nkɔm, na yɛtwerɛ sɛdeɛ yɛn nkɔmhyɛ teɛ no, ama yɛn mma ahunu baabi korɔ a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ bɔnefakyɛ.”10 Nifae ne nsɛm no kyerɛ mmɔdenmmɔ a ɛkɔ so daa sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma Kristo ho nsɛm. Yɛbɛtumi ahwɛ sɛ apam nkurɔfoɔ no nne nyɛ komm wɔ awoɔ ntoatoaso a ɛreforo no aso mu na Yesu nyɛ asɛmti a ɛfa Kwasida nkutoo ho.11

Apam nkorɔfoɔ no nne a yɛhu wɔ yɛn ankasa yɛn adansedie nsɛm mu. Wɔhu wɔ adiyifoɔ ateasefoɔ nsɛm mu Na woakora no ahoɔden mu wɔ twerɛsɛm mu. Ɛhɔ na yɛn mmɔfra no bɛba na wahu Yesu na wanya wɔn nsɛmisa ano muaeɛ. Ɛhɔ na wɔn ankasa besua Kristo nkyerɛkyerɛ no. Ɛhɔ na wobɛnya anidasoɔ. Wei bɛsiesie wɔn ama wɔn nkwa nna nyinaa a wɔbɛhwehwɛ nokorɛ na wɔatena apam kwan no so.

M’ani agye saa afotuo yi a ɛfiri Titenani Russell M. Nelson hɔ:

Ɛhe na yɛbɛtumi akɔ akɔte Nasɛm?

“Yɛbɛtumi akɔ twerɛnsɛm no mu. Ɛkyerɛkyerɛ yɛn fa Yesu Kristo ne Ne nsɛmpa no, Ne Mpata no kɛseɛ a ɛyɛ, ne yɛn Agya no anigyeɛ ne ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no ho. Sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ Onyankopɔn asɛm mu dabiara yɛ ahiadeɛ kɛseɛ ma honhom mu nkwa titiriw wɔ saa nna yi a nsakraeɛ a ɛmu yɛ den rema ne ho so yi. Berɛ a yɛredidi yie wɔ Kristo nsɛm mu dabiara no, kristo nsɛm no bɛka akyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi agyina nneɛma a ɛyɛ den a yɛannwene ho dabi ara sɛ anka yɛbɛhyia no.”12

Enti ɛte sɛn sɛ wobɛdi Kristo nsɛm na woatie No? Well, it looks like whatever works best for you! Ebia ɛbɛyɛ sɛ wo ne w’abusua bɛhyiam abɔ nneɛma a Honhom Kronkron kyerɛkyerɛɛ wo wɔ wo twerɛsɛm adesua mu a wode Bra, Di M’akyidi dwuma no ho nkɔmmɔ. Ebia ɛbɛyɛ sɛ wo ne wo mma bɛhyiam dabiara akenkan nkyekyemu kakra bi afiri twerɛsɛm no mu na afei woahwehwɛ ho kwan ahodoɔ de asusu nea mo suaeɛ berɛ a mo bom nya berɛ no ho. Hwehwɛ nea ɛyɛ adwuma ma wo ne w’abusua kɛkɛ na afei bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ yie kakra dabiara.

Susu nhunumu yi a ɛfiri Yɛbɛkyerɛ adeɛ wɔ Agyenkwa no kwan so: “Sɛ yɛfa no ankorankoro a, efie anwummerɛ baako, twerɛsɛm adesua berɛ, anaa asɛmpa nkɔmmɔbɔ no bɛtumi ayɛ te sɛ nea ɛrenyɛ pii. Nanso mmɔdemmɔ nketenkete a ɛnyɛ den a wɔboaboa ano, a wɔsan yɛ no daa berɛ tenten no bɛtumi ayɛ nea tumi wom na ɛhyɛ den sen berɛ ne berɛ mu a ɛyɛ nkaedom berɛ anaa asuadeɛ titiriw bi. Enti mma w’abamu mmu, na mma ɛnha wo sɛ wobɛyɛ biribi kɛseɛ berɛ biara. Yɛ nea ɛkɔ so daa wɔ wo mmɔdenmɔ mu kɛkɛ.”13

Yɛn asɛdeɛ kronkron paa no mu baako ne sɛ yɛbɛboa yɛn mma ama wɔahu no yie ne pɔtee sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba, wɔn ankasa Agyenkwa ne Ogyefoɔ, a ɔgyina N’Asɔre tiri so! Yɛrentumi mma kwan mma yɛn apam nne nyɛ mum anaa ɛbɛyɛ komm berɛ a ɛfa Ne ho no.

