Amansan Nhyiamu
Awofoyɛ Kronkron Adesua ahodoɔ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


Awofoyɛ Kronkron Adesua ahodoɔ

Awofoɔ ne wɔn Soro Agya ahyɛ afekubɔ mu de kyerɛ wɔn mma a wɔsom bo no kwan ma wɔsane kɔ soro.

Woakura abɔfra a wɔawo no foforɔ wɔ wo nsa mu pɛn? Hann bi wɔ hɔ a ɛfiri abɔfra biara a wɔawo no foforɔ mu ba, na ɛde ɔdɔ nkabom sononko bi a ɛbɛtumi de anigyeɛ ahyɛ wɔn awofoɔ akoma ma.1 Mexiconi twerɛfoɔ bi twerɛɛ sɛ, “Masua sɛ sɛ abɔfra a wɔawo no foforɔ di kan mia ne papa nsateaa wɔ ne nsateaa ketewaa no mu a, wakyere no daa.”2

Awofoɔyɛ yɛ asetena mu suahunu ahodoɔ a ɛyɛ nwanwa sen biribiara no mu baako. Awofoɔ ne wɔn Soro Agya ahyɛ afekubɔ mu de kyerɛ wɔn mma a wɔsom bo no kwan ma wɔsane kɔ soro.3 Ɛnnɛ mepɛ sɛ mekyɛ awofoɔyɛ adesua bi a wɔhunu wɔ twerɛsɛm no mu na nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ kyerɛkyerɛ de boa yɛn ma yɛgya yɛn awofoɔyɛ agyapadeɛ.

Foro kɔ Asɛmpa Amammerɛ Fam a Ɛkorɔn no so

Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mmusua foro kɔ asɛmpa amammerɛ a ɛkorɔn no so. Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ: “mmusua sɛ fata ahobanbɔ firi soro. Awofoɔ ntumi mfiri wɔn ankasa suahunu, ehuu, anaa tema ntu mmɔfra fo yie.”4

Ɛwom sɛ yɛn amammerɛ, awofoyɛ akwan, ne yɛn ankasa suahunu ahodoɔ bɛtumi ayɛ nea ɛsom bo ma awofoyɛ deɛ, nanso saa tumi ahodoɔ yi nnɔɔso sɛ ɛbɛboa yɛn mma ama wɔasane akɔ soro. Yɛhia kwan kɔ “gyinabea ahodoɔ ne nneyɛeɛ,”5 ahodoɔ” a ɛkorɔn kɛseɛ so,amammerɛ a ɛfa ɔdɔ ne akwanhwɛ nyinaa ho, baabi a yɛne yɛn mma di nkitaho “wɔ ɔkwan a ɛkorɔn,kronkron so.”6 Titenani Dallin H. Oaks kaa asɛmpa amammerɛ ho asɛm sɛ “asetena kwan sononko a ɛyɛ gyinapɛn ne akwanhwɛ ne nneyɔeɛ ahodoɔ. Saa asɛmpa amammerɛ yi firi nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ, Onyankopɔn mmaransɛm, ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ nkyerɛkyerɛ mu. Ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ ɔkwan a yɛfa so tete yɛn mmusua na yɛbɔ yɛn ankorankoro asetena mu.”7

Yesu Kristo ne asɛmpa amammerɛ yi nyinasoɔ. Asɛmpa amammerɛ a yɛbɛgye atom wɔ yɛn mmusua mu no ho hia na ama yɛabɔ tebea a ɛso aba a gyedie aba no bɛtumi ayɛ frɔmfrɔm. Sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a ɛkorɔn no, Titenani Oaks to nsa frɛ yɛn sɛ “yɛmfa yɛn ankasa anaa abusua atetesɛm anaa nneyɛeɛ biara a ɛne Yesu Kristo Asɔre no nkyerɛkyerɛ bɔ abira.”8 Awofoɔ, fɛreɛ a yɛwɔ wɔ yɛn fam sɛ yɛde asɛmpa amammerɛ besi hɔ no bɛtumi ama ɔtamfo no atumi de nan asi yɛn afie mu anaa, nea enyɛ koraa no, yɛn mma akoma mu.

Berɛ a yɛyi sɛ yɛbɛma asɛmpa amammerɛ ayɛ amammerɛ titire wɔ yɛn abusua mu no, ɛneɛ ɛnam Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ,9 a tumi wom so yɛn mprempren awofoɔ akwan, atetesɛm, ne nneyɛeɛ bɛsesa, ahyia, asiesie, na wɔama ayɛ yie.