Ebia wobɛte nka sɛ wontumi nyɛ adwuma yi kakra, nanso ɛnsɛ sɛ wote nka da sɛ wo nkutoo na wowɔ hɔ. Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔama ward agyinatukuo tumi sɛ wɔnhyehyɛ akyerɛkyerɛfoɔ agyinatukuo nhyiamu mma awofoɔ. Wɔ saa nhyiamu a wɔyɛ no bosome mmiɛnsa biara mu no, awofoɔ bɛtumi ahyiamu asua biribi afiri wɔn ho wɔn ho suahunu mu, asusu sɛdeɛ wɔrehyɛ wɔn mmusua den, na wɔasua nnyinasosɛm titire a ɛfa Kristo nkyerɛkyerɛ ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nhyiamu yi wɔ asɔre dɔnhwere a ɛtɔ so mmienu mu.14 Ward ba bi a ɔsɔfopɔn no apaw no na ɔdi anim na ɛdi akyerɛkyerɛfoɔ agyinatukuo nhyiamu a wɔyɛ no daa no akyi, na wɔde Nkyerɛkyerɛ wɔ Agyenkwa Kwan sodi dwuma sɛ adeɛ titire.15 Bishopnom, sɛ seesei mo ward nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ agyinatukuo nhyiamu mma awofoɔ a, mo ne mo Kwasiada Sukuu titenani ne ward agyinatukuo nyɛ adwuma mfa nhyehyɛ mo ho.16

Me namfonom adɔfoɔ wɔ Kristo mu, moreyɛ yiye sen sɛnea mo susuo. Kɔ so yɛ ho adwuma kɛkɛ. Wo mma rehwɛ, wɔretie, na wɔresua adeɛ. Berɛ a worekyerɛkyerɛ wɔn no wobɛba abɛhunu wɔn su ankasa sɛ Onyankopɔn mma mmarima ne mma mmaa adɔfoɔ. TEbia wɔn werɛ bɛfi Agyenkwa no berɛ bi, nanso mehyɛ mo bɔ sɛ, Ne werɛ remfi wɔn da! Those moments when the Holy Ghost speaks to them will persist in their hearts and minds. Na da bi wo mma bɛka Enos adansedie no ho asɛm bio: “Minim sɛ m’awofoɔ yɛ nnipa tenenee—ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ me wɔ Awurade nteteɛ ne n’afotuo mu —na nhyira nka me Nyankopɔn din wɔ ho.”17

Momma yɛnnye Agyenkwa no nsatoɔ no ntom na yɛmfa yɛn mma mmra Ne nkyɛn. Berɛ a yɛyɛ saa no, wɔbɛhunu No. Wɔbɛte Ne nka Na ɔbɛhu No. Ɔbɛkyerɛ wɔn. Ɔbɛhyira wɔn. Na, oh, sɛnea Ɔbɛdɔ wɔn. Na, oh, sɛnea Medɔ No. Wɔ Yesu Kristo, din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. 3 Nephi 17:11.

  2. 3 Nephi 17:23–24; Hwɛ bio 3 Nephi 17:11–22.

  3. Hwɛ 4 Nephi 1:1–22.

  4. Hwɛ Luke 6:47–49; Helaman 5:12.

  5. Luka 6:48

  6. Helaman 5:12

  7. Hwɛ Mosaya 2:5

  8. Mosaya 5:2, 5. Na ɛbaa sɛ na ɔkra baako mpo nni hɔ, gye sɛ nkwadaa nketewa, mmom wɔn na wɔfaa, apam na wɔfaa Kristo din too wɔn ho so” (Mosaya 6:2).

  9. Mosaya 26:1–2, 4

  10. 2 Nephi 25:26

  11. “Nneɛma bebree wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu — nnyinasosɛm, mmaransɛm, nkɔmhyɛ, ne twerɛsɛm mu nsɛm. Nanso yeinom nyina ara yɛ dua korɔ no nkorabata, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ tirimpɔ baako: sɛ wɔbɛboa nnipa nyina ara ma wɔaba Kristo nkyɛn na wɔayɛ pɛ wɔ Ne mu (hwɛ Jarom 1:11; Moroni 10:32). So no matter what you are teaching, remember that you are really teaching about Jesus Christ and how to become like Him” (Teaching in the Savior’s Way: For All Who Teach in the Home and in the Church [2022], 6).

  12. Russell M. Nelson, “Hear Him,” Liahona, Kɔtɔnima 2020, 89.

  13. Teaching in the Savior’s Way31.

  14. Special accommodations can be made for parents who teach in Primary, such as meeting during the 20-minute Primary singing time or holding a separate meeting at another time (see General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 17.4, Gospel Library).

  15. Members and leaders can order Teaching in the Savior’s Way through Distribution Services. It is also available digitally in the Gospel Library.

  16. See General Handbook13.5.

  17. Enos 1:1. Kae sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔreforo a wonnye nni wɔ Mormon Nwoma no mu no mu bi ne Alma Kumaa ne Mosiah ne mma mmarima. Berɛ a awie koraa no Alma Kumaa no huu hia a ehia sɛ ɔsesa n’asetena no, ɔkaeɛ nea na n’agya akyerɛkyerɛ wɔ Yesu Kristo ho —nkyerɛkyerɛ a ɛda adi sɛ Alma abu n’ani agu so wɔ berɛ a atwam no mu. Nanso ne nkaeɛ no kɔɔ so, na saa nkaeɛ no gyee Alma nkwa wɔ honhom mu (hwɛ Alma 36:17–20).