Ma Fie nyɛ Asɛmpa Adesua Beaeɛ

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ fie yɛ “asɛmpa adesua beaeɛ.”10 Asɛmpa adesua botaeɛ ne sɛ “ɛbɛma yɛn nsakyeraeɛ akɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu akɔ akyiri na aboa yɛn ma yɛayɛ sɛ Wɔn yie.”11 Let’s consider three crucial parenting responsibilities described by prophets and apostles that can help us establish a higher gospel culture in our homes.

Nea Edi Kan: Kyerɛkyerɛ Ahofadie

Ɔsoro Agya kyerɛɛ Adam wɔ Yesu Kristo ne Ne nkyerɛkyerɛ ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ no sɛ “ɔnkyerɛkyerɛ yeinom kwa nkyerɛ [ne] mma.”12 Ɔkwan foforɔ so no, Ɔsoro Agya kyerɛkyerɛɛ Adam sɛ ɔmfa ayamyɛ, ayamyeɛ, na ɔmfa biribiara nkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi.13 Twerɛsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ “Adam ne Hawa hyiraa Onyankopɔn din, na wɔmaa wɔn mmabarima ne wɔn mma mmaa huu nneɛma nyinaa.”14

Yɛde ayamyɛ kyerɛkyerɛ yɛn mma berɛ a yɛne wɔn nya berɛ a mfasoɔ wɔ so no. Yɛkyerɛkyerɛ a yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu berɛ a yɛresusu nsɛmti a ɛho hia te sɛ berɛ ahwehwɛ ho, de nneɛma a Asɔre no ama wɔanya no di dwuma.15 Yɛkyerɛkyerɛ ayamye mu berɛ a yɛne yɛn mma sua twerɛsɛm no ɛnam Bra, Di M’akyi na yɛma Honhom no kwan ma ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ no so.

Nea ɛto so mmienu: Nhwɛsoɔ Asuafoyɛ

Wɔ Yohane nwoma mu no, yɛkenkan sɛ berɛ a Yudafoɔ dodoɔ bi bisabisaa Agyenkwa no nsɛm faa N’abrabɔ ho no, Yesu twee adwene kɔɔ Ne nhwɛsoɔ, N’agya so. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri n’ankasa so nyɛ hwee, na mmom nea ohu sɛ Agya no reyɛ, ɛfirisɛ biribiara a ɔyɛ no, yeinom nso na Ɔba no yɛ.”16 Awofoɔ, deɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho nhwɛsoɔ ma yɛn mma? Asuafoyɛ.

Sɛ awofoɔ no, yɛbɛtumi akyerɛkyerɛ hia a ɛhia sɛ yɛde Onyankopɔn di kan berɛ a yɛresusu mmaransɛm a ɛdi kan no ho, nanso yɛyɛ ho nhwɛsoɔ berɛ a yɛde wiase nneɛma a ɛtwetwe adwene to nkyɛn na yɛma Homeda no yɛ kronkron nnawɔtwe biara. Yɛbɛtumi akyerɛkyerɛ hia a temple ayɛyɛdeɛ ho hia berɛ a yɛrekã ɔsoro awareɛ nkyerɛkyerɛ ho asɛm no, nanso yɛyɛ ho nhwɛsoɔ berɛ a yɛhyɛ yɛn apam animuonyam, na yɛhyɛ yɛn hokafoɔ anidie

Nea ɛto so mmiɛnsa: To nsa frɛ sɛ wɔnyɛ adeɛ

Ɛsɛ sɛ Yesu Kristo mu gyidie yɛ yɛn mma adansedie mu ade titire, na ɛsɛ sɛ saa adansedie yi nam ankorankoro adiyisɛm so ba abɔfra biara nkyɛn.17 Sɛ yɛbɛboa yɛn mma wɔ wɔn adansedie a wɔbɛkyekyere no mu a, yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ahofadie nni dwuma mfa deɛ ɛtene18 na wɔnsiesie wɔn mma wɔn nkwa nna nyinaa wɔ Onyankopɔn apam kwan so.19

Ɛbɛyɛ nyansasɛm sɛ yɛbɛhyɛ mmɔfra nkuran na wagye Titenani Nelson frɛ sɛ wɔn mu biara mfa n’ankasa adansedie a ɛfa Yesu Kristo ne N’asɛmpa no ho nhyɛ ne ho so, ɔnyɛ adwuma mma no, ɔnhwɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛnyini, ɔmma no nokorɛ aduane, na ɔmfa atorɔ nyansapɛ ahodoɔ ngu ho fĩ mmarima ne mmaa a wɔnnye nie.20

Ɔwofoyɛ a Wɔhyɛ Da Yɛ a ɛho Teɛ

Ɔmaa yɛn Soro Agya no ɔsoro adwene sɛ ɔwofoɔ huu wɔ adiyisɛm bi a wɔde maa Mose mu: “Na hwɛ, yei ne m’adwuma ne m’anuonyam—sɛ mede onipa nkwa a ɛnwuo ne ne daa nkwa bɛba mu.”21 Titenani Nelson de aka ho sɛ, “Onyankopɔn bɛyɛ biribiara a ɔbɛtumi, a ɛnyɛ sɛ ɔbɛbu wo dwumadie so, de aboa wo ama woanhwere nhyira a ɛkyɛn so wɔ daapem nyina ara mu.”22

Sɛ awofoɔ no, yɛyɛ Onyankopɔn ananmusifoɔ wɔ yɛn mma hwɛ mu.23 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara de abɔ tebea a yɛn mma bɛtumi ate Ne soro nkɛntɛnsoɔ nka.

Ɔsoro Agya anyɛ n’adwene da sɛ yɛn sɛ awofoɔ bɛtena nkyɛn sɛ ahwɛfoɔ, ahwɛ yɛn mma honhom mu abrabɔ a ɛrekɔ so. Ma memfa m’ankasa suahunu bi nkyerɛkyerɛ adwene a ɛfa awofoɔ a wɔhyɛ da yɛ ho yi ho mfatoho. Berɛ a na merekɔ Primary wɔ baa dwumadibea ketewa bi mu wɔ Guatemala no, m’awofoɔ firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ me mfasoɔ a ɛwɔ agya panin nhyira ho. Me maame gyee berɛ kaa ne suahunu a ɔnyaa wɔ n’agya panin nhyira a ɛsom bo no ho asɛm. Ɔkyerɛɛ me nkyerɛkyerɛ a ɛfa agya panin nhyira ho, na ɔdii nhyira a wɔahyɛ ho bɔ ho adanseɛ. Ɔhyɛɛ da yɛɛ ɔwofoɔ no kanyan me maa menyaa ɔpɛ sɛ mɛnya me agya panin nhyira.

Berɛ a medii mfeɛ 12 no, m’awofoɔ boaa me ma mehwehwɛɛ tete agya panyin. Na yei ho hia ɛfirisɛ na agya panin biara nni mantam a yɛte mu no mu. Metuu kwan kɔɔ agya panin bi a na ɔwɔ stake bi a ɛwɔ akyirikyiri kilomita 156 (akwansini 97)nkyɛn. Mekae pefee berɛ a tete agya panin no de ne nsa guu me ti so sɛ ɔrebɛhyira me no. Na menim honhom mu si so dua a tumi wom so nim, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ me Soro Agya nim me.

Wɔ abarimaa bi a wadi mfeɛ 12 a ɔfiri kuro ketewa bi mu fam no, na ɛno kyerɛ biribiara ma me. M’akoma dane kɔɔ me Soro Agya nkyɛn saa da no ɛnam me maame ne me papa a wɔhyɛɛ da tetee wɔn awofoɔ nti, na mɛda wɔn ase daa.

Onuabaa Joy D. Jones, kanee Primary General President, kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Yɛnntumi nntwɛn mma nsakyeraeɛ nto yɛn mma ara kwa. Nsakraeɛ a ɛba wɔ akwanhyia mu nyɛ Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm.”24 Yɛn dɔ ne nsatoɔ a ɛfiri honhom mu no bɛtumi ama nsakraeɛ aba sɛnea yɛn mma de wɔn ahofadie di dwuma no mu. Titenani Nelson sii so dua sɛ, “Adwuma foforɔ biara nni hɔ a ɛboro awofoɔ a wɔhyɛ da yɛ deɛ no so!”25

Awieɛ

Awofoɔ, nyansapɛ, amammerɛ, ne adwene a ɛresi akan ama yɛn mma adwene ahyɛ wiase yi mu ma. Ɛdan kɛseɛ a ɛtrɛ no de nsɛm ho amanneɛbɔ akwan a ɛwɔ hɔ mprempren sene biribiara no bɔ n’asɔremma ho dawuro dabiara. “Nanso ne Ba no akyɛdeɛ mu,” nkɔnhyɛnyi Moroni kyerɛkyerɛɛ, “na Nyankopɔn asiesie kwan a ɛyɛ kyɛn so.”26

Berɛ a yɛne Onyankopɔn nam apam so yɛ adwuma na yɛabɛyɛ N’ananmusifoɔ wɔ yɛn mma hwɛ mu no, Ɔbɛte yɛn adwene ho, akanyan yɛn nkyerɛkyerɛ, na wabrɛ yɛn nsatoɔ ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a “yɛn mma bɛhunu beaɛ a wɔbɛtumi ahwehwɛ wɔn bɔne fafirie ”27 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Nwom 127:3.

  2. Johnny Welch, “Puppet no,” wɛyɛɛ no wɔ inspire21.com/thepuppet; hwɛ nso Johnny Welch, Deɛ ɔbra akyerɛ me (1996).

  3. Yei bɛtumi ayɛ te sɛ adwuma a ɛyɛ hu, nanso sɛnea Elder Jeffrey R. Holland kaaɛ no, “Ɛnam Ɔsoro Agya bi mmoa so no yɛbɛtumi agyae awofoɔ agyapadeɛ pii sen sɛnea yesusu” (“Agyanom Abasa,” Liahona, Kutawonsa 1999, 18).

  4. Russell M. Nelson, “Worennya Anyame Foforɔ,” Ensign, Kɔtɔnimaa 1996, 15.

  5. Dallin H. Oaks, “Asɛmpa Amammerɛ,” Liahona, Obɛnim. 2012, 22.

  6. Russell M. Nelson, “Wɔhia asomdwoeɛfoɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 99.

  7. Dallin H. Oaks, “Asɛmpa Amammerɛ,” 22.

  8. Dallin H. Oaks, “Asɛmpa Amammerɛ,” 22.

  9. Hwɛ Moroni 10:5.

  10. Russell M. Nelson, “Yɛreyɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteefoɔ Nhwɛsoɔ,” Liahona, Obubuo. 2018, 113.

  11. Adwensakra Ne Yɛn Botaeɛ,” in Bra Di Makyi—Ma Ankorankoro ne Mmusua: Apam Foforɔ 2023, v.

  12. Mose 6:58.

  13. Hwɛ Amerikafoɔ Nsɛmfua Nkyerɛaseɛ a ɛfa Borɔfo Kasa ho, “kwa,” webstersdictionary1828.com/Dictionary/freely.

  14. Mose 5:12.

  15. Hwɛ “Ɔrefa Mfididwuma ho Nimdeɛ” ne Ɔde ma Mmabunu Ahoɔden:: Akwankyerɛ a Ɛkɔ Ɔpɛ mu (2022), Nsɛmpa Nnwoma Korabea.

  16. Yohane 5:19.

  17. Hwɛ “Mateo 16:17–18. Ankorankoro Adiyisɛm Hia Ma Yesu Kristo Ho Adanseɛ,” in Apam Foforɔ Adesuafoɔ Nnwoma (2018), 52.

  18. Hwɛ Dale G. Renlund, “Fa Wo Da yi,” Liahona, Obubuo. 2018, 104: “Yɛn Soro Agya no botaeɛ wɔ awofoyɛ mu ne sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbɛma Ne mma ayɛ deɛ ɛtene; ɛyɛ sɛ ɔbɛma Ne mma bɛfa sɛ wɔbɛyɛ nea ɛtene na awieɛ koraa no wɔabɛyɛ sɛ Ɔno.”

  19. Hwɛ “Appendix: Wo Mma a Wobɛsiesie Wɔn Nkwa Nyinaa Wɔ Onyankopɔn Apam Kwan so,” wɔ Bra, Di Makyi—Ma Ankoroankoro ne Musua: Apam Foforɔ 2023, Asɛmpa Nwoma korabea.

  20. Hwɛ Russell M. Nelson, “Di Wiase so na nya Ahome,” Liahona, Obubuo. 2022, 97.

  21. Mose 1:39. Wɔ saa nkyekyemu yi mu no, Yesu Kristo gyina Ɔsoro Agya ananmu rekasa.

  22. Russell M. Nelson, “Deɛ Yɛyie ma Daakye” (wiase nyinaa ahofama a wɔde ma mmaa ne mmarima a waduru wɔn mfeɛ soɔ), Kɔtɔnima 15, 2022, Asɛmpa Akoraeɛ.

  23. Hwɛ Russell M. Nelson, “Nkwagyeɛ ne Mmasoɔ,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2008, 10: “Mmɔ wo ho mmɔden sɛ wo bɛhyɛ wo mma so. Mmom, tie wɔn, boa wɔn ma wonsua asɛmpa no, hyɛ wɔn nkuran, na di wɔn anim kɔ daa nkwa mu. Moyɛ Onyankopɔn ananmusifoɔ wɔ mɔfra a ɔde wɔn ahyɛ wo nsa no hwɛ mu. Momma Ne soro nkɛntɛnsoɔ ntena mo akoma mu berɛ a mokyerɛkyerɛ na motwetwe adwene no.”

  24. Joy D. Jones, “Nkɔmmɔbɔ a Ɛhia,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2021, 12.

  25. Russell M. Nelson, “Homeda no Yɛ Anigyeɛ,” Liahona, Kɔtɔnimaa 2015, 131.

  26. Ether 12:11.

  27. 2 Nifae 25:26.